Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 22-23
  • Nnɛyi Babel Abantenten?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Babel Abantenten?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So na Biakoyɛ wɔ Hɔ?
  • So Onyankopɔn Retie?
  • Asomdwoe Ho Mpaebɔ—Hena Na Otie?
    Nyan!—1987
  • Ɔsom Ahorow a Wɔahyiam Wɔ Assisi Rehwehwɛ Asomdwoe
    Nyan!—2002
  • ‘Mogya Ayɛ Mo Nsa Mama’
    Nyan!—1987
  • Wiase Asomdwoe—Ɔkwan Bɛn So Ne Bere Bɛn?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 22-23

Nnɛyi Babel Abantenten?

TETE Babel Abantenten no abɛyɛ basabasayɛ ne mpaapaemu ho sɛnkyerɛnnede. Ɛyɛ hɔ na bɛyɛ mfe 4,000 ni no, Onyankopɔn yɛɛ nnipa kasa basabasa no. Dɛn ntia? Esiane wɔn atua a wɔtew tiaa no no nti. Wɔpow osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn na wɔbɔɔ wɔn bra sɛnea nnipa a wɔnyɛ pɛ akwankyerɛ te mmom. Enti Onyankopɔn bɔɔ wɔn hwetee.​—Genesis 11:1-9.

So nea ɛkɔɔ so wɔ Assisi no yɛ soronko? So wɔkaa nnipa boom wɔ ɔkwan pa so wɔ hɔ? So nyamesom akannifo a wɔhwɛ nnipa bɛboro ɔpepem abien so no yɛɛ ade a ebetumi de wiase asomdwoe aba ampa?

So na Biakoyɛ wɔ Hɔ?

Wɔ ɔkasa bi a paapa no de mae nna kakra bi ansa na eyi reba mu no, osii so dua sɛ: “Ɛda adi sɛ nea ɛbɛkɔ so wɔ Assisi no renyɛ nyamesom ahorow a wɔreka abom.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrentumi nka mmom mmɔ mpae, kyerɛ sɛ, yɛn nyinaa remmɔ mpae wɔ bere koro mu, nanso yebetumi atra hɔ bere a afoforo bɔ mpae no.”

Enti paapa no daa no adi sɛ nea wobegyina so abɔ asomdwoe ho mpae no yɛ faako a wɔn nyinaa behyia abɔ mpae na mmom ɛnyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛka abom abɔ mpae. Ebinom kae sɛ na ɔpɛ sɛ ɔpow mpae a wɔn nyinaa bɛka abom abɔ no. Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, Katolekfo rennunu no sɛ ɔde ne ho ahyehyɛ nyamesom gyidi ahorow no mu.

Wohu eyi wɔ paapa no akwaaba-ma nsɛm a ɔka kyerɛɛ nyamesom akannifo no saa anɔpa no no mu. Ɔmaa mu daa hɔ pefee sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛaba ha no nkyerɛ sɛ yɛrebɛhwehwɛ nyamesom mu biakoyɛ bi wɔ yɛn mu anaasɛ yɛde yɛn gyidi rebɛtoto ho. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ wobetumi aka nyamesom nyinaa abom wɔ asase so dwumadi bi a ɛso sen wɔn nyinaa a wɔde asi wɔn ani so sɛ wobedi ho dwuma no mu.”

Ɛnde, na ɛda adi sɛ wɔremmɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛka nyamesom mu nkyerɛkyerɛ a ɛsonosonoe a na wɔn a wɔahyiam wɔ Assisi no gyina hɔ ma no abom. Enti na nyamesom mu biakoyɛ rentumi nyɛ yiye. Ná ‘nyamesom mu kasa ahorow’ mu basabasayɛ no bɛkɔ so ara. Enti, yehu tete Babel Abantenten no ho nsɛdi kɛse bi.

Saa biakoyɛ a enni nyamesom mu yi da adi wɔ gyidi ahorow no ho nhwɛso binom mu. Sɛ nhwɛso no, Buddasom nnye ntom sɛ Onyankopɔn bi a ɔyɛ ɔteasefo wɔ hɔ, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ nnipa botae ‘a edi akyiri ne Nirvana a ɛne nhyira tebea koraa a obi ba mu bere a wawu akyi no. Hindufo gye anyame ɔpepem pii ne adwene a ɛne sɛ onipa wu a ɔkɔ san ba na ɛno de no kɔ Nirvana no di. Katolek, Ortodoks, ne Protestant nyamesom ahorow no gye Baasakoro di. Nanso Nkramofo gye di sɛ Onyankopɔn biako, Allah, na ɔwɔ hɔ, na Mohammad na ɔyɛ ne diyifo; nanso wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ ɔba. Yudafo som Onyankopɔn biako nanso wonnye Yesu ntom sɛ ɔne Mesia. Afrika nyamesom ahorow gye di sɛ nnua, mmoa, ne nneɛma ahorow a nkwa nni mu wɔ ahonhom. Amerika Indiafo som abɔde mu tumi ahorow.

Nanso, nokware asomdwoe hwehwɛ sɛ anyɛ yiye koraa no nnipa ahorow ahorow nyinaa benya nkabom bi. Nanso na nyamesom ahorow a wohyiae wɔ Assisi no mu apaapae wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so araa ma wɔn adwene anhyia wɔ mpae a wɔn nyinaa bɛka abom abɔ mpo mu! Ɛda adi sɛ Onyankopɔn ani rentumi nsɔ saa adwenhorow a ɛne ne ho bɔ abira yi, efisɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn na mmom asomdwoe Nyankopɔn.”​—1 Korintofo 14:33.

So Onyankopɔn Retie?

Ɛbɛyɛ dɛn na nokware Nyankopɔn koro a ɔno na ɔyɛ ɔsoro ne asase Bɔfo no atie nyamesom akannifo a wonni adwene biara sɛ wɔbɛyɛ nokware nkabom ho adwuma no mpaebɔ? Onyankopɔn ankasa Asɛm a efi honhom mu no kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom nokware som no ‘nyinaa yɛ nokoro, na mpaapaemu amma wɔn mu, na mmom wɔabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’​—1 Korintofo 1:10.

Sɛ Onyankopɔn tiee nyamesom ahorow a wɔn mu apaapae no a, anka ɛbɛyɛ nea ɔrebɔ ne ho abira. Anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrepene nea ɔkasa tia no so​—mpaapaemu. Nanso nokware Nyankopɔn no rentumi nni ano ntanta ho fɔ. Ɔrentumi mmɔ n’ankasa Asɛm abira efisɛ “Onyankopɔn . . . nni atoro.” (Tito 1:2) Enti, onntie ɔsom a emu apaapae mpaebɔ biara.

Bible no kyerɛ mu pefee sɛ Onyankopɔn pene ɔsom a ɛne n’apɛde hyia nkutoo so. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɛbɛkɔ soro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.” Ɔkae nso sɛ Onyankopɔn “rehwehwɛ,” kyerɛ sɛ, n’ani sɔ na otie wɔn a wɔsom no “honhom ne nokware mu” no nkutoo. Wɔnam n’Asɛm ne n’ahyɛde ahorow ho osetieyɛ so na ɛyɛ saa. Enti Onyankopɔn ani nsɔ nyamesom ahorow a wɔnnyɛ n’apɛde, sɛnea n’ani ansɔ wɔn na wosii Babel Abantenten no a na ɛnyɛ nea wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nso no ara pɛ. Ɔpow wɔn a wɔtete saa no. Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa apɛde mmom sen sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no: “Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.”​—Mateo 7:21-23; Yohane 4:23, 24.

Enti, honhom fam tebea a nyamesom ahorow a wohyiae wɔ Assisi no wom no bɔ nea Onyankopɔn rehwehwɛ wɔ nokware asomfo ho no abira. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ biako wɔ adwene ne nsusuwii mu mmom no, mpaapaemu na ɛwɔ wɔn mu, sɛnea na ɛte wɔ tete Babel no ara pɛ.

Sɛ yɛhwehwɛ adanse a ɛwɔ abakɔsɛm mu no mu a, yehu sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn ntie wiase yi nyamesom ahorow a ɛte sɛ Babel de mpae no mu da hɔ. Mfonini bɛn na saa adanse no de ma?

[Kratafa 23 mfoni]

Babel asɔredan abantenten bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena