“Wammɔ No Hunu“
Will Earth Be Ruined in Nuclear War?
NEA enti a Yehowa Adansefo tintim nsɛmma nhoma yi biako ne sɛ ɛbɛma n’akenkanfo anya awerɛhyem sɛ wiase remma awiei wɔ nuklea ɔsɛe mu. Sɛ́ ebia ɔman biako anaa aman pii bɛsɔ wɔn nuklea atopae no ahwɛ no de, yennim. Nanso nuklea ɔsɛe de—yɛnhwɛ kwan. Ɛno bɛsɛe asase no. Ɛba saa a Onyankopɔn adebɔ adwuma no bɛsɛe. N’asɛm no ka no pefee kyerɛ yɛn sɛ: “Wammɔ no hunu.”—Yesaia 45:18.
Yegye di sɛ nea Onyankopɔn Ba no kae no yɛ nokware bere a ɔkae sɛ wɔn a wodwo benya asase no adi no.
Yegye di sɛ Agya, ɔbɔadeɛ Nyankopɔn no bɔe sɛ wɔntra so—wo trenee mu.
Mateo 5:5 ne Yesaia 45:18 de bɔhyɛ ahorow yi ma wɔ ahotoso mu araa ma Yehowa Adansefo de bɛyɛ nnɔnhwerew 1,000,000 da biara wɔ afe a etwaam no mu kɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ nsase horow bɛboro 200 so de Bible bɔhyɛ ahorow no yii ehu a aka nnipa ɔpepem pii no fii hɔ.
Sɛ nnɛ nnipa a wɔn adwene mu da hɔ hu sɛnea onipa adi asase so no a, ɛma wɔn ho wosow. Mprempren onipa kura nkwa wɔ ne nsam. Ehia sɛ wɔbɔ asase ho ban fi onipa nsam.
Sɛnea onipa resɛe asase no mprempren no nyɛ ɔkwan a wɔkyerɛe sɛ ɔmfa so nni so. Sɛnea ɛbɛyɛ na onipa atumi anya mfiase pa, na wakyerɛ onipa sɛnea ɛsɛ sɛ odi asase so no, “[Yehowa] Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.”—Genesis 2:15.
Ɛho wɔ mfaso kɛse sɛ yɛbɛhwɛ mfiase a ɛyɛ nwonwa wɔ paradise hɔ no mu yiye: Nea edi kan no, “[Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”—Genesis 2:7.
Ná onipa gyina ne Bɔfo anim, a wɔ nipadua mu no ɔyɛ obi a wanyin, nanso na onni osuahu ne nimdeɛ biara. Onyankopɔn bɔɔ ɔbea no nso a na wanyin.
Abɔde a wɔwɔ nkwa a wotwa to wɔ asase so ni a wofi honhom mu asiesie wɔn ma wɔadi atirimpɔw kɛse bi ho dwuma: “Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne asase nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.”—Genesis 1:26.
Nyansa mu no, ntetee no de Adesua a Edi Kan na efii ase: ‘Nkwa a mubenya gyina tie a mubetie nea mekyerɛ mo no so. Mayɛ biribiara esiane atirimpɔw bi nti ne sɛnea nnyinasosɛm ahorow pɔtee bi a mede asi hɔ no te. Biribiara a ɛho hia sɛ muhu no mɛkyerɛkyerɛ mo. Munnnya adwene sɛ mo ankasa mobɛkyerɛ mo ho kwan. Ɔkwan a ebia ɛbɛyɛ mo ani so sɛ ɛteɛ no kɔ owu mu.’ (Dwom 36: 9; Yeremia 10:23; Mmebusɛm 3:5, 6) Asɛm a ɛwɔ Bible mu no nyinaa da no adi sɛ na eyi ne ntease a ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea no nya fi asɛntiaa no mu sɛ: “Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”—Genesis 2:17.
Ɛmfa ho sɛ mfe ɔpepem ahe ara na ebia asase no de atwa ne ho wɔ ahunmu; ɛmfa ho sɛ mmeresanten ahe ara na Onyankopɔn de bɔɔ nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ so no, bere no bae a ɔdanee ɛso hwɛ hyɛɛ onipa nsa. Ná onim sɛ ɛrenkyɛ saa abɔde a ɔwɔ adwene ne ɔpɛ yi betumi anya asase so abɔde no so tumi koraa. Nanso mprempren onipa afa saa tumi yi a okura ɔsɛe adwene.
Sɛ wo ne asase no bɔfo a, anka dɛn na wobɛyɛ? So wubegyaw ama nnipa a wosusuw sɛ wiase amammui tumidi biako ho hia kɛse sen Onyankopɔn nsa ano adwuma no yiyedi no anaa?
Atomik ɔtopae a wɔbɛtow nyɛ nea nnipa a wɔwɔ adwempa na ɛsɛ sɛ wosusuw ho si gyinae. Sodifo tirimɔdenfo bi a wasɛe betumi afi ase. Anaasɛ nsɛmmɔnedifo kakraa bi betumi ayɛ saa. Anaasɛ mpo denam nsapa so. Wɔ nnansa yi mfe yi mu no wɔama Amerika asraafo ada wɔn ho so mprɛnsa wɔ ntoa ho ahunahuna ho. Ɛbae saa mprenu esiane mfomso ketewaa bi a ɛbae wɔ afiri bi baabinti. Obi dii mfomso bere bi de biribi a wɔakyere agu hama so a ɛfa nsraman ahorow a wɔde di ako ho hyɛɛ afiri mu a ɔrebɔ—ɛmaa Atifi fam Amerika Wim Asraafo dɔm no bɔɔ hu susuwii sɛ ɛyɛ asɛm ankasa a asi!
Yiw, sɛ wo na wobɔɔ asase a, so anka wubegyaw ahyɛ nnipa a wobetumi asɛe no bere biara mu nsa?
Nnipa ne amanaman no di fɔ wɔ asase Wura no anim. Wofi wɔn pɛ mu ne adwemmɔne mu de nuklea ɔsɛe ho asiane ba okyinsoromma yi so. Wɔn mu biara nni hɔ a obedi bem sɛ ɔbɛka sɛ ɔtow nuklea ɔtopae no de bɔɔ ne ho ban wɔ nea ɔfoforo towee ho. Nsɛmma nhoma kyerɛwfo Jonathan Schell kae sɛ: “Ɛyɛ adeyɛ foforo a nyansa nni mu wɔ nuklea ho asiane no mu sɛ bere a ɔfã biako bu nnipa a wɔwɔ ɔfã foforo no sɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm wɔ nniso a ɛnteɛ ase no, wɔn mu biara bɔ ne tirim sɛ ɔbɛtwe nniso foforo no aso denam nnipa a wɔrehu amane na wɔrehyɛ wɔn so dedaw no a ɔbɛsɛe wɔn no so.”—The New Yorker, February 8, 1982.
Onyankopɔn remma kwan ma wɔnsɛe asase. Ɔde ne ho bɛgye mu. Ɔbɛyɛ saa ɛwom mpo sɛ ɛno ma ɔman biara a ɛwɔ okyinsoromma yi so bo fuw de: ‘Amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ . . . wobɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
Ebia wobɛte sɛ ebinom di nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm no mmamu wɔ nnɛ bere yi mu no ho fɛw. Wiɛ, ma wonnye ne mmamu no ho kyim. Ma wɔmfa nneɛma nni agoru. Nanso te sɛ nea nnipa biara rentumi nnya nkwa wɔ wiase nyinaa nuklea akodi a wɔn ankasa de bɛba mu no, saa ara na worentumi nnya nkwa wɔ “Onyankopon, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu.—Adiyisɛm 16:13, 14, 16.
Saa ɔko no beyi amammui nhyehyɛe ahorow a ɛte sɛ aboa no afi asase so koraa a “asase so ahene ne wɔn dɔm” ka ho. Bere a aba awiei no wɔde Satan ɔbonsam bɛto bun mu. Ɛyɛ ɔko a nyiyim wom. Ɛbɛkora ahobrɛasefo a wowɔ asase so no so. Wɔbɛtra asase a ɛso atew so, ɛnyɛ asase a wɔayɛ so fĩ so. Yiw, asase a wɔbɛma ayɛ fɛ wɔ trenee nhyehyɛe foforo a wobefi soro adi so ase.—Adiyisɛm 19:19.—20:3; 7:9, 10, 13-17.
Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ ahotoso sɛ wɔrensɛe asase wɔ nuklea akodi mu, anaasɛ denam ɔkwan foforo biara a onipa wɔ so? Efisɛ, ɛwom sɛ wɔ ne nyinaa mu no Adam mma adi asase so wɔ ɔkwan a ɛnsɔ n’ani so de, nanso wɔn a wodwo na wokyerɛkyerɛ wɔn a ɛyɛ yiye na wobetumi ama wɔabɛfa Ɔbɔadeɛ no kwan so wɔ hɔ. Wofi wɔn pɛ mu pɛ sɛ wodi n’atirimpɔw sɛ wɔntra asase so na wɔnhwɛ so wɔ ɔkwan a ɔbɔɔ ne tirim no so no ho dwuma.—Dwom 37:34.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Yegye di sɛ nea Onyankopɔn Ba no kae no yɛ nokware bere a ɔkae sɛ wɔn a wodwo benya asase no adi no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Sɛnea onipa resɛe asase no mprempren no nyɛ ɔkwan a wɔkyerɛe sɛ ɔmfa so nni so
[Box on page 11]
“Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, . . . Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. Monsom [Yehowa] osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu.”—Dwom 2:1, 2, 10, 11.