Dɛn Na Asɔreasɔre No Ne Afoforo Reka?
Nyamesom—Tumi Ma Asomdwoe Anaa Ma Akodi?
YƐTE nyansahu ne mfiridwuma ho nimdeɛ bere mu. Nanso nyamesom da so ara yɛ tumi a ano yɛ den wɔ nnipa asetra ne wiase nsɛm mu. Nnipa pii da so ara ko asɔre ahorow ahorow. Na woda so ara gye di sɛ nyamesom ahorow nyinaa di dwuma ma adesamma yiyedi.
Ɛtɔ̃ bere bi a nyamesom ahorow ahorow no ka bom ka asomdwoe ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ August l979 mu no, ananmusifo 338 a wofi aman 47 so hyiae wo Princeton, New Jersey, wɔ Wiase Nyamesom ne Asomdwoe Ahyehyɛde no Nhyiamu a Ɛto so Abiɛsa no ase. Ná wogyina wiase nyamesom atitiriw no nyinaa ananmu: Budhafo, Kristofo, Konfusiofo, Hindufo, Yudafo, Nkramofo, Shintofo, Soroastrifo no afoforo
Wɔ nhyiam ahorow a, ɛte sɛɛ ase no, nyamesom mu mpanyimfo no da hia a wiase asomdwoe ho hia wɔn no adi. Na wɔka mmoa a nyamesom biara de bɛma ho asɛm pii. Nanso, mpɛn pii akasafo no ka ade biako ho asɛm: ɛnyɛ wɔn nyinaa na wodi nea wɔka no so.
Ɔreka Hindusom afã wɔ wiase asomdwoe mu ho asɛm no, Swami Ranganathananda a ofi Caleutta, India no kae sɛ:
“Nhwehwemu wɔ nyamesom botae ne atirimpɔw ahorow ho da no adi sɛ ɛyɛ nteɛso a ɛho hia titiriw ma asomdwoe. Nanso nyamesom abakɔsɛm mu nhwehwɛmu a wayɛ no ahare so mpo kyerɛ sɛ nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa aboa akodi te sɛ nea ayɛ wɔ asomdwoe ho no wɔ akwan ahorow so.”
Ɔbenfo K. G. Saiyadain a ofi New Delhi, India, no kae sɛ: “Wɔ adesamma abakɔsɛm mu no, ntawntawdi ne ɔtaa ahorow pii asɔre na akodi ahorow pii akɔ so wɔ nyamesom din mu araa ma nnipa a wɔwɔ ntease pa pii adan afi ho na ɛnyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ ne mmoa wɔ wɔn asomdwoe ho mmɔdenbɔ ahorow no mu.” Afei ɛdefa Nkramosom ho no, ɔbenfo no, a n’ankasa yɛ Kramoni no toaa so sɛ: “Sɛ meka Nkramosom ne mmoa a ɛde ama wɔ asomdwoe ho ho asɛm a . . . merenkasa mma wɔn a wonni ntease pa anaasɛ Moslem sodifo ahorow a wɔn ani nnye nyamesom ho anaasɛ afoforo a, ebia wɔayera afi ɔkwan no so na wɔsɔre tia ka a Nkramosom ka asomdwoe ho asɛm sɛ nkwa kwan koro pɛ a eye no.”
Ɔreka Kristoman afã wɔ wiase asomdwoe mu ho asɛm no, ɔsɔfo John H. Burt a ofi Ohio, U.S.A., no kae sɛ Kristofo ho kyerɛwtohɔ ankasa yɛ “kyerɛwtohɔ a sɛ ɛba akodi ho asɛm mu a, awerɛhow no atorodi ayɛ mu ma.”
Ampa eyinom yɛ nsɛm a ɛkanyan adwene. Nanso nea ɛkanyan’adwene kɛse mpo ne asemmisa yi: So nyamesom yɛ tumi ma asomdwoe anaa akodi? Dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Akodi ahorow a akɔ so wɔ ne din mu no ama nyamesom din asɛe