Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 9/8 kr. 4-5
  • Mmea Ne Mfinimfini Mfe No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmea Ne Mfinimfini Mfe No
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Me Mmabaabere No Retwam!”
  • Mmea a Wɔyɛ Ankonam
  • Ahoɔfɛ Betumi Ayɛ Honam Ani De Ara Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Abawo Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Bratwa Ho Nimdeɛ a Wɔanya
    Nyan!—1995
  • Ebetumi Ayɛ Mfe Pa!
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 9/8 kr. 4-5

Mmea Ne Mfinimfini Mfe No

‘HWƐ sɛ wubehu wɔn a wodi kan wɔ anigye ho kyerɛwtohɔ nkratasin no so,’ saa na Redbook nsɛmma nhoma no kae. Nhwehwɛmu a wɔyɛe a ɛfa mmea 52,000 ho no daa no adi sɛ mmea a wɔwɔ anigye kɛse ne mmasiriwa.

Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ wo nwonwa. Nneɛma ahorow a ababaa hwɛ kwan wɔ n’asetra mu taa yɛ nea onni osuahu wom koraa ma enti ɛmma onsiesie ne ho mma asetra mu ɛyaw ahorow no. Nanso, obi a ɔyɛ ɔbea panyin no nim sɛnea sɛ́ obi bedi wo huammɔ no yɛ yaw dedaw​—ne sɛnea obedi ne ho so wom. Ofi osuahu ahorow pii a wanya no mu fa akwan ahorow so a ɛboa no ma nkwati ɔhaw ahorow a ɛba mmabaa so no.

Ɔbea biako gye tom ara sɛ, “sɛ́ wubedi 40 no betumi ayɛ nea ɛyɛ hu. Woyɛ ababaa, nanso wunim sɛ worenyin abɛyɛ abasiriwa.” Wosi ababaa a obi yɛ so dua kɛse wɔ Atɔe famfo amammerɛ ahorow mu araa ma ɛma pii suro onyin.

Sɛ nhwɛso no, twa a wofi ase twa bra no haw pii. Efisɛ ɛnyɛ nipadua mu ɔhaw bere bi nko na ɛde ba na mmom ɛkyerɛ twa a wɔatwa awo nso. So eyi yɛ nea ɛsɛ sɛ wosuro?

Awo betumi ayɛ akatua ampa. (Dwom 127:3) Enti ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ wɔ ebinom fam no wɔbɛte nka sɛ ɛyɛ wɔn yaw, bere a asetra no fã yi aba awiei no. Nanso mmea a wɔn ani afi no pii da no adi pefee sɛ wɔmpɛ bere, ahoɔden ne nkate ahorow a ɔba foforo a wɔbɛwo gye no. Sɛnea nhoma After Forty ka no: “Ade a ɛma ebinom di awerɛhow no taa ma afoforo nya anigye.”

Na ebinom a wodi awerɛhow wɔ awo a wɔatwa no ho​—‘wɔn a wɔte nka sɛ mfaso biara nni wɔn so na wɔayɛ ankonam no nso ɛ? Sɛ na obi asetra yɛ nea egyina mmayɛn so titiriw a, ɛnde mfinimfini mfe no betumi ayɛ nea ɛyɛ yaw. Nanso, Yesu Kristo kyerɛe sɛ atirimpɔw a ɛsom bo kɛse wɔ asetra mu wɔ hɔ a ɛsen mmayɛn ara kwa. Bere bi ɔbea bi kae sɛ: “Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii!” Nanso Yesu buae sɛ: “Dabi, na mmom, Nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so!”​—Luka 11:27, 28, New World Translation.

Wɔ wɔn a wɔn asetra yɛ nea ɛfa Onyankopɔn som ho na ‘wɔagu’ aba a ɛne anisɔ ma gyinapɛn ne nnyinasosɛm ahorow a eye no fam no, asetra nyɛ nea ɛte sɛnea mfaso nni so bere a mfe a wɔde wo atwam no. Yehowa Adansefo, sɛ nhwɛso no, bu wɔn asetra mu mfe a mfinimfini mfe no ka ho, sɛ hokwan a wɔde trɛw wɔn ɔsom kronn ma Onyankopɔn no mu bere nyinaa. Wonim sɛ biribi wɔ hɔ a “eye sen mmabanin ne mmabea”​—abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn benya ne ne nhyira ho bɔhyɛ no.​—Yesaia 56:3-5.

“Me Mmabaabere No Retwam!”

Ɔbea bi gye toom sɛ: “Sɛ w’anim fi ase twintwam kakra a, wuhu no yiye hɛse. Wufi ase te nka sɛ, ‘Me mmabaabere no retwam.’”

Yiw, “ahoɔfɛ yera.” (Mmebusɛm 31:30, Today’s English Version) Nanso ɛnsɛ sɛ obu a obi wɔ ma ne ho no yɛ nea egyina sɛnea ɔte wɔ ɔhonam fam no nkutoo so. Ɛnyɛ w’ahoɔfɛ ankasa na ɛkyerɛ sɛnea wote. Mmom no, ɛyɛ “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.” (1 Petro 3:3, 4) Sɛ woanya su a ɛyɛ fɛ yi​—odwo, ayamhyehye, ahɔhoyɛ, ayamye​—a, wo ho bɛkɔ so ayɛ fɛ, a mfe a woadi mfa ho!

Ampa, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu sɛnea wo nipdua te no so. Sɛ nhwɛso no, nea wɔfrɛ no mfinimfini mfe mu nipadua a ehodwo no yɛ nea mpɛn pii wubetumi asiw ano​—anyɛ yiye koraa no, wubedi so​—denam aduan pa ne apɔw-mu-teɛteɛ so. Na wubetumi de “ani a ewu ade ne adwenemtew” asiesie wo ho fɛfɛ. (1 Timoteo 2:9) Nhoma Prime Time ka no pen sɛ: “Ahosiesie ne ti nhwi a wɔyɛ no sɛ mmeawa de ma ɔbea abasiriwa anim ne ne nipadua yɛ sɛ mmerewa de, nanso ahosiesie ne ti nhwi te sɛ mpanyimfo de ma ne nyin no yɛ fɛ.”

Ɔbea bi a wadi mfirihyia 50 kae yɛn sɛ: “Atade, ɛkyɛw anaa kaba remma ɔbea ani nnye, sɛ onsusuw n’ankasa ho yiye a. Ɛsɛ sɛ wote ahoɔfɛ nka wɔ wo mu.’” Enti sɛ w’anim twintwam a, mma ɛnhaw wo. Efisɛ sɛnea ɔbarima biako kyerɛ no: “Anim a ɛda ɔbrɛ, osuahu, onyin ne nsakrae adi, a ɛkɔ so ara hwɛ nsakrae ne nkɔso ahorow kwan no, yɛ anim a ɛyɛ fɛ, mmabaa anim ankasa.”

Mmea a Wɔyɛ Ankonam

Na mmea a ɛka wɔn nkutoo wɔ mfinimfini mfe no mu no nso ɛ? Sɛ ɔbea bi nnyaa adamfofa su ankasa anaasɛ onni ɔkwan pa a ɔbɛfa so de ne bere adi dwuma a, ankonamyɛ betumi ahyɛ ne so. Wɔ ɔkwan foforo so no, Rose yɛ ɔbea a ne nkutoo na ɔte a wahu akwan horow a wɔfa so di ankonamyɛ so no biako. Ose: “Fa wo ho ma. Sɛ wopɛ sɛ wunya biribi a, ɛnde fi ase fa biribi ma. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nnipa ahorow. Ɛbɛyɛ wo nwonwa; ɛrenkyɛ na wɔafi ase aba wo nkyɛn.” Ɔbea foforo nso hyɛ nyansa saa ara sɛ: “To nsa frɛ afoforo bra wo fi. Munnye mo ani kakraa, sɛ ɛyɛ aduan kakra bi mpo a.” Wɔtaa de ayɔnkofa pa hyira “ɔyamyefo.”​—Mmebusɛm 11:25.

Bere a yebetumi akɔ so ara aka nneɛma pii ho asɛm no, ɛda adi sɛ wo mfe a edi kan no kyerɛ sɛnea wo mfinimfini mfe no bɛyɛ kɛse. Nanso, bra a wotwa, ankonamyɛ ne ahoɔfɛ ankasa mpo a ɛsã no yɛ nea wubetumi agyina ne nyinaa ano wɔ nkonimdi mu. Na sɛ mprempren mpo wuhu sɛ ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo gyinapɛn ahorow mu a, ɛnkaa akyi dodo sɛ wobɛyɛ saa, ɛnkaa akyi dodo sɛ wubefi ase “agu” wɔ ɔkwan pa so.

[Kratafa 5 mfoni]

Nipadua mu ahoɔfɛ sã . . .

. . . nanso su a ɛyɛ fɛ ma obi ho yɛ fɛ daa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena