Honam Fam Yiyedi—Amansan Botae
“WƆKYERƐ sɛ honam fam nneɛma akyi a wodi abɛyɛ ɔman som. Amerikafo nyinaa pɛ sɛ wonya wɔn ho, na nea wɔpɛ ne asetra a ahotɔ ne anigye wom. . . . Amerikafo honam fam ade dodow pɛ no na abɛyɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ eyi ne Amerikafo adwene wɔ asetra ho, a wɔdaa no adi nnansa yi wɔ Fransefo nhoma horow a wosua wɔ sukuu no mu mu.a
Sɛ ɛyɛ nea wɔagugum mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ nokware bi wɔ saa asɛm yi mu. Asetra wɔ United States abɛyɛ nea wogyina so kyerɛ ɔman biara sika fam yiyedi. Aman afoforo kakraa bi (te sɛ Switzerland ne Sweden) nkutoo ma wobetumi ahoahoa wɔn ho sɛ wɔwɔ asetra a ɛte saa. Aman kakraa a wɔanya saa hokwan yi abɛyɛ wɔn a afoforo pii ani bere wɔn, a komunism aman ahorow ka ho.
“Adwuma akatua a ɛsõ,” “nnɔnhwerew kakraa bi a wɔde yɛ adwuma” ne “asetra pa.” Eyinom ne nea adwumayɛfo akuw horow hwehwɛ wɔ nsase nyinaa so, sɛ́ wɔn nniso no yɛ kapitalism, sohyialism anaasɛ komunism.
Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ nkurɔfo su wɔ asetra ho mu no, wɔakyerɛ borɔfo asɛmfua materialism ase sɛ “nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ, ahotɔ, anigye, ne honam fam ahonyade ne botae horow a ɛsom bo anaasɛ ɛkorɔn sen biara.” Hena na obegye akyinnye sɛ adesamma fã kɛse no ara anya honam fam nneɛma ho adwene a ɛte saa wɔ asetra mu? Wɔ pii fam no, honam fam yiyedi abɛyɛ nea ɛne anigye na ɛnam. Ɛte sɛnea abɛyɛ botae a ɛsɛ sɛ obiara du ho. Nanso ɛdenam ɔkwan bɛn so?
Nnipa a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso wɔ mfiridwuma mu so no pii gye di ankasa sɛ kapitalism nhyehyɛe no na ɛde yiyedi ne anigye ho anidaso a ɛsen biara ma. Ɛma wɔde ahofadi yɛ adwuma, a ɔman no mfa ne ho nnhyehyɛ wɔn nsɛm mu kɛse sɛnea ebetumi.
Ɔpepem afoforo gye di sɛ kapitalism ma nnipa kakraa bi nya wɔn ho, bere a ɔfã kɛse no di hia. Wɔpɛ komunism, sikasɛm ne amammui nhyehyɛe a egyina biribiara a ɛwɔ hɔ a ɛyɛ ɔmanfo anaa ɔman no de so. Wɔpene so sɛ wɔde ahofadi ahorow bi bɛbɔ afɔre, sɛ ɔman no hyɛ wɔn honam fam yiyedi ho bɔ nkutoo a.
Akuw horow abien yi ntam na yɛwɔ ɔpepem afoforo a wɔn fam de, ɔkwan a wɔnam so a ɛde honam fam yiyedi ne anigye ba no nyɛ nea ɛnam kapitalism anaa komunism so. Wohu nneɛma ahorow a enye wɔ kapitalism nhyehyɛe no ho, ne asiane ahorow a ɛwɔ komunism mu no nso. Wogye di sɛ ɛdenam nsakrae ahorow so no, wɔbɛma nnipa nyinaa ayɛ pɛ, demokrase ɔman a egyina ɔman nhyehyɛe ne ɔmanfo a wodi nneɛma atitiriw a wɔyɛ so no so. Eyinom ne wɔn a wɔfrɛ wɔn din ahorow wɔ borɔfo mu sɛ Socialist, Social Democrats, Laborites, Welfare Staters, ne nea ɛtete saa no.
Nhwehwɛmu tiaa a yɛbɛyɛ wɔ kapitalism, komunism ne sohyialism ho abakɔsɛm mu, ne nea efi nhyehyɛe horow yi biara mu ba no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia wɔn mu bi betumi de anigye ankasa aba a.
[Ase hɔ nsɛm]
a William Pfaff amanneɛbɔ wɔ International Herald Tribune mu a ɛfa nhwehwɛmu bi a Harvard Ɔbenfo Laurence Wylie yɛe wɔ Fransefo sukuu nhoma ahorow mu ho.