Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Asase Okyinsoromma Yi?
WƆ NNANSA yi mfe yi mu no, nnipa pii a wosusuw nneɛma ho yiye anya adwene a ɛyɛ hu wɔ daakye ho. Sɛ́ ofi ma adesamma no, wote nka sɛ okyinsoromma a ɛyɛ Asase yi betumi asɛe. Ade biako nti a wɔte nka saa ne nuklea ɔko ho hu no.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a nkurɔfo ahaw saa no. Wiase aman a wɔwɔ tumi kɛse no wɔ nuklea akode mpempem pii a ebetumi ama wɔatɔre nnipa ase na wosuro sɛ wɔde bedi dwuma da koro. Ɔman kɛse bi kannifo kae sɛ nea ɛbɛyɛ biara Wiase Ko III bɛba, ɛmfa ho sɛ wɔde nuklea akode di dwuma anaasɛ dabi.
Afoforo te nka sɛ, sɛ nuklea ɔsɛe amma mpo a, asase no daakye wɔ asiane mu esiane mframa ne nsu a wɔasɛe no ne nnipa a wɔredɔɔso dodo wɔ wiase nyinaa no nti. Mfe abiɛsa nhwehwɛmu a U.S. aban mpanyimfo yɛe no kae sɛ: “Nea ɛrekɔ so mprempren no bɛma nnipa adɔɔso dodo na wɔasɛe nsu ne mframa kɛse wɔ wiase no mu na emu nneɛma nso bɛsakra kɛse na ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wiase bɛsɛe asen sɛnea ɛte mprempren wɔ afe 2,000 mu.”
Wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu no wɔ mfe pii a atwam no mu. Efi saa bere no reba no, nneɛma akɔ so te sɛ nea wɔkyerɛe no.
Ɛdefa eyi ho no, Australiani nyansahufo bi kae sɛ: “Ahunmu nneɛma resɛe kɛse na gye sɛ yɛyɛ ho biribi wɔ mfe du a edi hɔ no mu, anyɛ saa a ɛbɛyɛ nea aka akyi dodo.” The Bulletin a wotintim wɔ Sydney, Australia no nso kae sɛ: “Wiase no mu nnipa a woredɔɔso dodo no kyerɛ sɛ ɔhaw ahorow a ɛrenya nkɔanim kɛse wɔ yɛn anim ma nnipa a wɔtete mmeae ahorow a nnipa adɔɔso dodo wɔ hɔ mpo dedaw no.”
Esiane nokwasɛm ahorow yi nti, Australia aban panyin bi kae sɛ: “Mereka akyerɛ wo sɛ ma asemmisa titiriw yi ntra w’adwenem: so ɛbɛyɛ nea wiase bi wɔ hɔ ma wo anaa wɔ mma wɔ mfe aduonu mu anaasɛ asase no bɛdan okyinsoromma a ahyew a asɛe a hwee nni so a etwa ne ho wɔ ahunmu? Ɔkyerɛwfo Jonathan Schell nso bɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wɔannya ano aduru a, nea ɛbɛba ne sɛ “nnipa rentraasase no so bio, na obiara nni hɔ a ɔbɛkae sɛ wɔayɛ saa pɛn.”
Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a ɛbɛma daakye ayɛ hu wɔ hɔ, sɛ nea ɛrekɔ so mprempren no annyae a. Sɛ asase no anhyew wɔ nuklea ɔko mu a, nnipa bɛdɔɔso wɔ so pii dodo, wɔbɛkɔ so asɛe ɛso nsu ne mframa kɛse na nneɛma ahorow a ɛwɔ sa no bɛkɔ so asa. Ahiafo bɛdɔɔso asen wɔn a wɔwɔ hɔ dedaw no. Akyinnye biara nni so sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ nso benya nkɔanim kɛse asen nea ama ehu aka nkurɔfo dedaw no.
Hena no Ɛsɛ sɛ Ɔkyerɛ Nea Daakye Bɛyɛ?
Sɛ na ɛyɛ nokware sɛ nnipa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔn daakye bɛyɛ a, anka wɔn anidaso bɛyɛ awerɛhow. Nanso nea nnipa pii bu wɔn ani gu so ne eyi: Ɛnyɛ nnipa na wɔbɛkyerɛ nea Asase okyinsoromma yi daakye bɛyɛ! Wɔakyerɛ nea ne daakye bɛyɛ dedaw—ɛnyɛ nnipa na wɔkyerɛe! Nanso sɛ ɛnyɛ nnipa a, ɛnde na ɛyɛ hena?
Wiɛ, hena na ɔbɔɔ asase sɛ ofi maa nnipa? Mmuae a ɛyɛ nokware no wɔ Bible a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ a efi honhom mu ma adesamma no mu. Ɛka “nokware Nyankopɔn, Yehowa” no ho asɛm sɛ “Nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo.”—Yesaia 42:5, NW; 2 Timoteo 3:16, 17.
So Bible no kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa wɔ n’atirimpɔw ma asase yi ne nnipa a wɔte so no? Yiw, ɛka saa. Nokwarem no, asɛmti titiriw a ɛwɔ Bible no nyinaa mu fa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma Asase okyinsoromma yi ne sɛ,‘ ɔbɛma n’atirimpɔw anya mmamu ampa no ho. Asase no a ɔbɛma kwan ma adan ayɛ nea ahyew dwerɛbee anaasɛ nea ɛso mframa ne nsu asɛe a nnipa adɔɔso dodo wɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsɛe nka saa atirimpɔw no ho.
Mmom no, nsakrae kɛse bɛba wɔ nneɛma a ɛrekɔ so mprempren a ɛfa mframa ne nsu a wɔresɛe no ne nnipa a wɔredɔɔso dodo wɔ asase so ne adesamma ankasa a wobetumi asɛe wɔn ho denam nuklea ɔko so ho no mu. Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi pefee ne sɛ ‘wɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Wɔ bere koro no ara mu no, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ wobegye tumidi afi nnipa nsam na wɔde ahyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde ma no a ɔne Ɔbɔadeɛ no nsa.—Daniel 2:44.
Yɛwɔ bɔhyɛ a efi soro a ɛkyerɛ sɛ asiane a ɛne yɛn asase yi so nneɛma a wɔbɛsɛe no pasaa no remma. Onyankopɔn nam odiyifo Yesaia so hyɛ bɔ sɛ “wammɔ [asase] no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”—Yesaia 45:18.
Daakye a Anidaso Wom
Nea ɛyɛ anigye no, Kyerɛw Kronkron no ma yenya daakye ho adwempa kɛse. Efi mprempren rekɔ no, adesamma bɛtra nkwa mu wɔ asase so wɔ mfe 20, 30 mu ne daa daa. Okyinsoromma a ɛne Asase yi rennan “okyinsoromma a ahyew a hwee nni so” sɛnea Australia aban panyin bi bɔɔ kɔkɔ no. Na yebetumi de yɛn ho ato asase no Bɔfo bɔhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛn okyinsoromma no ne adesamma abusua no benya nkwa efisɛ Ɔbɔadeɛ a ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ no na ɔwɔ tumi a enni awiei na ɛnyɛ onipa.
Enti ɛwom sɛ nnipa pii a wɔwɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no suro sɛ wɔn ankasa bɛsɛe wɔn ho anaa asase no bɛsɛe denam mframa ne nsu a wɔasɛe no ne nnipa a wɔadɔɔso dodo no so de, nanso wɔremma kwan ma wɔnnyɛ saa. Onyankopɔn ankasa Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Adwene pii wɔ onipa komam, nanso [Yehowa] agyinatu na ebegyina.”—Mmebusɛm 19:21; hwɛ Yesaia 46:10; 55:11 nso.
Nanso sɛ ɛyɛ nokware sɛ asase no rensɛe a, ɛnde dɛn na asɛm a wohu wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu wɔ Mateo 24:3 a ɛne “wiase awiei” no kyerɛ? Dɛn ne wiase a wɔaka ho asɛm sɛ ɛrekɔ awiei no? Bere bɛn na ɛbɛba? So nnipa bi benya nkwa? Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ susuw asɛm a edi so yi ho na ama woanya nsemmisa a emu dɔ a ɛte sɛɛ ho mmuae.