Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 11/8 kr. 4-6
  • Katolek Asɔre No Kan Su Wɔ Bible No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Katolek Asɔre No Kan Su Wɔ Bible No Ho
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ansa na Charlemagne Reba ne Ɛno Akyi
  • Mporoporowa ma Nnipa a Wɔba Fam
  • Nea Ɛde Bae a Wɔanni Kan Anhu
  • Italia Bible Afa Bere Dennen Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bible No—Nea Wɔde Atirimɔden Atoa No
    Nyan!—1980
  • Ɛnyɛ Nhoma A Wosiw N’akenkan Ho Kwan Bio
    Nyan!—1986
  • Jerome—Bible Nkyerɛase Mu Dikanfo a N’asɛm Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 11/8 kr. 4-6

Katolek Asɔre No Kan Su Wɔ Bible No Ho

NHOMA A Guide to Catholic Reading no ka asɛm a ɛyɛ anigye yi: “Katolek asɔre mma a wɔanyinyin no pii begye atom sɛ Bible a wɔbɛkenkan bere a wonni akwankyerɛ pa yɛ nea ná Katolek asɔfo ne mmea a wɔresua asɔfodi pii ani nnye ho. Nea ɛyɛ anigye no tebea no asesa koraa na nnɛ wɔhyɛ Katolekfo, wotu wɔn fo, na wɔsrɛ wɔn wɔ baabiara sɛ wɔnkenkan Nhoma a Ɛsen Biara no.”

Ampa, Katolek Asɔre no su wɔ Bible no ho “asesa koraa” wɔ mfedudu kakraa a abetwam no mu. Katolekfo Bible nkyerɛase ahorow a ɛwɔ nnɛyi kasa horow mu a agye din no pii bae wɔ mfirihyia 30 a abetwam yi mu sen mfehaha pii a na edi anim no mu. Nanso mfirihyia 30 yɛ dɛn wɔ asɔre a ɛkyerɛ sɛ efii ase fi asomafo no bere so no abakɔsɛm mu? Dɛn na ayɛ Katolek Asɔre no kyerɛwtohɔ wɔ mfehaha no mu? So akyerɛ anigye wɔ Bible no ho, denam ma a ɛbɛma Katolekfo nsa aka na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan no so anaa? Anaasɛ akyerɛ sɛ ɛtan wɔn a wɔdɔ Bible no?

Ansa na Charlemagne Reba ne Ɛno Akyi

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛka, na ɛne sɛ mfiase no Asɔre a ɛwɔ Rome no ani gyee Kyerɛw Kronkron no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa a wɔte mu no ho. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ kasa a na wonim no yiye wɔ tete Kristofo no mu ne Hela. Ná eyi te saa mfehaha pii bere a asomafo no wu maa ɔwae no bae akyi no. Yebetumi ahu eyi ho adanse wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔ Asɔre no Nhyiam a Edi Kan a wɔyɛe wɔ Nicaea wɔ 325 Y.B. mu no ase no, wɔanyɛ nhyiam no wɔ Latin kasa mu na mmom wɔ Hela kasa mu no mu, na Nicaea Gyidikasɛm a agye din a wɔkyerɛ sɛ ɛne Katolekfo gyidi “nnyinaso a enhinhim” no yɛ nea wɔhyehyɛɛ wɔ Hela kasa mu.

Apereperedi wɔ Rome ne Byzantium (Konstantinople) ntam, wɔ nea ɛbɛyɛ Asɔre no nyamesom ahenkurow ho sɔree wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. no mu, na kasa ho asɛm baa ntawntawdi no mu. Asɔre no fã a ɛwɔ apuei fam a ɛhyɛ Konstantinople Asɔre Panyin ase no de Hela kasa dii dwuma wɔ nyamesom mu guasodeyɔ ahorow mu, na na wɔwɔ Bible mũ no nyinaa wɔ Hela kasa mu (Hebri Kyerɛwnsɛm Septuagint nkyerɛase no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no) . Nanso, na kasa a wonim kɛse wɔ atɔe fam nyɛ Hela na mmom Latin. Ná Kyerɛwnsɛm no “Tete Latin” nkyerɛase ahorow wɔ hɔ, nanso eyinom mu biara nni hɔ a ɛbɛyɛɛ nkyerɛase a ná wɔagye atom. Enti ɛrekɔ afeha a ɛto so anan no awiei no, Damasus a ɔyɛ ɔsɔfo panyin wɔ Rome no de hyɛɛ onimdefo bi a wɔfrɛ no Jerome nsa sɛ ɔmma wonnya Bible nkyerɛase a woagye atom a ɛte saa wɔ Latin mu.

