Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 16
  • Afei De “Manya Atirimpɔw Wɔ Asetra Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afei De “Manya Atirimpɔw Wɔ Asetra Mu”
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’anim A Wobɛkɔ—So Nea Ɛwɔ Asetra Mu Nyinaa Nen?
    Nyan!—1982
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
  • Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra
    Nyan!—1983
  • ”Memaa No Adapɛn Asia, Ɔmaa Me Nokware No”
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 16

Afei De “Manya Atirimpɔw Wɔ Asetra Mu”

SO BIBLE betumi aboa nkurɔfo ma wɔanya abotɔyam ne anigye wɔ asetra mu? Osuahu a edi so a efi Amerika atɔefam no yɛ anigye.

“Ansa na merebehu nokware no na ɔhonam fam nneɛma ho adwene agye m’asetra nyinaa, a minsusuw honhom fam nneɛma ho koraa. Misusuwii sɛ atirimpɔw a ɛwɔ asetra mu ne sɛ obi benya ahonyade pii. Mansusuw Onyankopɔn anaa Bible no ho; nanso mihui sɛ asetra a ɛte saa yɛ nea anigye biara nni mu. Bere a mekɔɔ ntoaso sukuu mfe abien akyi na metɔɔ dan, tɔɔ kar kɛse biako ne ketewaa biako, na metotɔɔ nneɛma afoforo pii akyi no, mihui sɛ minni anigye ara wɔ asetra mu. Mihui sɛ na ɛbɛkɔ so saa wɔ bɛyɛ mfe 40 a edi hɔ no mu kosi sɛ me nsa bɛka me damoa.

“Nea ɛka eyi ho no, na minni anigye wɔ m’aware mu. Ná me ne me yere ahwehwɛ mmoa afi afotufo nkyɛn, na na yɛakohu adwene ho oduyɛfo bi mpo, nanso amfa anigye biara amma yɛn aware no mu.

Afei adwuma bi a ennye da mũ nyinaa ho kwan bɛdaa hɔ wɔ faako a meyɛ adwuma no. Saa dapɛn no ara mu no yɛn nsa kaa telefon fii ɔbarima bi nkyɛn a na ɔhwehwɛ adwuma a ɛte saa. Ɛyɛɛ ɔpanyin a ɔwɔ adwumam hɔ no mpo nwonwa, na obisaa no sɛnea ɛyɛe a ohui sɛ hokwan bi a ɛte saa wɔ hɔ. Ɔbarima no kae sɛ na onnim, na mmom ohuu adwuma no din wɔ telefon nhoma mu, na ɛyɛɛ no dɛ sɛ ohui, efisɛ na ontumi nnya adwuma a ennye da mũ nyinaa wɔ baabiara.

“Na ɔbarima yi yɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ na ɔhwehwɛ adwuma a ennye da mũ nyinaa, efisɛ na meyɛ nnwuma ahorow abien nanso na minhu me ho ano. Akyiri yi ɔkaa asɛm bi a ɛyɛ serew a ɔtee bere a ɔne obi reyɛ ‘Bible adesua’ kyerɛɛ me. Eyi buee kwan no na mifii ase bisabisaa no nsɛm pii.

“Metee asase foforo no ho asɛm nea edi kan. (2 Pet. 3:13; Adi. 21:1) Mifii ase tee nea na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ‘W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro’ no ase. (Mat. 6:10) Efi saa da a edi kan no mihui sɛ minnii asetra mu atirimpɔw ho dwuma. Adapɛn abien bere mu no na yɛyɛ dapɛn biara Bible adesua wɔ me fie. Nanso, bere tiaa bi mu no metee nka sɛ pɛnkoro Bible adesua wɔ dapɛn mu no nnɔɔso; mema yɛyɛɛ no mprenu, na bere tiaa bi akyi no mema yɛyɛɛ no mprɛnsa. Enti adapɛn anum bere mu no na yɛyɛ Bible adesua mprɛnsa dapɛn biara mu, na na mekɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow nyinaa wɔ Ahenni Asa so. Afe biako akyi no wɔbɔɔ me asu.

“Nkate a edi kan a nokware no ma minyae ne sɛ metee ahotɔ nka​—metee nka sɛ made me ho afi ɔhonam fam nneɛma ho dadwen ho, na manya ahotɔ nso wɔ m’aware mu. Dodow a mede Bible mu nnyinasosɛm dii dwuma wɔ m’aware mu no, dodow ara na enyaa nkɔso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena