Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 28-31
  • “Woannye Mogya a Wubewu!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Woannye Mogya a Wubewu!”
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsɔɔ Yɛn Gyinabea Hwɛe
  • “Megan Te Ase!”
  • Nsan-akyi
  • Nsan-akyi Foforo
  • Asɛmpa
  • Awerɛkyekye A Mehwehwɛe
    Nyan!—1983
  • “Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”
    Nyan!—1989
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkae Yesu Wuo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 28-31

“Woannye Mogya a Wubewu!”

NÁ MERESƆRE abesiesie awia aduan bere a metee nka sɛ biribi ahuruw wɔ me yafunu mu wɔ nifa fam de rekɔ ase no. Metee ɛyaw nka kɛse, nanso misusuwii sɛ ɛbɛyɛ ɛyaw ahorow pii a ɛba wɔ nyinsɛn mu akyiri yi no mu biako.

Nanso, ɛyaw no mu kɔɔ so yɛɛ den ara. Ná me yafunu mu tutu me, na ɛyɛ den sɛ metumi anantew, ná biribi atõto kɛse. Ɔbea bi a na ne dan bɛn yɛn fi no wɔ Arlington, Texas​—adamfo ankasa wɔ amanehunu yi nyinaa mu​—de me kɔɔ ayaresabea ntɛm ara.

Meteɛɛm sɛ, “Dabi.” bere a oduruyɛfo no kae sɛ ebia awo ara kwa na aka me no. Esiane sɛ mawo mma baanu dedaw nti, na minim sɛnea awokoyaw te, na na eyi nyɛ awokoyaw. Enti wɔhwehwɛɛ nea ama aba saa no mu.

Bere a me kunu, Mike, tumi duu hɔ no, na mereteɛteɛm a meyɛ me ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ná apinisi ne nusu abu me kɔn a na ɛnyɛ ɛyaw no nko nti, na mmom esiane sɛ na ɛte sɛ nea obiara nni hɔ a ogye di sɛ biribi a anibere wom kɛse atõto wɔ me bo no nti. Nanso, Mike hwɛɛ m’anim biako na ɔdan ne ho ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ ayarehwɛfo (nurse) panyin no sɛ ɔsrɛ no ɔmfrɛ oduruyɛfo mmra ntɛm ara​—oduruyɛfo biara. Bere a oduruyɛfo a na ɔwɔ hɔ no bae no na ɛnyɛ ne nko na ɔnam. Ná nnuruyɛfo afoforo a m’ankasa oduruyɛfo a ɔhwɛ me ka ho na wɔbae.

Obiako de ne nsa too me yafunu so brɛoo. Meteɛɛm. Ne nsa a ɔde kaa me kakraa bi no te sɛ sekan a ɔde repaapae me mu. Oguu ahome kae sɛ: “Me Nyankopɔn! Anyɛ yiye koraa no mogya bɛyɛ ntupan abien akogyina ne yam mprempren ara. Ebia ɛbɛyɛ sɛ akyiri ade no atew afi awode no ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ na oprehyɛn na yeyi abofra no ntɛm ara.”

Medanee m’ani kyerɛɛ me kunu mpofirim ara na mekae sɛ, “Oo, Mike, mempɛ mogya!”

Wɔsɔɔ Yɛn Gyinabea Hwɛe

Mike de nnuruyɛfo baasa no gyinaa nkyɛn brɛoo sɛnea obetumi, na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn adwene wɔ mogya ho sɛ Yehowa Adansefo no mu kyerɛɛ wɔn tiawa.

Ɔkae sɛ: “Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma hyɛ Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho. Ɛno kyerɛ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi mogya biara ho. Biribiara nni hɔ a ɛbɛma me yere agye mogya.”​—Asomafo no Nnwuma 15:20, 29.

Sɛnea na nnuruyɛfo no kyerɛ no, na me mogya so atew ma ɛyɛ hu. Bere a wɔde me kɔe no na ɛso atew kɛse de, nanso afei de na wogye di sɛ ɛso atew koraa.

Afei na na asɛm a ɛte sɛnea wɔn yam hyehye wɔn wɔ ho ma me no adu hɔ, nanso mede, na minim sɛ ɛyɛ nea wɔde rehunahuna me ara kwa. “Sɛ woannye mogya a wubewu, so wunim saa?” saa na oduruyɛfo biako bisae.

Mibuae sɛ: “Yiw, nanso merentumi mmu Onyankopɔn mmara ne m’ahonim so.”

Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛka sɛ: “Yiw, minim sɛ ebia mewu.” Metee sɛ ɛte sɛnea manya ahotɔ bi, efisɛ minim sɛ awufo asom adwo wɔn wɔ ɔdamoa no mu, ne sɛ, owu te sɛ da a obi ada. Na masua afi Bible no mu sɛ awufo de, “wonnim biribiara.”​—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Ade biako pɛ a ɛmaa me werɛ howee ne me kunu ne me mma no a meregyaw wɔn hɔ no ho adwennwene. Me koma kosii Mike so. ‘Dɛn na ɔbɛyɛ de ahwɛ mmofra (a wɔreba abɛyɛ) basaa no? Me wu no bɛka me mmabea no dɛn?’ Saa na misusuwii. Wɔ me fam de, na ɛyɛ nea ɛnyɛ den. Sɛ́ ebia menyan wɔ ayaresabea ha, anaasɛ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu denam owusɔre no so. M’abusua no na ɛbɛyɛ den ama wɔn.

Esiane sɛ na wɔrebɛyɛ me oprehyɛn a mogya nka ho nti, wɔmaa me de me nsa hyɛɛ krataa bi ase a na ɛkyerɛ sɛ wɔremfa nea ebesi biara ho asodi nto ayaresabea no ne nnuruyɛfo no so, na simma 15 akyi no wɔde me kɔɔ beae a wɔyɛ oprehyɛn no. Mewoo Megan anwummere 6:01, a na ne mu duru yɛ nkaribo anum ne kakra. Wɔde no kɔtoo faako a mmofra a wɔn tebea mu yɛ den wɔ no.

Afei oduruyɛfo no pue fii oprehyɛn dan no mu na ɔbɛka kyerɛɛ Mike sɛ ade atɔ me so. Ná wonhu faako a mogya a ɛretu me no fi, na sɛ wanhu no ntɛm ara a, mogya no betu me araa ma mawu wɔ ɔpon a wɔyɛ oprehyɛn wɔ so no so.

Mike fii ase kae sɛ: “Mepa wo kyɛw, yɛaka akyerɛ wo dedaw sɛ yɛmpɛ mogya, sɛ Sherry wu mpo a. Sɛ meka sɛ yiw, fama no a, ɛnyɛ bu nko na mebu nea migye di no so na mmom mebu me yere ahonim nso so. Merentumi nyɛ saa ntra ase. Ɛnyɛ gyinae a mprempren ara na yɛasi. Yɛasi gyinae a ɛte sɛɛ dedaw bere tenten a atwam a egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so. Nneɛma afoforo wɔ hɔ a wubetumi de adi dwuma, te sɛ blood-volume expanders.”

Ɛwom sɛ ɔne yɛn anyɛ adwene wɔ yɛn gyinaesi no ho de, nanso ɔhyɛɛ me kunu bɔ sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa a ɔmfa mogya nni dwuma.

Nsɛnnennen betumi ama nsusuwii a ɛteɛ nyinaa ayera. Gyinae a ɛte sɛɛ a morensi dedaw kosi bere a mubehyia asɛm a ɛte sɛɛ no betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ obi begyaa mu bere a nnuruyɛfo ne nnwumayɛfo a wɔwɔ ayaresabea rehyɛ wo wɔ ho no. Ɛyɛ m’anigye sɛ me ne me kunu huu hia a ɛho hia sɛ yebedi kan asi gyinae a ɛte sɛɛ ato hɔ sɛ yebegyina pintinn wɔ tebea horow a emu yɛ den a ɛte sɛɛ mu no.

Oduruyɛfo no san baa oprehyɛn dan no mu ho na ohuu nea ama mogya retu me kɛse no​—awode no mu ntini bi a ɛda adi sɛ nyinsɛn ahorow a edi kan no ama ayɛ mmerɛw ho a apae. Wɔpam faa so mpɛn 20 ansa na ɛreyɛ yiye. Ɛwom sɛ na nea ɛboro mogya a ɛwɔ me mu no fã kɔ de, nanso nnuru ahorow a mogya nnim a wode maa me no boae kɛse.

Oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me kunu sɛ: “Asɛm a emu yɛ den mprempren ne yare foforo a ebia ɛbɛka no.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yare biara a ɛbɛka me no bekum me, efisɛ me mogya so atew dodow a ɛrentumi nko ntia ɔyare biara a ɛbɛbɔ me. Ɔkamfo kyerɛe bio sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma me mogya.

Mike bisae sɛ: “So wokyerɛ sɛ wubetumi ahyɛ bɔ sɛ, sɛ woma no mogya a ɔrenya nyarewa ahorow te sɛ atiridiinini a wɔfrɛ no borɔfo mu hepatitis anaasɛ biribi foforo?

Oduruyɛfo no buae sɛ, “Dabi.”

Mike kae sɛ mannye mogya no mmom a ɛremma nyarewa ahorow a ɛtete saa no nka me. Oduruyɛfo no gye toom sɛ ɔbɛpene gyinae a me kunu asi no so.

“Megan Te Ase!”

Nnanu twaam a na minya nhuu me ba amawo no foforo no. Ɛwom sɛ na woaka akyerɛ me sɛ me babea no te ase a ɔyare denneennen de, nanso metee nka wɔ me mu sɛ wawu. Bere a me wɔfa fii Houston bae a okura afiri a wɔde twa mfonini no, Mike nyaa adwene bi. Osusuw ho sɛ, ‘Sɛ Sherry nya biribi a ɛkyerɛ sɛ Megan te ase a, eyi bɛboa no ma ne bo ayɛ no den.’ Enti ɔsrɛɛ me wɔfa afiri a wɔde twa mfonini no na ɔka kyerɛɛ ɔyarehwɛfo a ɔwɔ hɔ no sɛ ontwa Megan mfonini mma no. “Ɔte ase ankasa!” saa na meteɛɛm a na m’ani agye kɛse sɛ mahu me ba kumaa Megan nea edi kan, sɛ ɛyɛ mfonini kɛkɛ mpo a. Ɛsɛ sɛ minya nkwa, efisɛ ɛnyɛ m’abusua no mufo a wɔaka nko na wohia me na mmom abofra kumaa yi nso.

Minyaa ayarehwɛfo ne nnuruyɛfo a wɔbɔ mmɔden yiye. Ɔyarehwɛfo panyin a na ɔwɔ mmofra a wɔn tebea mu yɛ den hɔ no bɔɔ me Megan nkɔso ho amanneɛ mprenu da biara, ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea mfaso biara nni so mma me.

Ɛrebedu da a ɛto so anan no so no, metee nka sɛ me ho ye kakra. Me mogya no resan ayɛ yiye. Nneɛma yɛɛ nea awerɛkyekye wom a na ɛno ne nea edi kan fi bere a m’amanehunu yi fii ase no. Nanso na Mike abrɛ. Nnanu a etwaam no nyinaa na ogyina me nkyɛn awia ne anadwo. Afei de na obetumi akɔ fie akɔhome.

Ɛda a ɛto so anum no de na me ho ye koraa a na wobetumi ayiyi nneɛma ahorow a wɔde hyehyɛɛ me hwene mu ne ade da a etia abien no nyinaa. Hwɛ m’ani ara a egyei bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ metumi akɔ faako a mmofra a wɔn tebea mu yɛ den wɔ no! Ná metumi aso me ba Megan mu adi ne ho agoru a na ɛno ne nea edi kan. Ɔno na ɔda hɔ ketewaa a biribiara nkata ne ho no. Afei de yɛatumi ahyiam, ɛwom sɛ yɛn ho nyɛɛ yɛn den de​—bere a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! M’ani gyei araa ma misui, na ɔyarehwɛfo no nso saa ara.

Nsan-akyi

Bere a me ne Mike rekasa saa da no anwummere no, mifii ase tee nka sɛ emu resan ayɛ den. Mekae sɛ, ‘Oo, dabi! Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Ebia sɛ mekɔ baabiso a ɛbɛyɛ yiye kakra.’ Nanso mifii ase fee denneennen. Mike boaa me ma mesan kɔdaa me mpa no so na ɔbɔɔ dɔn frɛɛ ɔyarehwɛfo no.

Ná mogya rema me yafunu asan ahon bio. Bere a oduruyɛfo no kae sɛ wɔnsan mfa nneɛma no mmɛhyehyɛ me hwene mu ne ade bio no, Mike popaa me moma so brɛoo na osoo me nsa mu denneennen. Ɛhɔ yɛɛ dinn mpofirim ara. Anigye a yɛanya no nyinaa tu yerae. Mike sui.

Esiane sɛ emu san yɛɛ den nti, mihui sɛ mede me ho reto Yehowa so kɛse sɛ ɔmma m’abusua no ne me ahoɔden a yɛde bɛkɔ so. Mpɛn pii m’agya ne m’ase barima a medɔ wɔn no bɔ mpae ma me wɔ me mpa no ho, na na ɛyɛ ade a m’ani gye ho kɛse. Eyi bɛyɛɛ nea ɛkɔɔ so, hyɛɛ yɛn den. Saa ara nso na me nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi no mu de telefon so ɔfrɛ, nkratasin ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ me ho yɛ me den ntɛm a wɔde brɛɛ me ne mpaebɔ ahorow no boae.

Wɔsan yiyii nneɛma ahorow a wɔde ahyehyɛ me hwene mu ne ade no bio da a ɛto so akron no. M’ani gyei efisɛ na Mike rebɛba hɔ na na mepɛ sɛ mema ne ho dwiriw no. Enti misiesiee me ho kama na metraa me mpa no so. Hwɛ n’ani ara a egyei sɛ ohuu me a saa nneɛma no nnhyehyɛ me hwene mu ne ade! Yɛtoo abasakɔnmu nam abranaa no so kɔhwɛɛ yɛn babea Megan, a na saa bere no de ɔwɔ faako a mmofra afoforo a wɔwɔ ahoɔden wɔ no.

Nsan-akyi Foforo

Metee nka saa da no anwummere sɛ saa ɔyare bɔne no resan aba bio. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Eyi de meremma Mike nhu sɛ ɔyare no resan aba bio. Minim nea mɛyɛ. Mɛka akyerɛ no sɛ ɔnkɔ fie ntɛm na watumi ada ahome yiye.’ Ɔtee nea mekae no ase. Ɔkɔe no ankyɛ koraa na ɛfe no fii ase.

Metwee hama bi na ayarehwɛfo no de mmirika bae. Wɔboaa me ma mekɔdaa me mpa so na wɔkɔfrɛɛ oduruyɛfo no.

Oduruyɛfo no baa me dan no mu, na obutuw me mpa no ho kae sɛ, “Sherry, migye di sɛ wo bo remfuw. Merebɛma wɔasan de nneɛma no nyinaa abɛhyehyɛ wo hwene mu ne ade bio na mafrɛ oduruyɛfo foforo a ne ho akokwaw yiye wɔ yafunu ho dwumadi mu na wabɛhwɛ wɔ ɔkyena.” Mpofirim ara ehu kaa me kɛse na mifii ase sui a meyɛ me ho hwee a ɛnyɛ yiye. Eyi rebɛyɛ nea ɛto so abiɛsa a wɔde saa nneɛma no ahyehyɛ me ho. Anidaso hunu, ɛyaw ne mpane ahorow no afono me. Adɔɔso dodo!

Bere a Mike wuraa me dan no mu da edi hɔ anɔpa no ná n’anim kyerɛ sɛ n’aba mu abu kɛse. Bere a ofii hɔ anadwo a etwaam no na me ho ye na afei​—ɛyɛɛ me yaw pii maa no. Yesui kakra na afei yɛbɔɔ mpae.

Oduruyɛfo foforo no bae na obesii nea oduruyɛfo biako no kae no so dua. Ná biribi ketewa bi asiw kwan wɔ me yafunu no mu. Esiane sɛ na me mogya no yɛ nea ɛso atew nti, oduruyɛfo foforo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Awuraa kumaa, yɛrentumi nyɛ wo oprehyɛn bio, gye sɛ nna kakraa bi twam ansa.”

Wɔmaa me nuru ahorow a ɛbɛma manya mogya​—wɔwɔɔ me mpane ahorow abien da biara a na aduru no yɛ yaw yiye. Ebia onipa a ɔwɔ ahoɔden biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔnom nnuru a ɛdɔɔso saa, nanso meyɛɛ saa esiane me mogya a na ɛso atew kɛse no nti.

Asɛmpa

Nhwehwɛmu a wɔyɛe da a ɛto so dubiako wɔ ayaresabea hɔ no daa no adi sɛ nea na asiw kwan wɔ me yafunu mu no reyɛ ketewa. Na na Megan nso anya ahoɔden koraa. Ɛsɛ sɛ minya ahoɔden ntɛm efisɛ na Megan retwɛn me na makɔfa no akɔ fie.

Nna a edidi so no de asɛmpa foforo bae. Afei de na mitumi di aduan a emu nyɛ duru. Me mogya no nso renya nkɔso. Nhwehwɛmu a wɔyɛe daa no adi sɛ nea na asiw kwan wɔ me yafunu mu no kɔ. Nea na edi kan wɔ nafua 13 mu no, mihuu me mmabea baanu a wɔaka no wɔ mfɛnsere mu. Hwɛ wɔn ani ara a egyei! Me nso m’ani gyei saa ara.

Asɛmpa foforo bio. Nnafua 17 wɔ ayaresabea hɔ akyi no, na merebɛkɔ fie​—ɔkyena!

Ɛda a na yɛn nyinaa rebɔ ho mpae no dui. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ampa Onyankopɔn atie; wayɛ aso ama me mpaebɔ.’ (Dwom 66:19) Medaa oduruyɛfo no ase wɔ nea wayɛ no nyinaa ho, a obu a ɔkyerɛ maa m’ahonim a mede Bible atete no, na wampa abaw wɔ me ho no nso ka ho. Mekaa sɛnea mede aseda kɛse ma no wɔ mmɔden a wabɔ de agye me me ho no nso ka ho. Ɔkae wɔ ayamye mu sɛ: “Woyɛ abeawa a wo ti ye.” Mmom, mede ho nkamfo no maa Yehowa.

Wosiesiee Megan ho na wɔde no bae a ayarehwɛfo pii ka ho. Yɛyeyɛɛ yɛn ho yɛn ho atuu na yɛkrakraa yɛn ho. Afei yɛkɔtraa yɛn kar mu kɔɔ fie a yɛne yɛn mmabea ne awofonom asan ahyiam bio wɔ anigye mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mesan baa fie wɔ nkwa mu!​—Sɛnea Sherry Fleming ka kyerɛe.

[Kratafa 31 mfoni]

Yɛn babea a ɔwɔ ahoɔden Megan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena