Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 1/8 kr. 30
  • “Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”
  • Nyan!—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awerɛkyekye A Mehwehwɛe
    Nyan!—1983
  • “Woannye Mogya a Wubewu!”
    Nyan!—1984
  • Nokwaredi Nso Ma Wɔyɛ Soronko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 1/8 kr. 30

“Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”

MIKE nsa kaa samana krataa sɛ ɔmmra Brooklyn asennibea bi mu mmeyi ne ho ano sɛ wammfa ne kar ansi yiye. Na asɛm no ara ne sɛ ɛwom sɛ na Mike kar nɔma na ɛwɔ samana krataa no so de, nanso na onim sɛ na ɔreyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea ti hɔ saa bere no a wɔakyerɛ sɛ odii mfomso no mu. Bio, na onnim faako a borɔn a wɔkyerɛ sɛ na ɔde ne kar no asi so no wɔ koraa. Enti osii gyinae sɛ ɔde asɛm no bɛkɔ akɔdan.

Bere a ɔde ne ho kɔkyerɛe wɔ asennibea hɔ a wasiesie ne ho kama no, ɔde samana krataa no maa asennibea ɔkyerɛwfo, ɔpanyin bi a ne ti nhwi ayɛ fitaa no. Afei wɔfrɛɛ Mike baa ɔtemmufo no anim na wɔkae sɛ ɔntra ase. Saa bere no ɔkyerɛwfo no kasae na obisaa ɔtemmufo no sɛ: “Me Wura, sɛ wohwɛ no ara pɛ a, so wunim ɔsom ko a ɔwom?” Ɔtemmufo no buae sɛ:”Minnim. . .Ɔyɛ Katolekni.” Ɛda adi sɛ Mike din a etwa to a ɛyɛ Portuguesefo din no na ɛdaadaa no. Ɔkyerɛwfo no buae sɛ: “Dabi. Sɛ wohwɛ no ara pɛ a wutumi hu sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Nokwarem no bere a opue fii ɔpon no mu ara pɛ na mihui sɛ ɔyɛ Ɔdansefo, na n’address no nso si so dua!”

Afei ɔtemmufo a ɔwɔ adamfofa su no fii ase bisabisaa Mike nsɛm fa nsamana no mu nokwasɛm ho. Na nkyerɛkyerɛmu no fata Mike kar no gye ade biako​—na kar ko no nni so. Ɔkyerɛwfo no ka kyerɛɛ ɔtemmufo no sɛ: “Bisa no kar ko a ɔwɔ no.” Bere a Mike kura kar no ho nkrataa no, ɔde ɔpɔw buaa asemmisa no. Bere a wɔde samana krataa no too nkyɛn sɛ adanse a ɛwɔ so no nnɔɔso no, asennibea ɔkyerɛwfo no kae ara sɛ ɔbɛkasa bio.

Ɔkae sɛ: “Me Wura, mepɛ sɛ meka ma wo ne afoforo a wɔwɔ ha nyinaa te​—sɛ minim Yehowa Adansefo mfe 30 ni, na minhuu wɔn mu bi a wadi atoro da. Bere a ɔkae sɛ samana krataa no nyɛ ne de no, migyee no dii, na eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ ne kar. Mewɔ obu ma saa nkurɔfo no ankasa. Wɔyɛ nnipa pa, na mepɛ nnipa a wɔka nokware no asɛm.”

Afei ɔtoaa so sɛ: “Ade biako pɛ na mene wɔn adwene nhyia wɔ ho​—ɛnyɛ sɛ mede no teɛ.” Na ɔdan ne ho kyerɛɛ Mike na ɔde kaa ho sɛ: “Ebia mode no teɛ na me na midi mfomso. Ɛyɛ nea mugye di wɔ mogya a wɔde ma ho no.”

Mike buae sɛ: “Sɛ wopɛ a, mede yɛn gyinabea wɔ mogya a wɔde ma ho no ho nhoma bi bɛbrɛ wo.” Ɔkyerɛwfo no fi ayamye mu powee. Nanso ɔbea bi a ɔwɔ atiefo no mu kasae: “Enye sɛ wobegye mogya. Wubetumi anya AIDS afi mu nnɛ.” Obiara a ɔwɔ asennibea hɔ bɔɔ ne ti nko anaasɛ ɔkasae de penee so​—na Mike de anigye ne ahotɔ fii hɔ kɔe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena