Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 9/8 kr. 10-11
  • Ebetumi Ayɛ Mfe Pa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ebetumi Ayɛ Mfe Pa!
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfiase Foforo
  • Mfinimfini Mfe No—So Ɛyɛ Mfe Pa Anaa Ɔhaw Bere?
    Nyan!—1983
  • Mmea Ne Mfinimfini Mfe No
    Nyan!—1983
  • Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 9/8 kr. 10-11

Ebetumi Ayɛ Mfe Pa!

DƐN na mfinimfini mfe no bɛyɛ ama wo? So ɛbɛyɛ ɔhaw bere? Mmere no mu nea “eye sen biara” anaa nea “enye koraa”? Biribi a wogyina so nya abrabɔ mu nsakrae foforo anaasɛ ɔhaw bere?

Wɔkae yɛn Bible mu asɛm no bio: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Enti sɛnea wo mfinimfini mfe no bɛyɛ gyina wo so kɛse.

Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, ɛsɛ sɛ eyi yɛ nsusuwii a anibere wom kɛse. Ebia mfinimfini mfe no bɛyɛ te sɛ nea ɛwɔ akyirikyiri ma wo mprempren. Nanso ɛnte saa. Yɛn nkwa ‘twam ntɛm so, na yetu kɔ.’ (Dwom 90:10) Enti sɛ wopow honhom fam nneɛma a ɛsom bo no mprempren a wubenya so akatua akyiri yi​—abasamtu ne w’ani a ennye w’asetra ho. Sɛ woanyɛ obi a wopɛ adwumayɛ, ɔwɔ ahosodi, nimdeɛ ne ntease a, wubetwa awerɛhow wɔ wo akyiri yi mfe no mu. Yi Onyankopɔn fi w’asetra mu nnɛ, na wo nkwakorabere anaa mmerewabere bɛyɛ “nna bɔne” ama wo. Enti Ɔhene Salomo onyansafo no kae sɛ adeyɛ a nyansa wom ne sɛ “suro Onyankopɔn, na di ne mmarasɛm so.” (Ɔsɛnkafo 12:1, 13) Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wusua Onyankopɔn ho ade. Na n’Asɛm, Bible no a wubesua, ne nea eye a wode befi ase.

Mfiase Foforo

Na sɛ wowɔ mfinimfini mfe anaasɛ ɛno akyi de no mu dedaw na worehu anisɔ a woankyerɛ amma gyinapɛn ne nnyinasosɛm ahorow a eye no ho amane mprempren nso ɛ? Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wosakra wo kwan.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso ɔkwan bɛn so?’ Mfinimfini mfe no mu mmarima ne mmea binom bɔ mmɔden sɛ wobenya akomatɔyam kakra ne atirimpɔw wɔ asetra mu denam wɔn ho a wotu si hɔ ma ɔman asetra mu nsɛm anaasɛ mmoa afoforo a wɔde ma no so. Afoforo bɔ mmɔden sɛ wobenya asetra mu nsakrae foforo denam akwantu, ne nneɛma afoforo a bere nyinaa wɔpɛ sɛ wɔyɛ nanso wontumi nya hokwan nyɛ a afei wɔyɛ no so. Nanso biribi wɔ hɔ a ebetumi de akomatɔyam kɛse aba sen eyinom mu biara. Wubetumi ahu, sɛ wubegye bere de ahwehwɛ Bible no ne anidaso a Onyankopɔn de ma daakye no mu yiye a. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo ɔkwan a wɔnam so fi adesua yi ase. Mfaso a efi mu ba? Anidaso a nkwa wom!

Yiw, ɛno ne nea Yehowa Adansefo wɔ​—anidaso a ɛwɔ nnyinaso pa ma daakye. Yegye di sɛ asetra wɔ atirimpɔw a Onyankopɔn de ama, ne sɛ ɛkyerɛ pii sen mfirihyia 70 anaa 80 a etwam ɔhare so no. Yɛn anidaso no wɔ ɔsoro nniso a ebedi asase nyinaa so na awiei koraa no ayɛ ne nyinaa Paradise no mu. Eyi bɛma nnipa anya hokwan atra ase daa, agye wɔn ani wɔ asetra mu akosi ase!​—Dwom 72:1-8; Adiyisɛm 21:3, 4; Yohane 17:3.

Saa anidaso yi a Yehowa Adansefo ka ho asɛm kyerɛ afoforo no ma wɔn ankasa nya akomatɔyam kɛse ne atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu. Wɔn mfinimfini mfe ne akyi de no yɛ nea dwumadi a ɛsow aba ayɛ mu ma​—afoforo a wɔboa wɔn ma wosua Yehowa ho ade. Sɛ nhwɛso no, awarefo bi hui sɛ aka wɔn nko bere a wɔn babarima a otwa to no fii fie akyi no. Wɔ adapɛn kakraa a na aka wɔn nko akyi no, ɔbarima no ne ne yere traa ase na wosusuw nya a obetumi anya adwuma bi a ɔde ne bere fã bɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn bere nyinaa aka Bible mu nokware ahorow no ho asɛm akyerɛ afoforo no ho. Ɔbarima no kae sɛ: “Mete nka sɛ meresɛe bere sɛ́ mede me bere nyinaa reyɛ honam fam adwuma yi!” Wosii gyinae sɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɛsom Onyankopɔn. Ɛnnɛ wɔn ani gye sɛ wɔabom reyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no ti wɔ Brooklyn, New York, na wɔretintim Bible nhoma ahorow te sɛ nsɛmma nhoma yi.

So saa gyidi a nkwa wom yi remma wo mfinimfini mfe, anaa mfe biara a wowom, nyɛ anigye sɛ wote ase? Carmela a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no se: “Yɛabɛn bere a wɔde nniso a eye bɛba no pɛɛ. Saa na mete nka na ɛno na ɛma mitumi kɔ so na minya anigye no.” Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛka wɔn gyidi yi ho asɛm akyerɛ wo na wɔaboa wo ma woanya anigye ne akomatɔyam a ɛbɛtra hɔ daa.

Enti, bere a ɛnyɛ mfirihyia 40 na ɔbra fi ase ankasa no, ɛnyɛ hɔ nso na ɛba awiei. Wunya hokwan ahorow mprempren sɛ wubesua nneɛma ahorow pii na wode adi dwuma. Ebia adwene a ahobrɛase wom bɛka wo mpo ma woayɛ nsakrae horow a ɛho hia wɔ wo nsusuwii ne asetra mu. Nyansa a woanya wɔ mfe pii a wode atra ase no mu ama wo “nkatede akokwaw” na wuhu nneɛma mu yiye sen bere biara a abetwam. (Hebrifo 5:14) Awarefo wɔ hokwan kɛse sɛ wobenya ɔdɔ a emu yɛ den ama wɔn ho wɔn ho.

Pii gyina wo so. Ɛnsɛ sɛ wo mfinimfini mfe no yɛ wo ho a wode hyɛ ɔhaw mu. Fa wo nimdeɛ, nea wowɔ, wo osuahu ne nea ɛsen ne nyinaa no, nyansa a Onyankopɔn Asɛm de ma no di dwuma, na ma mfe yi nyɛ nea ɛyɛ anigye kɛse​—w’asetra mu mfe a eye sen biara.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Yɛabɛn bere a wɔde nniso a eye bɛba no pɛɛ. Saa na mete nka na ɛno na ɛma mitumi kɔ so na minya anigye”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena