Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 10/1 kr. 24
  • Nokwaredi Nso Ma Wɔyɛ Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi Nso Ma Wɔyɛ Soronko
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Minhuu Wɔn Mu Bi A Wadi Atoro Da”
    Nyan!—1989
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 10/1 kr. 24

Nokwaredi Nso Ma Wɔyɛ Soronko

BERE a ohuu sɛ wode tekit bi ahyɛ ne kar no ahwehwɛ anim esiane faako a ɔde sii nti no, ne koma tui. Ná ɛno kyerɛ sɛ wabɔ ka $25, na ɛyɛɛ no yaw efisɛ na ɛyɛ nsisi. Ná sɛnkyerɛnnede biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi de ne kar si hɔ. Nea na ɛma ɛyɛ yaw kɛse ne sɛ, baabi a ofi no ware na enti ɔrentumi nsan mma kurow no mu mmeyi ne ho ano. Enti otwaa beae no nyinaa mfonini a ɔde bedi adanse sɛ ná wɔmfaa kɔɔbɔ a ɛte saa nsii baabiara wɔ hɔ. Na esiane sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako nti, ɔsrɛɛ ne yɔnko Ɔdansefo bi sɛ onkogyina n’ananmu wɔ aseniibea hɔ mma no.

N’adamfo no amanneɛbɔ a ɛfa nea esii wɔ aseniibea hɔ saa anɔpa no ho ni:

“Sɛ wɔfrɛ wo ba ɔtemmufo no anim a, ɛsɛ sɛ wobɔ wo din ne w’address. Afei wɔma woka nokware a wobɛka ho ntam. Ansa na wɔrema maka ntam no, aseniibea no ɔkyerɛwfo a ɔyɛ abasiriwa no kae sɛ mensan ntĩ m’address no mu bio. Bere a mekae sɛ, ‘124 Columbia Heights’ no, ohui sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo ne Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa adwuma no ti address. Bere a ɔdan kɔhwɛɛ ɔtemmufo no anim no, ɔkae sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ woma biribiara haw wo wɔ ha, Ɔtemmufo. Eyinom yɛ nnipa pa. Wonni Atoro! Wonnii atoro da! Wɔrentumi nni atoro! Wɔn asɔre no mma kwan, na wodi so pɛpɛɛpɛ. Minhuu wɔn mmarima anaasɛ mmea no mu bi a wɔadi atoro da. Wɔyɛ anokwafo sen biara. Mahu wɔn mpɛn pii sɛ anka wobetumi afa wɔn ho adi bere a wodi fɔ esiane sɛ wɔde kar asi baabi a anaa sɛ wɔde si nti no denam atoro kakraa a wobedi no so, nanso wɔnnyɛ saa.’

“Afei bere a ɔdan ne ho bɛhwɛɛ me no, ɔkae sɛ, ‘Minim sɛ worenni atoro efisɛ wunim nea sɛ woyɛ saa a obemunumunum wɔ n’adamoa mu? Mibisaa no sɛ ‘ɛyɛ hena?’ Obuae sɛ, ‘Ɔtemmufo no, Ɔtemmufo Rutherford [nea na anka ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no]. Ná metaa de ne nkrataa ahorow a ne nsa aka kɔma no bɛyɛ mfirihyia 47 a atwam ni. Ná minim Yehowa Adansefo dedaw anaa na wɔrebɛdɔɔso pii sɛɛ. Ná Ɔtemmufo no yɛ onipa!’

“Wɔ eyi nyinaa akyi no, ɔtemmufo no anhaw no ho sɛ ɔbɛma maka ntam biara. Ɔkae sɛ menka m’asɛm, na meyɛɛ saa. Dɛn ne atemmu a ɔde mae? ‘Minni fɔ.’”

Yehowa Adansefo ‘pɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra yiye ade nyinaa mu.’ (Hebrifo 13:18) Na kɔ a wɔkɔ so di nokware no yɛ akwan horow pii a wɔyɛ soronko wɔ wiase no ho no mu biako.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena