Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 7/8 kr. 7-10
  • So Honam Fam Yiyedi Dɔɔso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Honam Fam Yiyedi Dɔɔso?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfiridwuma Ho Nimdeɛ Nyɛ Nea Ɛdɔɔso
  • “Ɛnyɛ Abodoo Nko So”
  • Mfirihyia Apem a Yiyedi Ankasa Wom
  • So Wobetumi De Anigye Ankasa Aba?
    Nyan!—1982
  • Honam Fam Yiyedi—Amansan Botae
    Nyan!—1982
  • Nniso Horow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Nyan!—1985
  • Mayɛ Basaa—Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 7/8 kr. 7-10

So Honam Fam Yiyedi Dɔɔso?

HONAM fam yiyedi ho anigye ankasa nyɛ bɔne. Nanso so ɛno ara dɔɔso sɛ ɛde anigye ankasa bɛba? So kapitalism, komunism ne sohyialism werɛ afi ade titiriw a ɛho hia ma anigye ankasa no? Na so anyɛ yiye koraa no ade titiriw yi a wonni no betumi akyerɛkyerɛ nea enti a nhyehyɛe horow yi antumi amma nnipa annya anigye ankasa no fã bi mu?

Nnipa a wɔde wɔn nkwa nyinaa si hɔ wɔ mmɔden ahorow a wɔbɔ sɛ wɔbɛma kapitalism, komunism anaa sohyialism ayɛ yiye no yɛ nea wontumi nnye ho akyinnye. Na nhyehyɛe no mu biara atumi ama asetra ayɛ nea ɛkɔ soro wɔ aman binom so, ama nnipa binom. Nanso so wɔde anigye ankasa abrɛ nnipa dodow a wɔwɔ saa nsase no so no? So wɔama nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne ɔko agyae? So nhyehyɛe horow yi mu bi ama nkurɔfo a wodi wɔn ho dɔm, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so anaa asanom bebrebe agyae? So nnipa a wɔwɔ anigye di wɔn ho dɔm, “wonya ahotɔ” denam nnuru ahorow so, anaasɛ “wɔtow wɔn awerɛhow gu” wɔ asanom mu?

Nnipa nhyehyɛe horow yi botae titiriw ne sɛ ɛbɛma asetra kwan a wosusuw sɛ ɛne nea eye kyɛn so ma obiara anaasɛ, anyɛ yiye koraa no, ma “ɔfã kɛse no ara” akɔ so. Wɔtaa ka ahofadi anaa pɛpɛɛpɛyɛ ho asɛm kɛse sɛ nea edi kan ma adesamma anigye. Kapitalism pene so sɛ ɛde pɛpɛɛpɛyɛ bɛbɔ afɔre ama ahofadi. Komunism de pɛpɛɛpɛyɛ di ahofadi anim. Sohyialism bɔ mmɔden sɛ ebenya nea eye kyɛn so afi abien no mu. Nanso emu biara nni hɔ a atumi asesa adesamma su. Nnipa pɛsɛmenkominya na ɛma kapitalistfo bɛyɛ wɔn a wonnye koraa, na ɛma wɔn mu pii bɛyɛ amimfo; ɛma aman a wɔsɔ komunism hwɛ no dan bɛyɛ kapitalist, a sɛ́ anka ankorankoro kapitalistfo anaa nnwuma akɛse besisi nnipa a wɔba fam no, ɔman no mmom na ɛyɛ saa; asɛe sohyialistfo anidaso horow no.

Mfiridwuma Ho Nimdeɛ Nyɛ Nea Ɛdɔɔso

Ɛde besi nnansa yi ara no, amansɛm ne sikasɛm ho abenfo nyinaa de wɔn ani too nyansahu mu nkɔso ne mfiridwuma ho nimdeɛ so. Yɛkenkan sɛ: “Ɛte sɛnea mfiridwuma ho nimdeɛ foforo no ye paa [ma kapitalism adwumayɛ mu ahofadi] na asi nya a ɛbɛma adwene a ɛne sɛ ‘nea eye kyɛn so ma nnipa dodow no ara no’ anya mmamu ntɛm no so dua. Marx ne Engels mpo a wɔhwehwɛɛ wɔ amammui akwan a ɛyɛ soronko so no hui sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ ye.”​—Encyclopaedia Britannica.

Yiw, efi kapitalist so kosi komunistfo so no, nnipa akamfo mfiridwuma ho nimdeɛ sɛ nea ɛde adesamma daakye anigye bɛba. Mfiri afoforo a eye bɛyɛ nnwuma a ne yɛ yɛ yaw. Nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ adwuma so bɛtew, a ɛbɛma nnipa anya bere pii de atu kwan, ayɛ nneɛma afoforo anaasɛ wɔde agye wɔn ani. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi de asomdwoe aba?

Ɛnnɛ de anidaso no mu nyɛ den. Mfiridwuma ho nimdeɛ asiw ɔhaw pii ano, na ɛde ɔhaw a ne dodow te saa ara aba, anaa wobɛka sɛ ɛde nea ɛdɔɔso sen saa mpo aba? Nhoma a yɛafa mu asɛm aka seesei ara no kɔ so ka “ɔhaw ahorow a mfiridwuma ho nimdeɛ mu nkɔso de aba, te sɛ mfiri ho asiane horow, mframa ne nsu a wɔresɛe no, nkurow akɛse a nnipa kyere so wom, ne dede a ɛtra so” ho asɛm. Ɛka “mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔde hyɛ nnipa nkorɛnkorɛ ne tete asetra kwan ho nhyehyɛe so” ho ahaw kɛse no nso ho asɛm.

Hena na nnɛ obetumi aka no anibere so sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ ama abusua asetra anya nkɔso, ama nkurɔfo anya nnwuma a wɔpɛ ayɛ anaasɛ ama wiase no ayɛ baabi a eye sɛ wɔtra? Akyinnye biara nni ho sɛ, biribi a ɛsen mfiridwuma ho nimdeɛ ho hia na ama nnipa anya anigye.

“Ɛnyɛ Abodoo Nko So”

Bere a mfiridwuma ho nimdeɛ fii ase no, nnipa kakraa ‘bi a wɔhwɛ ade kɔ akyiri dii kan huu ɛho asiane horow no. Britaniani ɔmanyɛfo William Gladstone (1809-1898) bɔɔ kɔkɔ tiaa “tumi a nneɛma a wohu ko so nya wɔ nneɛma a wonhu so,” ne “tumi a honam fam nneɛma a enni nkwa wɔ no.” Amerikani anwensɛm kyerɛwfo Ralph Waldo Emerson (1803-1882) de kokɔbɔ yi mae de tiaa honam fam ade dodow pɛ a ɛrenya nkɔso no sɛ: “Nneɛma abɛyɛ nea ɛdi adesamma so.”

Wɔ ne nhoma Religion and the Rise of Capitalism no mu no, R. H. Tawney kasa tia “nea wobu sɛ ɛyɛ ɔhonam fam nkɔso a abusua a ɛyɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan dodo sɛ ɛbɛkyerɛ nea ɛde ne nkonimdi bɛyɛ nya no. Ɔkasa tiaa adwene a ɛne “sɛ honam fam nneɛma a wobenya ne nnipa mmɔdenbɔ mu ade titiriw ne nea awiei no wogyina so kyerɛ adesamma yiyedi no.” Bio nso, osi hia a “nneɛma ho gyinapɛn . . . a egyina ntease bi a ɛfa adesamma nyinaa ahiade horow ho so, a ɛno ho na sikasɛm ho ahiade horow a ɛma akomatɔyam ho hia titiriw, nanso ɛhwehwɛ sɛ wodi ahiade afoforo nso ho dwuma” no so dua.

Yiw, sɛ obenya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ onipa ɛnya “abrabɔ ho nnyinasosɛm.” Nanso sɛnea wiase no tebea te mprempren no da no adi pefee sɛ nnipa nyansa, amammui mu sikasɛm, nyansahu ne mfiridwuma ho nimdeɛ nyinaa antumi amfa nnyinasosɛm pa biara amma onipa. Enti, ɛbɛyɛ papa sɛ nkurɔfo remmu nhoma koro pɛ a ɛde abrabɔ ho nnyinasosɛm a eye ma, a ɛne Bible no, animtiaa.

Wɔ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu no, yehu nokwasɛm titiriw yi sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4; Deuteronomium 8:3) Bible no si nea ehia no so dua​—honhom mu nneɛma. Ɛrekyerɛ ade a ɛho hia titiriw na obi anya anigye no, ese: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.”​—Mateo 5:3, NW.

Onipa ada no adi sɛ ontumi mfa honhom mu ahiade a ɛte sɛɛ mma. Esiane sɛ ɔde mfiridwuma ho nimdeɛ ne honam fam nneɛma ayɛ ne botae horow a edi kan nti, wahyia ɔhaw bi a wɔaka ho asɛm sɛnea edidi so yi: “Ne nyansa no nyinaa akyi no, onipa yɛ n’ade a onsusuw nneɛma a atwa ne ho ahyia a ebetumi adi no awu no ho. Enti, ɛyɛ nea wontumi nsi no pi sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ yɛ nhyira anaa nnome [nea ɛde ɔhaw, owu, anaa ɔsɛe ba]. Mfiridwuma ho abakɔsɛm afi nea onipa, adwinnadeyɛfo no dii kan yɛe no so abedu faako a egyina mprempren wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu, a nea esi n’anim a ɛsɛ sɛ ɔpaw mu biako ne, sɛ ɔno ankasa bɛsɛe ne ho, anaasɛ mfirihyia apem a ɔde benya nkɔso.”​—Encyclopaedia Britannica.

Mfirihyia Apem a Yiyedi Ankasa Wom

Ɛnyɛ honhom mu nneɛma a ɛno titiriw na ɛde anigye ba no nko na Bible no de ma wɔ ha mprempren na mmom ɛde mfirihyia apem a asomdwoe, atɛntrenee ne honam fam yiyedi wom wɔ asase so ha ho anidaso kɛse nso ma. (Hwɛ kratafa 11.) Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abien a wɔwɔ aman horow 205 a wɔn nniso horow no gyina hɔ ma sikasɛm ne amammui nhyehyɛe horow no nyinaa​—efi kapitalism so kosi komunism so​—no anya anigye mprempren denam Bible no abrabɔ pa ho nnyinasosɛm horow a wɔde di dwuma ankasa no so, bere a wɔde wɔn ani to asomdwoe ne atɛntrenee wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu ho bɔhyɛ a enni atoro no so no.​—2 Petro 3:13.

Kan no, pii a nnɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo no de wɔn werɛ hyɛɛ amammui ne sikasɛm nhyehyɛe horow a nnipa ayeyɛ no mu, anaasɛ wosusuwii sɛ wobetumi ayɛ biribi de ayɛ no yiye. Ná ebinom yɛ wɔn a wogye kapitalist adwumayɛ mu ahofadi di denneennen. Afoforo susuwii sɛ ɔman-yiyedi sohyialism besiw adesamma ɔhaw horow no ano. Bio nso ná afoforo yɛ komunistfo a wɔyɛ den. Wɔn a wodi akyiri yi mu biako a ɔte Franse man mu kyerɛw sɛ: “Migye dii sɛ adwumayɛfo akuw nyinaa betumi anya honam fam nneɛma mu anigye denam Marx nkyerɛkyerɛ akyi a wobedi so. Bɛyɛ sɛ mfirihyia 12 no ná meyɛ Komunist Amanyɛ Kuw no muni a ɔyɛ den. Metɔnee L’Humanité [Franse komunistfo atesɛm krataa bi] wɔ mmɔnten so na mede nkrataa a ɛka nsɛm ahorow tetaree afasu ho ɔdasu mu. Ná migye di yiye sɛ komunist ne ɔkwan koro pɛ a wɔnam so bɛma sisi a onipa sisi onipa no aba awiei Nanso awiei koraa no, na m’ani nnye Amanyɛ Kuw no ho bio. Na bere nyinaa yɛn nnipa kakraa bi no ara na wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ adwuma. Wɔn a aka no tɔɔ Amammui Krataa kɛkɛ.”

Ɔrekyerɛkyerɛ nea enti a ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no mu no, ɔde ka ho sɛ: “Adansefo no tumi maa me nsemmisa no nyinaa ho mmuae. Mihui sɛ na Onyankopɔn bɔhyɛ horow no yɛ paara sen Komunist Amanyɛ Kuw de no. M’ani gyei mmoroso sɛ mihyiaa nnipa a wɔwɔ ayamye a wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho ankasa. Afei mihui sɛ paradise a na mede m’ani ato so sɛ mehu denam komunism so no nam Onyankopɔn ahenni no so na ɛbɛba.”

Adansefo afoforo nam akwan a ɛyɛ den so abehu sɛ honam fam yiyedi nkutoo nyɛ nea ɛde anigye ba. Wɔahu nokware a Bible mu asɛm yi yɛ sɛ: “Bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ.” (1 Timoteo 6:10, NW) Ada adi sɛ eyi yɛ nokware wɔ adefo ne ahiafo nyinaa ho. Sɛnea wɔn gyinabea te wɔ honam fam biara no, Yehowa Adansefo di Bible mu afotu yi akyi sɛ: “Bɔ onyamesom pa ho mmɔden; . . . na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ.”​—1 Timoteo 4:7, 8.

‘Nkwa a ɛreba’ a Bible no de ma wɔ paradise asase so no yɛ honhom fam ne honam fam yiyedi daapem, daa nkwa wɔ anigye mu ma wɔn a wodi nokware ma “anigye Nyankopɔn,” Yehowa no. Eyi yɛ anidaso a kapitalism, komunism anaa sohyialism ntumi mfa mma da.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Marx ne Engels mpo . . . hui sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ ye”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena