Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 10/8 kr. 15-16
  • Nea Enti A Nyamesom Ho Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Nyamesom Ho Wom
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfirihyia Apem Ahenni ho Adwene a Ɛnteɛ
  • Dɛn Na Asɔreasɔre No Ne Afoforo Reka?
    Nyan!—1982
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Ne Wɔn Aba?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 10/8 kr. 15-16

Nea Enti A Nyamesom Ho Wom

Nyamesom​—Tumi Ma Asomdwoe Anaa Ma Akodi?

ESIANE sɛ nyamesom ahorow ho a ede ahyɛ akodi mu no yɛ nokwasɛm a ɛda yɛn anim a yentumi nnye ho akyinnye nti, asemmisa a yentumi nguan mfi ho no ne sɛ: Dɛn ntia? Nnipa pii te nka sɛ mfomso no mfi nyamesom ahorow no, na mmom efi wɔn a wɔmfa nea wɔn nyamesom ahorow kyerɛkyerɛ no nni dwuma no. Wɔte nka sɛ, sɛ nnipa pii de wɔn nyamesom gyidi bedi dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu a, anka wɔn nsa betumi aka asomdwoe.

Bere a ebia nokware bi wɔ eyi mu no, mommma yemmu yɛn ani ngu nokwasɛm no so sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nyamesom akodi ahorow mu no pii de nsiyɛ ne gyidi bi na ɛyɛ saa a ama wahyɛ asraafo a wɔde wɔn ho hyɛ akodi afoforo ara kwa mu no aniwu.

Wɔ mfehaha. pii mu no adwene a ɛne ɔko “kronkron” anaasɛ ɔko a “ɛteɛ” no anya nkɛntɛnso kɛse wɔ nyamesom ahorow pii mufo so. Kristoman Crusade ne, wɔ ɔfã foforo no, Moslemfo jihad no yɛ nhwɛso atitiriw. Wɔn a wɔhyɛɛ Crusade ho nkuran no taa twe adwene si Bible no so de gyina wɔn nsɛm no akyi. Nanso abakɔsɛm akyerɛwfo gye tom sɛ “ná adwene no atrɛw kɛse wɔ Asɔre a edi kan no mu sɛ ɔko yɛ amumɔyɛde a wɔhyɛ da yɛ a Asɔre no ne Kristo akyidifo ne no nni biribiara yɛ.”-Hastings Encyclopaedia of Religion and Ethics.

Nanso, akyiri yi, asɔre mpanyimfo atitiriw te sɛ Augustine ne Thomas Aquinas gyee akyinnye denneennen maa asɛm a ɛne ɔko a “ɛteɛ” no. “Augustine (afe 400 mfiase mu hɔ) na ɔde Kristofo gyidi afrafra kɛse a edi kan no ne akodi bae”, saa na ɔbenfo a ɔkyerɛ anyamesɛm, Robert Culver kyerɛwee wɔ Christianity Today mu. Eyi “bɛyɛɛ asɔre no afã atitiriw nyinaa gyinabea fi saa da no besi eyi so.”

Nkyerɛkyerɛ a ɛne ɔko a, “ɛteɛ” anaasɛ “ɛfata” no de anoyi yi na efi ase, sɛ, sodifo ahorow no wɔ asɛyɛde ne tumi a efi Onyankopɔn hɔ sɛ wɔhwɛ ma mmara ne nhyehyɛe yɛ adwuma wɔ nnipa a wɔnyɛ pɛ mu denam ɔhyɛ so​—polisifo, asennibea ahorow, afiase ahorow ne sɛn a wɔsen abɔnefo bere a ɛho hia. Sɛ saa a, ɛnde na ɛteɛ sɛ wɔn nso de asraafo ne nea ɛkeka ho biara di dwuma de ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra ba ɔman mu bere a ɛho hia.

Ɛnyɛ den sɛ yebetumi ahu nea enti nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ yɛ nea sodifo ahorow ani begye ho kɛse no. Nanso wobegye toom kɛse efisɛ ɛbɛmaa, nnipa mpapahwekwa no ho tɔɔ wɔn wɔ adesoa a ɛne ahonim mu a wofi si gyinae ahorow no mu. Nea ehia sɛ ɔyɛ ara ne sɛ odi nea ɔman no ka kyerɛ no no akyi. Nokwarem, adwene a ɔne wɔn bɛyɛ no bɛma ebia wate nka sɛ ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde anaasɛ Onyankopɔn wɔ n’afã. So ɛnyɛ sɛnea ɛkame ayɛ sɛ ɔsraani biara a ɔwɔ akono no te nka nen?

Mfirihyia Apem Ahenni ho Adwene a Ɛnteɛ

“Mfirihyia Apem no hwehwɛ, a, mpɛn pii mesia bi di anim no, ama ɔman anidan akuw pii aba a emu bebree de amammui ne asetra ho adwen horow aba,” saa na Gunter Lewy kyerɛwee wɔ Religion and Revolution mu.

Nhwɛso bi a ɛyɛ anigye titiriw na ɛda adi kɛse ne 1850-64 Taiping Atuatew wɔ China, wɔ bere a na amannɔne nhyɛso ne ɔman mu ɔporɔw wɔ hɔ no. Ná asɔre no yɛ Konfusiosom ne Kristofo Asɛnka adwuma a wɔde afra a ɛyɛ nwonwa. Ne sɔfo, Hung Hsiu-Chuan, kyerɛe sɛ, sɛ́ Onynkopɔn ba ne Yesu nuabarima no, Onyankopon na ɔsomaa no baa asase so sɛ ɔmfa Taiping Tiɛn-kuo, Ɔsoro Ahenni a Asomdwoe Kɛse wom no mmesi hɔ. Awiei koraa no, kuw no duu amansin 18 no mu 16 so, faa nkurow bɛyɛ 600, na ɔtraa Nanking, yɛɛ no “ɔsoro ahenkurow” wɔ asase so. Wɔfrɛɛ no “ɔmanfo kuw a ɛso sen biara wɔ abakɔsɛm mu ansa na nnɛ bere yi reba,” na wɔ n’asehwe mu no nnipa bɛyɛ ɔpepem 40 hweree wɔn nkwa.

Wɔ mmeae afoforo ne wɔ mmere horow mu no, na Makabeeffo ne Yudasom mu Ahoɔdenfo no wɔ hɔ, ná Budhafo amansɛmdifo nkokorafo a wɔwɔ Burma ne Ceylon no wo hɔ, ná Ahenni a Ɛto so Anum Mmarima a na wɔwɔ Puritan Ɔman Anidan no mu wo afeha a ɛto so 17 Engiresi Aburokyiri no wɔ hɔ, ná Mahdifo a wɔyɛ Moslemfo wɔ Sudan a wɔn na wɔde Khartoum animguase ntua no bae no wɔ hɔ​—yebetumi atoa so abobɔ pii din.

Nyamesom asɔfo kɔ so hwehwɛ nyamesom ntam biakoyɛ esiane wiase asomdwoe nti. Ɛda adi sɛ wɔte nka sɛ, sɛ wotumi di wɔn nyamesom mu mpaapaemu ahorow no ho dwuma nkutoo a, ɛnde wɔn nsa bɛka asomdwoe. Nanso nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ ɔko ahorow kakraa bi na wɔko a ɛyɛ mpaapaemu wɔ nkyerɛkyerɛ ho titiriw nti. Mmom ɛyɛ nea ɛfa asetra, sikasɛm, ɔman ahye, amansɛmdi ne nsɛm afoforo pii ho kɛse. Nanso sɛ́ ebesiw akodi ahorow a ɛte sɛɛ ano mmom no, nyamesom de ne ho ahyehyɛ nsɛm ahorow yi mu na, wɔ asɔfo binom a wonni ntease pa nsam no, wɔde nkate ne nnamyɛ a ɛte sɛɛ ahyɛ nnipadɔm kɛse a wɔyɛ ‘anokwafo’ no mu ma wɔtwe atuo.

Ɛda adi pefee sɛ nyamesom adi huammɔ sɛ́ tumi ma asomdwoe. Nanso Onyankopɔn Asɛm Bible no nso ɛ? So ɛyɛ tumi ma asomdwoe ampa?

[Kratafa 15 adaka]

“Nyamesom akodi ahorow mu taa yɛ den kɛse. Bere a nkurɔfo ko wɔ ɔman ahye ho esiane sikasɛm mu yiyedi nti no, wokodu baabi a wohu sɛ ɔko no ho nni mfaso na enti wogyaa mu ma ɛka. Bere a nea ɛde ba no yɛ nyamesom no, ɛte sɛnea sɛ́ wobegyaa mu ma aka ne sɛ́ wɔbɛka abom yɛ bɔne.”​—Roger Shinn, asetra mu nsɛm ho ɔbenfo, Union Theological Seminary

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena