Minyaa Biribi A Ɛsom Bo Sen Sika
SƐNEA CHARLES MYLTON KA KYERƐE
Da koro Paapa kae sɛ: “Momma yɛmma Charlie nkɔ Amerika, beae a sika tetare nhaban so. Obetumi anya bi de abrɛ yɛn!”
NÁ NKURƆFO susuw sɛ gyama sika na wɔde agu Amerika akwan so. Ná asetra no yɛ den dodo ma wɔn wɔ Europa apuei fam saa bere no. Ná m’awofo wɔ afuw ketewaa bi na na wɔyɛn anantwi ne nkokɔ kakra nso. Ná yenni anyinam ahoɔden anaa adorobɛn mu nsu wɔ yɛn fie. Nanso na wɔn a wɔtete bɛn yɛn no mu biara nso nni bi.
Wɔwoo me wɔ Hoszowczyk wɔ January 1, 1893, bɛyɛ mfe 106 ni. Ná yɛn akuraa no wɔ Galicia, ɔmansin a na anka ɛyɛ Austria-Hungary ahemman no fa. Mprempren Hoszowczyk wɔ Poland apuei fam a ɛne Slovakia ne Ukraine ntam kwan nware. Ná ɛhɔ awɔw no ano yɛ den saa bere no, na na sukyerɛmma nso tɔ pii. Bere a na madi bɛyɛ mfe ason no, na menantew kakra kɔ taka no so na mede abonnua tu nsukyenee no mu tokuru ansa na manya nsu. Ná mede ba fie ma Maame de bi noa aduan de bi horo ade. Ɔde nsukyenee ntraantraa a awaawae no bi totoo hɔ horoo ntade wɔ so wɔ taka no so.
Ná sukuu biara nni Hoszowczyk, nanso misuae sɛ mɛka Poland, Russia, Slovakia, ne Ukraine kasa. Wɔtetee yɛn sɛ Hela Ortodɔks asɔre no mufo, na meyɛ afɔrepon ho somfo. Nanso bere a na minnyinii mpo no, m’adwenem anteɛ me wɔ asɔfo a wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛwe mogyanam Fida nanso na wɔn ankasa we no ho.
Ná yɛn mfɛfo binom akɔyɛ adwuma wɔ United States ma wɔde sika aba abesiesie wɔn afie atotɔ mfiri a wɔde yɛ kua nso. Eyi na ɛkanyan Paapa ma ɔkae sɛ ɔbɛma me ne yɛn afipamfo binom a na wɔresiesie wɔn ho akɔ Amerika bio no akɔ no. Ɛyɛ bere a na madi mfe 14 wɔ afe 1907 mu no.
M’ani Tanee Wɔ Amerika
Ankyɛ na mewɔ po so hyɛn mu, na wɔ adapɛn abien mu no na yɛatwa Atlantic po no. Saa bere no, na ɛsɛ sɛ wukura dɔla 20, anyɛ saa a wɔbɛsan de wo aba wo kurow mu. Ná mewɔ dwetɛbona dɔla 20, enti na meka ɔpepem pii a wotwaa mu wɔ Ellis Supɔw a ɛwɔ New York a ɛyɛ Amerika kurotia so no ho. Nokwarem no, na sika ntetare nhaban so wɔ hɔ na na ɛnyɛ sika na wɔde agu akwan no so. Nokwasɛm ne sɛ ebi wɔ hɔ a na wonguu so koraa!
Yɛforoo keteke kɔɔ Johnstown, Pennsylvania. Ná mmarima a wɔka me ho no akɔ hɔ pɛn na na wonim ahɔhodan bi a metumi atra hɔ. Adwene a na ɛwɔ eyi akyi ne sɛ ɛbɛma mahu me nuabea panyin a na ɔte Jerome, Pennsylvania, a akyiri yi mibehui sɛ ɛwɔ kilomita 25 pɛ no. Nanso na meka Jerome Yarome, efisɛ na wɔbɔ “J” din sɛ “Y” wɔ me kurom kasa mu. Ná obiara ntee Yarome da, enti na mabɛyɛ ɔhɔho wɔ obi man so a mintumi nka Engiresi na minni sika nso.
Anɔpa biara na mekɔhwehwɛ adwuma. Wɔ beae a wɔhwehwɛ adwuma yɛ no, nnipa pii a na wɔto santen wɔ abɔnten no mu bɛyɛ abien anaa abiɛsa pɛ na na wɔbɔ wɔn paa. Enti na mesan ba fie da biara besua Engiresi kasa denam adesua nhoma ahorow so. Ɛtɔ da bi a na mifu mu nya adwuma yɛ, nanso asram bi akyi no na me sika reyɛ asa koraa.
Me Nuanom a Me ne Wɔn Hyia
Da koro mekotwaa mu wɔ ahɔhodan bi a adidibea wom a ɛbɛn keteke gyinabea hɔ. Nokwarem na aduan no yɛ huam paa! Sɛ obi tɔ nsa gyirase kɛse biako a ne bo yɛ sɛnt anum a na wɔkyɛ no paanoo, nam ne nneɛma afoforo a ɛwɔ ahɔhodan no mu no bi kwa. Ɛwom sɛ na minnuu mpanyin mfe so de, nanso nea ɔsom wɔ adidibea hɔ no huu me mmɔbɔ maa me nsa no bi tɔe.
Bere a na meredidi no, mmarima bi baa mu a na wɔreka sɛ: “Nom nsa no ntɛm! Keteke a ɛrebɛsen akɔ Jerome no reba.”
Mebisae sɛ: “Mokyerɛ Yarome?”
Mmarima no kae sɛ: “Dabi, Jerome.” Ɛno ansa na merebehu sɛ ɛyɛ baabi a me nuabea no te no. Nokwasɛm ne sɛ, mihyiaa ɔbarima bi wɔ adidibea hɔ a na ɔte bɛn no a adan abiɛsa pɛ na etwa wɔn ntam! Ɛno nti mitwaa keteke tekiti na awiei koraa no mihuu me nuabea no.
Ná me nuabea no ne ne kunu wɔ ofie a wɔde ama adwumayɛfo a wotu gyabiriw, na me ne wɔn kɔtrae. Wɔmaa me adwuma yɛe a na mehwɛ afiri a ɛtwe nsu fi beae a wotu gyabiriw hɔ no so. Bere biara a ebegyae adwumayɛ no na ɛsɛ sɛ mefrɛ obi a ɔyɛ ho adwuma ma no bɛhwɛ. Ná me da koro akatua yɛ sɛnt 15. Afei meyɛɛ adwuma wɔ keteke kwan so, baabi a na wɔyɛ ntayaa, na me ne adwumayɛkuw a wɔhwɛ afoforo agyapade ho bammɔ so ma daakye nso yɛɛ adwuma mpo. Akyiri yi mitu kɔɔ Pittsburgh baabi a na me nua barima Steve te. Ɛhɔ nso, yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a na wɔnan nnade. Mannya sika a ɛdɔɔso amfa bi ankɔ fie da.
Minya Abusua ne Ayi
Da koro a na menam fam rekɔ adwuma no, mihuu abaawa bi sɛ ogyina ofi a ɔyɛ mu adwuma no anim. Mekaa no wɔ me tirim sɛ, ‘Anokwa ne ho yɛ fɛ.’ Adapɛn abiɛsa akyi, wɔ 1917 mu no, mewaree Helen. Mfe du akyi no na yɛawo mma baasia, na wɔn mu biako wui bere a na ɔyɛ abofra.
Wɔ 1918 mu no Pittsburgh Railways adwuma no faa me sɛ menka wɔn keteke ketewa bi. Ná adidibea ketewa bi a obi betumi anya kɔfe anom wɔ hɔ bɛn baabi a wɔde keteke nketewa no sisi no. Sɛ wokɔ mu a, ná Helafo mmarima baanu a adidibea no yɛ wɔn dea no mfa ho sɛ wotɔɔ ade anaasɛ woantɔ, mpɛn dodow a wobetumi aka Bible mu asɛm akyerɛ wo no. Na meka sɛ: “Mopɛ sɛ mokyerɛ me sɛ obiara nka nokware wɔ wiase sɛ mo baanu nkutoo?”
Ná wɔka sɛ: “Wo de hwɛ sɛ ɛwɔ Bible no mu!” Nanso saa bere no wɔantumi ansesa m’adwene.
Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ 1928 mu no, yare bɔɔ me dɔfo Helen. Nea ɛbɛyɛ na mmofra no anya ɔhwɛ pa no, mema wɔkɔtraa me nuabea ne ne kunu nkyɛn wɔ Jerome. Saa bere no na wɔatɔ afuw. Ná metaa kɔsra mmofra no, na na mema wɔn sika a wɔde bedidi ɔsram biara. Mekɔmaa wɔn ntade nso. Awerɛhosɛm ne sɛ, Helen tebea no mu yɛɛ den, na owui wɔ August 27, 1930 mu.
Metee nka sɛ mayɛ ankonam na mahaw. Bere a mekɔɔ ɔsɔfo no hɔ sɛ merekɔyɛ ayi no ho nhyehyɛe no, ɔkae sɛ: “Wonyɛ asɔre ba bio. Bɛboro afe ni a wontuaa wo tow.”
Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ me yere yaree bere tenten na mede sika biara a na aka wɔ me ho no maa me mma no na ama wɔatumi ayi tow wɔ asɔre a ɛwɔ Jerome no mu. Nanso ansa na ɔsɔfo no regye atom sɛ ɔbɛyɛ ayi no, na ɛsɛ sɛ mekɔbɔ bosea dɔla 50 de tua ka biara a mede wɔ asɔre no mu no. Ná ɔsɔfo no san pɛ dɔla 15 bio ansa na wabɔ Mass wɔ me yere nuabea fie a na nnamfo ne abusuafo ayɛ sɛ wobehyiam agyam Helen nea etwa to koraa no. Mannya dɔla 15 no, nanso ɔsɔfo no penee so sɛ sɛ mede sika no bɛma no akatua da a, ɔbɛbɔ Mass no.
Da a wotuaa me ka no na ɛsɛ sɛ mede sika no totɔ mmofra no ntade ne wɔn mpaboa a wɔde bɛkɔ sukuu. Bɛyɛ adapɛn abien akyi no, ɔsɔfo no foroo me keteke no. Ɔkae sɛ: “Woda so ara de me ka dɔla 15.” Afei, bere a osii no, ohunahunaa me sɛ: “Merekɔ w’adwuma mu panyin hɔ ma wɔate sika no afi w’akatua mu.”
Bere a yɛpɔn adwuma da no, mekɔɔ m’adwuma mu panyin hɔ kɔkaa nea asi no kyerɛɛ no. Ɛwom mpo sɛ na ɔyɛ Katolekni de, nanso ɔkae sɛ, “Sɛ saa ɔsɔfo no ba ha a, mɛka no asɛm paa!” Eyi ma mifii ase susuw ho sɛ, ‘Asɔfo no pɛ yɛn sika kɛkɛ, nanso wɔnkyerɛ yɛn biribiara wɔ Bible no mu.’
Nokware no a Misua
Bere foforo a na mewɔ Helafo mmarima baanu no adidibea ketewaa hɔ no, yesusuw me ne ɔsɔfo no asɛm no ho. Ne saa nti, mifii ase ne Bible Asuafo no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, suaa ade. Ná mede anadwo mũ nyinaa kenkan Bible no ne Bible ho nhoma. Mibehui sɛ Helen nni ahodwiragya mu a ɔrehu amane, sɛnea na ɔsɔfo no aka no, na mmom na wada wɔ owu mu. (Hiob 14:13, 14; Yohane 11:11-14) Nokwarem no, na manya biribi a ɛsom bo koraa sen sika—ɛno ne nokware no!
Bere a edi kan koraa a mekɔɔ Bible Asuafo no nhyiam ase wɔ Garden Theatre a ɛwɔ Pittsburgh, wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, memaa me nsa so kae sɛ, “Masua Bible no ho ade pii anadwo yi sen mfe pii a mede atra asɔre no mu no.” Akyiri yi, bere a wobisae sɛ hena na ɔpɛ sɛ onya asɛnka adwuma no mu kyɛfa da a edi hɔ no, memaa me nsa so bio.
Afei, wɔ October 4, 1931 no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Saa bere no mitumi gyee fie bi a na mitua ho ka ma mmofra no san baa me nkyɛn, na mefaa abaawa ma ɔhwɛɛ wɔn. Wɔ m’abusua mu asɛyɛde ahorow no nyinaa akyi no, mede me ho hyɛɛ ɔsom adwuma titiriw a wɔfrɛ no akwampaefo boafo adwuma mu, fi January 1932 kosi June 1933 mu, na mede nnɔnhwerew 50 kosi 60 kaa Bible no ho asɛm kyerɛɛ afoforo.
Saa bere yi mifii ase huu ababaawa hoɔfɛfo bi a ɛte sɛ nea na ɔtaa foro me keteke no kɔ adwuma na ɔsan nso de ba fie. Ná me ne n’ani taa hyia wɔ ahwehwɛ a mede hwɛ m’akyi no mu. Saa na ɛyɛe a me ne Mary huu yɛn ho. Yɛnantewee na yɛwaree wɔ August 1936 mu.
Ɛde besi 1949 mu no, panyin a na meyɛ wɔ adwuma mu no ma mitumi yɛɛ bere nhyehyɛe a ɛma meyɛɛ akwampae adwuma, sɛnea wɔfrɛ bere nyinaa som adwuma no. Ná me babea kumaa, Jean afi akwampae adwuma ase wɔ 1945 mu, na yɛyɛɛ akwampae adwuma no boom. Akyiri yi, Jean huu Sam Friend, a na ɔresom wɔ Betel, wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no.a Wɔwaree wɔ 1952 mu. Metoaa so yɛɛ akwampae adwuma no wɔ Pittsburgh na meyɛɛ Bible adesua pii, a bere bi mpo na me ne mmusua 14 na esua Bible dapɛn biara. Wɔ 1958 mu no, migyaee keteke no ka. Ɛno akyi no, akwampae adwuma no bɛyɛɛ mmerɛw, efisɛ na memfa nnɔnhwerew awotwe nyɛ honam fam adwuma bio.
Wɔ 1983 mu no, yare bɔɔ Mary. Mebɔɔ mmɔden hwɛɛ no yiye sɛnea na ɔno nso ahwɛ me yiye bɛboro mfe 50 no. Awiei koraa no, owui wɔ September 14, 1986 mu.
Baabi a Wɔwoo Me a Mesan Kohui
Wɔ 1989 mu no, Jean ne Sam de me kaa wɔn ho kɔɔ nhyiam wɔ Poland. Yɛsan kɔsraa baabi a minyinii no nso. Bere a Russiafo bedii wiase no fa hɔ so no, wɔsesaa nkurow a na ɛwɔ hɔ no din na wɔpamoo nkurɔfo kɔɔ nsase afoforo so. Wɔpamoo me nuabarima panyin no kɔɔ Istanbul ne me nuabea panyin kɔɔ Russia. Na na edin a wɔde frɛ m’akuraa no ayɛ foforo koraa ama wɔn a yebisaa wɔn no.
Ná bepɔw bi a ɛwɔ akyiri yɛ nea mekae. Bere a yɛbɛnee no, mekaee ahyɛnsode afoforo nso—siw bi, nkwanta bi a na ɛda kwan no mu, asɔredan bi ne ɛtwene bi a na ɛda asubɔnten bi so. Mpofirim na yehui sɛ wɔakyerɛw biribi si hɔ sɛ “Hoszowczyk”! Ɛnkyɛe pii na na Komunis nkɛntɛnso no afi hɔ, ma wɔasan de din ankasa a na wɔde frɛ nkuraa no asan atoto so.
Ná yɛn fie no nni hɔ bio de, nanso na muka a yɛnoa so aduan wɔ adiwo hɔ no akɔhyɛ fam ma ne fã bi tɛw hɔ. Afei mede me nsa kyerɛɛ dua kɛse bi so kae sɛ: “Hwɛ saa dua no. Me na meduae ansa na merekɔ Amerika. Hwɛ sɛnea asi anyin ayɛ kɛse afa!” Ɛno akyi no, yɛkɔɔ amusiei, kɔhwehwɛe sɛ yebehu abusuafo a wɔawuwu din a, nanso yɛanhu bi.
Nokware no a Yɛbɛma Adi Kan
Bere a Jean kunu wui wɔ 1993 mu no, obisaa me sɛ mepɛ sɛ ofi Betel na ɔbɛhwɛ me anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ mfomso koraa sɛ ɔbɛyɛ saa, na meda so ara te nka saa. M’ankasa metrae kosii sɛ minyaa mfe 102, nanso ɛho behiae sɛ wɔde mekɔ mpanyinfo atrae. Meda so ara yɛ asafo mu ɔpanyin wɔ Bellevue Asafo mu wɔ Pittsburgh, na ɛyɛ a anuanom no bɛfa me kɔ adesua wɔ Ahenni Asa so Kwasida biara. Ɛwom sɛ seesei m’adansedi adwuma no ano abrɛ ase koraa de, nanso meda so ara som sɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ mmerɛw.
Mfe pii a atwam no, manya sukuu titiriw a Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ ho nhyehyɛe a wɔde tete ahwɛfo no mu kyɛfa. December a etwaam no mekɔɔ Ahenni Som Sukuu a wɔyɛ maa asafo mu mpanyimfo no bi. Na April 11 a etwaam no, Jean de me kɔɔ Kristo wu Nkaedi no bi, adeyɛ a m’ani asɔ sɛ minya mu kyɛfa afe biara fi 1931 no.
Ebinom a me ne wɔn suaa Bible no som sɛ mpanyimfo mprempren, afoforo nso yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Amerika Kesee fam, na ebinom nso anya mmanana a wɔne wɔn mma resom Onyankopɔn. M’ankasa me mma no mu baasa—Mary Jane, John, ne Jean—ne wɔn mma ne wɔn mmanana pii de nokwaredi resom Yehowa Nyankopɔn. Mebɔ mpae sɛ da bi me babea a waka no ne me mmanananom ne me nanankansewanom a wɔaka nyinaa nso bɛyɛ saa.
Mprempren madi mfe 105, na meda so ara hyɛ obiara nkuran sɛ onsua Bible no na wɔne afoforo mmɔ nea wasua no ho nkɔmmɔ. Yiw, mahu sɛ sɛ wutwiw bɛn Yehowa a, ɔrenni wo huammɔ da. Ɛno bɛma wo nso woanya biribi a ɛsom bo sen sika a ɛsɛe—nokware no a ɛma yɛne yɛn Nkwamafo, Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a ɛsom bo no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sam Friend ho asɛm puei wɔ August 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, no mu wɔ nkratafa 22-6.
[Kratafa 25 mfonini]
Bere a na meka keteke ketewa no
[Kratafa 26 mfonini]
Wɔ mpanyin atrae a mprempren mete no
[Kratafa 27 mfonini]
Nea na wɔakyerɛw asi kwankyɛn a yehui wɔ 1989 mu no