Mfinimfini Mfe No—So Ɛyɛ Mfe Pa Anaa Ɔhaw Bere?
“ƆBRA fi ase wɔ 40!” saa na wɔka. Na pii a wɔwɔ “mfinimfini mfe” no mu de anigye begye saa asɛm yi atom. Ɔbea biako se: “Nokware mu no, merempɛ sɛ mɛyɛ obi a wadi 18 bio. M’ani gye kɛse mprempren wɔ me mfirihyia 50 mfe no mu sen sɛnea na ɛte wɔ mfe pii a atwam mu no.”
Yiw, wɔ ebinom fam no, eyinom ne “mfe pa” no. Wɔwɔ nyansa a wɔde mfirihyia pii aboaboa ano. Enti wɔte nka sɛ wɔn ho akokwaw sɛnea ɛsɛ a wobetumi adi wɔ asetra so. Na hwɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma befi wɔn nkyɛn no mpo nyɛ nea ɛma wɔn koma tu kɛse. Mmom no, wohu hokwan ahorow a wɔanya sɛ wɔne wɔn hokafo benya bere pii abom ayɛ ade no. Asetra nyɛ nea afono wɔn koraa, na mmom wɔn asetra yɛ nea dwumadi a mfaso wɔ so ayɛ no ma.
Nanso, afoforo nni anidaso saa. Wɔka sɛ, ‘Ɛdɛn, sɛ́ wubedi 40 nyɛ hwee mfiase—ɛyɛ aberante anaa ababaa a na obi yɛ awiei ara kwa.’ Na ebia wɔwɔ ntease nti a ɛma wosuro. Bere a onyin ho nsɛnkyerɛnne a edi kan no ma wɔyɛ basaa no, ebia wɔbɛte nka te sɛ ɔbarima bi a ɔkae sɛ: “Sɛ mihu saa nkotoku no wɔ m’ani ase a, na minim sɛ m’awie. Merenkɔ baabiara sɛ amusiei” no.
Bio nso, ebia sikasɛm mu ɔhaw ahorow bɛkyekyere wɔn. Ebia ankonamyɛ bɛhaw wɔn. Na bere a wɔn ahoɔden so huan nkakrankakra, na nea edi kan koraa wɔ wɔn asetra mu no, wohu bɛn a wɔabɛn owu no, ebia wɔn adwene mu bɛyɛ wɔn naa sɛ ebia asetra ayɛ nea mfaso wɔ so, sɛ́ daakye yɛ nea ɛde biribi a ɛsom bo ankasa bi ma. Ebia wobesi apini sɛ, ‘O, sɛ metumi ayɛ aberante anaa ababaa bio ɛ.’
Nanso, Bible no da no adi sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛ́ mfinimfini mfe no yɛ “bere pa” anaasɛ ɔhaw bere no gyina ɔkwan a wofa so “gu” wɔ wo asetra mfiase no so kɛse—gyinapɛn ahorow a w’ani gye ho, su ko a wunya ne botae ahorow wɔ asetra mu a wudi akyi. Esiane sɛ awiei koraa no yɛn mu pii betwam wɔ mfinimfini mfe no mu nti, momma yɛnhwehwɛ ne nhyira horow—ne ne ɔhaw ahorow—no bi mu nhwɛ.