So Ɔkwan Biara Nni Hɔ a Wɔbɛfa So Akwati Nuklea Akodi?
Will Earth Be Ruined in Nuclear War?
NEA yɛaka ho asɛm wɔ ase ha no nyɛ ɔkasa bi a nyamesom kuw bi a ɛyɛ katee ma. Ɛyɛ nnipa a wɔde mfe pii aboaboa nhwehwɛmu ahorow a ɛkɔ akyiri yiye ne aban amanneɛbɔ ahorow a ɛfa tumi a enye a nuklea akodi nya wɔ nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa so ho ano no nsusuwii a emu da hɔ.
Sɛ́ yɛbɛkae Hiroshima sɛ nhwɛsode a yebegyina so ahu sɛnea atopae a ano yɛ den kɛse 1,000 a wogyaa mu gu aman ahorow so kɛse bɛyɛ no ne nea nuklea ɔsɛe a yɛka ho asɛm no kyerɛ.
Ɛyɛ akomatu kɛse, nea wususuw ho a ɛma ehu kɛse ka wo araa ma nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wobeyi afi wɔn adwene mu, wɔbɛyɛ wɔn ho sɛnea ade a ɛyɛ hu biara nni hɔ, wɔbɛtra ase wɔ tebea a ɛne, ‘didi na nom na ɔkyena na woawu’ mu. Wɔbɛyɛ wɔn a sɛ asiane foforo biara si a wonhu na wɔnte nka nso. Ɛte sɛnea wontumi nyɛ ho hwee no. Ɛte sɛnea gyama tumi bi a ɛsen onipa de na epiapia onipa kɔ tebea a ɔno ankasa bɛsɛe ne ho wom mu no.
Nyansahufo rentumi nnye akyinnye biara sɛ onipa nsa nkaa tumi a ɔde bɛsɛe n’ankasa ho. Nanso wɔn a wɔbɛka adesamma ho akɔ ne mmoa ne ntakraboa. Wɔn a ɛda adi sɛ ebia wɔbɛka ne mmoawa ahorow bi a tebea a wontumi nyɛ ho hwee a wɔnam mu no bɛma wɔawuwu ntɛm no. Afifide a afumduan, awi ne afoforo ka ho bɛsɛe. Nnua na edi kan na sare atwa to. Ɛbɛhohoro nneɛma bɔne ahorow akogu nsu ahorow no mu na ama afifide a ɛwɔ mu no awuwu na asɛe mframa pa a ɛwom no na ama nam a ɛwowom no awuwu. Nneɛma a nnipa ayɛ nyinaa—adan, mfiridwuma ahorow, nniso ahorow ne ade—ne wim tebea horow nyinaa bɛsakra ko- raa.
Adesɛe kɛse a ɛte sɛɛ bɛyɛ hu. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɛbɛba, sɛ mmeae ahorow aduoson asia a wɔyɛ nuklea akode wɔ United States no ka mmeae ahorow 10,000 a Rusiafo de ayɛ wɔn botae a wɔbɛsɛe no no ho a? Sɛnea Scientific American kyerɛ no, mmeae akɛse a wɔyɛ ɔtopae yi biako pɛ a ebebu no de nneɛma ahorow bɛba a ɛremma wontumi ntra asase a ɛsõ yiye so mfe dudu pii. Ɛbɛba abɛyɛ mfutuma a ɛforo ko wim na etwa asase ho hyia kosi sɛ asram ne mfe bi akyi no ɛsan ba bɛsɛe asase no nyinaa ani no fã. Bere tenten ansa na eyi bɛba no na ɛho nneɛma ahorow no asɛe asase, mframa ne po, na ahwirow nkwaa ahorow, nnompe, ntini ahorow, nnua ne nhaban biara a nkwa wom mu.
Nea ebefi eyi mu aba ne mfutuma a ɛne amununkum bedi afra wo ahunmu na abɛ- kata okyinsoromma no so na ama asase ani ayɛ nwini. Bere koro no ara mu no asiane foforo a ebetumi abata ho ne mframa bɔne a ebetwa asase no ho ahyia na ɛde owia tumi bi a edi awu aba. National Academy of Sciences buu akontaa wɔ 1975 mu sɛ nuklea atopae a emu duru yɛ megatons 10,000 a wɔbɛtow wɔ atifi fam no bɛsɛe mframa pa a ɛwɔ ha no ɔha biara mu 70, na asɛe bɛyɛ ɔha biara mu 40 wɔ anafo fam. US Department of Defense ne Energy Research and Development Administration de asɛm no ba awiei sɛ: “Sɛ ɛnyɛ nneɛma ahorow na ɛbɔ mframa bɔne no ho ban a, anka nkwa, sɛnea yenim no nnɛ yi no, rentumi ntra ase, gye sɛ, ebia wɔ ɛpo mu.”
Nyansahufo rehu sɛ nneɛma a nkwa wom ne nneɛma a nkwa nnim a atwa wɔn ho ahyia no dan wɔn ho wɔn ho. Bere a dɔte, nsu ne mframa ayɛ nneɛma a ɛho hia ma nkwa no, ɛda adi sɛ nkwa yɛ nea ɛho hia ma dɔte, nsu ne mframa. Ɔbenfo Michael Mc-Elroy a ɔwɔ Harvard’s Center for Earth and Planetary Physics no gye di sɛ awo nhyehyɛe, nneɛma ahorow a ɛkɔ so wɔ nipadua no mu ne nneɛma ahorow a enye a efi nipadua no mu no ne nneɛma atitiriw a ɛma nneɛma a ɛho hia te sɛ mframa pa a wɔfrɛ no oxygen, afei nea wɔfrɛ no carbon ne nitrogen no kɔ so, ne mpo mframa ankasa a. ɛwo ahunmu no.
Enti sɛnea asase no nneɛma kɔ so ankasa no gyina abɔde ko a wɔwɔ so no so.
Beae a yɛte yi yɛ okyinsoromma a wɔahyehyɛ a nneɛma ahorow ahorow a ɛwɔ no ma ɛkari pɛ, na ɛno ankasa ma foforo ba. Asase okyinsoromma yi yɛ nea wɔahyehyɛ no yiye. Ɛkari pɛ na ɛno ankasa betumi atra hɔ daa. Ade biako a ɛwɔ so a ɛrehaw adwene ne onipa. Mprempren ɔresɛe abɔde ahorow a ɛwɔ so no wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so da biara. Ɔbɛsɛe ne fã ketewaa biara a ne nsa bɛka esiane adifude mfaso nti. Nanso mprempren ɛnyɛ ne fã ketewaa bi nko na wama ayɛ hu na mmom ne nyinaa.
Obetumi asɛe asase no pasaa.
[Kratafa 7 mfoni]
Wɔn a wohu onipa adifudepɛ ho amane
[Kratafa 7 adaka]
“Munhu sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.”—Dwom 100:3.