Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 6/8 kr. 15-18
  • Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asanom Bebrebe A Wogyae
    Nyan!—1983
  • Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu​—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nyan!—1983
  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware
    Nyan!—1983
  • M’akodi Sɛ Megyaw Basabasa Yɛ Asetra
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 6/8 kr. 15-18

Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra

WƆ ADAPƐN pii mu no na ade a me kunu yɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛnom nsa awia ne anadwo. Ɔbɛda, asɔre na afei wafi ase anom bio. Wɔayi no adi afi adwuma mu, na na kɔ ara na yɛn sikasɛm mu kɔ so yɛ den da biara. Ná n’ahoɔden so ahuan na na minnim bere tenten a ɔde bɛtra ase bio. ‘Ɛhe na ne nyinaa bɛkɔ akowie?’ Saa na medwenee.

Ansa na mɛka nea efii mu bae akyerɛ wo no, ma menkyerɛ sɛnea ɛyɛe a yeduu tebea a emu yɛ den wɔ yɛn asetra mu yi mu.

Mihyiaa me kunu wɔ asaw (dance) bi ase wɔ 1947 mu. Bere a ɔbae no na wanom nsa dedaw. Ansa na agoru no reba awiei no na ɔpon so na ogyina resaw. Ɔbɛsraa me akyiri yi wɔ saa dapɛn no mu. Saa bere yi de na n’ani so da hɔ, na m’ani gyee ne nsrahwɛ no ho kɛse. Na yɛn adwene hyia wɔ nneɛma pii mu, enti yɛyɛɛ adwene sɛ yɛbɛware.

Anadwo a ɔde adwene yi bae no na okura toa a nsa wom, nanso na ɔmmoe. Yɛkaa nsɛm pii faa aniberesɛm a aware yɛ ne abusua hwɛ ho. Meka kyerɛɛ no sɛ merentumi ne ɔsadweamfo ntra. Ɛno ma ɔtow toa no kyenee na ɔhyɛɛ me bɔ sɛ ne nsa a etwa to na wanom no. M’ani gyei kɛse!

Nanso yɛwaree no ankyɛ na ofii ase nom nsa bio. Wɔ mfe a na edidi so no mu no ne ho bɛyɛɛ me hu kɛse. Ná wuntumi nhu n’adwene. Ná ɔte sɛ ogya bepɔw a ogya a ɛwom no rebɛtow.

Ɛnyɛ nsa nko na ɔkɔɔ so nom no kɛse na mmom ofii ase tow kyakya wɔ adwuma mu, a nea ɛde bae ne sikasɛm mu ahokyere kɛse. Da a wobetua ka biara akasakasa ba. Bere nyinaa na ɔpɛ sɛ ɔma me sika a esua sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anya bi de anom nsa kɛse. Towgyefo kɔɔ so dii yɛn fi akɔneaba.

‘Ɔkwan bɛn so na obetumi de me afa saa kwan yi so na afei waka akyerɛ me sɛ ɔdɔ me? Medwenee ho. Esiane sɛ na mewɔ adwuma a mede me bere fã yɛ nti, ɛtɔ bere bi a meboaboa sika ano de boa ma yetua ka ahorow no.

Ɛtɔ bere bi a na mintumi bio. Meka kyerɛ no sɛ, “Wunhu nea woreyɛ no? Me ne wo babea no yɛ hwee a ɛnyɛ yiye!”

Obuae sɛ: “Wugugu nsɛm mu dodo. Nsa kakraa bi na menom. Mennom toa biako mpo nnawɔtwe.” Nokwarem no, na ɔnom toa biako da koro!

Ná m’asetra nsi pi. Ɔde nhwiren anaa nnɔkɔnnɔkɔde bi brɛ me nnakoro nnakoro. ‘Eyi nyinaa akyi no ɔdɔ me!’ Ɛba saa a mete afobu nka esiane nneɛma bɔne a masusuw wɔ ne ho no nti. Misusuwii sɛ, esiane sɛ oye saa nti, nsa a ɔnom no fi me. Sɛ metumi asakra nkutoo de a, anka ebia ɔrennom no kɛse saa.

Ɔka kyerɛ me sɛ ɔbɛtew so, na wɔ nna kakraa bi akyi no minya awerɛhyem sɛ denam me mmoa so no obetumi agyae asanom. Nanso ansa na nnawɔtwe no bɛba awiei no ɔde bere a atwam no nyinaa behyem​—anom no kɛse sen bere biara. Awerɛhow hyɛɛ me so.

Ɔkɔɔ beae a wɔde mmoa ma asadweamfo (Alchoholics Anonymous, AA) mpɛn pii. Wɔkaa asanom bebrebe ho asɛm, nanso ɔtee nka sɛ ɛho nhia sɛ otie ɛno. Ne haw ahorow no fi fie, saa na osusuwii. M’anidaso bɛyɛɛ ɔkwa bio. Metee nka sɛ afiri ayi me, ɛyɛɛ me abufuw.

Me nkate ahorow nyinaa tu frae​—anigye, afobu, ɔtan ma me ho, sobobɔ, ne ho ɔtan, me yam a anka ɔkɔ, suro a na misuro sɛ ebia ɔbɛkɔ. Ɛte sɛnea na nneɛma awie sɛe.

Bere a mabɔ mmɔden sɛ megyina eyi ano mfe pii akyi no, abodwokyɛre a mewɔ nyinaa sae. Da koro bi, bere a minhu nea menyɛ no, mekɔtraa kar mu na mifii ase sɛ merekɔ. Awiei koraa no mekɔtraa asu ketewaa bi ho. Ná ɛhɔ yɛ dinn. Bere a mete asuwa no ho no, medwenee anidaso biara a enni me tebea no mu no ho. Asu no ho a na ayɛ dinn no te sɛ twebo. Sɛ anka metumi amuni atɔ nsu yi mu ɛ . . .

Mpofirim ara metee sɛ ɛnne bi refrɛ me. Ná ɔbea bi a ɔte bɛn yɛn ahu me na na ɔrebɛhwɛ sɛ biribi haw me anaa. Ɛno ma mesɔre kɔtraa me kar no mu tu kɔɔ fie.

Eyi akyi ankyɛ na nneɛma sɛee kɛse. Me kunu fii ase kaa kum a obekum ne ho ho asɛm, na mpo ɔkyerɛɛ me sɛnea ɔbɛyɛ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ minni hɔ a, wo ho bɛtɔ wo.” Wɔ ɔkwan bi so no m’ani gyei sɛ ɔkaa saa, nanso bere koro no ara mu no me yam hyehyee me!

Ade kyee anɔpa no na minim sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi. Mikohuu nnipa a wɔde afotu ma wɔ asanom bebrebe ho no na wɔkyerɛɛ me ɔbea bi a ɔte yɛn mpɔtam hɔ a wahyia tebea koro no ara bi. Ɔkamfoo kuw bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ a emufo yɛ asadweamfo abusuafo kyerɛɛ me. Enti mekɔɔ wɔn nhyiam horow no bi.

Wɔboaa me ma mihui sɛ merentumi nka ankasa sɛ me kunu asanom no fi me. Ná wafi ase ansa na merebehu no mpo. Ɛte sɛnea na wɔn a wɔwɔ hɔ no atumi adi wɔn ho so. Ná wɔwɔ anigye na wɔdaa wɔn nkate adi wɔ nnipa no anim. Wɔdwene nea wohia nnɛ ho. Nea na ɛsɛ sɛ meyɛ nen! Na sɛ ɔhaw koro no ara wɔ hɔ mpo a, ɛsɛ sɛ mihu sɛ ɛnnɛ wɔ ne dadwene ahorow nyinaa a ɛsɛ sɛ midi ho dwuma. Mekaee Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:34 no: “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho.”

Bere koro no ara mu no na ɛte sɛnea mmea a wɔwɔ hɔ no bi werɛ ahow ara, na wodii wɔn kununom ho yaw, wɔkaa wɔn mfomso ahorow ho asɛm. Sɛ́ anka mɛka eyi bi no, meyɛɛ komm.

Nanso, bere a mitiee nsɛm a wɔka faa ɔsadweamfo a wɔne no tra ho no, misuaa nneɛma pii a eye. Ade titiriw a misuae ne eyi: Ɛnsɛ sɛ mebɔ me kunu ho ban fi nea efi n’asanom no mu ba no ho, sɛnea na meyɛ no. Mmom no, na ɛsɛ sɛ meboa no ma ohu ɔhaw ahorow a n’asanom no de ba no. Ná egye ahoɔden pii na matumi adi nkate a enye a manya mfe pii no so, nanso na masi me bo. Mifii ase de nyansahyɛ ahorow yi dii dwuma.

Eyi akyi ankyɛ na hokwan bi bae. Ná ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn banana a ɔyare atiridii no wɔ fie. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ nneɛma bi wɔ abɔnten kakra nti, meka kyerɛɛ me kunu sɛ ɔnhwɛ abofra no. Mefrɛɛ no fii adwuma mu na mebɔɔ no kɔkɔ wɔ nsa ho. Ɔhyɛɛ me bɔ sɛ ɔbɛhwɛ abofra no yiye.

Mekɔe no ankyɛ na me babea no frɛe wɔ telefon so sɛ ɔretie sɛnea ne ba no ho te. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ne ba ketewaa no na ɔmaa telefon no so. “Nanabarima reda,” saa na ɔkae. Me babea no bɔɔ hu! “Wosow no denneennen na bɔ mmɔden nyan no.” Nanso me nana no antumi anyan Nanabarima​—wabow ada. Ɛno maa me babea no de telefon no too so na ɔde mmirika bae.

Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi, bere a na maba fie no, ansa na ɔrenyan. Obisaa nea enti a yɛannyan no. Esiane sɛ na nsa no da so ara wɔ n’ani so nti, yɛankasa pii. Sɛ kan no a, anka mɛma aso hɔ ara. Anka mesuro dodo sɛ mɛka biribi. Nanso afei de na minim sɛ merentumi nkata nea efi n’asanom no mu ba no so. Na ɛsɛ sɛ ohu nea esii no. Enti ade kyee no mede sii n’anim, kaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ no. Mibisaa no sɛ: “So wuhu nea anka ebetumi ato yɛn banana ketewaa no?” Ɛkãa no yiye. Ɔpaee mu kae sɛ: “Anka mereyɛ akum abofra no.”

Nanso, da koro bi, bɛyɛ asram bi akyi no, ɔnom nsa anadwo mu no nyinaa. Na bere a ade kyee a ɔsɔree no, ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa no nkɔ ayaresabea. Afei de ná ontumi bio. Mema ɔfrɛɛ oduruyɛfo no wɔ telefon so na ɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow no. Bere a yeduu ayaresabea hɔ no, ɔno ankasa traa hɔ ma wɔyɛɛ no aduru asram abien.

Wiɛ, mfirihyia pii atwam mprempren na yɛn asetra gu so ara reyɛ yiye. Ɛnyɛ nea ɛyɛ mmerɛw ma yɛn mu biara. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn nsusuwii ne nkate ahorow ho ban bere nyinaa.

Biribi foforo nso wɔ hɔ a aboa me kɛse​—me ne Yehowa abusuabɔ. Ɛboaa me ma midii adwemmɔne ne ɛyaw nka a na mete no so, efisɛ na minim sɛ Yehowa ani nnye nkate horow a ɛte saa ho, ɛmfa ho sɛ dɛn ara na me kunu ayɛ. (Kolosefo 3:13, 14) Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ mehu Yehowa sɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu Agya a ɔnhwehwɛ yɛn mfomso ahorow! Eyi brɛɛ afobu nka a na mete no ase kɛse.​—Dwom 103:9-12; 130:3, 4.

Bere a mebɔɔ mpae awia ne anadwo no ɔmaa me ne honhom ne ahoɔden. Ɛdenam me Kristofo gyidi a mekaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo so no, mitumi hyɛɛ m’anidaso mu den. Meda Kristofo nhyiam horow a mekɔ ne Kristofo mmarima ne mmea fekubɔ a ɔdɔ wom no nso ho ase kɛse. Sɛ ɛnyɛ wɔn a anka minnye nni sɛ metumi ayɛ.

Mmom, ɛyɛ m’anigye sɛ misuae sɛ me ne asadweamfo bɛtra. Sua a misuae sɛ mɛdwene nea mihia nnɛ ho no boaa me kɛse wɔ di a midii adwennwene so no mu. Minyaa mfaso titiriw fii sua a misuae sɛ ɛnsɛ sɛ mekata me kunu nneyɛe no so anaasɛ mebɔ ne ho ban fi nea efi n’asanom mu ba ho no mu. Sɛ ɛnyɛ nhumu a ɛte sɛɛ a anka minnim nea ebia ebesi.​—Wɔkyerɛw mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Ná ɛsɛ sɛ meboa no ma ohu ɔhaw ahorow a n’asanom no de ba wɔ n’asetra mu no

[Kratafa 16 mfoni]

Ade a ɛho hia titiriw a misuae ne sɛ ɛnsɛ sɛ mebɔ me kunu ho ban anaasɛ mekata nea efi n’asanom no mu ba no so, sɛnea no meyɛ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena