M’akodi Sɛ Megyaw Basabasa Yɛ Asetra
WƆ MFE awotwe mu no na meyɛ motor sotrafo kuw bi a wonim no yiye muni. Saa akuw yi mu pii ne motor sotrafo akuw afoforo mufo ani nhyia, na akansi wɔ wɔn ntam daa. Anadwo bi no na yɛn mu pii wɔ New Orleans kurow no mfinimfini baabi a na yɛrehwehwɛ kuw foforo bi mufo a womfi kurom hɔ. Ná yɛn ho pere yɛn sɛ “yɛbɛkeka eti kakra abobom” de asiesie akasakasa bi a ɛwɔ hɔ.
Yɛanhu kuw foforo no mufo wɔ baabiara, enti yɛpaapae mu na obiara faa ne kwan. Nanso, ebinom kɔtraa asanombea bi a ntɔkwaw sii wɔne polisifo baanu a wɔnhyɛ polisi atade ntam. Polisifo no fii ase totoo atuo na wopiraa me nnamfo no mu biako. Ná mete asanombea dedaw bi a ɛhɔ yɛ dinn wɔ mpɔtam hɔ mu bere a metee nea asi no. Na minnim sɛ m’adamfo no te ase anaa wawu, enti mekɔɔ ayaresabea hɔ kɔhwɛe. Meduu hɔ ara pɛ, ɔbarima bi de ne nsa kyerɛɛ me so na ɔteɛɛm sɛ, “Ná ɔka wɔn ho! Monkyere no!” Ɛwom sɛ na menka ntɔkwaw no ho de, nanso mehui sɛ esiane ti nhwi ne bogyesɛ atenten nti, na yɛn nyinaa sesɛe wɔ wɔn ani so. Wɔkyeree me ara, na mikowiee afiase asram pii. Nanso ɔkwan bɛn so na mifii saa basabasayɛ asetra kwan yi ase? Ma mensan nkɔ me mmofraase.
Ɔdɔ wɔ Bere a Edi Kan Mu
Awofo pii na sɛ wɔn mma de wɔn ho hyɛ saa asetra yi mu a, wɔn abaw mu bebu. Na eyi yɛ nokware yiye wɔ me maame ne me papa ho. Na wɔwɔ ayamye nanso wɔyɛɛ pintinn wɔ me ho na na wogye nteɛso di.
Me nsɛnnennen no fii ase wɔ ntoaso sukuu afe a etwa to no mu bere a mifii ase tew atua tiaa m’awofo tumidi na mifii ase nom nsa pii no. Da koro bi, bere a migyina ntoaso sukuu no atrapoe so no, mihuu biribi a na ebenya me so nkɛntɛnso kɛse wɔ mfe pii a na ɛbɛba mu. “Harlley Chopper” motor bi a ɛyɛ fɛ yiye a ɛte sɛ nea ɛnnka fam betwaam wɔ m’anim. Ná ɛte sɛ nea biribiara mmfa ɛsotefo no ho wiase. Ɛhɔ ara na minyaa ɔdɔ maa motor!
Akyiri yi wɔ saa afe no mu bere a miwiee sukuu no, mede me sika a mayɛ adwumaden anya me mmofraase mfe no mu no kɔtɔɔ Engiresifo motor kɛse bi a emu duru yɛ nkarii 750. Saa ahohuru bere no mu no, mitutuu akwan kɔɔ Mfinimfini Atɔe amantam mu hɔ na mikoduu Iowa, faako a mekɔɔ kɔlege no.
Motor “Abusua” No
Na Vietnam Ɔko no rekɔ so, na wɔ yɛn mmofra no pii fam no, na ɛyɛ yɛn asetra bere a emu yɛ den. Na ɔko a mɛkɔ akokunkum nkurɔfo no ho nsusuwii yɛ me nyane, nanso sɛ mantra kɔlege a, ɛhɔ ne faako a mɛkɔ—denam ɔhyɛ so. Misii gyinae sɛ mɛkasa atia a na mmofra pii a wɔahaw ka me ho. Mekɔdɔm kuw bi a wɔkasa tia ɔko, nanso na wɔn nhyiam horow no nyɛ nea wɔahyehyɛ no yiye. Bere tiaa bi akyi no, mihui sɛ saa kuw yi rentumi nsakra nhyehyɛe no na ɛmfa tebea a eye mma. Afei misusuw ho sɛ mɛdɔm kuw foforo bi nanso mihui sɛ na wɔn ho wɔ basabasayɛ ahorow bi mu. Na ɛte sɛ nea eyi nteɛ wɔ me fam—sɛ wɔde basabasayɛ bɛkasa atia basabasayɛ.
Wɔ me kɔlege bere no mu no, mihuu nyamesom mu nyaatwomyɛ no nso. Sɛ Katolekni no, wɔakyerɛkyerɛ me sɛ wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne no behu amane daa wɔ hellgya mu wɔ wɔn wu akyi. Wɔ me fam no, na ɛte sɛ nea nnipa kakraa bi pɛ na wɔn asetra betumi ayɛ kronkron araa ma wɔbɛkɔ soro. Bere a mihui sɛ asɔre mũ no nyinaa pene so sɛ wɔbɛkɔ ɔko akokunkum nkurɔfo no so no, mante ase. Bere a mahaw no, migyaee asɔrekɔ na mibuu me ho sɛ menyɛ Katolek asɔre no muni bio. Wɔ ntease pii a merehwehwɛ mu no, misuaa nyamesom nyansapɛ ho ade. Na me kyerɛkyerɛfo no yɛ obi a onnye onyame biara nni na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ sɛnea Santa Claus biara nni hɔ no, saa ara na Onyankopɔn biara nso nni hɔ!
Na nneɛma a aka a meyɛ daa wɔ saa bere yi mu ne m’asanom pii ne motor so tra no. Bere a mapa abaw wɔ kɔlege ho ne asetra ankasa mu no, mekɔɔ New Orleans a ɛwɔ Kesee Fam pɛɛ no. Wɔ ha no, mihyiaa nnipa afoforo a na wɔn nso wɔhwehwɛ nneɛma koro no ara a midi akyi no. Na wɔn mu pii nso ahaw wɔ asetra mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ me nneɛma pii wɔ motor hyehyɛ mu; wɔpɛɛ adwuma maa me na wɔhwɛɛ me bere a meyare no. Ɛyɛ me ho a wosusuw yi na ɛtwee me kɔɔ wɔn ho sɛ kuw no.
Yɛn “abusua” no yɛɛ kɛse a na kuw ahorow a wofi United States nkurow akɛse nyinaa mu ka ho. Wɔ ahohuru bere mu no yɛtratra yɛn motor so na yekyinkyin Mfinimfini Atɔe hɔ nyinaa, kɔ Kusuu Fam araa kodu Minnesota ne Wyoming, atɔe fam araa kodu California ne Mexico mpo. Yɛkɔsrasraa ɔman agodibea ahorow pii na yɛn ani gyee afɛfɛde ne asomdwoe a ɛwɔ nkuraase no ho.
Na nea ɛka yɛn asetra kwan no ho ne sɛ yɛbɛsɛe bere pii de anom nsa wɔ asanombea ahorow mu. Na mfɛfo no bi ani gye ntɔkwaw ho, nanso na m’ani nnye ho. Mihuu tebea horow a ɛde ntɔkwaw ba ntɛm na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkwati dinn. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo yɛ nneɛma bi a mintumi nyɛ ho hwee, na mihuru gyina kyerɛ wɔn nyansa. Bere bi na migyina asanombea bi akyi bere a motor bi betwaam. Mehwɛe sɛ mehu onii a ɔte so no, bere a ɛsotefo no de tuo kyerɛɛ me so na ɔtowee! Sɛ ɛyɛe a anka me no de, minnim.
Nea Efii Nipakum mu Bae
Mifii ase hui sɛ anigye ankasa biara nni saa asetra kwan a wɔde hwehwɛ anigye no mu. Bere bi akyi no mewaree, nanso aware no anyɛ yiye; edii asram abiɛsa pɛ. Akyiri yi, wowiaa me motor no. Afei anadwo bi, bere a manom nsa pii akyi no, mene m’adamfo a ɔsen biara nyaa akasakasa a emu yɛ den. Eyi ma mehawee kɛse. Bere a merebɔ mmɔden sɛ metwa ne nyinaa so no, menom dufuaw me nsa ma. Afei medaa Mississippi Asubɔnten no koko so sɛ merewu. Nanso, m’ani tewee wɔ ayaresabea. Mpɛn abien bio no, mikowiee ayaresabea esiane m’asanom mu asɛnnennen nti.
Afei anɔpa bi a me werɛ remfi da no bae. Ɛbɔɔ nnɔnum no, minyaa telefon so ɔfrɛ bi a wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔatow me nnamfonom no mu biako tuo akum no. Na ɔne kuw no mufo afoforo baanu akɔ asanom. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛpata ɔbarima bi a ɔreboro ɔbea bi. Sɛ na ɔyɛ ne yere. Ɔtoo m’adamfo no tuo kum no. Yɛn nyinaa ho dwiriw yɛn, na mede da a edi hɔ no nyinaa ne ne nuabarima yɛɛ ayi no ho nhyehyɛe.
Bere a me nkutoo wɔ ayie fie hɔ anadwo no, mede me nsa kaa m’adamfo no anim. Na ne ho ayɛ nwini, wakyen, na nkwa nni ne mu. Ɛhe na ɔkɔ? So ɛno ara nen—biribiara aba awiei? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ pii wɔ hɔ sen eyi—mfe kakraa bi mu asetra, afei owu twa ne nyinaa so. Mihui sɛ mente nea asetra kyerɛ ase koraa, na efi hɔ no na mɛbɔ mmɔden ahwehwɛ mu. Mifii ase de me ho hyehyɛɛ ahonhomsɛmdi mu, na mpɛn pii no na ɛte sɛ nea metumi ne m’adamfo no adi nkitaho. Nanso na ne nyinaa yɛ ɔkwa na amma me nsemmisa no ho mmuae.
Asetra mu Atirimpɔw ne Dɛn?
Anadwo bi menom nsa pii na mitwa hwee bere a na mete me motor so. Wɔ asiane a edii akyi no mu no, mipirae kɛse wɔ me nanpɔw so. Na mintumi nnantew na na ɛsɛ sɛ metra tie adapɛn abien. Wɔ saa bere yi mu no, ɔbarima bi ne ne babarima kumaa bi bɛbɔɔ me pon mu. Na wɔpɛ sɛ wɔka Bible mu asɛm kyerɛ me. Mema wɔbɛtraa ase. Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Esiane sɛ na mentee saa din no da nti, mibisaa wɔn sɛ wɔyɛ nyamesom kuw foforo bi anaa. Ɔbarima no de ayamye fi Bible mu kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn din de Yehowa ne sɛ wɔreka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Na ɛno yɛ me ade foforo. Onyankopɔn wɔ din, Yehowa. Me nyamesom mu ntetee a minyae sɛ abofra no ankyerɛ me eyi. Misusuw nneɛma afoforo bi a ankyerɛ me ho.
Bio, wɔkyerɛɛ me sɛ Bible ka wiase anaa nneɛma nhyehyɛe a yɛte mu yi awiei ho asɛm. “Wiase awiei”! Dɛn nti na wɔnkaa eyi ho asɛm nkyerɛɛ me da? Eyi buee ɔkwan maa nkɔmmɔbɔ pii a ɛma mibisaa nsɛm pii. Wogyaw me nhoma So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? no bi. Na mintumi nkenkan no ntɛmntɛm sɛnea ɛsɛ efisɛ awiei koraa no na merehu nea asetra kyerɛ nyinaa.
Misuae sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛtra ase bere tiaa bi na afei yɛawuwu. Misuaa owu awiei a ɛreba ne hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no ho ade. Ɛfa m’adamfo a medɔ no no ho no, misuae sɛ onnim hwee anaasɛ onhu amane wɔ baabiara. Mmom no, wada hatee, na ɔretwɛn owusɔre afi awufo mu. Anidaso kɛse bɛn ara ni! Ebia mehu no bio!—Adiyisɛm 21:4, 5; Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 5:28, 29.
Gyinaesi a Ɛyɛ Den
Yɛn Bible mu nkɔmmɔbɔ no mu tewee bere a mekɔɔ yɛn motor kuw akwantu a ɛsen biara a na wɔayɛ ho nhyehyɛe ahohuru bere no mu no. Meka kyerɛɛ m’adamfo Ɔdansefo a wɔfrɛ no Daniel no sɛ sɛ mesan ba a mene no bɛkasa. Ɔde nhoma Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu no bi maa me. Wɔ akwantu adapɛn anan a edi hɔ no mu no, bere biara a yebegyina sɛ yɛrehome no, mekenkan nhoma no fã bi. Bere a mesan bae no, mefrɛɛ Daniel. Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛbom asua Bible no, na wɔ adesua a edi kan no akyi no, ɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ nhyiam bi wɔ Ahenni Asa so Kwasida a edi hɔ no awia.
Afei, na yɛwɔ kuw motor so tra nhyehyɛe bi Kwasida no a na wɔhwɛ kwan sɛ me na medi anim. Kwasida anɔpa bae na ɛkɔe. Yegyinae wɔ asanombea bi na obiara fii ase nom nsa. Ɛbɔɔ bɛyɛ dɔnkoro no, mifii hɔ brɛoo, metraa me motor no so na mesan baa kurom. Ɛbɔɔ 3:00 no, na mewɔ Ahenni Asa no so a mehyɛ T-shirt, dungaree bruu, mpaboa akɛse, magyaw bogyesɛ, na mayɛ me ti nhwi te sɛ prako dua. Adansefo no gyee me fɛw so, na wɔanka m’ahosiesie no ho hwee. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ mensan mmra. Meyɛɛ saa, na makɔ nhyiam horow no fi saa bere no.
Nanso, na asram a edi kan no mu yɛ den efisɛ na meda so ara kɔ motor kuw no nhyiam horow dapɛn biara. Mihui sɛ sɛ mekɔ so dɔm kuw no a, ɛbɛyɛ den ama me sɛ mede Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma. Enti misii gyinae sɛ mefi kuw no mu. Na ɛyɛ den sɛ megyaw saa ayɔnkofo no. Wɔ mfe no nyinaa mu no, yɛabom anya nneɛma pii mu osuahu na aka yɛn abom kɛse. Wɔ ɔkwan foforo so no, na ɛyɛ ahotɔ sɛ megyaw saa basabasayɛ wiase no wɔ m’akyi na mahyɛn Yehowa wiase nyinaa asomdwoe ahyehyɛde no mu. Metɔn tuo a na ɛda me mpa ho bere nyinaa no mpo.
Mfa Wo Nsateaa Nhyɛ Ogya Mu
Asram asia wɔ bere a mifii m’adesua no ase akyi no, wɔbɔɔ me asu. Wɔ saa bere tiaa yi mu, ɛdenam Yehowa mmoa so no, matumi adi m’asanom no so, na m’abrabɔ nyinaa anya nkɔanim. Mprempren m’ani gye ho sɛ mɛsrasra nkurɔfo wɔ wɔn afi mu sɛnea Daniel sraa me mfiase no. Mebɔ mmɔden sɛ mifi Bible no mu bɛkyerɛ m’afipamfo sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ nniso a ɛbara basabasayɛ, nea ɛde atɛntrenee na edi so, ne nea ɛde trenee nneɛma nyinaa a nnipa nniso ntumi mfa mma no bɛba, ne sɛ ɛrenkyɛ basabasayɛfo biara rennka wɔ asase so. M’ani gye eyi ho titiriw esiane me kan basabasayɛ asetra no nti, enti misi so dua sɛnea metumi biara.—Adiyisɛm 11:18.
Yehowa de Kristoni ɔyere a ɔwɔ ahofama ne mmofra ahoɔfɛfo baanu ahyira me. Yɛn baanan no tumi yɛ apon ano adwuma na yɛkɔ Kristofo nhyiam horow. Manya hokwan sɛ mesom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ Kristofo asafo no mu. Nokwarem no, magyaw basabasayɛ wiase no na manya asomdwoe ankasa. Abirabɔ bɛn ara ni! Bere a mesan kɔɔ New Orleans no, metee sɛ wɔn a na anka wɔyɛ me nnamfonom no mu baanu awuwu. Eti bere a mebaa Louisiana ha no, wɔatow baasa foforo tuo akum wɔn. Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, anka ɛhe na mewɔ?
Mepɛ sɛ meka kyerɛ mmofra sɛ ɛwom sɛ ɛte sɛnea wiase no yɛ fɛ na ɛyɛ anigye de, nanso mommfa mo nsateaa nhyehyɛ ogya mu. Ná mewɔ wiase no mu na mekaa ne nyinaa hwɛe. Monnhwere hwee. Mo a morehwehwɛ mone Yehowa ntam abusuabɔ pa nanso munsusuw sɛ mubetumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia no, mesrɛ mo monhyɛ Yesu nsɛm a ɛhyɛ nkuran yi nsow: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.” (Mateo 19:26)—Sɛnea David L. Wirges ka kyerɛe.
[Kratafa 24 mfoni]
Me motor sotra basabasayɛ mmere a ɛsen biara no mu