Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 10-27
  • ‘Mogya Ayɛ Mo Nsa Mama’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Mogya Ayɛ Mo Nsa Mama’
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Aman Mpanyimfo ne Nkurɔfo no Betie?
  • Ɛnyɛ Tumi a Ɛde Asomdwoe Ba
  • Ɔsom Ahorow a Wɔahyiam Wɔ Assisi Rehwehwɛ Asomdwoe
    Nyan!—2002
  • Asomdwoe Ho Mpaebɔ—Hena Na Otie?
    Nyan!—1987
  • Nnɛyi Babel Abantenten?
    Nyan!—1987
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 10-27

‘Mogya Ayɛ Mo Nsa Mama’

“NSO sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.” Saa na ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ wɔn a na wɔka sɛ wɔsom no nanso na wɔn ho wɔ mogya a edi bem a wɔahwie agu mu no.​—Yesaia 1:15.

So wiase nyamesom ahorow yi di mogya a edi bem a wohwie gu ho fɔ? Yiw, wodi ho fɔ. Wɔ afeha a eto so 20 yi mu ɔko biara mu no, saa wiase yi nyamesom ahorow no ne wɔn asɔfo aboa mogyahwiegu no. Eyi de ɔsom koro no ara mufo a wokunkum wɔn ho wɔn ho kɛse mpo aba.

Nanso, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔmfa wɔn nkrante nsan nhyɛ nea ɛhyɛ.’ (Mateo 26:52) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de.” (2 Korintofo 10:4) Onyankopɔn Asɛm no mu nkrasɛm a ano yɛ dɛn no ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wodi nokware som akyi no nyinaa dodɔ wɔn ho wɔn ho na wonhwie mogya ngu: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Onyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.”​—1 Yohane 3:10-12.

Sɛ nyamesom bi nni saa ɔdɔ yi akyi a, Onyankopɔn rentie ne mpaebɔ. Bible no se: “Na biribiara a yɛsrɛ no yenya fi ne nkyɛn efisɛ yedi n’ahyɛde so na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.” (1 Yohane 3:22) Nanso saa wiase yi nyamesom ahorow no nnii Onyankopɔn ahyɛde so. Mmom no, ɛde mmerɛwyɛ aboa nnipa bɛyɛ ɔpepem ɔha a wɔakunkum wɔn wɔ afeha yi nkutoo mu akodi mu!

So Aman Mpanyimfo ne Nkurɔfo no Betie?

Wɔ John Paul II kasa a edi akyiri a ɔmae wɔ Assisi no mu no, ɔkae sɛ: “Yɛto nsa frɛ wiase akannifo sɛ wɔhwɛ sɛnea yɛde ahobrɛase asrɛ Onyankopɔn hɔ asomdwoe no.” So amammui akannifo ne wɔn nkurɔfo no nyinaa betie asɛm a wɔka kyerɛ wɔn yi? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ma yɛnhwɛ abakɔsɛm mu.

Abakɔsɛm da no adi sɛ asomdwoe ho apam ne ɛho mpaebɔ nyɛ ade foforo. Wɔ mfinimfini Mfe no mu no, na wɔtaa frɛ asomdwoe apam ahorow sɛ Onyankopɔn apam anaasɛ apam kronkron. Ná wɔpae apam ahorow no wɔ Kristoman nyamesom afahyɛ ahorow ase a na wogyaa ntawntawdi biara mu saa bere no. Nanso twe a wɔbɛtwe obi a obebu apam ahorow yi so asɛn ho ahunahuna no mpo antumi amma nkurɔfo ankyerɛ obu amma.

Wɔ afe 1915 mu no, Paapa Benedict XV de too amanaman no nyinaa anim sɛ wonyae wiase nyinaa ko a edi kan no mu “awudi huhu” no. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae “sɛnea amanehunu yayaw no begyae.” Nanso aman no akannifo no anaasɛ wɔn nkurɔfo no biara antie. Na wɔ ntease pa mu no, Onyankopɔn antie efisɛ ná akofo a wɔwɔ afanu no nyinaa yɛ ɔsom koro no ara mufo. Enti, Katolekfo kunkum Katolekfo, na Protestantfo kunkum Protestantfo a na ɛbɔ Onyankopɔn ahyɛde abira koraa.

Wɔ 1939 asusow bere mu, bere a na wiase nyinaa ko a ɛto so abien no ahum a ɛte sɛ mununkum reboaboa ano no, Pius XIII frɛɛ “ɔmanfo nyinaa mpaebɔ ma asomdwoe” bi. Wɔ August a edi hɔ no mu ansa na ɔko no repae agu no, ɔsrɛɛ aman no akannifo ne wɔn nkurɔfo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi “ɔkasatia, ahunahuna, ne nneɛma ahorow a ɛma wonnye afoforo nni” no ho sɛnea ɛbɛyɛ ‘a nea enye koraa no remma.

Nanso saa mpaebɔ ne adesrɛ no nyinaa antumi ansiw Germany Katolekfo ne Protestantfo akodi a wɔasiesie wɔn ho ama no ano; na saa ara nso na anyɛ asomdwoe kwan amma Italy Katolekfo ne Japan Sintofo.

Wɔ paapa no adesrɛ wɔ Assisi no ho adeyɛ mu no, ɔko gyaee wɔ mmeae ahorow bi wɔ October 27, 1986. Nanso ɛkɔɔ so wɔ aman afoforo mu. Wɔ nhwɛso no pii mu no na ɛyɛ nsase a wɔn nyamesomfo wɔ Assisi no so. Sɛ nhwɛso no, IRA Katolekfo akofo kuw no kɔtotoo atopae guu Ireland so. Ná Sikfo reko wɔ India. Mogyahwiegu kɔɔ so wɔ Afghanistan, Etiopia, Lebanon, Iran, ne Iraq, ne mmeae afoforo nso. Na wɔ baabi a wodii apam no so saa da koro no mu mpo no, wɔsan huu owu ne amumɔyɛsɛm ɛda a edi hɔ no ara. Asomdwoe bi ampa!

So “asomdwoe Nyankopɔn no” behyira ahyehyɛde ahorow a ɛwom sɛ wɔnyɛ no te de nanso wɔpene wɔn a wogyae nnipakum nnɛ na ɔkyena wɔhyɛ ase bio no so anaa? Bere a Kain kum Habel akyi no, so Onyankopɔn ani gyee ne ho? Dabida!​—Hebrifo 13:20.

Ɛnyɛ Tumi a Ɛde Asomdwoe Ba

Nnansa yi nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ aman ahorow mu no da no adi sɛ nnipa pii bu wiase nyamesom ahorow no sɛ wɔn a wɔde ɔko ba mmom sen sɛ wɔde asomdwoe bɛba. Saa na Fransefo ɔha biara mu 47 ne Israelfo ɔba biara mu 48 te nka.

John Taylor a ɔyɛ World Conference of Religions for Peace no ɔkyerɛwfo panyin kae wɔ Franse Katolekfo nsɛmma nhoma L’Actualité Religieuse dans le Monde a ɛba ɔsram biara no mu sɛ: “Yɛdaadaa yɛn ho sɛ yesusuwii sɛ nyamesom betumi na ɛde hann ne ɔdɔ bɛba ntawntawdi mu, ne sɛ yebetumi anya mfaso kɛse afi ka a yɛbɛka abom asɔre atia ɔko, atia akodeyɛ no mu. Nanso bere a yɛhwehwɛɛ saa nsɛnnennen ahorow yi mu no, yɛba behui sɛ ɛnyɛ akodeyɛ na ɛde ɔko ba, na mmom ɔtan ne nnipa mu mpaapaemu . . . Na wɔ ha nso nyamesom di n’afã ho dwuma.”

Abakɔsɛm kyerɛwfo Ernesto Galli Della Loggia kae wɔ Katolekfo atesɛm krataa a ɛba da biara a wɔfrɛ no Avvenire mu wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri kɛse mpo so sɛ: “Ɛnte sɛnea nyamesom de biakoyɛ aba nnipa ne nkurɔfokuw mu, mmom no ɛyɛ n’abirabɔ. Saa ara na ayɛ mfehaha pii. Ɛnyɛ sɛ nyamesom akɛse a wɔpɛ sɛ wɔn nkutoo na wɔtra hɔ ako atia wɔn ho wɔn ho wɔ ɔko ahorow a mmɔborohunu nni mu mu nko na mmom wɔn mu binom nso​—titiriw Kristoman ne Nkramosom​—ahyira wɔn ahoɔden nyinaa so ama wɔn a wɔfrɛ wɔn sɛ nkurɔfo a wɔn ani mmuei no abosonsom a wɔbɛpopa afi hɔ koraa. Eyi aba efisɛ nyamesom ne amammui tumidi yɛ ade koro.”

Esiane eyi ne ntease afoforo nti, nniso ahorow no bu wɔn ani gu nyamesom akannifo so anaasɛ wɔma kwan ma wɔtra hɔ te sɛ nea ebia wɔyɛ ɔhaw bi a ɛho hia. Na wiase nyamesom no ankasa ayɛ aniani so ade bi a nkɛntɛnso a ɛde mfaso ba kaa kakraa bi na ɛwɔ wɔ nnipa anaa wiase nsɛm tebea horow so anaasɛ mpo enni bi koraa.

Wɔ mpaebɔ da no awiei no, paapa no ankasa gyee Katolek som no asɛyɛde wɔ saa mogyahwiegu no mu no toom. Ɔkae sɛ: “M’asiesie me ho sɛ megye atom sɛ Katolekfo nnii nokware wɔ gyidi mpaemuka yi ho bere nyinaa.” Na afei ɔde kaa ho sɛ: “Yɛnyɛɛ ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe’ bere nyinaa. Enti wɔ yɛn fam, nanso ɔkwan bi so nso wɔ obiara fam no, nea esii wɔ Assisi no yɛ bɔneka ho adeyɛ bi.”

Nanso so nnɛyi nyamesom nam ne nneyɛe so akyerɛ sɛ ayɛ nsakrae wɔ ne su a ɛfa ɔko ho no mu? So anya adwensakra wɔ kan adeyɛ a nidi nni mu no mu ampa? Ernesto Galli Della Loggia reka mprempren akodi ho asɛm no ɔdaa no adi sɛ: “Saa ntawntawdi ahorow yi mu du biara mu akron yɛ nyamesom mu ntawntawdi, sɛ ɛnyɛ ne nyinaa mpo a.

Enti saa asomdwoe ho mpaebɔ ahorow yi ammfa hwee amma. Na saa ara na amammui akannifo ne wɔn nkurɔfo no ntie na wɔayɛ ade ma ɛne no ahyia; na saa ara na Onyankopɔn nso ntie, efisɛ waka sɛ: “Sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.” (Yesaia 1:15) Enti na 1986 Amanaman Ntam Asomdwoe Afe a Amanaman Nkabom no de sii hɔ na wɔde wiase nyamesom nyinaa mpaebɔ gyinaa akyi no dii huammɔ no.

[Kratafa 10 adaka]

Nhwehwɛmu Bi A Wɔyɛe Wɔ Italy

Nyan! nsɛmma nhoma no yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Italy nkurow ahorow mu na wobisabisaa nnipa ɔhaha pii a na wɔn mu dodow no ara yɛ Katolekfo nsɛm. Bere a wobisaa wɔn sɛ ebia nhyehyɛe ahorow te sɛ Assisi mpaebɔ da a wɔde rehwehwɛ asomdwoe ne ɔko a wobegyae no betumi ayi ɔko ne akodeyɛ afi hɔ anaa no, ɔha mu 70 kae sɛ dabi, na ɔha mu 17 kae sɛ ɛyɛ adeyɛ a edi kan ara kwa, na ɔha mu 10 susuwii sɛ ɛyɛ adepa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Ɔsɔfo bi a ofi Italy kurow Bergamo a ɛwɔ kesee fam no kae sɛ: “Misusuw sɛ sɛ wodi nhyehyɛe no nkrasɛm no so a ɛho bɛba mfaso kɛse. Ɛyɛ mfiase pa a ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so.”

Nanso Katolekni abeawa bi a ofi mpɔtam hɔ ara kae sɛ: “Ɛyɛ ahodwiriw kɛse sɛ obi hu nkurɔfo a wɔde mfe pii ako a nyamesom mu ntease nso ka ho, na afei wɔde wɔn atuo gu hɔ na wɔbɔ wiase asomdwoe ho mpae, a wonim yiye sɛ ɛda a edi hɔ no ara wɔbɛtaa akodi no so no nyaatwomyɛ no.” Na aberantewaa bi a ofi Brescia kae sɛ: “Nhyiam ahorow a ɛtete sɛɛ no rentumi nyi nyamesom mu ɔtan mfi hɔ. Sɛ asɔre ahorow no pɛ sɛ Onyankopɔn tie wɔn a ɛnde ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye amammuisɛm ho pii.”

Wɔ asemmisa, “Dɛn na ɛsɛ sɛ nyamesom yɛ na atumi aboa yiye ama asomdwoe aba?” ho no, Katolekni bi a ofi Turin kae sɛ “ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nsɛmmɔnedi biara ho na wɔkyerɛkyerɛ nnipa sɛ wɔmmfa akode nntra ase.” Katolekni abeawa bi a ofi Cremona kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ asɔre no nam ne ho a ɛmfa nhyehyɛ akodi ne amammuisɛm mu no so yɛ nhwɛso pa. Nanso mprempren de aka akyiri dodo.”

Bere a wobisaa mmaranimfo bi a ofi Pesaro mantam mu hɔ sɛ “Wususuw paapa no asomdwoe nhyehyɛe no ho dɛn?” no, ɔmaa mmuae sɛ: “Asɔre no de asomdwoe ho asɛnnennen no di dwuma ma ɛho aba n’ankasa mfaso ma ɔde atrɛw Katoleksom mu wɔ wiase.” Katolekni ɔbea bi a wadi mfe 84 kae sɛ: “Ɛho nni mfaso. Sɛ ɔko na wɔpɛ a, ɔkwan biara so no wobefi bi ase.”

Bere a Milan nhoma bi a wɔfrɛ no Il Corriere della Sera reka nyamesom “amammui adwene” ho asɛm no, ɛkaa asɛm a ɛho hia yi: “Asɔre no de adwene a ɛne sɛ wobetumi ayi ɔko afi hɔ no di dwuma na ɛyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma wɔanya kwan adi ɔmanfo adwene a wɔwɔ wɔ amammui mu nsɛm atitiriw a ɛwɔ hɔ wɔ bere no mu no so mmom sen sɛ anka ebedi ne so.”

[Kratafa 24 adaka]

“Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ. So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam: ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu. Ɛbere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, [Yehowa] na ose.”​—Yeremia 6:14, 15.

[Pictures on page 26, 27]

Nnipa a wofi wiase nyinaa bɔɔ mpae

Mmerante ne mmabaa pii ani gye wiase asomdwoe ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena