Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 7/8 kr. 9-12
  • Mayɛ Basaa—Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mayɛ Basaa—Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minyinii Sɛ́ Obi a Wayɛ Basaa
  • Mekɔkaa Komunist Amanyɛkuw no Ho
  • Anidaso Bi Ba
  • Mifii Amanyɛkuw no Mu
  • Mebɛyɛɛ Kristoni
  • Wɔhwehwɛɛ Ɔkwan Hihiaa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • So Honam Fam Yiyedi Dɔɔso?
    Nyan!—1982
  • So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Mesom Anyame Pii Kosii sɛ Mihuu Ɔnokwafo No
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 7/8 kr. 9-12

Mayɛ Basaa​—Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ?

Sɛnea wɔka kyerɛɛ Japan “Nyan!” kyerɛwfo

NÁ ME HO asɛpɛw me, na mede anigye kɛse bɔɔ ose! Wɔ dɛn ho? Ná mahwɛ sini a wɔfrɛ no Chonrima, no awie. Ɛyɛ aman anidan sini a na ɛfa ɔko ne nkonim a awiei koraa no Korea apaafo dii wɔ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn Amerika ahempɔnsɛmdifo, ne afoforo, a wɔyɛɛ wɔn sɛ anatwi ne apɔnkɔ so no ho. Afei de manya biribi a mede me nkwa besi hɔ ama​—sohyialism kwan a ahofadi, pɛpɛɛpɛyɛ ne asomdwoe ne ne botae. So eyi maa basaa a na mayɛ no gyaee?

Minyinii Sɛ́ Obi a Wayɛ Basaa

Dɛn nti na na mayɛ basaa? Mifii ase yɛɛ saa bere a na meyɛ abarimaa. Wɔwoo me wɔ Nagano Prefecture wɔ Japan baabi a wɔfrɛ no Apuei fam Switzerland, esiane baabi a ɛda a ɛyɛ fɛ no nti. Wɔ anigye a na ɛho yɛ nyinaa akyi no na m’abusua no mufo asetra yɛ nea ɛyɛ awerɛhow na enni mu. Ná m’awofo baanu no nyinaa yɛ ayarefo, na ɛkame ayɛ sɛ wɔde sika a wonyae nyinaa hwɛɛ wɔn ho yare. Aka kakraa na maka ntam sukuu no na me na yare no kum no.

Saa bere no mu no na adwene a amanfo kura ne sɛ, mmofra a wonni awofo de ɛyɛ dɛn ara a wɔbɛyɛ mmofra bɔne. Enti bere biara a asɛm bi bɛsɔre no wɔkae me sɛ “mmofra a wonni awofo nye.” Saa adwene a enye a na ɛwɔ ɔman no mu no hyɛɛ me abufuw na ɛma meyɛɛ basaa.

Miduu ntoaso sukuu akyi na m’agya wui. Saa bere no na metee adwene a enye a wowɔ wo nyisaa ho yi nka kɛse. Esiane sɛ meyɛ ayisaa ara kwa nti wɔpowee sɛ wobegye me wɔ adwuma bi mu. O, hwɛ sɛnea me kɔn dɔɔ asetra a animhwɛ biara nni mu! Awiei koraa no mitu kɔɔ Tokyo na minyaa adwuma wɔ nhoma tintimbea bi.

Da koro bi me yɔnko dwumayɛfo bi bisaa me sɛ mepɛ sɛ mekɔ nhyiam bi a mmerante ne mmabaa na ɛreyɛ ase bi anaa. Mepenee so, na me ho dwiriw me! Mmerante ne mmabaa no nyinaa gyee me fɛw so, na na wɔwɔ ayamye kɛse. Ná wɔfrɛ nhyiam no Demokrase Mmabun Kuw, na na ɛyɛ ahyehyɛde a ɛhyɛ Japan Komunist Amanyɛkuw no ase, a wɔde tete nnipa a wɔbɛba abɛyɛ amanyɛkuw no mufo.

Yɛn nyinaa too dwom a wɔfrɛ no “Songs of Labor” no bi na yɛsaw tete asaw ahorow na ɛno akyi na wɔkyekyɛɛ yɛn mu akuw nketenkete a ɛhɔ na nsusuho a emu yɛ den kɔɔ so wɔ nsɛm te sɛ “Afã a Ɔpaani wɔ Daakye” ne “Ɔman a Ɛfata na Asomdwoe Wom” ho.

Da koro bi, bere a yɛawie nsusuho no, aberante bi baa me nkyɛn na obisae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asetra a asomdwoe wom no, so ɛnyɛ nea edi kan a ɛho hia sɛ yebeyi mpaapaemu a ɛwɔ adwumawuranom ne apaafo ntam no afi ho?” Eyi kaa me koma kɛse. Mede ahopere bisaa no sɛ: “Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na yebetumi afa ayi mpaapaemu ahorow yi afi hɔ?” Obuae ntɛm ara sɛ: “Ɔman anidan ahorow te sɛ nea ɛwɔ Rusia, China ne Korea no ho hia. Nanso wɔ Japan ha de ɔman anidan a ɛnam atuo so rentumi nyɛ yiye, enti ano aduru koro pɛ ne nsakrae wɔ amammui kwan a yɛnam so no so.” Ɛyɛ saa bere yi na mekɔhwɛɛ sini a wɔfrɛ no Chronima, a ɛno akyi na misii gyinae no!

Mekɔkaa Komunist Amanyɛkuw no Ho

Wɔ 1960 mu no mekɔkaa Komunist Amanyɛkuw no ho a na migye di sɛ ɔkwan koro pɛ a mɛfa so afi asetra a abasamtu wom mu ne sɛ yebenya sohyialist ɔman (ɔman a biribiara a ɛwom yɛ ɔmanfo de) . Mehyehyɛɛ akuw ahorow wɔ nnwumayɛbea ahorow maa adwumayɛfo a wɔrehu amane esiane wɔn akatua a esua ne wɔn adwuma ho nhyehyɛe a emu yɛ den dodo nti no. Afei nso, mede me ho hyɛɛ amanyɛ akuw ahorow ne wɔn apereperedi ahorow mu denneennen. Sɛ nhwɛso no, mekɔkaa akuw ahorow a wɔde ahoɔden kɛse yɛɛ ɔyɛkyerɛ wɔ Amerika asraafo atrae ahorow de tiaa po ase nuklea akohyɛn a na ɛreba Yokosuka no. Afei nso yetuu santen wɔ mmorɔn so de kyerɛɛ pene a yɛmpene Japan ne Amerika Ahobammɔ Apam no so.

Wɔ July 1963 mu no mesan kɔɔ Nagano Prefecture esiane ɔyare nti, nanso mekɔɔ so ara denneennen wɔ Komunist Amanyɛkuw no mu. Wɔ April 1966 mu no mewaree, nanso na me yere ne komunism nni hwee yɛ koraa.

Bere a mekɔɔ so wɔ Komunist Amanyɛkuw no dwumadi ahorow mu no, mibehuu abirabɔ ahorow bi wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ amanyɛkuw no yɛ ankasa ne sɛnea na ɛte no mu. Ɛsɛ sɛ yedi ahyɛde ahorow a efi amanyɛkuw no ti ba no so a yennyaw biribiara. Yesusuw nneɛma ahorow ho wɔ anibere so, nanso ahyehyɛde no amfa nsusuho ahorow no anyɛ adwuma, na mpɛn pii wobuu wɔn ani guu adwenkyerɛ ahorow a eye a afoforo de mae no so. Ahofadi ne asomdwoe ho nsɛm no yɛ nea yɛde ano ara kwa na ɛkae. Ahobrɛase a efi ɔhyɛ mu ara kwa bio yi ma mekaee amane a mihui wɔ me mmofraase no.

Mifii ase susuw ho sɛ, ‘Sɛnea nneɛma te mprempren yi, so yebetumi de sohyialist ɔman a mepɛ no asi hɔ ankasa? Mannya asemmisa yi ho mmuae, na adwene mu naayɛ besii ahotoso koraa a na mewɔ wɔ amanyɛkuw no mu no ananmu. Nanso, na minni anidaso wɔ biribiara mu bio. Nkate dedaw a ɛne abasamtu no fii ase yɛɛ kɛse, na mmɔden a na mebɔ no ano brɛɛ ase. Mesan yɛɛ basaa bio.

Anidaso Bi Ba

Da koro bi a na awɔw aba kɛse wɔ January 1969 mu no, biribi sii. Bere a na me ne me yere de afiri renwene ade wɔ fie no, ababaa bi a na onnii mfirihyia 20 a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako bɔɔ yɛn pon. Me yere too nsa frɛɛ ɔhɔho no sɛ ɔmmra dan mu sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ no hyew. Manso dae sɛ me yere adeyɛ yi bɛka m’asetra kɛse saa da. Saa Yehowa Ɔdansefo kumaa no kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn ne ne nniso ho asɛm no mu fii Dwom 37, nkyekyem 10 ne 11: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

Mmom, asɛm no nyɛ nea m’ani gyee ho. Ná migye Karl Marx asɛm no tom: “Nyamesom yɛ adubɔne a ɛsɛe ɔmanfo adwene.” Enti na m’ani nnye biribiara a ɛfa Onyankopɔn ho no ho. Nanso, me yere ani gyee ho na ɔpɛe sɛ onipa yi san ba bio. Nokwarem metee nka sɛ, ‘Hwɛ mmɔbɔ ara a ɛyɛ sɛ ababaa yi de ne nkwa rebɔ afɔre ama Onyankopɔn bi a onni hɔ!’ Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ meboa ababaa no ma oyi saa nkwasea adwene no fi hɔ. Enti, bere a mikura adwene soronko koraa yi no, mepenee so sɛ me yere mma ababaa no nsan mmra bio.

Bere a ɔsan bae no yɛde nhomawa “Hwɛ Meyɛ Ade Nyinaa Foforo” no na edii dwuma, na nkɔmmɔbɔ a ano yɛ den fii ase wɔ Dɛn ne nokware asomdwoe? ne Dɛn nti na onipa rentumi mfa ɔman a asomdwoe wom nsi hɔ? no so. Ababaa no kɔɔ so ara bɛsraa yɛn. Bere bi ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ onipa sintɔ mu, na ɔkae sɛ: “Esiane sɛ onipa nyɛ pɛ nti ɔrentumi nni ne ho so wɔ atɛntrenee ne asomdwoe mu.” Ɔbɔɔ Yeremia 10:23. Mekae me bo a efuwii, bere a migyee no akyinnye denneennen sɛ: “Enti ɔhaw a emu yɛ den biara mode hyɛ sintɔ​—ehu bɛn ni!” Nanso mantumi ankyerɛ obi a wayɛ biribi a ne ho nni asɛm.

Bere a adesua no kɔɔ so no Ɔdansefo no de Bible no na ebuaa yɛn nsemmisa ahorow no bere nyinaa. Afei nso na ɔde mfonini ne nneɛma a ɛtete saa di dwuma de kyerɛkyerɛ nneɛma mu wɔ ayamye mu. Wɔ me tirim de na mitumi te nea ɔkae ne nea na wɔakyerɛw wɔn nhoma ahorow no mu no ase. Wɔ me komam de na mempɛ efisɛ asɛmfua “Onyankopɔn” no kɔɔ so ara haw m’adwene. Wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no akyi no na migye nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no tom sɛ nea ntease wom.

Mifii Amanyɛkuw no Mu

Nea mihui wɔ Komunist Amanyɛkuw no mu ara ne nkyerɛkyerɛ a eye a wɔka ho asɛm kwa, sɛ: “Ɛsɛ sɛ adesamma yɛ sɛɛ,” anaasɛ, Ɛsɛ sɛ asomdwoe yɛ sɛɛ,” nanso na minhu biribi titiriw biara a wɔyɛ a ɛbɛma aba saa.

Mesan yɛɛ basaa bio wɔ Komunist Amanyɛkuw no mu bere a na ɛte sɛnea wɔde wɔn ano ara kwa na ɛworo Marx ne Lenin nkyerɛkyerɛ no, ne asetra kwan a sohyialist ɔman nkutoo na ɛso ho dae no. Enti mede krataa a ɛkyerɛ sɛ mafi kuw no mu kɔmaa wɔn.

Ntɛm ara nnipa baasa a wofi amanyɛkuw no ti bae na wɔne me besusuw nneɛma ho bio anadwo mu nyinaa. Wɔanyɛ me hwee, nanso bere a wɔne me ahyia mprɛnsa anadwo akyi no, wɔkasa tiaa me kɛse sɛ meyɛ odifudepɛfo. Kuw no a mifii mu no haw wɔn adwene, nanso mpanyimfo no huu si a masi me bo denneennen sɛ megyae no, na wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa me ma masan aba bio. Ɛwom sɛ mitumi twee me ho fii Komunist Amanyɛkuw no ho wɔ 1969 mu de, nanso sohyialist nkyerɛkyerɛ no kɔɔ so ara dii m’adwene so. Enti wɔ Bible adesua ahorow no mu no nsemmisa ahorow kɔɔ so ara haw m’adwene: “So eyi nso nyɛ adaeso ara kwa? So Onyankopɔn wɔ a ɔwɔ hɔ no nyɛ nea egyina sɛ́ wopɛ sɛ wugye di anaasɛ dabi so anaa?”

Saa nsemmisa ahorow yi amma mante ase sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa anaasɛ dabi. Bere a misuaa “Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no ne nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mua no mibegye toom sɛ ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wɔbɛsɔre atia nkyerɛkyerɛ ahorow yi.

Afei bere bi a merekenkan Bible no m’ani kosii nkyekyem bi so a ɛkenkan sɛ: “Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afã a efi hɔ na ɛsan pue. Mframa . . . de adannan kɔ, na n’adannan no so na mframa no nam san ba. Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma.” (Ɔsɛnkafo 1:5-7) Bere a misusuw nsɛm yi ho no mifi ahobrɛase mu gye toom sɛ Bible no nyɛ nyamesom nhoma ara kwa na mmom nyansahu de nso! Eyi ma migye dii sɛ Bible no yɛ nokware, ne sɛ asomdwoe bɛba wɔ ɔkwan a Bible ka no so.

Ankyɛ na mekenkan nhoma foforo a wɔato din borɔfo mu Did Man Get Here by Evolution or by Creation?b no, na bere a mereyɛ saa no mihuu ade foforo a ɛyɛɛ me nwonwa. Mihui sɛ bere a wususuw onipa nipadua ne sɛnea ɛte ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛfa awo ho no ho no, ɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ wobɛka sɛ eyi bae kwa a ɛnyɛ obi na ɔyɛe. Titiriw wɔ saa nhoma no Ti 7 a ese “Awosu Ma Abɔde Ahorow Yɛ Soronko” no mu no, misuaa biribi wɔ nyansahu mu ade a wɔfrɛ no DNA no ho na mihui sɛ adebɔ tumi bi ho hia. Ná mitumi hu sɛ oyi ne Nyankopɔn, afei nea na mfaso nni so no abɛn me yiye ankasa na ayɛ paara, efisɛ afei de na migye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no di! (Romafo 1:20; Hebrifo 3:4) Mibehui sɛ asomdwoe ho anidaso koro pɛ a ɛyɛ nokware no nyɛ nea komunism anaa sohyialism na ɛde bɛba na mmom Onyankopɔn denam n’Ahenni no so.

Afei asɛm foforo bi sɔree. Adwuma a meyɛ no ma mekɔ mmepɔw no so baabi kɔhwɛ ofie bi so. Na eyi bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã fi faako a na kan mete no. Metee nka sɛ ɛbɛyɛ ɔhaw dodo sɛ yɛbɛka akyerɛ nea ɔyɛ ofie Bible adesua no sɛ ontwa kwan yi mmra hɔ, enti misusuw ho kyerɛɛ me yere sɛ ɔmma yennyae.

Mebɛyɛɛ Kristoni

Nanso, ɔhwɛfo kwantuni bi a ɔbɛsraa asafo no hyɛɛ nyansa sɛ wɔmmɔ mmɔden mmoa. Enti onua bi a ɔwɔ kar yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔde nea ɔhwɛ adesua no so no bɛba yɛn hɔ dapɛn biara, enti yɛtoaa adesua no so. Saa ayamye yi boaa yɛn ma yehuu hia a nneɛma a yɛresua no ho hia ankasa no. Wɔ nhyiam horow a yɛkɔe ase no, ɛnyɛ gye nko na wogyee yɛn fɛw so na mmom yetumi huu nhwɛso a ɛkyerɛ ɔkwan a wobetumi afa so akura abusuabɔ a asomdwoe wom mu ankasa.​—Mateo 5:9.

Mprempren yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no nyinaa ho anisɔ. Yɛpɛe sɛ wɔbɔ yɛn asu ntɛm ara sɛnea ebetumi, de yɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Yegyee asubɔ May 27, 1970.

Fi a mafi Komunist Amanyɛkuw no mu abɛyɛ Yehowa ɔdansefo Kristoni no ayɛ wɔn a na kan me ne wɔn bɔ no pii ahodwiriw. Me fam nso, nsakrae no yɛ ade a ɛyɛ nwonwa Sɛ mehwɛ m’akyi a, wɔhyɛɛ me ma minyinii sɛ abofra a wannya abusua mu ɔdɔ biara. Ɛnnɛ mewɔ Kristofo abusua kɛse a wɔdɔ me kɛse. (Mateo 12:48-50) Bere bi na awerɛhow, abasamtu ne adwemmɔne ayɛ m’asetra ma. Mprempren manya nokware asomdwoe ne asetra a akomatɔyam wom wɔ honhom mu a anigye ayɛ no ma. Matumi ahwehwɛ, ahu, na magye anidaso a ɛyɛ nokware a ɛboro onipa tumi ne ne sintɔ ahorow so sɛ obetumi de ama no adi. M’anigye abu so. Yiw, Yehowa Nyankopɔn nkyɛn a medan kɔe no ama abasamtu no agyae. “Na efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi mmɛma a ogyae no ho, enti na wonni anoyi biara.”​—Romafo 1:20.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintim n’abien nyinaa.

b Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Mifii ase susuw ho sɛ, ‘So yebetumi de sohyialist ɔman a mepɛ no asi hɔ ankasa?’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Ná migye Karl Marx asɛm no tom: “Nyamesom yɛ adubɔne a ɛsɛe ɔmanfo adwene”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Bere a misusuw nsɛm yi ho no, mifi ahobrɛase mu gye toom sɛ Bible no nyɛ nyamesom nhoma ara kwa na mmom nyansahu de nso!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena