Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 26-28
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubefi Ase
  • Sɛnea Wɔhwehwɛ Adwuma
  • W’ankasa Adwuma a Wobɛyɛ
  • Kari Pɛ!
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?
    Nyan!—1997
  • So Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Bere a Merekɔ Sukuu No?
    Nyan!—1991
  • Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?
    Nyan!—1992
  • W’anim A Wobɛkɔ—So Nea Ɛwɔ Asetra Mu Nyinaa Nen?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 26-28

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika?

“Mepɛ adwuma a ɛbɛma manya sika pii.”—Tanya.

MMOFRA pii ne Tanya yɛ adwene. Abofra bi a wɔfrɛ no Sergio ka sɛ: “Mepɛ sika atɔ kar a metumi de apue akɔtotɔ ntade. Mempɛ sɛ migye biribiara fi m’awofo hɔ.” Ade koro yi ara nti na abofra Laurie-Ann yɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Meyɛ ɔbea na mepɛ sɛ metotɔ nneɛma.”

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ U.S.News & World Report ka sɛ, “seesei de, [U.S.] ntoaso sukuufo 4 mu 3 biara fi wɔn pɛ mu kɔyɛ adwuma bere a wɔapɔn sukuu anaasɛ wɔyɛ saa wɔ dapɛn awiei.” Wɔ ɔkwan bi so no, eyi da “sikapɛ” a ɛnkari pɛ a abu so wɔ nnɛ wiase a ade dodowpɛ ahyɛ mu ma mu no adi. (1 Timoteo 6:10) Nanso, ɛnyɛ mmofra a wɔhwehwɛ sika nyinaa na wɔyɛ ade dodowpɛfo.

Bible ka sɛ: “Sika yɛ ahobammɔ.” (Ɔsɛnkafo 7:12, NW) Na ebetumi aba sɛ ntease pii nti na sɛ Kristoni abofra no, wobɛpɛ sɛ wunya sika no.a Sɛ nhwɛso no, abofra Avian kyerɛkyerɛ nea enti a ɔde nnanu yɛ adwuma dapɛn biara no mu: “Ɛma mitumi hwɛ me ho sɛ daa ɔkwampaefo [bere nyinaa ɔsɛmpakafo].”

Ebetumi aba sɛ wowɔ ntease koro yi ara bi a enti wopɛ sɛ wunya adwuma a wɔde bere fã yɛ. Ebia ɛyɛ Kristofo ɔmantam nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ ntia. Anaasɛ ebia wubehia ntade foforo bi aka nea wowɔ ho a wubetumi ahyɛ akɔ asafo nhyiam. Sɛnea ɛte biara no, saa nneɛma yi gye sika. Ɛyɛ nokware sɛ Yesu hyɛɛ bɔ sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn a ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan’ no nsa aka nea wohia. (Mateo 6:33) Nanso ɛnkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ eyi ho biribi. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 18:1-3 ho.) Ɛnde, akwan pa a wubetumi afa so anya sika no bi ne nea ɛwɔ he?

Sɛnea Wubefi Ase

Sɛ ɛba sɛ w’awofo ma wo kwan sɛ yɛ adwuma a, nea wubetumi adi kan ayɛ ne sɛ wobɛkɔ w’afipamfo, akyerɛkyerɛfo, ne abusuafo nkyɛn akɔka akyerɛ wɔn sɛ worepɛ adwuma. Sɛ wofɛre sɛ wobɛka no tee akyerɛ wɔn a, wubetumi abisa wɔn adwuma a wɔyɛe bere a na wonnii mfe aduonu no ara kɛkɛ. Wobetumi ama wo nyansahyɛ ahorow bi a ɛfata. Bere a nnipa pii hu sɛ wopɛ adwuma no, dodow no ara na wobetumi akyerɛ wo bi ne mmeae a ebi wɔ.

Afei hwehwɛ atesɛm krataa mu dawurubɔ a wɔde hwehwɛ adwumayɛfo ne nsɛm a ɛwɔ amanneɛbɔ pon so wɔ adetɔnbea ahorow, wo sukuu mu, ne mmeae afoforo. Abofra bi a wɔfrɛ no Dave ka sɛ: “Ɛno ne ɔkwan a mefaa so nyaa m’adwuma. Mehwɛɛ atesɛm krataa mu, kyerɛwee adwuma a minim yɛ ho nsɛm kɔmaa wɔn, na me ne wɔn kasaa telefon so.” Nanso, so wunim sɛ nnwuma pii wɔ hɔ a wɔmmɔ ho dawuru? Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Seventeen no ka sɛ ebinom bu akontaa sɛ “nnwuma bɛyɛ sɛ du mu abiɛsa nyɛ nea ɛwɔ hɔ gye sɛ onipa a ɔfata no bebisa ho asɛm ansa.” Ebia saa bere no na wubetumi ama adwumawura bi agye adi sɛ ehia sɛ onya adwuma ma wo!

Nanso wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ebia wubesusuw sɛ: ‘Minni osuahu biara.’ Susuw ho bio. So woahwɛ wo nua kumaa bere a na w’awofo nni hɔ anaasɛ woahwɛ afoforo mma pɛn? Eyi kyerɛ sɛ wutumi di asɛyɛde ho dwuma. So woaboa wo papa ma wasiesie kar pɛn? Ɛno kyerɛ sɛ wowɔ mfiridwuma ho nimdeɛ. So wunim sɛnea wɔbɔ type anaa wɔde kɔmputa di dwuma? Anaa so wobɔɔ mmɔden wɔ nsaanodwuma bi mu? Eyinom yɛ nneɛma a ɛfata a adwumawuranom hwehwɛ.

Mmu w’ani ngu nneɛma a wode gyigye w’ani nso so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wunim afiri bi a wɔde bɔ nnwom bɔ a, wubetumi ahwehwɛ adwuma wɔ aguadidan a wɔtɔn nnwom ho nneɛma wom mu. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye aguadidan no mu aguade no ho na ɛda adi sɛ wubetumi de adetɔfo no nsɛmmisa ho mmuae ama.

Sɛnea Wɔhwehwɛ Adwuma

Fa no sɛ woayɛ nhyehyɛe ama adwuma hwehwɛ ho sɔhwɛ bi. Hwɛ w’atade ne w’ahosiesie yiye, efisɛ w’ahosiesie kyerɛ sɛnea wote. Ebetumi akyerɛ sɛ “wutumi di asɛyɛde ho dwuma, wo ho twa, na wutumi toto nneɛma yiye”—anaasɛ wonte saa. Bible ka nea ɛfata bere a ɛhyɛ Kristofo mmea nkuran sɛ “wɔnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho” no. (1 Timoteo 2:9) Ɛno fa mmarima nso ho. Nhyɛ ntade a aba so a ɛmfata anaa nea ɛyɛ basaa nkɔyɛ adwuma hwehwɛ ho sɔhwɛ, ɛmfa ho sɛnea adwuma ko te.

Wo nneyɛe ne wo su nso ka wo ho nsɛm pii. Di Mmara Pa no so: Wo ne afoforo nni sɛnea wopɛ sɛ wɔne wo di. (Mateo 7:12) Kɔ adwuma mu hɔ bere ano. Da anigye adi na ma w’ani nna hɔ. Da su pa adi. Kyerɛ nea enti a wote nka sɛ wofata ma saa dibea no a wonhoahoa wo ho anaa wonka akɛsesɛm. Ka nsɛm pɔtee.

Animdefo bi kamfo kyerɛ sɛ fa adwuma a wunim yɛ a woakyerɛw ho nsɛm yiye fɛfɛɛfɛ ka wo ho (anaa fa di kan) kɔ. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw wo din, address, telefon nɔma, nea enti a wopɛ adwuma no, wo nhomasua (ade titiriw bi a woasua), adwuma a woayɛ pɛn ho suahu (a nea woyɛ gyee akatua ne nea wutuu wo ho mae ka ho), nimdeɛ soronko bi a wowɔ, nneɛma a w’ani gye ho (eyinom betumi ayɛ nneɛma a wobɔ mu mmɔden), ne krataa a ebetumi adi wo ho adanse ka ho. Wubetumi akyerɛw krataa foforo a nnipa bi a wobetumi akamfo wo ama adwuma no nso din, address, ne wɔn telefon nɔma wɔ so aka ho. Nanso, hwɛ hu sɛ wubedi kan abisa wɔn kwan ansa. Eyinom bi betumi ayɛ nnipa a woayɛ wɔn adwuma pɛn, ɔkyerɛkyerɛfo, sukuu ho ɔfotufo, adamfo a ne mfe akɔ anim—obiara a obetumi adi wo nimdeɛ, wo mmɔdenbɔ, anaa wo nipasu ho adanse.

W’ankasa Adwuma a Wobɛyɛ

Na sɛ ɛba sɛ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, wunnya adwuma nso ɛ? Eyi te saa wɔ nsase pii so. Nanso mpa abaw. W’ankasa adwuma a wubebue betumi adi tebea no ho dwuma yiye. Mfaso bɛn na ɛwɔ so? Wubetumi ayɛ w’ankasa bere nhyehyɛe ma wode bere pii anaa kakraa bi ayɛ adwuma sɛnea wopɛ. Nokwarem no, w’ankasa adwuma a wobɛyɛ hwehwɛ sɛ wutumi kanyan wo ho, wohyɛ wo ho so, na wufi wo pɛ mu fi nneɛma ase.

Nanso adwuma bɛn na wubetumi afi ase? Susuw wo mpɔtam hɔ tebea no ho. So adwuma bi wɔ hɔ a obiara nyɛ? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ w’ani gye mmoa ho. Wubetumi aguare anaasɛ wubetumi ayi wo mpɔtam hɔfo nyɛmmoa agye sika. Anaasɛ ebia wunim afiri bi a wɔde bɔ nnwom bɔ. So wubetumi akyerɛ afoforo bɔ? Anaasɛ ebia ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma a afoforo taa bu no animtiaa, sɛ ebia mfɛnsere a wɔhohoro mu anaa ofie asiesie. Ɛnyɛ Kristoni aniwu sɛ ɔde ne nsa bɛyɛ adwuma. (Efesofo 4:28) Wubetumi abɔ mmɔden asua adwuma foforo bi mpo. Kɔ nhomakorabea kɔkenkan sɛnea wɔyɛ no ho nhoma, anaa bisa w’adamfo ma ɔnkyerɛ wo. Sɛ nhwɛso no, abofra Yosua kosuaa sɛnea wɔkyerɛw nkyerɛwee soronko bi. Afei obuee adwuma ketewa bi a na ɔyɛ ayeforohyia ne apontow ho nsato nkrataa wom.—Hwɛ adaka “Nnwuma a Wubetumi Ayɛ.”

Kɔkɔbɔ: Mpere wo ho nkɔyɛ adwuma bi kosi sɛ wubesusuw ɛho ka ne nea ɛwom nyinaa ho ansa. (Luka 14:28-30) Nea edi kan no, wo ne w’awofo nsusuw ho. Afei nso, wo ne afoforo a wɔayɛ adwuma yi bi pɛn nsusuw ho. So ebehia sɛ wutua tow? So ehia sɛ wukogye tumi krataa? Bisa ho nsɛm fi atumfoɔ a wɔwɔ faako a wote no hɔ.—Romafo 13:1-7.

Kari Pɛ!

Nokwasɛm ni, asiane wom sɛ wobɛyɛ nnwuma pii a ɛboro w’ahoɔden so. Laurie-Ann kaa mmofra bi a wɔyɛ adwuma ho asɛm sɛ: “Wɔnyɛ sukuu nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ fie no pii, na wɔabrɛ dodo sɛ wobetie nea wɔkyerɛ wɔ sukuu dan mu no.” Ɛyɛ nokware sɛ wɔ wiase mmeae bi no, nea mmofra betumi ayɛ ara ne sɛ wɔde nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma aboa wɔn mmusua ma wɔakɔ so atra ase. Nanso sɛ wunni tebea a ɛte sɛɛ mu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma tra so? Sɛnea animdefo dodow no ara kyerɛ no, adwuma a wode nnɔnhwerew 20 bɛyɛ dapɛn biara bere a wokɔ sukuu no dɔɔso dodo na ɛyɛ ɔbrɛ hunu. Ebinom hyɛ nyansa sɛ fa nnɔnhwerew awotwe kosi du yɛ adwuma dapɛn biara.

Sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden fã kɛse yɛ adwuma bere a woapɔn sukuu a, w’akwahosan, wo mmɔdenbɔ wɔ sukuu, ne wo honhom fam nkɔso titiriw so bɛtew. Yiw, ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na “ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ” amia wɔn. (Marko 4:19) Enti kari pɛ. Salomo de kɔkɔbɔ mae wɔ adwuma a wɔyɛ ma ɛboro so ho, bere a ɔkaa eyi no: “Nsa ma ne ɔhome ye sen nsa abien amaama ne ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 4:6.

Yiw, ebia ebehia sɛ wunya sika. Na sɛ adwene a wode yɛ saa no fata te sɛ Avian a yɛaka ne ho asɛm dedaw de no a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so. Nanso, hwɛ yiye na adwuma annye wo bere nyinaa na wo werɛ amfi ‘nneɛma a eye paa,’ a ɛne honhom fam nneɛma. (Filipifo 1:10) Ɛwom sɛ sika betumi ayɛ “ahobammɔ” de, nanso wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na ɛbɛma asi wo yiye ankasa.—Ɔsɛnkafo 7:12; Dwom 91:14.

[Ase hɔ asɛm]

a “Mmofra Bisa sɛ . . . ” nsɛm a ɛwɔ November 22, 1990; December 8, 1990 Engiresi Nyan!; ne October 8, 1997 Nyan! mu no ka mfaso ne ɔhaw a ɛwɔ adwuma a wɔyɛ bere a wɔapɔn sukuu mu no ho asɛm.

[Kratafa 28 adaka]

Nnwuma a Wubetumi Ayɛ

• Mfɛnsere mu hohoro

• Atesɛm nkrataatɔn

• Sukyerɛmma a wɔsesaw fi kwan mu

• Nhwiren sohwɛ anaa afie mu adɔw

• Nkokoa sohwɛ

• Aduan a wɔma nyɛmmoa, mpase a wɔde wɔn tu, anaasɛ guare a woguare wɔn

• Mpaboa ho a wɔka

• Ntade asiesie anaa adetow

• Nnɔbae a wodua tɔn

• Nkokɔyɛn anaa nkesuatɔn

• Nneɛma a wɔde typewriter anaa kɔmputa kyerɛw ma afoforo

• Asomasoma

• Aguade a wɔde kɔma nkurɔfo wɔ wɔn afie mu

• Dwom anaa nneɛma foforo a wɔkyerɛ

[Kratafa 27 mfonini]

Adwumayɛ ntraso betumi ama wo mmɔdenbɔ wɔ sukuu mu aba fam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena