So Wiase Bɛba Awiei wɔ Nuklea Ɔsɛe bi Mu?
Will Earth Be Ruined in Nuclear War?
WƆKYERƐ sɛ ebedu afe a etwaam 1982 no na aman a wɔwɔ “nuklea akode” no aboaboa nuklea nsraman a anyɛ yiye koraa no,ne dodow bedu 50,000 ano. Sɛ wɔka akode ahorow yi nyinaa bom a ano den bɛyɛ sɛ ɔtopae a United States towee wɔ Hiroshima, Japan, wɔ August 1945 mu no ahorow 1,600,000.
Sɛ wogyae atopae a ano yɛ den yi 300 pɛ mu kogu faako a nnipa dɔɔso kɛse wɔ United States wɔ ɔko bi mu a, ebetumi akunkum nnipa a wɔwɔ hɔ no ɔha mu nkyem 60, na adan mmeae ahorow akɛse amamfo a wɔyɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnyɛ yiye. Amerikafo susuw sɛ atopae a ano yɛ den kɛse no 300 yɛ akode a Rusia aboa ano wɔ n’akode korabea no ɔha mu abiɛsa pɛ. Saa ara na Amerikafo asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛsɛe Rusiafo nso nen.
Bere a amansɛmdifo mpanyimfo de ahopere boaboa akode ahorow ano no, wɔkɔ so bɔ wɔn ho kɔkɔ denneennen sɛ ɛsɛ sɛ da bi wiase tumi horow no “bom hyia na wɔte wɔn ho ase sɛ akodeyɛ bere no aba awiei, na ɛsɛ sɛ adesamma abusua no ma wɔn nneyɛe ne nokware yi hyia anyɛ saa a wɔn ase bɛtɔre,” saa na Ɔmampanyin Dwight Eisenhower kae wɔ 1956 mu. Mfirihyia aduonu anum akyi, wɔ ɔmampanyin Jimmy Carter kasa a ɔne ɔmanfo de dii nkra mu no, ɔdaa osuro adi sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ nnipa bi fi nuklea ɔsɛe bi mu ka a, “wɔbɛtra ase wɔ abasamtu mu wɔ anibuei bi a adi ne ho dɔm a wɔyɛ biribiara wɔ n’amanfo so a ɛnyɛ yiye so.” Rusia mpanyimfo gye tom sɛ nuklea akodi kyerɛ “wiase ɔsɛe.”
Ná Albert Einstein yɛ abɔde ho nyansahufo “ankasa” a ɔhwehwɛɛ nimdeɛ esiane nokware nti. Saa nhwehwɛmu no ma ohuu ɔkwan a wɔbɛfa so abue ahoɔden a ɛwɔ atom mu a ennya mfii adi no. Sɛ wubue atom mu anaasɛ woka bom a ahoɔden a ano yɛ den a etumi sɛe ade a ɛso ara yiye fi mu fi. Ahoɔden a efi mu fi no ano yɛ den dɛn? Ahoɔden a efii ɔtopae a wɔde sɛee Hiroshima de no mu fii no mu duru bɛyɛ sɛ nkaribo fã mu fã ketewaa bi.
Wɔ 1950 mu, mfe abien ansa na wɔresɔ hydrogen anaa thermonuclear ɔtopae a edi kan no ahwɛ no, Einstein bɔɔ kɔkɔ sɛ “wɔama biribi a ɛsɛe mframa na enti ɛbɛsɛe nkwa biara wɔ asase so aba a mfiri ho animdefo betumi ayɛ.”
Wiase mpanyimfo gye tom sɛ wɔ mfirihyia 6,000 a wɔde anya “anibuei” no mu no, ade a ɛyɛ hu ho asiane a ɛte sɛɛ bi mmae da. Afei de onipa nsa aso biribi a ano yɛden mu a obetumi de akum ne ho. Wobetumi asɛe nkwa nyinaa wɔ nuklea atopae ho apereperedi bi mu.
Asase Okyinsoromma yi betumi asɛe: Wɔ nea ennu anibu fã mpo mu no, nkurow akɛse nyinaa dan huruhurow. Tokuru a emu dɔ sen aborosan atenten kyerɛ faako a ɔtopae a ano yɛ den kɛse fi paee. Awia duru sum bere a suwisiw kumɔnn kata asasepɔn so na ɛtɔ gu asase so sɛe ade no. Akraman ne mpɔnkɔ ne nnipa a wɔahyehyew nsõ a egugu hɔ. Sɛ nnipa bi ka a, mframa bɔne no kunkum wɔn. Sɛ ebinom ka ara a, wɔtɔ ntintan wɔ ahodwiriw mu kɔ wiase bi a nea wonim biara nnim-aduan, ntama, kanea, ahoɔden, ahotew, nkitahodi, aduyɛ, abusua, nnamfo, polisifo, aban—anibuei.
So ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so akwati?