Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 6/8 kr. 19-21
  • Mesom Anyame Pii Kosii sɛ Mihuu Ɔnokwafo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mesom Anyame Pii Kosii sɛ Mihuu Ɔnokwafo No
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’ahonim Bɛyɛɛ Nnam
  • Adansefo no Ba Yɛn Nkyɛn
  • Baabi a Mmoa Ho Hia Kɛse a Yɛkɔsom
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
  • Wɔka Guu Akokoaa Asom
    Nyan!—1997
  • Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
    Nyan!—1983
  • Afei, Yɛn Abusua No Ayɛ Biako!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 6/8 kr. 19-21

Mesom Anyame Pii Kosii sɛ Mihuu Ɔnokwafo No

WƆWOO me wɔ Croydon, England, wɔ 1921 mu, sɛ ɔbea panyin wɔ mmeawa baasa ne mmarimaa baanu no mu. Bere a midii mfe abiɛsa no, yɛn mmofra no mu bi yaree menasekuru. Wogyee me too ayaresabea. Me nua barima Johnnie wui, na esiane sɛ ná wɔmmɔɔ no asu nti, Anglikan Asɔre no amma wɔanyɛ ne wu asɔre. Eyi haw me papa ma ɔka kyerɛɛ asɔfo no mu biako sɛ ɔmmɔ mpae bere a wɔde Johnnie funnaka sii amoa mu no. Wampene.

Me maame kae sɛ eyi na ɛmaa me papa gyaee asɔrekɔ koraa. Ná osuro paa sɛ ebia biribi bɛyɛ me anaa me nuanom mmea no nti ɔde yɛn kɔɔ asɔre ma wɔbɔɔ yɛn asu a na me papa nnim ho hwee. Me papa bɛyɛɛ Komunis kuw no muni ankasa na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan amammui adwene ho nhoma ahorow, a nhoma ahorow a Huxley, Lenin, ne Marx kyerɛwee ka ho. Wammɔ Onyankopɔn din wɔ fie da gye sɛ bere a na papa pɛ sɛ ɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ nkutoo no.

Wɔ 1931 mu, bere a na madi mfe du no, ná ɛtɔ da bi a metaa nantew kɔsra me papa awofo. Ná afoforo taa ka nanabarima ho asɛmmɔne, nanso na n’aniwa fɛfɛ a ɛyɛ bruu no hyerɛn, na na ɔwɔ anigye bere nyinaa. Ná ɔtaa ma me tɔfe ne biribi a mɛkenkan bere a merekɔ fie no. Ná midi tɔfe no na nhoma no de na menkenkan. Saa bere no ná mente nea enti a afoforo mmɔ no din pa no ase.

Bere a na minnya nnii mfe aduonu no, mekɔdɔm Komunis Mmofra Kuw no na akyiri yi mebɛyɛɛ ɔkyerɛwfo. Memaa ɔkasa pii wɔ ɔmanfo nhyiam asa so na mede atesɛm krataa a wɔfrɛ no Challenge memae wɔ mmɔnten so maa obiara a obetie. Saa bere no ná Fasis kuw bi a wɔfrɛ no Blackshirts aba so na na wɔsɔre tia Komunis kuw a na meyɛ emuni no anibere so. Mekae sɛ bere a na migyina kwan mu hɔ de nsɛmma nhoma Challenge remema no, Blackshirts kuw no mufo baa me nkyɛn ne me bɛkasae na wɔde mmeran, Sunshine, frɛɛ me. Komunis kuw a na meyɛ emuni no mu mpanyimfo no hui sɛ Fasisfo no reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔde dade mpire bɛboro me, ɛno nti wofii ase maa me ɔwɛmfo bi.

Da bi, yehui sɛ Fasisfo no rebɛto santen akɔ baabi a wɔfrɛ no East End of London (beae a na Yudafo pii te saa bere no). Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛne wɔn nkohyia, na yɛsesaw mmosea a yɛbɛtow agu apɔnkɔ a polisifo no tete wɔn so no nan ase bere a wɔde wɔn ho gye mu sɛ wɔrebɛtetew yɛn ntam no. Wɔkyekyeree nnipa pii saa da no, nanso wɔankye me bi efisɛ mankɔ bi.

M’ahonim Bɛyɛɛ Nnam

Bere foforo nso, wɔkae sɛ menka asɛm a na minim sɛ ɛnyɛ nokware wɔ baguam nhyiam bi ase. Manka ma enti wobisae sɛ, “Mfomso bɛn na ɛyɛ sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn adwene?” Ɛyɛ saa bere yi na m’ahonim fii ase haw me wɔ m’asetram, na mifii ase susuw nneɛma pii ho.

Da koro bi wɔ bere a na minnya nnii mfe aduonu koraa no, me maame hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ asɔre nkɔhwɛ nea wɔyɛ wɔ hɔ. Mekae sɛ wɔkae sɛ menkɔ afɔrepon no ho nkɔka me bɔne. Mekɔe no, mihui sɛ wɔde nhama abiɛsa ayɛ kɔntɔnkrɔn wɔ ntama a na ɛsɛ afɔrepon no so no mu. Mibisaa nea ɛkyerɛ na wɔkae sɛ egyina hɔ ma “Baasakoro Kronkron no—Nyame Agya, Nyame Ɔba, ne Nyame Honhom Kronkron.” Misusuwii sɛ, ‘Eyi yɛ nwonwa. Anyame baasa na wogye wɔn di, nanso me papa ka sɛ biako mpo nni hɔ!’ Bere a mibisaa nsɛm foforo no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ kesua wɔ afa ahorow abiɛsa nanso ɛyɛ biako ankasa. Eyi nso amma mannya akomatɔyam. Afei wɔka kyerɛɛ me sɛ mibisa nsɛm pii dodo. Mekɔka kyerɛɛ me maame wɔ fie sɛ merenkɔ asɔre bio, na mankɔ bio nso!

Bere a Wiase Ko II pae gui no, na menyɛ Komunis Mmofra Fekuw no muni a ɔbɔ mmɔden bio. Mewaree Canadani bi a na ɔyɛ ɔsraani, na yɛwoo ɔbabarima. Wɔtoo ɔtopae too yɛn fie a edi kan wɔ London no mu. Ɔtopae bi a wɔfrɛ no A V-1 bɛtɔɔ yɛn fie anim bere a ná me ne me babarima no wɔ fie. Yɛhweree yɛn agyapade nyinaa. Ɔdan no mmubui no kataa yɛn so nanso yenyaa yɛn ti didii mu. Ná me kunu wɔ Normandy, France, saa bere no.

Saa bere no, mekae sɛ me ne mmabaa baanu bi kasae bisaa wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔma amanehunu yi nyinaa ho kwan?” Wɔkaa yɛ a Satan yɛ wiase yi nyame ho asɛm bi. Misusuw sɛ, “Oo onyame foforo a minnim ne ho hwee!” Afei, aberante bi bae. Mede nsɛmmisa pii haw n’adwene na ɔkae sɛ ɔrehwehwɛ nguan ɛnyɛ mpapo. Esiane sɛ na minnim Yesu bɛ no nti, mibisaa no sɛ ɔyɛ ɔsɔfo anaa sɛ okuafo. Mfe kakraa bi twaam, na Wiase Ko II baa awiei. Me kunu baa fie bere a ohui sɛ ɔko no akunkum Saskatoon Asraafo Kuw a ɔwom no mu ɔha mu nkyem 95 no. Yɛkɔtraa ofi foforo mu wɔ Croydon.

Adansefo no Ba Yɛn Nkyɛn

Kwasida bi, Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ yɛn pon ano dɔn. Me kunu gyee so na ɔne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Ná ɔtan ɔsom nyinaa esiane nyaatwom a ohui wɔ ɔko no mu nti. N’ani gyee afa biara a Adansefo no annyina no ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra bio ne no mmɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Eyi ho asɛm haw me na mibisaa me papa nea menyɛ. Ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ mede me ho hyɛ mu bi, na sɛ me kunu ka sɛ ɔbɛkɔ so de ne ho abɔ saa abɔdamfo som yi a, memfa mmara kwan so nnyae aware.

Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtra nkɔmmɔbɔ no biako mu ahwɛ sɛnea ɛte. Yɛn nyinaa traa ase wɔ ɔpon bi ho, na Ɔdansefo no kae sɛ: “Da koro mubetumi de mo nsa afofa gyata ho sɛnea mubetumi ayɛ ɔkraman no ara.” Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Oo, wɔabɔ dam.’ Mantumi amfa m’adwene ansi biribiara a wɔkae saa anadwo no so. Ɛno akyi no meka kyerɛɛ me kunu sɛ mempɛ sɛ wɔsan ba bio. Yesui pii na yesusuw ho sɛ yebegyae aware.

Bere tiaa bi akyi no, Ɔdansefo foforo bae. Akyiri yi yehui sɛ na ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo a ɔrebɛsra ɛhɔnom asafo no, na na wate yɛn ho asɛm. Mekae no yiye. Ná ɔwɔ aniwa bruu na na ɔwɔ ayamye ne abotare paa. Ɔkaee me me nanabarima no. Miyii me nsɛmmisa 32 a na makyerɛw no. Ɔkae sɛ: “Yebesusuw ho mmiako mmiako,” na yɛkɔɔ so yɛɛ saa. Ɔboaa me ma mihui sɛ sɛ mɛte nea Bible no ka no ase yiye paa a, ɛho hia sɛ mekenkan na misua. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ obi ne yɛn besua Bible no daa. Mepenee so.

Bere a mefii ase nyaa yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ho ntease nkakrankakra no, ɛma misui. Mekae sɛ mekɔɔ dan mu kɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me na ɔmmoa me ma mente Bible no ne n’atirimpɔw ahorow ase. Me ne me kunu, ne me babarima gyee asubɔ wɔ 1951 mu. Eyi haw me papa yiye ma ɔkae sɛ ɔbɛpɛ sɛ miwu mmom sen sɛ obehu me sɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Baabi a Mmoa Ho Hia Kɛse a Yɛkɔsom

Me kunu sii gyinae sɛ yɛnsan nkɔ Canada, enti yetu kɔɔ Vancouver, British Columbia wɔ 1952 mu. Me papa ne yɛn anni nkra, na manhu no bio, mante ne nka nso bio. Bere a yɛatra Vancouver mfe pii akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wohia nkurɔfo ma wɔakɔsom wɔ beae a mmoa ho hia kɛse, titiriw beae te sɛ Quebec, a Ɔpanyin Duplessis wɔ Hitler ɔtan no bi ma Yehowa Adansefo no.

Wɔ 1958 mu no, yɛboaboaa yɛn agyapade nyinaa ano guu kar mu kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no. Yefii hɔ kɔɔ Montreal a ɛwɔ Quebec, na wɔde yɛn kɔɔ asafo a ɛka Franse kasa mu wɔ Ville de Jacques-Cartier. Yenyaa osuahu a ɛyɛ anigye pii bere a na yɛresom Yehowa wɔ Quebec no. Bere bi wɔdan yɛn kar butuwii totow abo bobɔɔ yɛn, na ɔbea bi de dorobɛn buu nsu guu yɛn so. Eyi sii wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Magog.

Bere foforo no, ná me ne me yɔnko no retwam wɔ asɔredan bi ho bere a na asɔremma no refi adi no. Obi huu yɛn na ɔteɛɛm sɛ: “Témoins de Jéhovah!” (“Yehowa Adansefo!”) Ɔsɔfo no dii wɔn anim ma wɔtaa yɛn so, nanso nnipa kuw no anto yɛn. Wɔkyeree yɛn mpɛn pii. Nanso, m’ani gyei sɛ meboaa nnipa kakra ma wosuaa Yehowa ho ade, a wɔn mu pii da so resom no denneennen.

Wɔ 1960 mfiase mu hɔ no, me kunu adwuma wura yii no kɔɔ Los Angeles, na yɛde mfe bɛboro 30 somee wɔ asafo bi a ɛwɔ hɔ no mu. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ na yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ nnipa a wofi mmaa nyinaa abɛtra Los Angeles no! Minyaa hokwan ne nnipa a wofi Lebanon, Egypt, China, Japan, France, ne Italy suaa ade, sɛ mɛka mu kakraa bi a. Mekae sɛ mihyiaa ababaa bi a na ɔnte Engiresi kasa—nea ɛyɛ anigye no, na ne kunu te kasa no. Ɛno nti me ne me kunu ne wɔn suaa ade boom. Akyiri yi me ne no nkutoo yɛɛ adesua. Mede nhoma Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo a ɛwɔ Engiresi kasa mu na ɛyɛɛ adesua no, a na ɔhwɛ kyerɛw nsɛm no fi ne Bible a wɔakyerɛw wɔ China kasa mu ma mmuae wɔ China kasa mu. Afei na meka mmuae no wɔ Engiresi kasa mu na ɔka di m’akyi wɔ Engiresi kasa mu. Awiei koraa no, n’ano tewee wɔ Engiresi kasa mu, ɛwom sɛ na ɔka no te sɛ Britaniani de. Mede anigye reka sɛ seesei ɔne ne kunu baanu nyinaa yɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so.

Yetu kɔɔ Tucson, Arizona nnansa yi ara, na hokwan foforo bue maa yɛn sɛ yehuu yɛn abusua nyinaa, a yɛn nanankansowanom ka ho sɛ wɔrekyerɛkyerɛ wɔn yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa ho ade na wɔresom Yehowa wɔ nokwaredi mu.

M’ani gyei sɛ mete fii anuanom a wɔwɔ Croydon no hɔ sɛ na me nanabarima a ɔwɔ aniwa bruu a ɛhyerɛn no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako.—Sɛnea Cassie Bright ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena