Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 7/8 kr. 27-29
  • Moto—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛyɛ Asiane?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Moto—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛyɛ Asiane?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade Titiriw a Ɛma Ho Yɛ Anigye
  • ‘So Menka Moto?’
  • Adwene a Emu Da Hɔ
  • M’akodi Sɛ Megyaw Basabasa Yɛ Asetra
    Nyan!—1988
  • Me Nko Ara Me Ho na na Medwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yehowa Yɛ Onyankopɔn a N’adɔe Dɔɔso Wɔ Me So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Asase so Paradise Ho Bɔhyɛ No Sesaa M’asetena”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 7/8 kr. 27-29

Moto—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛyɛ Asiane?

Efi Japan Nyan! kyerɛwfo hɔ

NA SUSUMU moto no rekɔ fɛfɛɛfɛ na ohui mpofirim sɛ kar bi retwam wɔ n’anim. Nea edi hɔ a ohui ne ɔdan bi atifi bere a ɛtow no kɔɔ soro no. Ne ti ne n’abeti besii fam. Ɔkãm bi a ɛbaa ne kyɛw no mu no kyerɛɛ n’asehwe no kɛse. Wanwu nanso ne nan mu bui na ɛkɔntɔnee te sɛ U.

Susumu asiane no nyɛ nea ebi mmae da. The Globe and Mail a wotintim wɔ Canada bɔ amanneɛ sɛ wɔ afe biako mu no, wɔde Amerikafo 166,000 a wonyaa moto akwanhyia koguu ayaresabea. “Eyinom mu 4,700 wuwui. Afoforo pii yɛɛ mmubuafo wɔn nkwa nna nyinaa.” Nhoma koro no ara ka sɛ wɔ Canada no, moto akwanhyia ahorow bɔɔ ho abien wɔ mfe du mu. Na wɔ Japan no motokafo 2,575 wuwui wɔ 1989 mu. Eyinom mu no, sɛ wɔn a wɔka moto nketewa no nka ho a, bɛboro ɔha biara mu 70 yɛ mmofra a wɔadi fi mfe 16 kosi 24.

Sɛ wɔde eyi toto lɔre akwanhyia dodow ho a wohu no dɛn? Insurance nnwuma ahorow ka sɛ wɔ aman binom so no, wɔ ɔkwan a ne tenten yɛ pɛ so no, wɔn a wɔtra moto so a wowuwu no boro nnipa a wɔka kar a wowu no so mpɛn akron. Dɛn na ɛde owu pii yi ba? Consumer Reports kyerɛ nneɛma abiɛsa a ɛma ɛba saa: (1) Ɛyɛ den sɛ wobehu moto ntɛm sen kar. (2) Ahobammɔ a moto de ma nea ɔka no sua anaasɛ ɛmma no bi mpo. (3) Moto kura gye ahokokwaw—sɛ ɛtow a, ɛtaa yi nea ɔte so no kyene. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii te nka sɛ moto yɛ asiane. Afoforo ne wɔn nyɛ adwene. Wɔka sɛ motoka so wɔ mfaso horow. Wususuw ho dɛn?

Nokwarem no, sɛ wohwɛ akwantu afiri a wɔnsɛe sika wɔ ho pii a, biribi nntwa moto. Ngo pii a ɛnsɛe no ne ɛho ade titiriw a wɔpɛ. Consumer Reports se, wubetumi de ngo lita 1 atwa bɛyɛ kilomita 25 kosi 30. Afei nso, ne tae yɛ abien pɛ. Mfaso afoforo nso ne sɛ: ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde bɛfa mmeae pii, beae a wɔde besi no nyɛ asɛnnennen, na ne bo nyɛ den te sɛ kar. Nanso wɔn a wobetumi atɔ kar a ne bo yɛ den binom mpo pɛ moto ara. Dɛn ntia?

Ade Titiriw a Ɛma Ho Yɛ Anigye

Wɔn a wɔpɛ moto no mu pii gye tom sɛ ade titiriw a ɛma wɔn ani gye ho ne sɛ ne ka yɛ dɛ. Obi a n’ani gye moto ho pii no ka sɛ, “ebia ɛyɛ ne nnyigyei no.” Engiresi de no nnyigyei, Japanfo de no nworoso, anaasɛ nea ɛsõ no nnyigyei—ne nyinaa te sɛ nnwom wɔ wɔn a wɔn ani gye moto ho no asom.

Wɔ motokafo afoforo fam no, ɛyɛ ahofadi nka a wɔte ne sɛnea wotumi dan no fa nea wɔpɛ no. Wɔn mu biako se: ‘Ɛyɛ anigye sɛ wobɛte nka sɛ saa afiri no hyɛ w’ase, na wunim sɛ wodan fa baabiara a ebetie wo, na wobɛdannan no a wunim sɛ ebetumi de wo akodu nea worekɔ hɔ.’ Ebia nnyigyei, mmirika, ne ahofadi a adi afra yi bɛtwetwe wo nso. Nanso asiane wɔ ho. Anigye yi betumi ayɛ nea wuntumi ntwe wo ho mfi ho.

Mmofra titiriw na wɔwɔ asiane mu. Obi a anka kan ɔyɛ motokafo kuw bi muni ka sɛ: “Sɛ wuhu kɔɔfo a emu nware a na wo koma atu, nanso sɛnea wode mmirika a ano yɛ den bebu a ɛntow wo no ma w’ani gye. Ɛyɛ a na mehwehwɛ kɔɔfo a emu nware koraa na mede mmirika a ano yɛ den yiye abu.” Yoshio a anka n’ani gye motoka ho pii no se: “Na meka wɔ wim tebea biara mu, efisɛ na ɛma m’ani gye. Me fam no na ɛte sɛ adubɔne.” Na Susumu a yɛadi kan aka ne ho asɛm no se: “Na sɛ ebekum me anaasɛ ɛrenkum me no mfa me ho—na ɛsɛ sɛ meka.” Enti ansa na wɔreyi nea wɔde kyekyeree ne nan a emu bui no mpo no, na ɔtra so bio. Ogye tom sɛ: “Na mintumi nnyae.”

‘So Menka Moto?’

Enti sɛ wopɛ sɛ woka moto a, fa nneɛma a ɛma ne ka yɛ anigye ne ɛho asiane no toto ho. Na sɛ woyɛ Kristoni a ahonim pa som bo ma wo na wowɔ obu ma Bible no a, kyerɛwnsɛm binom wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho.

Sɛ nhwɛso no Mmebusɛm 6:16, 17 bobɔ nneɛma ason a Yehowa kyi bi din. Emu biako ne “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” Mmara bi a wɔde maa tete Israel man no ka Yehowa adwene wɔ mogya a edi bem a wohwie gu no ho asɛm pii kyerɛ yɛn. Mmara no se: “Na sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakokum ɔbarima anaa ɔbea a, wonsiw nantwi no abo, na ne wura no nso, wonkum no.” (Exodus 21:29) Ɔkwan foforo so no, yɛn agyapade ho asõdi da yɛn so.

Enti sɛ wɔpɛ sɛ wotɔ moto a, wubekita no dɛn, na emu nea ɛwɔ he na wobɛpaw? Nea ɛho yɛ den a asiane wɔ ho pii a etumi kɔ mmirika yiye a ɛtaa nya akwanhyia a nnipa wu wom no? Sɛ saa a, sɛ wunya akwanhyia a, so wobɛde wo ho wɔ mogya ho afɔdi ho? Sɛ woampira afoforo mpo a, woankasa nkwa nso ɛ? Sɛ wode mmirika bu kɔɔfo a asiane wɔ ho de gye w’ani ara kwa a, so na worekyerɛ obu wɔ nkwa akyɛde no ho?

Sɛ wowɔ moto anaa wotɔ bi a, nnyinasosɛm yi nso fa sie a wubesiesie no no ho. Sɛ woansiesie wo moto no brake no bere nyinaa a, ebetumi adan ‘nantwi a osi’ sɛnea yɛbɛka no no. Afei nso, ansa na wobɛtra moto no so bere biara no, ɛsɛ sɛ wohwɛ chain ne engine no. Na sɛ woka no basabasa de yɛ dede ma wo ho yɛ wo mpɔtam hɔfo ahi nso ɛ?

Ampa, sɛ woyɛ obi a w’ani gye moto ho a, ebia moto engine no nnyigyei bɛyɛ wo de, nanso nyɛ nnipa nyinaa na wɔpɛ. Nokwarem no, nnyigyei no yɛ nnipa pii abufuw araa ma sɛ wɔte a, ɛma wɔyɛ basabasa. Nara Shimbun atesɛm krataa no ka ɔbarima bi a ne bo fuwii wɔ Japan ho asɛm sɛ, ɔtow dua bɔɔ moto a ɛretwa mu no. Nea ɔte so no a na ɔyɛ moto akafo kuw bi muni a wadi mfe 16 no wui. Atesɛm krataa Asahi Shimbun no ka sɛ obi nso de hama sãã ɔkwan a moto so atrafo kuw bi taa fa so mu. Hama no soo motokafo kumaa bi kɔn hyɛɛ no akɔmfo ma owui. Nabere a atesɛm krataa no too nsa frɛɛ n’akenkanfo sɛ wɔnka sɛnea wɔte nka wɔ moto no dede a ɛyɛ ho no, akenkanfo binom gyinaa wɔn a wɔyɛɛ moto so atrafo no saa no akyi.

Nokwarem no, Bible no kasa tia basabasayɛ nneyɛe a ɛte saa. Nanso, saa ara ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔka moto hyɛ afoforo abufuw denam moto a enni ade a ɛbrɛ nnyigyei no ase a wɔde bɛyɛ dede afa mmeae a nkurɔfo te no so, sɛnea ɛtɔ da bi a moto so atrafo akuw binom yɛ no. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yɛde Yesu Kristo mmara a ɔde maa n’akyidifo no tra ase: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:39.

Adwene a Emu Da Hɔ

So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woka moto? Dabida, mmom no adwene a emu da hɔ ho hia. Nnipa pii fam no, moto yɛ ade bi a ne bo nyɛ den, ɛnyɛ nã, na ne ka yɛ anigye. Nanso wɔ aman bi so no, nnipa de moto gye wɔn ani titiriw. Ɛno betumi ayɛ anigye, nanso yɛ ahwɛyiye. Mma mmirika ne ahoɔden a ɛwɔ no nsɛe w’atɛmpa.

Ebinom a wɔtraa ase maa wɔn moto nkutoo no ayɛ nsakrae. Mprempren wɔn asetra gyina Onyankopɔn a wɔbɛsɔ n’ani so titiriw. Sɛ nhwɛso no, na anka Yoshio ka moto a ɛwɔ ahoɔden. Ɛnnɛ ose: “Bere a na metra so gye m’ani no, na me nkutoo ani na mesɔ. Mprempren, mewɔ ɔma mu anigye denam adwuma a meyɛ sɛ Kristoni ɔsomfo no so.” Esiane sɛ Yoshio nim sɛ onya moto a ontumi nni ne ho so nti, wannye ɛho tumi krataa bio.

Obi a anka ɔyɛ moto so atrafo kuw bi muni wɔ Hokkaido, Japan no se: “Na meka moto de kyerɛ me ho. Na menom nnubɔne yiye esiane fekubɔne a me ne moto so atrafo kuw mufo no bɔ no nti.” Nanso ofii ase susuw daakye ho. Ɔhwehwɛɛ nyamesom akuw pii mu na awiei koraa no ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no na obehuu nokware no.

Na Susumu nso ɛ? Ne fam no, moto so tra nyɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu bio. Mprempren Susumu ne nnipa baanu a wɔn ani gye moto ho a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no som sɛ bere nyinaa Kristofo asomfo. Wɔn mu biako de ne moto a emu yɛ duru sesaa ketewaa bi na ɔde trɛw Bible mu nokware no mu kyerɛ afoforo.

Yiw, moto betumi ayɛ akwantu afiri a eye, nanso bere nyinaa ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ ahwɛyiye ne obu a wɔwɔ ma afoforo nkate mu.

[Box on page 29]

AHOBAMMƆ HO NSƐM MA WƆN A WƆTRA MOTO SO

▪ Fa Ahwɛyiye Kɛse Ka: Ne kyinkyim, ogya no a wubetie so, ne breki so tia gye ahokokwaw ne ade a wɔbɛyɛ wɔ ne kwan so.

▪ Kwati Ɔkwan Biara Mfinimfini a Wobɛfa: Ɛhɔ na nneɛma ne ngo a efi kar ahorow mu no kogu.

▪ Hyehyɛ Nneɛma a Ɛfata: Hwɛ sɛ wobɛhyɛ ahobammɔ kyɛw. Nea wɔde hyɛ nsa, atade nguguso a emu yɛ duru, ne mpaboa a ase yɛ duru nso bɛbɔ wo ho ban.

▪ So Wo Kanea Si So Bere Nyinaa: Sɛ afirika ho mmara ma eyi ho kwan wɔ wo man mu a, yɛ eyi awia bere mpo. Ɛbɛma afirikafo afoforo ahu wo.

▪ Fa Ade a Kanea Tɔ So a Ɛhyerɛn Bɔ W’ahobammɔ Kyɛw no Ho: Eyi ma wohu wo anadwo.

▪ Fa Wo ho Ban a Wobɛbɔ Ka: Nhwɛ kwan sɛ mfirikafo no bɛma wo kwan.

▪ Nka Moto Bere a Woabow Nsa Anaasɛ Wafa Nnubɔne

▪ Paw Moto a Wubetumi Aka

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena