Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 3-4
  • Nniso Horow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nniso Horow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nsusuwii Ho Akansi Bere”
  • So Wobetumi De Anigye Ankasa Aba?
    Nyan!—1982
  • Nniso A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na Aba!
    Nyan!—1985
  • Sɛnea Wɔbɛma Yɛanya Nea Yehia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Honam Fam Yiyedi Dɔɔso?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 3-4

Nniso Horow​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?

WƆ FAAKO a ebia wowɔ wɔ asase yi so no, ade biako da adi wɔ wo ne adesamma nyinaa ho​—wohyɛ nniso bi ase. Ebia wopene nniso no nhyehyɛe horow so anaa wompene so, nanso ɛda adi sɛ wubegye atom sɛ nniso ho hia.

Nanso dɛn ntia? Dɛn nti na nniso horow ayɛ adesamma asetra fã titiriw wɔ mfe mpempem pii no mu? Nniso ahorow ahorow ahe na ɛwɔ hɔ? Mfaso horow bɛn na ɛde brɛ wo​—bere a ebia wo ne wɔn nyɛ adwene mpo no?

Ne titiriw no, bere a nnipa dii kan sii gyinae sɛ wɔbɛtratra nkurow akɛse mu no, amammui kwan so nniso bi ho behiae. Na ɛsɛ sɛ wodi nkurow no so tumi na ɛde mfaso abrɛ wɔn nyinaa. Nokwarem no, wonyaa Engiresi asɛmfua “politics” (amammuisɛm) no fii Hela asɛmfua ma “kurow” a ɛne polis ne edin nkyerɛkyerɛmu politikos a ɛkyerɛ “ɛfa ɔman ba ho” no mu. Nokwarem no, mmusua horow a atra hɔ akyɛ sen tete Helafo nkurow ahorow no na wohuu hia a nniso bi ho hia no. Mfe mpempem pii a etwaam no mu no, na wɔakyekye Sumer, Misraim, Israel ne Babilon wɔ nniso horow bi ase.​—Exodus 18:18-27.

Nanso ebia wofii ase daa saa amammui ho nyansapɛ yi adi na wɔkaa ho adwen horow ho asɛm kɛse kyerɛe wɔ tete Hela a wɔtaa ka sɛ ɛhɔ na demokrase nyaa ne mfiase no. Nyansapɛfo te sɛ Plato ne Aristotle kaa mfaso horow a ɛwɔ amammui nhyehyɛe ahorow ahorow so no ho asɛm kyerɛe. Na Aristotle adwene ne sɛ amammui yɛ anigye a nnipa pii bom nya no ho nyansapɛ. Ogye dii sɛ ɔman no adwuma ne sɛ ɛde ahyehyɛde bi a ɛde anigye a ɛsen biara bɛbrɛ nnipa no mu fã kɛse no ara besi hɔ. Saa adwene titiriw yi yɛ nea ɛda adi kodu baabi wɔ nniso horow pii ho, bere a wɔde nneɛma atitiriw ma na ɛde mfaso brɛ ɔmanfo nyinaa no: lɔre akwan, sukuu, ɔdorobɛn mu nsu ho adwuma ahorow, polisifo ne asenni nhyehyɛe no​—sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a.

Bɛyɛ mfe mpempem ni no, onipa asɔ nniso horow ne amammui ho nyansapɛ biara a wobetumi asusuw ho ahwɛ​—efi ahemman (mprempren wɔde kwasafoman asi ananmu titiriw) so kosi demokrase ahorow ahorow (ɛda adi sɛ ɔmanfo no na wodi tumi) ne nniso ahorow ahorow a nnipa kakraa bi na wodi tumi ne katabaako nniso horow so. (Sɛ wopɛ nniso horow no din mu nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 4 no mu.) Efi 1917 reba no, yɛahu sɛ komunism, fasism ne ɔman sohyialism (Nasi amanyɛkuw a ɛwɔ Germany no) aba.

“Nsusuwii Ho Akansi Bere”

Afeha a ɛto so aduonu yi mu osuahu kyerɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so di nnipa so no rehyia sɔhwɛ a ano yɛ den kɛse. Sɛnea Ɔkyerɛkyerɛfo panyin Burns kyerɛwee wɔ ne nhoma Ideas in Conflict mu no: “Wɔ nokware nyinaa mu no, daakye ho abakɔsɛm akyerɛwfo bɛsan asusuw afeha a ɛto so aduonu no ho sɛ ɛne nea na emu yɛ den sen biara no mu biako wɔ adesamma kyerɛwtohɔ ahorow mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde din ahorow bɛfrɛ no, ebia wɔbɛfrɛ no Wiase Nyinaa Akameakame Bere, Anidan ne Sɔre a Wɔsɔretia Ɔman Anidan Bere, Nsusuwii Horow Ho Akansi Bere anaa ne tiaa koraa no, Amanehunu Bere.”

Nanso ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛde nniso a ɛma ɔman ba biara koma tɔ ne yam aba. So ɛno nkutoo yɛ nea ɛdɔɔso ma enti yebetumi aka sɛ amammui nhyehyɛe ahorow no adi nkogu? Ɛnte saa ankasa. Nnipa pii wɔ pɛsɛmenkominya nkate kɛse ma enti wɔn ankasa nyansapɛ adwene pɔtee bi nkutoo na ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam. Na ebia ɛno bɛyɛ nea nnipa no mu fã kɛse no ara ani nnye ho. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ankasa sɛ nniso anaa amammui ho nyansapɛ bi ne adesamma ahiade ahorow no ano aduru ankasa a edi mu?

Yesu Kristo de ahyɛde bi mae a yebetumi de adi dwuma wɔ amammui nso ho: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne . . . Enti wɔn aba na wɔde behu wɔn.” (Mateo 7:17-20) Momma yɛmfa nni amammui nhyehyɛe ahorow a ɛwɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no ho dwuma na yɛnhwɛ sɛ yebehu nniso a eye sen biara ma adesamma nyinaa anaa.

[Kratafa 4 adaka]

Amammuisɛm​—Ahorow Ahorow a Ɛwɔ Hɔ

Yenyaa nkyerɛkyerɛmu ahorow a edidi so yi fii The American Heritage Dictionary of the English Language ne Webster’s New Collegiate Dictionary (nea wotintimii 1981 mu) no mu.

ANARCHY: Baabi a amammui nniso biara nni hɔ; ahyehyɛde a emufo susuw sɛ ɛsɛ sɛ obiara yɛ nea ɔpɛ a wonni nniso biara a wɔde wɔn ho koraa.

ARISTOCRACY: Nniso a adehye anaa nnipa atitiriw kakraa bi anaa kuw a ɛkorɔn mufo yɛ so ahemfo.

AUTOCRACY: Nniso a onipa biako a ne tumidi nni ano yɛ so hene.

CAPITALISM: (Efi Engiresi asɛmfua “Capital” [“dwetiri”] anaa ahonyade biara mu) Sikasɛm nhyehyɛe a ɛma aguadi mu akansi ho kwan a ɛnyɛ ɔman no na ɛhwɛ so a wɔde adwene si nnwumakuw a ɛyɛ nneɛma tɔn a ɛyɛ ankorankoro de so kɛse.

COMMUNISM: Asetra nhyehyɛe a kuw mu mpaapaemu nni mu a nneɛma a wɔyɛ ne asetra mu nneɛma yɛ nnipa no nyinaa de.

DEMOCRACY: Nniso a ɔmanfo no na wɔde asi hɔ a ananmusifo a wɔapaw wɔn di tumi.

FASCISM: Nniso a edi tumi wɔ atirimɔden kwan so anaa ɛhyɛ ho nkuran denam ka a wɔka ɔman no ne nnwumakuw so mpanyimfo bom yɛ wɔn biako a ɔmampɛ ho adwene ka ho so.

FEUDALISM: Amammui ne sikasɛm nhyehyɛe a egyina asase a wɔde ma akoa na otua sika ma ne wura no na ɔsom no so.

MONARCHY: Nniso a ɔhempɔn anaa ɔhene bi yɛ so hene.

NAZISM: Ɔman sohyialism. Nhyehyɛe a ɛma ɔman no hwɛ sikasɛm, abusua mu mpaapaemu ne sɛnea wɔbɛtrɛw ɔman no ahye mu ho nsɛm so sɛnea ɛdaa adi wɔ ɔman sohyialism mu wɔ Germany no (1933-45).

OLIGARCHY: Nniso a nnipa kakraa bi di tumi, ne titiriw no, nnipa kuw kakraa bi anaa mmusua bi.

PLUTORACY: Nniso a adefo na edi tumi.

REPUBLIC: Nniso a ɔmanpanyin bi a ɔnyɛ ɔhene di so sɛnea mpɛn pii yehu nnɛ no.

SOCIALISM: Asetra nhyehyɛe a wɔde amammui ne nneɛma a wɔyɛ na wɔkyekyɛ no ho tumi nyinaa ma wɔn a wɔyɛ nneɛma no. Wɔ Marx ne Lenin nkyerɛkyerɛ mu no, Socialism yɛ nniso a ɛda communism ne captalism ntam.

THEOCRACY: Nniso a wobu onyame bi anaa asɔfo anaa aban mpanyimfo bi a wɔka sɛ wɔama wɔn kwan afi soro no sɛ wɔn na wodi tumi.

TOTALITARIANISM: (a) Di a nnipa kakraa anaa adehye bi di tumi (b) amammui adwene a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔman ba no brɛ ne ho ase hyɛ ɔman no tumidi ase koraa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena