So Wobetumi De Anigye Ankasa Aba?
Kapitalism? Komunism? Sohyialism?
ANIGYE a wɔhwehwɛ denam honam fam yiyedi so no nyɛ ade foforo. Ná ɛyɛ tete Helafo ne Romafo pii asetra kwan. Nanso ani annye ho wɔ Mfinimfini Mmere no nyinaa mu. Dɛn ntia? Titiriw esiane nyamesom nti.
Nyamesom dii wɔn a wɔtraa ase wɔ Mfinimfini Mmere no mu no dwumadi biara so. Wɔ Apuei fam Ortodoks ne Roman Katolek Asɔreasɔre no fam no, ná ohia yɛ adepa. Ná ɛyɛ “sɔhwɛ” a ɛsɛ sɛ ahiafo no gye tom. Ɛdenam nea wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ so no, adefo no kɔɔ so yɛɛ adefo na ahiafo no kɔɔ so yɛɛ ahiafo. Wobuu obi pɛ mu a ofi di hia sɛ ɛyɛ “kronkron,” na “mfɛntom” (bosea a wɔde bi si ho) de wɔde Bible mmara kasa tiae.
Nanso, bere a wɔkasa tiaa Yudafo a wobɔ bosea no, Katolek asɔre no mpanyimfo bobɔɔ mmosea gyigyee mfɛntom akɛseakɛse. Paapa nhyehyɛe no ankasa bɛyɛɛ “ahyehyɛde a ɛwɔ sika sen biara wɔ Mfinimfini Mmere no mu.” Ná eyi ne nea ɛrekɔ so wɔ feudal nhyehyɛe bere no fã kɛse no ara mu.
Kapitalism Mfiase
Bere a feudal nhyehyɛe no sɛee no, nkurow nketewa ne akɛse ntam aguadi nyaa nkɔso. Saa ara na aman ntam aguadi nyaa nkɔso. Na adwene horow trɛwee, a na osuro biara nni mu, titiriw bere a wofii ase de tintim mfiri yɛɛ adwuma no akyi. Tumi a na Katolek Asɔre no wɔ no fii ase kɔɔ fam.
Ná Mfinimfini Mmere mu Katolek som no ayɛ akwanside a ɛsen biara wɔ sikasɛm nhyehyɛe foforo nkɔso mu. Nanso ɛreka Mfinimfini Mmere no awiei mu ho no, na kapitalist kwan so aguadi, nneɛma a wɔyɛ ne sika kora ho dwumadi akɔ so adi yiye wɔ Katolek Kristoman mu pɛɛ. Ná eyi yɛ nokware wɔ Katolek nkurow ahorow te sɛ Venice a ɛwɔ Italy, Augsburg a ɛwɔ Germany ne Antwerp a ɛwɔ Flanders mu.
Afei Protestant Ɔsesɛw no bae wɔ afeha a ɛto so 16 no mu. Bere a ɛbɛyɛ mfeafeaho sɛ yɛbɛka sɛ Nyamesom mu Ɔsesɛw no na ɛde kapitalism bae no, ɛde adwene ahorow mae a ɛma enyaa nkɔso. Ade biako ne sɛ, Calvinsom maa mfaso a wonya fi “mfɛntom” akɛse a wogye fi boseabɔ mu ho kwan. Bio nso, Protestantfo gyidi ahorow bi hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi yiye wɔ asetra mu na wɔakyerɛ sɛ wɔka “akɛsefo” no ho. Wobuu yiye a wodi twa adwumayɛ mu sɛ Onyankopɔn nhyira ho sɛnkyerɛnne. Ahonyade a wonyae no bɛyɛɛ “dwetiri” a ɛwɔ hɔ a obi ankasa anaasɛ ɔfoforo bi de yɛ adwuma. Enti, Protestantfo abrabɔ ho nimdeɛ a ɛfa adwumaden ne sika a wahwɛ so yiye ho no na ɛmaa kapitalism trɛwee.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ, kapitalism sikasɛm nyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Protestantfo aman horow so sen Katolekfo aman horow so. Nanso Katolek Asɔre no de ntɛmpɛ dii nneɛma ho dwuma. Ɔmaa kapitalism kwan ma enyaa nkɔso wɔ nsase ahorow a na ɔyɛ den wɔ so no so, na ɛbɛyɛɛ kapitalist ahyehyɛde a ɛwɔ sika kɛse wɔ n’ankasa kwan so.a
Akyinnye biara nni ho sɛ kapitalism de nkɔso bae sen feudal nhyehyɛe no, wɔ ahofadi kɛse a ɛde brɛɛ adwumayɛfo akuw horow no mu. Nanso ɛde nsisi ahorow pii nso bae. Ɔkwan a ɛda adefo ne ahiafo ntam no kɔɔ so yɛɛ kɛse. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛde amimdi ne akuw ntam akodi na ɛbae. Sɛnea ebetumi no, ɛmaa nnipa nsa kaa honam fam nneɛma a wɔhwehwɛ no nyinaa wɔ nsase binom so. Nanso amfa hwee ammrɛ wɔn wɔ honhom fam, na amfa anigye ankasa a ɛtra hɔ kyɛ amma.
So Komunism ne Ɔkwan a Ɛkɔ Anigye Mu?
Ná Protestantfo ɔsesɛw no yɛ atua a wɔtew tiaa ɔkwammɔne a paapa no nam so de tumi ne hokwan a ɔwɔ no dii dwuma no. Nanso ɛmaa nsusuwii ahorow pi kwan ma ɛkɔɔ akyiri dodow traa nea wɔn a wofii Nyamesom mu Ɔsesɛw no ase ankasa hwɛɛ kwan. Na nsusuwii horow yi de anidan ahorow bɛba wɔ nnwumayɛ mu a ɛnyɛ nyamesom mu nko. Ɛnyɛ kɔ nko na atua a wɔtew tiaa Roma no maa kapitalism kɔɔ so, na mmom ɛmaa nkɔso ahorow bae wɔ nyansahu, mfiri ho nimdeɛ ne nyansapɛ mu—a ekowiee biribiara a ɛfa Onyankopɔn ho a wonnye nni mu.
Bere a owisihyɛn ne mfiri ahorow bae no, kapitalism trɛw fii aguadi mu kɔɔ mfiridwuma mu. Afeha a ɛto so 18 no awiei mu hɔ ne afeha a ɛto so 19 no mu na wofii ase nyaa mfiridwuma ahorow akɛse a ehia adwumayɛfo pii, na wɔfaa nkuraasefo, adwumfo ne mmofra mpo, de wɔn yɛɛ adwuma. Nanso sɛnea kapitalism ma “onipa di onipa amim” no kowiee adwumayɛfo akuw a wɔtetewee ne anidan adwenhorow te sɛ komunism mu.
Sɛnea ne nkyerɛkyerɛmu te no, asɛm “komunism” no kyerɛ “ɔman nhyehyɛe a egyina agyapade a ɛyɛ ɔmanfo nyinaa de, anaa nneɛma a wɔkyɛ no pɛpɛɛpɛ so.” Sɛnea ɛte nnansa yi no, komunism yɛ nniso a egyina nneɛma a ne nyinaa wɔ ɔman no nsam so, a ɛno na edi sikasɛm ho nhyehyɛ so wɔ amanyɛ kuw biako ase.
Wɔ ɔpepem pii a wonni bi wɔ wiase nyinaa no fam no, ɛte sɛnea komunism de asetra pa ho anidaso ma. Ɛte sɛnea ɛne ɔkwan a eye kyɛn so a wɔde besiesie nsisi ne nneɛma a enye a kapitalism nhyehyɛe no de aba no. Ná pii asiesie wɔn ho mpo sɛ wɔde mprempren ahofadi ho anidaso bɛbɔ afɔre, sɛ ɛdenam anidan so na wobetumi anya asetra pa a. Ahofadi bɛba akyiri yi, saa na wosusuw. Nanso mfe pii atwam. Komunism nhyehyɛe no anya bere de akyerɛ nea ebetumi ayɛ wɔ aman pii so. Nea afi mu aba no ayɛ huammɔdi, wɔ nea ɛfa honam fam yiyedi ho no mpo mu, a yɛrenka ahofadi ne anigye ho asɛm.
Mfe pii, wɔ Apuei fam wiase no mu no, mmerante pii—a ebinom mpo nyɛ mmerante ankasa—ani gyee komunism adwene no ho. Nanso amanneɛbɔ bɔne a, efi komunistfo nsase pii so ba bere nyinaa ne nnipa dodow a woguan fi hɔ no ama pii ayɛ basaa.
So Sohyialism ne Ɔkwan a Eye?
Asɛmfua “‘sohyialism” (borɔfo, socialism) no fi Latin asɛmfua socius mu, a ɛkyerɛ “ɔyɔnko.” Wodii kan de dii dwuma wɔ England wɔ afeha a ɛto so 19 no mfiase mu hɔ, ne ɛno akyi bere tiaa bi wɔ Franse. Wɔde dii dwuma wɔ Engiresini Robert Owen (1771-1858) ne Fransefo Saint-Simon(1760-1825) ne Charles Fourier (1772-1837) asetra ho adwene horow no mu.
Owen kasa tiaa kapitalist mfiridwuma ho nhyehyɛe a egyina akansi ne adwumayɛfo a wosisi wɔn so no. Ɔkamfoo nkabom nhyehyɛe a mmarima ne mmea bɛtra “Nkuraa a Biakoyɛ ne Nkabom” wom ase, adi wɔn nsa ano adwuma wɔ kuayɛ ne mfiridwuma mu kyerɛe. Wobenyaa Owenfo atrae pii wɔ Scotland, Ireland ne United States mpo. Nanso awiei no wɔn mu paapaee.
Wɔ Franse no, Fourier kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wonya akuw horow a wɔfrɛ no borɔfo kasa mu sɛ phalansteries, a emufo no bɛyɛ adwuma sɛnea wɔpɛ. Nea ɛnte sɛ Owen a ogye toom sɛ ɔman no na ɛsɛ sɛ ɛkyekyere ne “nkuraa” no, Fourier gye dii sɛ ne nhyehyɛe no bɛyɛ yiye, sɛ ɔma obiara fi ne pɛ mu yɛ ade a. Bio nso, wobetua ne kuw no mufo ka sɛnea wɔn mmɔdenbɔ te na wɔbɛma kwan ma wɔanya agyapade. Fourier susuwii sɛ ná wahu ɔman nhyehyɛe a ɛne nnipa pɛ ankasa wɔ anigye a wɔhwehwɛ mu no hyia. Wɔtetew Fourier akuw horow ampa wɔ Europa ne United States. Na wɔn nso amfa ankosi baabiara.
Nea ná ɛbɛn nnɛyi sohyialism ho kakra ne Franseni Saint-Simon adwene horow no. Ɔno na ɔkyerɛe sɛ biribiara a wɔde yɛ adwuma no yɛ ɔmanfo no de a wɔn a wɔhwɛ so ne abenfo wɔ nyansahu, mfiridwuma ho nimdeɛ mu no sikasɛm mu. Saint-Simon gye dii sɛ nyansahu ne mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔde bɛbom adi dwuma de abusuabɔ foforo bɛba a emu na nnipa benya hokwan koro a wɔde bɛhwehwɛ yiyedi sɛnea wɔn ahoɔden ne adwuma a wɔyɛ no te.
Bere a sohyialist adwene horow a edi kan yi mu biara anyɛ yiye no, wɔbɔɔ kwan maa akyiri yi akuw horow. Wɔn na wofii nnɛyi sohyialism ase, a wɔakyerɛ ase sɛ ɔmanfo nhyehyɛe a ɛne sɛ, biribiara yɛ ɔmanfo de na wɔn na wodi nnwuma atitiriw nyinaa so na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma ahorow. Bere a ne botae atitiriw te sɛ komunism de no, ɛsono nnɛyi sohyial demokrase no wɔ Marx de no ho, efisɛ ɛpɛ nsakrae horow a ɛba nkakrankakra na ɛnyɛ ɔman anidan ne amanyɛ kuw biako nhyehyɛe.
Ɛwom sɛ ɛde obu ma ankorankoro ahofadi sen komunism de, nanso sohyialism ntumi mfaa amanaman ntam asomdwoe ne anigye mmae. Dɛn ntia?
Dɛn Nti na Ɛnyɛ Yiye?
Ade biako ne sɛ, sohyialism nnaa adi sɛ ɛyɛ den kɛse sen ɔmampɛ. Ɛdefa Second International, Sohyialist amanyɛ akuw ne adwumayɛfo akuw nkabom a wɔtewee 1889 mu no ho no, yɛkenkan sɛ “ɛdaa adwene horow a ano yɛ den yiye adi tiaa akodi, nanso bere a ɔko bae [wɔ 1914 mu] no ɛdaa ahoɔden a enni no adi. Ne kuw no mufo ɔfã kɛse no ara kɔɔ wɔn aman no nniso afã na wogyaw aman ne aman ntam adwumayɛfo akuw nkabom ho adwene no.”—Encyclopaedia Britannica.
Efi saa bere no, sohyialist kuw no mu akɔ so apaapae na ɛsono nea ɛkyerɛ ma nnipa ahorow ahorow. Nniso ahorow ahorow de edin sohyialist no di dwuma wɔ wiase nyinaa, a ebinom wɔ hɔ a nsonsonoe kakraa bi na ɛda ɛne tete nniso horow a enya nkɔso nkakrankakra no ntam, bere a afoforo yɛ nhyɛso ne atirimɔdenfo mpo no. Enti asɛmfua “sohyialist” no ayera ne ntease ankasa, wɔ nnipa anokwafo pii a wosusuwii sɛ ɛde wiase nyinaa nuayɛ wɔ honam fam yiyedi ne anigye abusuabɔ a nyiyim biara nnim mu bɛba no fam.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Franse adwumayɛfo kuw panyin Edmond Maire kyerɛwee wɔ Le Monde mu sɛ: “Nkogu a adwumayɛfo kuw no adi wɔ mmɔden a abɔ sɛ ɛde sohyialism besi hɔ mu no . . . ama wɔn mu dodow no ara a wɔyɛ den—adwumayɛfo ne animdefo—de anidaso a na wɔwɔ sɛ ɛbɛyɛ yiye daakye no ato nkyɛn. . . . Ɛte sɛnea saa sohyialism ho anidaso a emu reyɛ mmerɛw yi aka mmerante titiriw.”
Enti, sɛ́ ɛyɛ nea ɛnam kapitalism, komunism anaa sohyialism so no, hwehwɛ a adesamma hwehwɛ nhyehyɛe a ɛde honam fam yiyedi ne anigye ankasa bɛba no adi huammɔ Amerikani ɔbenfo Daniel Bell gye tom sɛ: “Wɔ abenfo a wɔde eyi bae no fam no, adwene horow a na ɛwɔ hɔ dedaw no nyɛ ‘nokware’ bio na tumi biara nni mu. Nnipa a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri kakraa bi na wɔda so ara gye di sɛ obi betumi ayɛ ‘nhyehyɛe horow’ na ɛdenam ‘ɔmanfo adwumayɛ’ so no ɔde sohyialism foforo a biakoyɛ wom aba.”—The End of Ideology.
Nanso honam fam yiyedi ne anigye a wɔhwehwɛ yi yɛ nea wohia. Ɛnde, dɛn nti na adesamma sikasɛm ne amammui nhyehyɛe horow ntumi mma wonnyae? Asɛm a edi so yi bɛhwehwɛ saa asemmisa no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Katolek ɔkyerɛwfo Nino Lo Bello, The Vatican Empire no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Nnipa pii ayɛ basaa wɔ komunism ho, sɛnea ɛda adi denam nnipa pii a woguan fi hɔ so no
[Kratafa 6 adaka]
Kapitalism
Sikasɛm nhyehyɛe a nneɛma a wɔyɛ ne nneɛma ahorow a wɔkyekyɛ (nsase, nneɛma a wotu fi fam, mfiridwuma, keteke adwuma, ne nea ɛkeka ho) nyinaa anaasɛ ɔfã kɛse no ara yɛ ankorankoro de a wonya mu mfaso, a owuranom (kapitalistfo) no fa nnipa a wonni sika no ma wɔyɛ adwuma (adwumayɛfo)
Komunism
Nhyehyɛe a ɛne sɛ biribiara a ɛwɔ hɔ yɛ ɔmanfo anaasɛ ɔman no de a ɛno no edi sikasɛm so, yɛ ɛho nhyehyɛe ahorow wɔ amanyɛ kuw biako nhyehyɛe ase.
Sohyialism
Nhyehyɛe a ɛne sɛ biribiara yɛ ɔmanfo de, na wɔn na wodi nneɛma atitiriw a wɔyɛ ne nneɛma kyekyɛ so; ɛsono ɛno wɔ komunism ho wɔ Atɔe fam wiase no mu efisɛ ɛpɛ nsakrae horow a ɛba nkakrankakra wɔ demokrase nhyehyɛe mu
[Kratafa 6 mfoni]
Abofra a ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw wɔ Britania wɔ 1842 mu