Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 5/8 kr. 19-20
  • Awerɛkyekye A Mehwehwɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye A Mehwehwɛe
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”
    Nyan!—1989
  • “Woannye Mogya a Wubewu!”
    Nyan!—1984
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 5/8 kr. 19-20

Awerɛkyekye A Mehwehwɛe

Ɔdɔfo Pa Joan,

Me din de Marion. Mihyiaa wo nuabarima Tom, aberante fɛfɛ bi no, wɔ Ahenni Asa so. Enti afei ebia woahu sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

Mesrɛ wo mmfa krataa yi nto hɔ. Sɛnea Tom ka kyerɛɛ me no, asɛm a ɛtoo me no ara bi na ato wo no. Ɛne sɛ, me nso me babarima wui wɔ akwanhyia bi mu. Ná Mike adi mfirihyia aduonu abiɛsa.

Bere a me ba Mike wui no, nsemmisa pii baa m’adwene mu. Ná nnipa wu wɔ abusua no mu, nanso bere nyinaa na ɛyɛ nnipa a wɔanyinyin. Ná Mike yɛ aberante a onnyinii a ɔwɔ pii a obetumi ayɛ. Ná mintumi nte nea enti a ɛsɛ sɛ owu no ase. Mepɛ sɛ mekyerɛ wo faako a minyaa me nsemmisa no nyinaa ho mmuae ne awerɛkyekye ankasa ne ɔkwan a mefaa so nyae. Sɛ ne kan renhaw wo a, anka mɛpɛ sɛ mesan m’akyi bɛyɛ mfe bi na mikofi m’asɛm no ase wɔ hɔ.

Ná meyɛ okuafo. Esiane sɛ mekɔɔ Katolek sukuu nti; na meyɛ Katolekni a ɔbɔ mmɔden nso. Mekae sɛ na mewɔ nsemmisa ahorow pii te sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi ayɛ Baasakoro, nnipa baasa wɔ biako mu? Nanso sɛ mibisa mmea a wɔresua asɔfodi no a, mmuae a wɔtaa de ma me ne sɛ, “Hwɛ, Marion, ɛno yɛ Onyankopɔn ahintasɛm.”

Bɛyɛ sɛ mfirihyia aduonu ason a atwam ni na mihyiaa Mike papa na yɛwaree. Ná m’ase foforo no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako a na saa bere no minnim. Sɛ yɛkɔ ne fi kodidi Kwasida anwummere a, bere nyinaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Bible no ho asɛm kakra. Ná mitie, nanso meka kyerɛɛ no sɛ ɔnnhaw me, na otiei​—mfirihyia aduonu a edi hɔ no!

Afei Mike wui. Medan kɔɔ Bible no so sɛ merehwehwɛ awerɛkyekye. Mekɔɔ nnɛyi Engiresi nkyerɛase a na m’ase de ama me no mu. Na ebia wɔkyerɛw ɛno nso wɔ Hela mu ​—mante ase. Metee nka sɛ awerɛkyekye a merehwehwɛ no aba awiei a ankosi baabiara.

Me nã kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ memmɔ “Onyankopɔn nã” mpae na menyɛ nea Katolekfo frɛ no novena no sɛnea ɛbɛyɛ a Mike bɛkɔ soro. (Ɛne sɛ, sɛ Katolekni no, na ogye di sɛ obi wu a ne kra wɔ ahodwiragya mu nanso nnamfo ne abusuafo a wɔte ase no betumi abɔ mpae sɛ ɔkra no mfi ahodwiragya no mu nkɔ soro.) Enti mitiee me na afotu no. Medan kɔɔ Asɔre no so kɔhwehwɛɛ awerɛkyekye. Mekɔe sɛ wɔmmɔ Mass mma Mike, nanso hwɛ me ho a edwiriw me bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ afe wobetumi abɔ Mass mprɛnsa pɛ na ama me, efisɛ wɔwɔ pii a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma afoforo no! Mekae wɔ me tirim sɛ: ‘Ei! eyi rebegye me nkwa nna a aka nyinaa, na dɛn na ɛbɛba Mike so, sɛ miwu a?’ Awerɛkyekye a mehwehwɛe awiei a ankosi baabiara foforo nen.

Na me kunu nso ɛ? Wiɛ, nokwarem, mantumi ankɔ ɔno nso nkyɛn ankɔhwehwɛ awerɛkyekye. Mike wu no haw no kɛse. Adwennwene bɛtɔɔ no so araa ma na ɛsɛ sɛ meboa no. Enti, wɔ me fam no na ɛno yɛ awerɛkyekye a mehwehwɛe awiei foforo a ankosi baabiara.

Saa bere yi mu na mekaee sɛ me ne m’ase kasae wɔ ayi no ase wɔ fie. Mekae wɔ hɔ sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn bɛfaa Mike fii me nkyɛn kɔe? Dɛn nti na wamfa obi foforo​—obi a ɔnyɛ adwuma a ɔnenam mmorɔn so srɛsrɛ ade anaasɛ obi a ɔda afiase? Mike wɔ mpena a ne ho yɛ fɛ, ɔwɔ adwuma pa na ne ho yɛ fɛ. Ná ɔyɛ abofra pa.”

“Marion, ɛnyɛ Onyankopɔn na abɛfa Mike afi wo nkyɛn,” saa na m’ase buae na ɔde ne nsa too me kɔn mu.

Saa bere no mante nea na ɔrekyerɛ no ase. Nanso wɔ asram asia a edi hɔ no mu no saa asɛm no kɔɔ so ara baa m’adwene mu. Na mewɔ ɛyaw ne adwennwene mu a mayɛ ankonam, na mebɔɔ mpae awia ne anadwo nyinaa. Misusuwii mpo sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔka Mike ho. Enti mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho nanso anyɛ yiye. Wɔ saa bere no mu no, mifii adi kɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako akyi kwan ankasa.

Joan, ɛnnɛ a merekyerɛw wo yi, manya me nsemmisa no nyinaa ho mmuae esiane Bible no a me ne Yehowa Adansefo suae nti. Sɛ nhwɛso no:

So Onyankopɔn na ɔbɛfaa Mike fii me nkyɛn kɔe? Dabi! Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Enti, nea enti titiriw a yewu ne sɛ, yɛn nyinaa nyaa bɔne ne sintɔ fii yɛn awofo a wodi kan no hɔ. Ɛdefa nea enti a ebinom wu bere a wonnyinii ho no, Bible no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ eyi fi “bere ne akwanhyia.”​—Ɔsɛnkafo 9:11, New World Translation.

So wɔredwira Mike kra ho wɔ ahodwiragya mu? Dabi! Sɛnea Bible kyerɛ no, awufo nnim hwee. “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [adesamma adamoa mu] a worekɔ hɔ no.”​—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

So mehu Mike bio? Yiw! M’ani da so saa. Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan de adesamma a wɔawuwu no mu pii aba nkwa mu ma wɔabɛtra ase wɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo mu wɔ asase so ha! Joan, tie Yesu asɛm a ɛyɛ anigye no: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25) Ɔsomafo Paulo nso kae saa ara sɛ “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Na ɛrekyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ saa bere no wɔ asase so no, Adiyisɛm 21:3, 4 se: “Onyankopɔn . . . bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”

Bere bɛn na eyi bɛba? Joan, m’ani gyei sɛ mihui sɛ bere no abɛn. Bible no daa no adi bere tenten ni sɛ wiase nsɛm tebea horow a emu kɔ so yɛ den a yehu nnɛ no bɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” mu.​—2 Timoteo 3:1-5.

Mprempren mewɔ adwene a ɛyɛ soronko wɔ asetra ho. Manya awerɛkyekye a na mihia no, na mete nka sɛ mprempren metumi aboa afoforo a wɔahwere ɔdɔfo bi no. Metumi afi Bible no mu akyerɛ wɔn faako a wɔn adɔfo no wɔ, ne sɛ ɔhaw biara nni hɔ a ɛreba wɔn so. Metumi aka owusɔre anidaso a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm akyerɛ wɔn. Yiw, wo nso wubetumi anya anigye sɛ wobɛsan ahu wo ba no bio, na saa bere no de mobɛtra ase wɔ asomdwoe mu a ɛyaw ne awerɛhow biara nni hɔ bio.

Joan, so ɛno nyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔhwehwɛ mu? Dɛn nti na wonhwɛ Bible no mu nhwɛ sɛ ɛde awerɛkyekye a mehwehwɛe na minyae no bi bɛbrɛ wo anaa? Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya mmoa bi na ama woate ase a, m’ani begye sɛ mɛyɛ saa.

Mede besi ha ansa. Sɛ wunya bere a, ɛbɛyɛ m’anigye sɛ mɛte wo nka.

Marion

[Box on page 20]

“Bɔ onyamesom pa ho mmɔden; naɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa. Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.​—1 Timoteo 4:7-10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena