Ɔsom Ahorow a Wɔahyiam Wɔ Assisi Rehwehwɛ Asomdwoe
“Ɛmmra sɛ basabasayɛ remma bio! Ɛmmra sɛ akodi remma bio! Ɛmmra sɛ amumɔyɛsɛm remma bio! Ɛmmra sɛ wɔ Onyankopɔn din mu no, ɔsom biara mma atɛntrenee ne asomdwoe, fafiri, nkwa, ne ɔdɔ mmra asase no so!”—Pope John Paul II.
WƆBOAA wiase som ahorow ananmusifo ano wɔ Assisi Italy wɔ January 24, 2002 sɛ wɔmmɔ asomdwoe—asomdwoe a amumɔyɛsɛm pɛ sɛ ɛsɛe no, afoforo ho koma a wonni, ne atɛnkyea ho mpae. Pope no na ɔbɔɔ nhyiam no ho amanneɛ bere a Aban a Ɛbɔ Ho Abien no dwiriw gui wɔ New York Kuropɔn mu no akyi asram abien no. Nyamesom akannifo pii de anigye gyee Vatican nsato no so.
Wɔ mpɛn abien so no—pɛnkoro wɔ 1986 ne bio wɔ 1993 mu no—pope no hyɛɛ da bi ma wɔde bɔɔ mpae wɔ saa Italy kurow koro no ara mu.a Nsɛnkyerɛwfo bɛboro apem na wofi wiase afanan nyinaa bɛhwɛɛ 2002 nhyiam no. Ɔsom ahorow pii de wɔn ananmusifo bae bɛbɔɔ asomdwoe ho mpae—Kristoman mufo (Katolekfo, Lutherfo, Anglikanfo, Ortodɔksfo, Metɔdistfo, Baptistfo, Pentekostfo, Mennonfo, Quakerfo ne afoforo), Nkramosom, Hindusom, Konfisiosom, Sikhsom, Jainsom, Tenrikyosom, Buddhasom, Yudasom, Afrikafo amammerɛ som, Shintosom, ne Soroastafosom. Ɔsom afoforo mu ananmusifo ne afei Wiase Asɔre Ahorow Bagua ɔnanmusifo, nso kɔɔ bi.
Asomdwoe Ho Mpaemuka
Wofii da no ase anɔpa 8:40, bere a “asomdwoe keteke” no tu fii Vatican keteke gyinabea ketewaa no. Wɔde helikopta abien gyaa keteke kɛse a keteke nketewa ason na ɛwom a wɔasiesie no yiye ma emu tra yɛ ahomeka no kwan de bɔɔ ho ban. Nnɔnhwerew abien akwantu no de pope ne nyamesom akannifo afoforo no baa Assisi. Wɔyɛɛ ahobammɔ ho nhyehyeɛ a ɛkɔ akyiri—polisifo bɛyɛ apem de anidahɔ wɛnee.
Nyamesom akannifo no hyiae wɔ apata kɛse bi ase wɔ tete abranaa bi so. Adehwɛpon kɔkɔɔ bi a ano trɛw na ɛto yɛ feaa so na nyamesom ananmusifo, ne pope a n’akongua si mfinimfini no trae wɔ apata no ase. Na ngodua bi si adehwɛpon no kyɛn—a egyina hɔ ma asomdwoe. Na atiefo 2,000 ne akyi na wɔahyɛ da apaw wɔn ma wɔte adehwɛpon no anim. Italy aban mpanyimfo a wokura dibea akɛse traa anim nkongua no so. Nnwontofo kuw pii too asomdwoe ho nnwom bere a na ɔkasa ahorow no gu so no. Wɔ kurow no afã foforo no, nnipa mpempem pii, titiriw mmabun, de ɛfene a etia akodi a wɔayɛ no kasa pii mu bɛkyerɛe, na wɔtoo asomdwoe ho nnwom. Na wɔn mu pii kurakura ngodua nnubaa.
Pope traa n’akongua so wɔ adehwɛpon no so wiei no, ɔmaa nyamesom ahorow ananmusifo no akwaaba. Afei, wɔtoo nnwom wɔ Latin mu a egyina Yesaia 2:4 so—a ɛhyɛ bere bi a “ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi,” ho bɔ wiei no—nhyiamfo pii, a obiara hyɛ ne nyamesom atade soronko, yɛɛ mpaemuka kronkron faa asomdwoe ho. Ɛho nhwɛso ahorow bi na edidi so yi.
“Wɔ saa abakɔsɛm bere yi mu no, ɛho hia sɛ adesamma hu asomdwoe ho nsɛnkyerɛnne na wɔte anidaso ho nsɛm.”—Ɔsɔfopɔn François Xavier Nguyên Van Thuân.
Onyankopɔn “nyɛ akodi ne ntawntawdi Nyankopɔn na mmom asomdwoe Nyankopɔn.”—Asɔreasɔre Nkabom Tete Agya Bartholomeus I.
“Ɛnsɛ sɛ nyamesom mu nsonsonoe ma [nnipa] bu wɔn ani gu wɔn a ɛsono wɔn no so, anaasɛ wɔtan wɔn mpo.”—Ɔbenfo Setri Nyomi, Wiase Asɔre Ahorow a Wɔasesɛw Nkabom.
“Atɛntrenee ne onuadɔ ne nneɛma atitiriw abien a ɛho hia ma nokware asomdwoe wɔ nnipa mu.”—Chief Amadou Gasseto, Afrikafo amammerɛ som nanmusifo.
“Asomdwoe nkutoo na ɛyɛ kronkron, akodi nyɛ kronkron da!”—Andrea Riccardi Katolek Asɔre.
Nhyiamfo no mu bi gye toom sɛ ɔsom ahorow no wɔ asodi a emu yɛ duru wɔ afoforo ho koma a wonni ne akodi a wɔhyɛ ho nkuran ho. Luther Asɔre Wiase Nyinaa Fekuw no nanmusifo kae sɛ wiase no “awosow denam nitan a ɛyɛ hu a nyamesom mu mfitiasesɛm hyɛ ho nkuran no so.” Yudasom no nanmusini kae sɛ: “Ɔsom ahorow aboa ahyɛ akodi pii a ɛyɛ hu na wɔahwie mogya agu wom ho nkuran.” Hindusom nanmusifo no kae sɛ: “Abakɔsɛm kɔ so da tebea horow adi a emu no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesom mu agyenkwa nam ɔsom so adi nkurɔfo so tumi de mpaapaemu aba.”
Wɔkasa tiaa amumɔyɛsɛm ne akodi wiei no, nhyiamfo no tetew wɔn mu, na obiara kɔɔ beae a wɔde ama no, kɔbɔɔ asomdwoe ho mpae kyerɛɛ wɔn anyame horow.
Asomdwoe Ho Mpaebɔ
Kristoman asɔre ahorow mu ananmusifo bɔɔ mpae boom wɔ St. Francis Asɔredan Kɛse a ɛbɛn ɔboda a wɔde ne din ato asɔre no mu. Pope ne nhyiamfo baasa foforo de “Baasakoro ho nkankye” na efii dwumadi no ase. Wɔde nnwom ne nkankye twitwaa mpaebɔ no ntam kamfoo asomdwoe yɛɛ Bible akenkan wɔ asɛmti koro no ara ho. Mpaebɔ biako mu adesrɛ ne sɛ ɛmma wonnya “gyidi a mpaapaemu nnim.” Wɔde guasodeyɛ no reba awiei no, nhyiamfo no de Awurade Mpaebɔ a egyina Mateo ti 6, nkyekyɛm 9 kosi 13 so no too dwom wɔ Latin mu.
Wɔ bere koro no ara mu no, na nyamesom kuw afoforo ananmusifo nso rebɔ mpae wɔ mmeae afoforo. Wɔ asa bi a ani kyerɛ Mecca no, Nkramofo a wɔabu nkotodwe wɔ kuntu so, bɔɔ Allah mpae. Soroastafo a wɔbɔɔ mpae wɔ beae a ɛbɛn Jainfo ne Konfusiofo no, sɔɔ ogya kronkron. Nhyiamfo a wogyinaa Afrikafo amammerɛ som ananmu no bɔɔ wɔn nananom a wɔawuwu ahonhom mpae. Hindufo srɛɛ asomdwoe fii wɔn anyame hɔ. Wɔn nyinaa srɛɛ wɔn anyame ahorow no sɛnea wɔn som amanne te.
Asomdwoe Ho Bɔhyɛ Koro
Ananmusifo no san behyiaa mu wɔ apata kɛse no ase de nhyiam no baa awiei. Nkokorafo nam ɔsom kwan so de nkanea a ɛredɛw—a egyina hɔ ma asomdwoe ho anidaso—momaa nhyiamfo no. Ná adeyɛ no yɛ fɛ. Afei ɔsom ahorow ananmusifo no kenkanee asomdwoe bɔhyɛ koro, a biara yɛ mpaemuka soronko.
“Asomdwoe a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnkonom.”—Asɔreasɔre Nkabom Agya Bartholomeus I.
“Basabasayɛ ne amumɔyɛsɛm ne nyamesom mu nokware atirimpɔw nhyia.”—Ɔbenfo Konrad Raiser, Wiase Asɔre Ahorow Bagua nanmusifo.
“Yɛde yɛn ho asi hɔ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nnipa ma wɔanya obu ne anisɔ ama wɔn ho.”—Bhai Sahibji Mohinder Singh, Sikhsom nanmusifo.
“Asomdwoe a atɛntrenee nka ho nyɛ nokware asomdwoe.”—Ortodɔks Ɔsɔfo Panyin Vasilios.
Awiei koraa no, pope no kenkanee nsɛm a yehu wɔ asɛm yi nnianim nsɛm mu no. Nhyiamfo no bam wɔn ho wɔn ho de gyinaa hɔ maa asomdwoe, na wɔnam so de gyidi afrafra nhyiam yi baa awiei. Wɔde akokurokosɛm ne guasodeyɛ kaa nsɛm dɛdɛɛdɛ a wɔde ahwɛyiye ahyehyɛ. Nanso, dɛn na wɔka faa afahyɛ fɛfɛ yi ho?
‘Sɛ Yɛde Nea Yɛka no Di Dwuma A’
Atesɛm nkrataa ne television kamfoo pope no anammɔntu no. Ebinom mpo frɛɛ pope no “Kristoman nyinaa kasamafo.” Vatican krataa L’Osservatore Romano kaa da a wɔde yɛɛ Assisi nhyiam no ho asɛm sɛ “da titiriw a wɔde asomdwoe ho anibuei sii hɔ.” Ná Corriere dell’Umbria atesɛm krataa no asɛmti ne “Assisi De Asomdwoe Ho Hann Si Hɔ.”
Ɛnyɛ wɔn a wɔhwɛɛ adeyɛ no nyinaa na wɔkyerɛɛ ho anigye kɛse. Ebinom daa adwenem naayɛ adi efisɛ ɛmfa ho nna bi a wɔde bɔɔ asomdwoe ho mpae wɔ 1986 ne 1993 mu no, ako a wodi no nyamesom din mu no kɔ so haw adesamma. Nyamesom mu nitan de okunkɛse baa Uganda, kan Yugoslavia, Indonesia, Pakistan, Mediterranea Supɔw so, ne Ireland Atifi fam.
Italy atesɛm krataa La Repubblica kae sɛ adwenkyerɛfo bi kaa nhyiam no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔyɛkyerɛ bi kɛkɛ.” Europa Mmarahyɛ Bagua no muni bi kae sɛ nea ɛbɛyɛ na asomdwoe aba no, ɛsɛ sɛ nyamesomfo “de Asɛmpa no di dwuma”—kyerɛ sɛ, wobedi nsɛm a ɛne sɛ “dɔ w’atamfo, dan w’aso biako no nso” no so. Sɛnea ɔkyerɛ no, ɛno ne ade a “obiara nyɛ.”
Italy Yudafo Nkurow no titrani kae sɛ “ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwɛ nea ebesi seesei, kyerɛ sɛ, wobedi nea wɔkae anaa wɔhyɛɛ ho bɔ no so anaa.” Italy Buddhafo nanmusifo no daa nsusuwii koro no ara adi, na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ “wɔhwɛ na asomdwoe ho adesrɛ no anyɛ nsusuwii pa ara kɛkɛ.” Bere a sɛnkyerɛwfo bi rekyerɛw asɛm bi wɔ Italy nsɛmma nhoma L’Espresso mu no, ɔkae sɛ Assisi nhyiam no dii atirimpɔw foforo ho dwuma maa Kristoman ɔsom ahorow a wokohyiaa wɔ hɔ no. Ɔfrɛɛ no “biakoyɛ a wɔde bɛko atia nyamesom mu akameakame, ntetee ne gyidi a wonni,” ne afei mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛko atia “nyamesom ho anibiannaso a emu yɛ den” a ɛhaw Europa ɛmfa ho ne “Kristosom abakɔsɛm no.”
Wɔn a wɔka adwenkyerɛfo a wɔyɛɛ katee paa wɔ adeyɛ no ho ne Katolek amammerɛfo, a na wosuro sɛ wobegow wɔn asɔre no nkyerɛkyerɛ mu ma ayɛ mmerɛw no. Wɔ nsɛm a wobisabisaa Vittorio Messori, Katolekni nhoma kyerɛwfo a wonim no yiye, wɔ television so mu no, ɔdaa asiane a ɛyɛ sɛ Assisi adeyɛ no mma wonhu nsonsonoe a ɛwɔ ɔsom ahorow no ntam no adi. Ɛwom, asɔre ahyehyɛde tumi ahorow ayɛ ahwɛyiye sɛnea wɔbɛkwati atenka a wobenya sɛ wɔde ɔsom bɛfrafra no. Pope no ankasa kaa asɛm de bɔɔ saa sobo no gui. Nanso, wɔ pii afam no adeyɛ no ankasa reyɛ akyerɛ sɛ ɔsom ahorow no gyina hɔ ara kwa ma akwan horow a wɔde kɔ tumi a ɛkorɔn koro no ara hɔ.
Nyamesom ne Asomdwoe
Nanso, dɛn na nyamesom betumi ayɛ de asomdwoe aba? Nnipa binom hu abirabɔ a ɛwɔ saa asɛmmisa yi mu, esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔsom ahorow no yɛ nneɛma a ɛde akodi pii ba sen sɛ ebesiw ano. Abakɔsɛm akyerɛwfo ahyɛ sɛnea wiase tumidi ahorow nam nyamesom so akanyan akodi no nsow. Nanso, asɛmmisa no sɔre sɛ: Dɛn nti na nyamesom ama ho kwan ma wɔde wɔn adi dwuma?
Anyɛ yiye koraa no, Kristoman ɔsom ahorow wɔ nnyinasosɛm kronkron bi a anka ebetumi aboa wɔn ma w’akwati akodi ho fɔ a wodi no. Yesu kae sɛ n’asuafo ‘mfi wiase.’ (Yohane 15:19; 17:16) Sɛ Kristoman ɔsom ahorow de saa nsɛm no dii dwuma a, anka wɔremfa wɔn ho mmɔ amammui tumidi ho, mpene so mma wonhyira asraafo ne akodi so.
Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na wɔbɛtra ase ma ɛne nsɛm a wɔkae wɔ Assisi no ahyia no, ebehia sɛ nyamesom akannifo twe wɔn ho fi amammui tumidi ho. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn akyidifo no asomdwoe akwan. Nanso, abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ nnipa a wɔma basabasa kɔ so no mu pii yɛ wɔn a wogye Onyankopɔn di—anaa wɔka sɛ wogye no di. Nnansa yi atesɛm krataa samufo nsɛm bi kae sɛ: “Wɔ Sept. 11 akyi bere kakraa bi no, obi kyerɛw saa nsɛm a emu dɔ na ɛhaw adwene wɔ ɔfasu bi ho wɔ Washington, D.C. sɛ: ‘Onyankopɔn pa, gye yɛn fi nnipa a wogye wo di no nsam.’”
Akokurokosɛm ne guasodeyɛ a ɛkɔɔ so wɔ Assisi no nyinaa gyaw nsɛmmisa pii a ɛyɛ den a wommuae. Nanso, ebia asɛmmisa biara nni hɔ a ɛho hia—anaasɛ ɛhaw adwene kɛse—ma nyamesomfo sen eyi: Dɛn nti na ebedu sesɛɛ no Onyankopɔn mmaa asomdwoe mpae a wiase ɔsom ahorow abɔ no ho mmuae?
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ na woahu pii afa asomdwoe mpaebɔ da no ho wɔ 1986 mu no, hwɛ June 8, 1987 Engiresi Nyan!.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Nhyiamfo a wokura nkanea a ɛredɛw—a egyina hɔ ma asomdwoe ho anidaso
[Asɛm Fibea]
AP Photo/Pier Paolo Cito
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
AP Photo/Pier Paolo Cito