Jerome—Bible Nkyerɛase Mu Dikanfo a N’asɛm Yɛ Den
WƆ April 8, 1546 no, Trent Bagua no hyɛe sɛ “[Katolek] Asɔre no apene” Latin Vulgate “no so . . . na ɛnsɛ sɛ obiara si ne bo anaasɛ ɔyɛ n’adwene ɔkwan biara so sɛ ɔbɛpo.” Ɛwom sɛ na wɔakyerɛw Vulgate no awie bɛboro mfe apem de, nanso na wɔagye ɛne n’asekyerɛfo, Jerome, ho akyinnye bere tenten bi. Ná hena ne Jerome? Dɛn nti na wogyee ɔno ne ne Bible nkyerɛase no ho kyim? Ɔkwan bɛn so na ne nkyerɛase no wɔ Bible nkyerɛase so nkɛntɛnso nnɛ?
Nhomanimfo Bi Nkɔso
Ná Jerome Latin din ne Eusebius Hieronymus. Wɔwoo no bɛyɛ 346 Y.B. mu wɔ Stridon, a ɛwɔ Roma mantam a ɛne Dalmatia, a ɛbɛn ɛnnɛyi Italy ne Slovenia hye so, no mu.a Ná n’awofo di yiye kakra, enti odii dɛ wɔ ne mmofraberem, na onyaa nhomasua wɔ Rome wɔ kasa ho nimdefo Donatus a wagye din yiye no akwankyerɛ ase. Jerome bɛyɛɛ osuani a na onim kasa mmara, n’ano atew, na onim nyansapɛ. Saa bere yi na ofii ase suaa Hela kasa nso.
Bere a Jerome fii Rome wɔ 366 Y.B. mu no, okyinkyinii na awiei koraa no ɔkɔɔ Aquileia, Italy, baabi a wɔkyerɛkyerɛɛ no ahotua asetra. Bere a n’ani gyee kame a obi kame ne ho nneɛma denneennen nkyerɛkyerɛ yi ho no, ɔne ne nnamfonom bi de mfe pii a edi hɔ no tuaa wɔn ho nneɛma bi.
Wɔ 373 Y.B. mu no, ɔhaw bi a wontumi nhu nea ɛde bae maa kuw no mu paapaee. Jerome de abasamtu toaa so kɔɔ Bithynia, Galatia, ne Cilicia, na awiei koraa no oduu Antioch, Syria.
Kwan tenten a otwae no maa ɔbrɛɛ yiye. Esiane sɛ na Jerome abrɛ na onni ahoɔden nti, anka atiridii reyɛ akum no. Bere a ɔrekyerɛw n’adamfo bi krataa no, ɔkae sɛ: “Oo, sɛ anka Awurade Yesu Kristo behwim me abrɛ wo mpofirim a. Me nipadua a agogo, a sɛ menyare mpo a na ayɛ mmerɛw no, ahodwow.”
Te sɛ nea na yare, ankonamyɛ, ne nipaduam haw no nnɔɔso no, ankyɛ na Jerome hyiaa ɔhaw foforo—honhom fam de. Wɔ dae mu no, ohui sɛ “ogyina” Onyankopɔn “atemmu agua no anim.” Bere a wɔka kyerɛɛ Jerome sɛ ɔnna ne ho adi no, obuae sɛ: “Meyɛ Kristoni.” Nanso nea na ɔte agua no so no buae ntɛm so sɛ: “Woboa, woyɛ Cicero kyidini, na ɛnyɛ Kristo.”
Ebesi saa bere no, na Jerome botae titiriw ne sɛ obesua abosonsom ho nsɛm, ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɔkae sɛ: “M’ahonim haw me yiye.” Esiane sɛ na ɔwɔ anidaso sɛ obesiesie nneɛma nti, Jerome hyɛɛ bɔ wɔ ne dae no mu sɛ: “Awurade, sɛ mefa wiase nhoma ahorow bi bio, anaasɛ sɛ mekenkan bio mpo a, mapa Wo.”
Akyiri yi, Jerome kyerɛe sɛ wɔrentumi mfa bɔ a ɔhyɛe wɔ dae no mu ho asodi nto ne so. Nanso, osii ne bo sɛ obedi ne bɔhyɛ no so—anyɛ yiye koraa wɔ ɔkwan bi so. Enti, Jerome fii Antioch tew ne ho kɔtraa Chalcis a ɛwɔ Syria sare so. Bere a ɔtraa ase sɛ obi a watwe ne ho no, ɔde ne bere nyinaa suaa Bible no ne nyamekyerɛ nhoma ahorow. Jerome kae sɛ: “Mede nsi kɛse a ɛsen nea bere bi na mede kenkan nnipa nhoma no koraa kenkan Onyankopɔn nhoma ahorow no.” Osuaa hɔnom Syriac kasa no nso, na Yudani bi a na wabɛyɛ Kristoni boaa no ma osuaa Hebri kasa.
Pope Ahyɛde
Bere a ɔkɔtraa nkokorafi akyi mfe anum no, Jerome san kɔɔ Antioch kɔtoaa n’adesua so. Nanso, bere a oduu hɔ no, ohui sɛ na asɔre no mu apaapae koraa. Nokwarem no, bere a na Jerome da so ara wɔ sare so no, na ɔkɔ Pope Damasus nkyɛn kogye afotu, na na ɔka sɛ: “Asɔre no mu apaapae ayɛ akuw abiɛsa, na emu biara pɛ sɛ egye me bɔ so.”
Bere bi akyi no, Jerome yɛe sɛ ɔde ne ho bɛbɔ Paulinus, mmarima baasa a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Antioch asɔfo mpanyin no mu biako ho. Nneɛma abien nti na Jerome penee so maa Paulinus hyɛɛ no sɔfo. Nea edi kan no, na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho na ɔkɔtoa ne nkokorafi asetra so. Na nea ɛto so abien no, na ɔmpɛ sɛ wɔbɛhyɛ no sɔfo ma wasom asɔre pɔtee bi.
Wɔ 381 Y.B. mu no, Jerome dii Paulinus akyi kɔɔ Constantinople Bagua no bi, na ɛno akyi no wɔtoaa so kɔɔ Rome. Pope Damasus huu Jerome nhomanim ne kasa horow ho nimdeɛ no ntɛm ara. Wɔ afe biako mu no, wɔmaa Jerome dibea a ɛkorɔn sɛ Damasus kyerɛwfo.
Sɛ́ ɔkyerɛwfo no, Jerome annyae akyinnyegye. Sɛ yɛbɛka a, na n’ani gye ho papa. Sɛ nhwɛso no, ɔkɔɔ so traa ase sɛ ɔhotuafo wɔ pope fie a na nneɛma abu so wɔ hɔ no. Bio nso, Jerome nam ahotua asetra ho nkuran a ɔhyɛe ne kasa a ɔkasa tiaa asɔfo a na wɔde wiase nneɛma gye wɔn ani denneennen no so nyaa atamfo pii.
Nanso, ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo kasa tia no no, Pope Damasus gyinaa Jerome akyi pintinn koraa. Ná pope no wɔ ntease pa nti a ɔrehyɛ Jerome nkuran sɛ ɔntoa ne Bible mu nhwehwɛmu no so no. Saa bere no, na Latin kasa mu Bible pii wɔ hɔ a na wɔde redi dwuma. Ná emu pii yɛ nea wɔamfa ahwɛyiye ankyerɛ ase, na na mfomso ahorow a ɛda adi pefee wom. Na Damasus haw foforo ne sɛ na kasa repaapae asɔre no mu ayɛ no Apuei fam de ne Atɔe fam de. Ná Apuei famfo kakraa bi na wonim Latin; na na Atɔe famfo a wonim Hela no sua koraa.
Enti na Pope Damasus ho pere no sɛ wɔbɛsan akyerɛ Nsɛmpa no ase aba Latin kasa mu. Ná Damasus pɛ nkyerɛase a ɛbɛda mfitiase Hela kasa no adi pɛpɛɛpɛ, a Latin a wɔde kyerɛwee no yɛ wesee na emu da hɔ nso. Ná Jerome yɛ nhomanimfo kakraa bi a wobetumi ayɛ nkyerɛase a ɛte saa no mu biako. Esiane sɛ na onim Hela, Latin, ne Syriac, na ɔwɔ Hebri ho nimdeɛ kakra nti, na ɔfata koraa sɛ ɔbɛyɛ adwuma no. Enti wɔ Damasus akwankyerɛ ase no, Jerome fii adwuma bi a na ɔde bɛboro n’asetra mu mfe 20 a edi hɔ bewie no ase.
Akyinnyegye no Mu Yɛ Den
Ɛwom sɛ na Jerome de ahoɔhare kɛse na ɛrekyerɛ Nsɛmpa no ase de, nanso ɔdaa nhomanim mu ahokokwaw a edi mũ adi. Bere a ɔde Hela nsaano nkyerɛwee a na ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa totoo ho no, ɔyɛɛ nsakrae wɔ Latin nkyerɛwee no mu, wɔ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee ne emu ntease mu, na ama ɛne Hela nkyerɛwee no ahyia pɛpɛɛpɛ.
Wogyee Nsɛmpa anan no a Jerome kyerɛɛ ase no toom wɔ mmaa nyinaa, na saa ara na wogyee Nnwom a ɛwɔ Latin mu a egyina Hela Septuagint nkyerɛwee so a ɔyɛɛ no foforo no toom. Nanso, na nnipa bi da so kasa tia no. Jerome kyerɛwee sɛ: “Ná ahuhufo bi boapa keka me ho nsɛm bɔ me sobo sɛ mabɔ mmɔden ayɛ nsɛmpa no mu nsakrae, bere a tetefo ne wiase mũ no nyinaa adwenkyerɛ mpene so.” Saa ɔkasatia no mu yɛɛ den bere a Pope Damasus wui wɔ 384 Y.B. mu no. Ná Jerome ne pope foforo no nni abusuabɔ pa, enti osii gyinae sɛ obefi Rome. Jerome de n’ani kyerɛɛ apuei fam bio.
Sɛnea Onya Hebri Kasa Ho Nimdeɛ
Wɔ 386 Y.B. mu no, Jerome kɔtraa Bethlehem, baabi a ɔtrae wɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. N’ahokafo anokwafo kuw ketewa bi dii n’akyi, a na Paula, ɔbea defo bi a na ɔyɛ ɔdehye wɔ Rome, ka ho. Ná Paula abɛyɛ ɔhotuafo esiane Jerome nkyerɛkyerɛ nti. Ɛdenam ɔbea no sika fam mmoa so no, wosii nkokorafi wɔ Jerome akwankyerɛ ase. Ɔtoaa ne nhomasua so wɔ hɔ na owiee n’asetra mu adwuma a ɛyɛ den sen biara no.
Palestine a na Jerome te no maa ɔtee Hebri kasa no pii. Ɔfaa Yudafo akyerɛkyerɛfo pii tuaa wɔn ka ma wɔboaa no ma ɔtee kasa no afã a ɛyɛ den yiye no bi ase. Nanso, ɛmfa ho sɛ na ɔwɔ akyerɛkyerɛfo no, na ɛnyɛ mmerɛw. Jerome kaa ɔkyerɛkyerɛfo biako, Baraninas a ofi Tiberias no ho asɛm sɛ: “Hwɛ brɛ a mebrɛe ne ka a mebɔe sɛ menya Baraninas ma wakyerɛ me ade anadwo.” Dɛn nti na na wosua ade anadwo? Efisɛ na Baraninas suro sɛ Yudafo no benya adwene sɛ ɔne “Kristoni” rebɔ!
Wɔ Jerome bere so no, na Yudafo taa di Amanaman mufo a wɔka Hebri kasa no ho fɛw esiane sɛ na wontumi mmɔ nsɛmfua no mma emu nnyigyei nna adi yiye nti. Nanso, wɔ mmɔdenbɔ kɛse akyi no, Jerome tumi suaa saa nnyigyei yi. Jerome gyaw Hebri nsɛmfua no pii sɛnea ɛte no ara wɔ Latin mu. Ɛnyɛ nsɛmfua no nko na adeyɛ yi boaa no ma ɔkaee, na mmom ɛkaee no sɛnea na wɔbɔ no Hebri mu saa bere no nso.
Ntawntawdi a Ɛsen Biara a Jerome Ma Ɛsɔree
Yentumi nhu Bible dodow a na Pope Damasus pɛ sɛ Jerome kyerɛ ase. Nanso sɛnea Jerome buu asɛm no yɛ nea na asɛm biara nni ho. Jerome de n’adwene sii adwuma no nkutoo so, na na wasi ne bo. Ná ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ ne sɛ ɔbɛyɛ biribi a “ɛso bɛba Asɔre no mfaso, biribi a ɛbɛsom bo ama nkyirimma.” Enti ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛsan akyerɛ Bible mũ no nyinaa ase akɔ Latin kasa mu.
Ɛdefa Hebri Kyerɛwnsɛm no ho no, Jerome pɛe sɛ ɔde ne nkyerɛase no gyina Septuagint no so. Ná nnipa pii bu Hebri Kyerɛwnsɛm no a wɔakyerɛ ase kɔ Hela kasa mu, a wɔyɛɛ no afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu no sɛ efi Onyankopɔn home mu tẽẽ. Enti Kristofo a na wɔka Hela saa bere no tɔɔ Septuagint no kɛse.
Nanso, bere a Jerome dwumadi no nyaa nkɔanim no, ohuu abirabɔ ahorow wɔ Hela nkyerɛwee no mu a na ɛte sɛ nea ohui wɔ Latin de no mu ara. Jerome abasam tui kɛse. Awiei koraa no, ɔkae sɛ nea ɛbɛyɛ na wayɛ nkyerɛase a edi mũ no, ɛsɛ sɛ ɔkwati Hela nkyerɛwee no, a na Septuagint a wobu no yiye no ka ho, na ɔkɔ mfitiase Hebri nkyerɛwee no so tẽẽ.
Nnipa pii sɔre tiaa saa gyinaesi yi. Ebinom frɛɛ Jerome sɛ obi a odi atoro wɔ kyerɛwsɛm no mu, obi a ogu Onyankopɔn ho fĩ, a wagyaw asɔre no atetesɛm esiane Yudafo nti. Augustine—asɔre no nyamekyerɛfo panyin a na ɔwɔ hɔ saa bere no—mpo srɛɛ Jerome sɛ ɔnsan nkɔ Septuagint nkyerɛwee no so, na ɔkae sɛ: “Sɛ nnipa dodow no ara fi ase kenkan wo nkyerɛase no wɔ asɔre pii mu a, ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ, bere a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no, ntawntawdi bɛsɔre wɔ Latin ne Hela Asɔre ahorow no ntam.”
Yiw, na Augustine suro sɛ sɛ Atɔe fam asɔre ahorow no de Jerome Latin nkyerɛwee—a egyina Hebri nkyerɛwee so—no di dwuma, bere a Hela asɔre ahorow a ɛwɔ Apuei fam no da so ara de Septuagint nkyerɛase no di dwuma a, asɔre no mu bɛpae.b Bio nso, Augustine kekaa nsɛm bi a ɛda adwenem naayɛ adi wɔ Septuagint no a wɔde ato nkyɛn afa nkyerɛase bi a Jerome nkutoo na obetumi adi ho adanse no ho.
Ɔkwan bɛn so na Jerome yɛɛ n’ade wɔ akasatiafo yi nyinaa ho? Sɛnea ɔyɛ daa no, Jerome buu n’ani guu n’asɔretiafo no so. Ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma no fii Hebri nkyerɛwee no mu tẽẽ, na eduu afe 405 Y.B. mu no, na wawie ne Latin Bible no. Mfe bi akyi no, wɔtoo ne nkyerɛase no din Vulgate, a nea ɛkyerɛ ne nkyerɛase a wɔkyerɛɛ ho anigye kɛse (Latin vulgatus a ɛkyerɛ “nea ɛnyɛ na, nea wɔkyerɛ ho anigye kɛse”).
Nea Ɔyɛe a Atra Hɔ Daa
Ná Jerome Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛase no kɔ akyiri sen nkyerɛwee bi a ɛwɔ hɔ mu ntĩmu a ɔyɛe ara kwa. Ná ɛbɛsesa ɔkwan a wɔfa so sua Bible ne ɔkwan a wɔfa so kyerɛ ase no ama nkyirimma. Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kae sɛ: “Vulgate no ne nhoma a wɔayɛ a ɛwɔ nkɛntɛnso sen biara wɔ afeha a ɛto so anan no mu.”
Ɛmfa ho sɛ na Jerome ano yɛ yaw na ɔwɔ atutupɛ honhom no, ɔno nkutoo na ɔsan twee adwene sii Hebri nkyerɛwee no mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ so. Ɔgyenee n’ani suaa tete Hebri ne Hela Bible nkyerɛwee a seesei ebi nni hɔ bio no, de totoo ho. Ne nkyerɛase no nso dii Yudafo Masoretfo no de kan. Enti, Vulgate no yɛ nkyerɛase a ɛsom bo bere a wɔde toto sɛnea wɔakyerɛ Bible kyerɛwnsɛm ahorow ase ho no.
Bere a yemmu yɛn ani ngu ne nneyɛe anaa nyamesom ho adwenhorow a na ɛtra so so no, wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn Asɛm betumi akyerɛ mmɔden kɛse a Bible nkyerɛase mu dikanfo a na n’asɛm yɛ den yi bɔe no ho anisɔ. Yiw, Jerome duu ne botae ho—ɔyɛɛ biribi a na “ɛbɛsom bo ama nkyirimma.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnyɛ abakɔsɛm akyerɛwfo nyinaa na wogye mmere ne sɛnea nsɛm sisii wɔ Jerome asetra mu no tom.
b Sɛnea ɛkɔbae no, Jerome nkyerɛase no bɛyɛɛ Bible titiriw a na Atɔe fam Kristoman mufo de di dwuma, bere a Apuei fam Kristoman mufo kɔɔ so de Septuagint no dii dwuma besi nnɛ no.
[Kratafa 28 mfonini]
Jerome honi wɔ Bethlehem
[Asɛm Fibea]
Garo Nalbandian
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 26]
Top left, Hebrew manuscript: Courtesy of the Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem; Bottom left, Syriac manuscript: Reproduced by kind permission of The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin; Top center, Greek manuscript: Courtesy of Israel Antiquities Authority