Mmofra Bisa Sɛ . . .
W’anim A Wobɛkɔ—So Nea Ɛwɔ Asetra Mu Nyinaa Nen?
“YƐN ARA na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho,” saa na abofra a wadi mfe 16 a, ɔde ne bere fã yɛ adwuma sɛ oduannoafo wɔ Boston, Massachusetts no ka. “Obiara renyɛ‘—sɛ́ ɛyɛ amansɛmdifo anaasɛ nnipa foforo bi. Nea ehia ne sɛ wubedwen wo ho, anya adwuma, na woahu nea wode sika no bɛyɛ wɔ dapɛn no awiei.”
Ɛdefa ɔman no nyinaa ho, wɔ California .no, Johanna a nnansa yi ara na owiee ntoaso sukuu no ka no sɛɛ sɛ: “Ɛte sɛnea obiara a minim no wɔ adwuma a ɔde ne bere fã yɛ a ɛbɛma wanya kar. Ɛwom, kar ma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛtra California de, nanso hwɛ bere pii a, wɔde yɛ adwuma! Na wɔde yɛ dɛn? Ɛnyɛ daakye botae bi te sɛ sukuukɔ nti. Kar a wobenya ara kwa..”
Ahopere a Wɔde Pɛ Nneɛma a Wofi Ase Ntɛm
Ɛte sɛnea mmofra a wɔwɔ aman a wodi yiye so no pii reyɛ adwuma nnɛ. Adwuma a obi bɛyɛ nyɛ bɔne, nanso sɛnea Johanna bisae no, Dɛn ne daakye botae ahorow? Sɛ abofra no, so ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛyɛ adwuma de aboa w’abusua no? Ɛno ye, na ɛyɛ nea pɛsɛmenkominya nnim. So woreyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya osuahu pa wɔ adwuma a woapaw no mu“? Ɛno betumi ayɛ nea nyansa wom. Wɔ akwan foforo so no, sɛ woreyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya w’ankasa wo kar anaasɛ wubenya nnwom ahorow a aba so anaasɛ wubetumi ayɛ nneɛma akɛse de agye w’ani a, nyansa anaasɛ ayamye bɛn na ɛwom?
Ntoaso sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi bisabisaa Amerika adesuafo 148 nsɛm wɔ wɔn adwuma ho. Adesuafo no ɔha biara mu aduoson ason wɔ nnwuma a wɔde wɔn bere fã yɛ, a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a egye adesuafo no nnɔnhwerew 20 dapɛn biara. Adesuafo no pii gye toom sɛ, esiane nnwuma a wɔde wɔn bere fã yɛ no nti wɔn sukuu dwumadi ankɔ yiye. Nanso, dɛn nti na wɔyɛ nnwuma ahorow yi nyinaa?
Ɔkyerɛkyerɛfo no se: “Adesuafo a mibisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu aduonu anan pɛ na wɔkyerɛe sɛ wɔreyɛ adwuma na wɔanya sika de atoa wɔn sukuu so anaasɛ ama daakye abisade ahorow; bio nso, osuani biako pɛ na ɔkyerɛe sɛ ɔde sika a onya fii adwuma a ɔde ne bere fã yɛe mu no boaa abusua no sikasɛm.” Wodi sika no wɔ he? Wɔsɛe emu fã kɛse no ara wɔ honam fam nneɛma akɛseakɛse a ntoaso sukuu adesuafo ani gye ho no ho.”
Nea afi mu aba ne sɛ, mmofra a wonnii mfe aduonu refi nea fi bere tenten ni wɔn mpanyimfo aka ho asɛm sɛ ahopere a wɔde pɛ honam fam nneɛma no ase ntɛm. Michigan sukuu ɔfotufo bi se: “Wɔte sɛ mpanyimfo a worebɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn kar na wɔn aka Akɛsefo ho no. Wɔnto wɔn da.” So saa na woreyɛ?
Afotu Pa
Da koro bi ɔhene bi a wagye din wɔ onipa ho nsɛm mu hwehwɛɛ asɛm a ɛfa adwuma ho no mu. N’asɛm no nyɛ obi de a ɔtee, na mmom sɛnea ɔka no no, “Misisii adan, meyɛɛ bobe nturo, meyɛɛ nturo ne mfikyifuw afɛfɛ, na metetɛw mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa; meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so”—Ɔsɛnkafo 2:4-6.
Bere a wadi kan asua adwuma ho ade akyi no, afei saa ɔbarima nyansafo yi de afotu ahorow a ɛkari pɛ ma:
Nea edi kan-Wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔnyɛ adwuma, ɛho hia sɛ yɛyɛ adwuma “Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ . . . obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ owia ase no nyinaa mu . .. na ɛne ne kyɛfa.”-Ɔsɛnkafo 5:18.
Nea ɛto so abien-Honam fam nneɛma ho akɔnnɔ a ɛkanyan obi ma ɔyɛ adwuma mfa anigye mma. “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Sɛ woma w’ani bere honam fam nneɛma wɔ mmofrabere mu a, ebetumi aba sɛ na woresiesie wo ho ama asetra a anigye nnim a ɛmma w’ani nsɔ nea wowɔ.
Nancy betumi adi nokware a saa Bible nnyinasosɛm yi yɛ ho adanse. Ose: “Minyinii wɔ fie a. emu apaapae mu. Ná yenni pii, na metee nka bere nyinaa sɛ́, sɛ mitumi nya sika pii bere a manyin no nkutoo de a, ɛnde menya anigye. Ná me botae wɔ asetra mu ne sɛ menya sika kɛse.
“Me nsa kaa saa botae no. Ankyɛ na minyaa adwuma bi a ɛwom sɛ wɔ abrabɔ fam no na enye de, nanso na afe etumi ma minya Amerika sika dɔla 50,000 a ahomegye mmere ne adwuma mu akwantu ahorow ka ho. Wɔ honam fam no, minyaa biribiara a na merehwehwɛ—kar a ɛyɛ fɛ, ntade, nanso wɔ ɛno nyinaa mu no ná minni anigye
“Ná m’ani nnye m’asetra ankasa ho, ma m’ahode ahorow no nyinaa antumi ankyekye me werɛ. Metee nka sɛ meda afiri mu. Dodow a minyaa sika no, dodow no ara na mesɛee sika kosii sɛ awiei koraa no mebɛdee ka Amerika sika dɔla 80,000!
“Ná mewɔ abusuafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo, na mihui sɛ wɔwɔ anigye sen me, ɛwom sɛ wonni pii de. Ná mepɛ saa anigye no bi, nanso na ɛte sɛnea anidaso biara nni mu. Ná minim sɛ, sɛ mebɛyɛ Ɔdansefo a ɛsɛ sɛ me hwehwɛ adwuma foforo, na ɛnde mɛyɛ dɛn atua me ka no? Na sɛ mitua ka ahorow no mpo a, so metumi anya anigye ankasa bere a minni sika?
“Bible adesua wɔ mfe pii mu akyi no, migyaee sigaretnom, na ɛno ma migye dii sɛ denam Yehowa mmoa so no metumi asesa m’abrabɔ ampa. Enti migyaee adwuma a meyɛ no, tɔn me kar no ne nneɛma afoforo a ɛsom bo, na wɔbɔɔ me ‘asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Mprempren minni nneɛma pii, nanso mewɔ anigye kɛse! Nneɛma a na mewɔ no amfa anigye ammrɛ me. Nnamfo pa a mewɔ ne hu a mahu Yehowa Nyankopɔn sɛ onipa ankasa a odwen me ho no na ɛde nsakrae yi nyinaa aba.”
Nea ɛto so abiɛsa—Awiei koraa no, ɛnsɛ sɛ afoforo a wɔbɛkyɛn wɔn ho akansi adwene na ɛkanyan obi ma ɔyɛ adwuma. “Mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa :nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Ebia wunim mmofra a wɔte nka sɛ wɔn ho nni mfaso esiane sɛ wɔannya ntoaso sukuu bi a agye din mu kwan anaasɛ wɔamfata amma agokansi kuw bi wɔ sukuu nti. Nneɛma a ɛtete sɛɛ ho akansi mu betumi ayɛ den. Kakraa bi na wodi nkonim, na wɔn a wodi nkogu na wɔdɔɔso. So ɛyɛ adwempa sɛ wode w’ani bɛto botae ahorow a ɛte sɛɛ so?
Bible—Nhoma a Eye
Senea ebia woahu no, ɔhene a ɔkaa nsɛm a emu da hɔ na ɛkari pɛ yi ne Salomo. Ɔsɛnkafo nhoma a ɔkyerɛwee wo honhom akwankyerɛ ase no wɔ Bible mu. So na wunim sɛ Bible no yɛ nhoma a wɔde di dwuma a eye saa?
Sɛ wokɔ sukuu na wopɛ sɛ wode wo bere fã yɛ adamena a ɛho nhia wo ankasa a, kae afotu kakraa yi a efi Salomo hɔ no: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ‘ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Bisa, wo ho sɛ: Saa bere yi wɔ m’asetra mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ? So mmofrabere mu yɛ bere a wɔde hwehwɛ kar, mfiri a wɔde bɔ nnwom, ntade ne ntama ahorow ne anigye ahorow, anaasɛ ɛyɛ bere a wɔde hwehwɛ nimdeɛ? Awiei koraa no, nea ɛwɔ he na ɛho beba wo mfaso kɛse—Nnwom ho nneɛma ahorow anaasɛ sɛ wutumi kenkan yiye na wo nkyerɛwee mu da ho. Nea ɛho hia kɛse mpo no, dɛn nti na wunnye bere mfa ntrɛw w’adesua wɔ Bible mu no mu? Sɛ wode abrabɔ mu ɔhaw ahorow ho afotu a ɛwom no di dwuma a, wubehu sɛ ɛyɛ nea ɛsom bo kɛse sen ahode nyinaa a wubetumi anya.—Mmebusɛm 8: 12-21.
[Kratafa 9 mfoni]
“Adesuafo a mibisabisaa wɔn nsɛm no pii gye toom sɛ wɔn sukuu dwumadi ankɔ yiye esiane nnwuma a wɔde wɔn bere fã yɛ nti. So mfaso wɔ so?
[Kratafa 10 mfoni]
“Wɔte sɛ mpanyimfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya kar na wɔakan wɔn aka Akɛsefo ho no. Ɛte sɛnea wɔnto wɔn da”
[Kratafa 11 mfoni]
“Na m’ani nnye m’ankasa m’asetra ho, na m’ahode ahorow no nyinaa antumi ankyekye me werɛ