Jerome amfa Latin kasa a asete yɛ den anni dwuma, na mmom Vulgar Latin​—nnipa a wɔba fam no kasa. Awiei koraa no, ne nkyerɛase no na wɔfrɛɛ no Vulgate (editio vulgata, nkyerɛase a ɛba fam anaa nea wonim no yiye) . Ɛbɛyɛɛ Katolek Asɔre no Bible a wɔagye atom wɔ nea ɛboro mfirihyia apem mu, ɛyɛɛ saa bere tenten yi bere a Latin bɛyɛɛ kasa a awu no akyi. Nanso nokwasɛm titiriw no ne sɛ, mfitiase no, ná Latin Vulgate no yɛ kasa a ɛba fam Bible.

Esiane Roma Ahemman no a emu paee ne sukuu adesua nhyehyɛe a ɛkɔɔ so wɔ Romafo bere so no nti, Katolek Asɔre no asafo mpanyin no nkutoo na wonyaa adesua hokwan. Nea ɛyɛ yaw no wobuu wɔn ani guu hokwan yi so, na eyi na ɛde anibiannasoyɛ a ɛtrɛw kɛse a ɛhyɛɛ Esum Mmere no agyirae no bae.

Ɛrekɔ afeha a ɛto so awotwe no awiei no, Ɔhempɔn Charlemagne ani annye nnipa no ne asɔfo nkumaa a wɔwɔ n’ahemman no mu no anibiannasoyɛ a ɛte saa no ho. Wɔafrɛ no “mfinimfini mmere mu nhomasua farebae. Ohyiaa animdefo te sɛ Engiresini sɔfo Alcuin a osiesiee Jerome Vulgate kyerɛwsɛm a na mfomso ahorow wom no baa ne fi. Charlemagne hyɛe sɛ wɔnyɛ scriptoria, anaasɛ akyerɛwbea, ho nhyehyɛe wɔ nkokorafi ahorow, na wɔakyerɛw nneɛma wɔ ho. Mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nhomasua anya nkɔso no ho baa asɔfo ne nnipa atitiriw no mfaso titiriw, efisɛ na saa nsa ano nkyerɛwee yi wɔ Latin kasa a saa bere no na wɔde kasa ahorow a nnipa a wɔba fam wɔ Europa no te resi ananmu no mu.

Mporoporowa ma Nnipa a Wɔba Fam

Ampa, wɔ Charlemagne tumi ase no, Nhyiam a wɔyɛe wɔ Tours, France, wɔ 813 mu no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ kasa a wɔma kyerɛ nnipa a wɔba fam no ase kɔ kasa a wɔte mu. Nanso wɔanyɛ mmara biara sɛ wɔnkyerɛ Bible no ankasa ase mma nnipa no. Sɛ́ nea ɛde reyi ne ho ano no, Catholic Encyclopedia se:

“Ná nhoma ahorow a wɔde nsa akyerɛw nkutoo na ɛwɔ hɔ, na esiane sɛ ne bo yɛ den nti, na nnipa pii ntumi ntɔ bi; Bio nso, sɛ ná ɛyɛ nea nnipa dodow no ara nsa betumi aka nhoma mpo a, anka wɔrentumi nkenkan, efisɛ saa bere no mu no, na nnipa kakraa bi na wɔwɔ nhomasua hokwan. Nokwarem no, na ɛyɛ den sɛ obi a ɔnnka asɔfo anaa nkokorafo ho no betumi akenkan.” Nanso na nhoma a nnipa dodow no ara nnim no yɛ hena mfomso? Na dɛn nti na Roma Katolek Asɔre no twɛnee Ɔhene Charlemagne na wama nhomasua akɔ so wɔ asɔfo nkumaa no mpo mu?

Sɛ́ ɛbɛpene nnipa no a wɔbɛkyerɛ wɔn ade ne Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa horow a wɔte mu so mmom no, Katolek Asɔre no hyɛɛ ‘wɔn a wonnim hwee nhoma’ a wobenya ho nkuran: mfonini Bible ahorow (te sɛ Biblia pauperum, anaasɛ ahiafo Bible) , Bible abakɔsɛm ahorow, anwonwade ɔyɛkyerɛ ahorow, ahoni ahorow, afasu ho mfonini ahorow ne nea ɛkeka ho a egyina Bible nsɛmti ahorow so. Eyinom ne mporoporowa a Katolek asɔfo no ma efii wɔn honhom mu pon a ɛne Bible mu nimdeɛ a wɔne ahemfo ne nnipa atitiriw kakraa bi a na wɔwɔ hokwan no nyae no so guu fam.

Nea Ɛde Bae a Wɔanni Kan Anhu

Charlemagne nhomasua ho ɔsatu no de nneɛma ahorow baa Roma Katolek Asɔre no so a wɔanni kan anhu. Charlemagne wu akyi bere a nhomasua trɛwee wɔ asɔfo nkumaa ne atitiriwfo no mu, na Bible no nsa ano nkyerɛwee ahorow bae wɔ Latin kasa mu no​—asɔfo, nkokorafo, ahemfo, ahemmaa, mfinimfini mmere mu awuranom ne mmea atitiriwfo fii ase bisabisaa nsɛm ahorow wɔ Katolek nkyerɛkyerɛ ho bere a wɔde totoo Bible no ho no. Wɔperee nso sɛ wobenya Bible no wɔ kasa a wɔte mu, na saa bere no, Roma Asɔre no maa kwan ma wɔkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no afã horow bi ase maa asɔfo ne atitiriwfo no.

Wɔn a wɔkenkan Bible no bi​—mpo asɔfo no ankasa bi​—bɛyɛɛ asɔretiafo ansa na Nyamesom mu Ɔsesɛw no reba. Wɔn mu kakraa bi ne Berenger a ofi Tour (owui 1088) , Peter a ofi Bruys (owui 1140) ne Henry a ofi Lausanne anaasɛ Cluny (owui wɔ afiase wɔ 1148 akyi) a na wɔn nyinaa yɛ Fransefo asɔfo a wɔmaa Bible no so sen Katolek nkyerɛkyerɛ na wohuu amane wɔ ho.

Bio nso, bere a nnipa a wɔba fam no tiee akasa ahorow wɔ wɔn ankasa kasa mu na wohuu Bible nsɛmti ahorow a wɔada no adi wɔ mfonini Bible ahorow (a wɔakyerɛw no Latin mu) ne wɔ nyamesom mfonini afoforo mu no, wɔn kɔn bɛdɔɔ Bible mu nimdeɛ. Wofii ase nyaa Bible no afã horow nkyerɛase a “mmara mma ho kwan” no, na asɔretiafo akuw ahorow te sɛ Waldensefo no fii ase kaa Bible mu nokware no ho asɛm wɔ France, Italy, Spain ne Europa aman afoforo so. Ná eyi yɛ biribi a Rome nhwɛ kwan. Enti, efi mfeha a ɛto so 12 ne 13 rekɔ no, Katolek Asɔre no su wo Bible no ho sesae koraa. Wɔ Roma fam no, ɛbɛyɛɛ nhoma bɔne, sɛnea abakɔsɛm mu nokwasɛm a edi so yi bɛkyerɛ no.

[Kratafa 4 mfoni]

Rome ɔsɔfo panyin Damasus de hyɛɛ Jerome nsa sɛ ɔnkyerɛ Bible no ase nkɔ Latin a nnipa a wɔba fam te no mu

[Kratafa 5 mfoni]

Charlemagne nhomasua nhyehyɛe no ho baa asɔfo ne atitiriwfo no mfaso titiriw

[Kratafa 6 mfoni]

Bere a asɔretiafo fii ase kaa Bible mu asɛm no, Asɔre no su wɔ ho sesae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena