Bratwa Ho Nimdeɛ a Wɔanya
SƐ MMEA nyin a, wotwa bra. Nanso ayɛ ade a wɔnte ase koraa. Sɛnea nhoma The Silent Passage—Menopause kyerɛ no, na afeha a ɛto so 19 no mu awo ho nnuruyɛfo gye di sɛ bratwa “sɛe ɔbea hon nkwaadɔm na ɛma mmea hwere wɔn ahoɔfɛ.”
Adwene horow a ɛnteɛ a ɛtete saa da so wɔ hɔ. Enti, mmea pii suro bratwa na eyi wɔn hu. Wɔaka ɛho adwennwen sodi ho asɛm wɔ nhoma Natural Menopause—The Complete Guide to a Woman’s Most Misunderstood Passage mu sɛ ɛne “ɔbea asetra mu nsɛm a ɛyɛ den koraa no mu biako.”
Wɔ aman a wosi mmabaabere ne mmabaayɛ so dua kɛse mu no, bratwa ho mpopoe betumi akanyan adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ: ɛde mmabaabere ba awiei mpofirim na mmerewabɔ fi ase. Enti, mmea binom abesuro bratwa efisɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ asetra foforo bi a ɛnyɛ anigye mfiase. Ebinom mpo bu no sɛ “teaseawu.”
Ɛho nhia sɛ nnɛyi mmea hu amane sɛ nkurɔfo a wonni ho nimdeɛ bere a wɔfa saa asetra bere yi mu no. Wɔanya bratwa ho nimdeɛ pii. Wɔreyɛ ho nhwehwɛmu pii, na wɔreyɛ ho nnuru a ɛremma nsakrae no nyɛ kɛse. Nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, ne nhoma ahorow retwe adwene si saa asɛm yi so, na ɛde nsɛm a bere bi na ɛyɛ ebinom aniwu sɛ wobebisa ho nkyerɛkyerɛmu rema. Nnuruyɛfo nso anya ɔhaw ahorow a mmea betumi ahyia no ho nimdeɛ pii.
Dɛn nti na wɔtwe adwene si asɛm yi so pii saa? Efisɛ bratwa ho ntease pa a wonya betumi ayi ehu, gyidihunu, ne abasamtu a mmea pii wɔ no afi hɔ. Mmea a wɔwɔ aman pii mu renyin kyɛ, na afei de wɔpɛ sɛ wɔka ho asɛm na wonya ho nimdeɛ pii. Wɔpɛ mmuae a asete nyɛ den, na ɛyɛ tẽẽ. Ɛfata saa, efisɛ wɔn mu pii di wɔn nkwa nna mu nkyem abiɛsa mu biako wɔ bratwa akyi.
Nnipa a wɔwɔ United States ho nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmea a wɔadi mfe a wotwa bra dodow benya nkɔanim bɛboro ɔha biara mu 50 wɔ mfe du a edi hɔ no mu. Mmea a wɔte saa no pɛ sɛ wohu wɔn akwahosan ho asiane ahorow, ɔhyew nka a wɔte wɔ wɔn nipadua mu bere ne bere mu, wɔn nneyɛe a ɛtaa sakra mpofirim, wɔn ho a ɛyeraw wɔn, ne nipadua ne nkate fam nsakrae ahorow ho nsɛm. Dɛn nti na saa nneɛma yi ba? Ɔbea asetra a mfaso wɔ so ba awiei bere a watwa bra no? Bratwa sakra ɔbea nipasu? Nsɛm a edidi so no bɛhwehwɛ nsemmisa yi mu.