Asomdwoe Ho Mpaebɔ—Hena Na Otie?
DƐN na na Amerika Indiani a ɔhyɛ ntakrakyɛw ne Greek Ortodoks ɔsɔfo reyɛ wɔ asɛnka agua biako so? Dɛn nti na na Buddafo Dalai Lama ne Canterbury Ɔsɔfopanyin no nyinaa te faako? Dɛn na ebetumi aba sɛ Yudafo Rabi ne Rusia Ortodoks Asɔre no sɔfo bi wɔ yɛ? Dɛn nti na Katolek Asɔre no Paapa John Paul II bɛtra nhyiam a ɛte saa no ti?
Ɛnkyɛe biara no na ɛnyɛ ade a wosusuw da sɛ paapa no ne asɔre akɛse afoforo no akannifo bɛbom wɔ asɛnka agua biako so abɔ mpae. Nanso, ɛrekɔ 1986 awiei hɔ no, ɔne nyamesom akɛse afoforo akannifo boom wɔ Italy kurow Assisi mu hyɛɛ “Wiase Asomdwoe ho Mpaebɔ Da” ho fã. Paapa no na ɔfrɛɛ nhyiam no na ɛne Amanaman Nkabom no hyɛ a wɔhyɛe sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no ahyia.
Wɔ Assisi no, wɔbɔɔ mpae ahorow srɛɛ asomdwoe. Hena na otiei? Kristoman mufo Baasakoro Nyankopɔn no? Anaa Yudafo Nyankopɔn no? Nkramofo Allah no? Abosonsomfo Kokurobeti Kɛse ne Apranaa a Ɛrebobom no anaa? So saa anyame yi bi tiee wɔn mpaebɔ no? Mprempren a mmere bi atwam wɔ Assisi nhyiam no akyi yi, mmuae no da adi pefee.
Nea Ɛkɔɔ So
Ná nyamesom akannifo no mpaebɔ no rehyɛ amanaman ntam mpaebɔ da a wɔhyɛɛ ho fã wɔ Assisi a ɛwɔ Italy mfinimfini hɔ baabi wɔ October 27 no mu den. Wosii asɛnka agua kɛse bi a na wɔakyerɛw asɛmfua “ASOMDWOE” wɔ kasa horow 14 mu wɔ akyi. Bere a wɔatra ase atwa kontonkron-fã na paapa no te mfinimfini no, wiase nyamesom atitiriw akwankyerɛfo bɛboro 60 no mu biara ba bɛbɔɔ ne mpae wɔ akasagua bi so. Wotwaa dwumadi no mfonini kɔɔ television so na wɔka sɛ nnipa bɛboro ɔpepem 500 na wɔhwɛe wɔ wiase nyinaa.
Wɔn a wodii kan bɔɔ mpae ne Buddafo na wɔsrɛɛ “anigye a ɛte sɛ po.” Afei Hindufo no srɛɛ “asomdwoe a nnipa nyinaa benya.” Nkramofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ayeyi nka Onyankopɔn, Amansan Nyinaa Wura no.”
Afrika abosonsomfo no kankyee na wɔsrɛɛ wɔn anyame no sɛ: “Momma yenya asomdwoe.” Bere a Amerika Indiafo nom wɔn asomdwoe abua no, wɔkae sɛ: “Yɛde abua yi ma Honhom Kɛse no, Ɛna a ɔne Asase no.” Yudafo no bisae sɛ: “Ma asomdwoe mmra asase so.”
Ná Katolek, Anglican, Lutheran, ne Greek Ortodoks ananmusifo no mpaebɔ ne sɛ: “Momma yɛmfa asomdwoe ne biakoyɛ nsrɛ Awurade Nyankopɔn.” Sikfo, Soroastafo, Sintofo, ne Yainfo nso bɔɔ amansan nyinaa asomdwoe ho mpae.
Ɛda bi a Wɔyɛɛ no Titiriw
Nsɛnkyerɛwfo ka sɛ ɛno ne bere a edi kan a wiase nyamesom ahorow no asɔfo mpanyin hyiaam wɔ beae koro bɔɔ mpae. Esiane eyi nti wɔfrɛɛ nhyiam no sɛ: “abakɔsɛm mu ɛda titiriw.”
Ebinom gye dii sɛ na Bible nkɔmhyɛ renya ne mmamu wɔ hɔ. Esiane sɛ Assisi da bepɔw bi so nti, wosusuwii sɛ ɛne nsusuwso kwan so bepɔw a wɔka ho asɛm wɔ Mika ti 4, nkyekyem 2 no. Amanneɛbɔ bi kae sɛ Assisi nhyiam no yɛɛ “nhyiam bi a odiyifo Mika kaa ho asɛm siei mfe 2,700 a atwam ni no, sɛ: ‘Wɔ awiei [bere mu no] wɔbɛma Awurade ofi bepɔw no so asen nkoko nyinaa . . . Amanaman pii bɛkɔ ase bɔ na wɔaka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw so. Na ɔnkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.’”—Voce delle Contrade.
Atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Il Sabato de anigye kae sɛ: “Ɛne ne nsɛso ade a asi pɛn fi bere a wosii Babel Abantenten no. Saa bere no, esiane nnipa no ɔpɛ a wonyae sɛ wɔbɛkɔ akodu ɔsoro no nti, wɔpaapae wɔn mu. Ɛnnɛ, wɔ nyamesom mu nkate a ɛma wonya Onyankopɔn akyɛde a ɛne asomdwoe mu no, wɔaka nnipa abom.”
Nsemmisa a Anibere Wom Sɔree
Akyinnye biara nni ho sɛ adeyɛ no twetwee nkurɔfo adwene. Nanso, ɛmaa nsemmisa bi a ɛho hia sɔree. Atesɛm krataa La Nazione bisae sɛ: “So saa nkrasɛm no dii n’atirimpɔw ho dwuma? So ɛkaa nnipa ɔpepepem fã a wɔhwɛe no koma? So etumi de nsakrae bi bae wɔ wɔn a wɔkyerɛ wiase no nsɛm a esisi ne ne daakye kwan tẽẽ anaasɛ wɔnyɛ saa tẽẽ no gyinabea ahorow no mu?”
Nnipa a wodwen ade ho bisa nsɛm afoforo a emu dɔ: So Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa a ɔkwan a wɔfa so som no mfa ho anaa? So ɛdɔɔso sɛ wɔbɛbɔ biribi ho mpae bere a wɔnnhwehwɛ nea Onyankopɔn susuw wɔ asɛm no ho anaa? So saa asomdwoe ho nhyiam yi atumi atwetwe nkurɔfo adwene? Dɛn na bere a atwam no ka kyerɛ yɛn? Nea ɛsen ne nyinaa no, dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa ɔkwan a wɔnam so benya wiase asomdwoe no ho?
Ɛsɛ sɛ yebisa nso sɛ: So wiase nyamesom ahorow a wohyiaam wɔ Assisi no yɛ nnɛyi Babel Abantenten ampa?