Bratwa Ano a Wobegyina
WƆN a wɔkyerɛw nhoma a wɔato din Natural Menopause—The Complete Guide to a Woman’s Most Misunderstood Passage ka sɛ, bratwa yɛ ade a “ɛsono sɛnea ankorankoro biara te nka,” na ɛyɛ “asetra bere foforo a ahotɔ wom mfiase.” Nhwehwɛmu da no adi sɛ sɛ wunya wo ho ne w’asetra ho adwene a ɛfata—obu ne su a ɛma woda nsow ho adwempa a—ɛbɛma nsakrae bere no ayɛ mmerɛw.
Ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ den pii ma mmea binom sen afoforo saa bere yi mu. Sɛ worehyia ɔhaw ahorow a, ɛnkyerɛ sɛ wunni obu ma wo ho anaasɛ w’adwene, fata a wofata sɛ ɔbea, anaa nna ho anigye a wowɔ resɛe. Mmom no, ɔhaw no yɛ asetra mu ade ara kwa.
Newsweek bɔ amanneɛ sɛ: “Mmea a wohyiaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den wɔ bere a wotwaa bra mpo no ka sɛ wonyaa atirimpɔw ne ahoɔden foforo wɔ ɛno akyi.” Ɔbea bi a wadi mfe 42 kae sɛ: “Merehwɛ ahotɔ bere kwan, bere a me nipadua renhaw me bio.”
Bere a Mmea Tumi Gyina Ano Yiye
Sɛnea wobu mmea a wɔanyinyin no yɛ ade a ɛho hia wɔ sɛnea mmea tumi gyina bratwa ano yiye no mu. Wɔ mmeae a wobu wɔn ahokokwaw, nyansa, ne wɔn suahu sɛ ɛsom bo no, nipadua ne nkate fam nyarewa kakraa bi pɛ na wonya wɔ bere a wotwa bra no mu.
Sɛ nhwɛso no, The Woman’s Encyclopedia of Health and Natural Healing bɔ amanneɛ sɛ, wɔ Afrika mmusuakuw a “wɔde anigye hwɛ bratwa kwan sɛ asetra mu ade, na wɔkyerɛ obu ma mmea a wɔatwa bra wɔ wɔn suahu ne nyansa ho no, mmea ntaa nwiinwii wɔ bratwa mu ɔhaw ahorow ho.” Saa pɛpɛɛpɛ na The Silent Passage—Menopause ka sɛ: “Indiafo a wofi Rajput abusua mu nka sɛ wonya adwenemhaw” wɔ bratwa mu.
Wɔ Japan nso a wobu mmea mpanyimfo kɛse no, ɛkame ayɛ sɛ wonnim sɛ wɔde nkwammoaa a wɔkanyan nkate a wɔma ɛdɔɔso wɔ bratwa mu sa wɔn yare. Afei nso, ɛda adi sɛ Asia mmea hyia ɔhaw kakraa bi a emu nyɛ den wɔ bratwa mu sen Atɔe Famfo. Ɛte sɛ nea wɔn aduan a wodi ka ho bi na ɛma ɛba saa.
Sɛnea nnipa asetra ho nimdefo bi nhwehwɛmu a ɔyɛe kyerɛ no, Mayafo mmea hwɛ kwan ankasa sɛ wobetwa bra. Wɔ saa mmea no fam no, bra a wotwa ma wɔhome fi awo mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛma wonya ahofadi de yɛ nneɛma foforo a wɔn ani gye ho wɔ asetra mu nso.
Bere koro mu no, ɛnsɛ sɛ yebu ehu a bratwa de ba no adewa. Wɔ aman a wosi mmabaayɛ ne mmabaaberem ahoɔfɛ so dua sɛ biribi a ɛsom bo mu no, mmea a wontwaa bra taa suro sɛ wobetwa. Wɔ ankorankoro a wɔte saa fam no, dɛn na wobetumi ayɛ de atew nsakrae bere no mu ɔhaw ahorow so?
Ade a Mmea Hia
Janine O’Leary Cobb, a ɔyɛ nhoma kyerɛwfo na odi bratwa ho nkyerɛkyerɛ mu akoten kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade a mmea dodow no ara hia ne sɛ wɔbɛma wɔate nka ɔkwan bi so sɛ sɛnea wɔte nka no fata—ne sɛ ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔte nka saa.”
Ntease ne anigye nso ho hia. Ɛna bi a wadi mfe 51 a ɔretwa bra kae sɛ: “Migye di nokwarem sɛ, asetra ho adwene a wowɔ na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade wɔ bratwa mu. . . . Minim sɛ yenyin. Sɛ́ yɛpɛ anaasɛ yɛmpɛ no, ɛbɛba. . . . Mefaa no sɛ eyi [bratwa] nyɛ yare. Eyi yɛ m’asetra fã.”
Enti bere a asetra mu bere foforo yi bɛn no, gye bere fa dwennwen nneɛma foforo a ɛyɛ den no ho. Nneɛma a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne nipadua mu nsakrae a bratwa de ba no. Nnuruyɛfo ne akwahosan ho animdefo afoforo kamfo akwahosan pa ho nnyinasosɛm ahorow a edidi so yi kyerɛ wɔn a wɔresiesie wɔn ho ama nsakrae bere no—aduan a ahoɔden wom, ahomegye a ɛsɛ, ne apɔw-mu-teɛteɛ a ɛsɛ.
Aduan ne Apɔw-mu-teɛteɛ
Sɛ ɔbea renyin a, hia a ohia aduannuru (nea wɔfrɛ no protein, carbohydrate, vitamin, mineral, ne srade) no so nhuan, na mmom onhia aduannuru a wɔfrɛ no calorie no pii. Enti, ɛho hia sɛ odi nnuan a aduannuru pii wom na ogyae nnuan a asikre ne srade pii wom a “aduannuru a wɔfrɛ no calorie pii a ahoɔden nnim wom” di.
Apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa boa ma wotumi gyina adwennwen ne adwenemhaw ano. Ɛma ahoɔden na ɛboa ma wɔnyɛ kɛse mmoroso. Sɛnea nipadua no tumi di nneɛma ho dwuma no so tew nkakrankakra bere a ɛrenyin no, na sɛ obi anteɛteɛ n’apɔw mu amma nipadua no antumi anni dwuma ntɛmntɛm a, ɔbɛyɛ kɛse nkakrankakra.
Ɛho hia kɛse sɛ mmea hu sɛ wɔn apɔw mu a wɔteɛteɛ ne aduannuru a wɔfrɛ no calcium a wobenya betumi abrɛ ɔyare a ɛma wɔn nnompe tuetue ntokuru nketenkete na ɛyɛ mmerɛw sɛ ebubu a wɔfrɛ no osteoporosis no ase. Nhoma a wɔato din Women Coming of Age ka sɛ wosusuw sɛ “apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no fie, nantew, mmirikatu, sakreka ne agodie foforo a wɔde teɛteɛ apɔw mu ne nneɛma so a wɔmema” ye paa. Nea ɛyɛ anigye no, osteoporosis nyɛ nnipa a wɔtete nkuraase bi a wɔkɔ so yɛ adwuma kosi wɔn nkwakoraa ne mmerewa bere mu no. Wɔ mmeae a ɛtete saa no mmea kɔ so yɛ adwuma daa kosi wɔn mfe 80 ne 90 mu. Nanso, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubehu wo duruyɛfo ansa na woafi apɔw-mu-teɛteɛ ho nhyehyɛe biara ase.
Honam mu a Ɛhyehye Ano a Wubegyina
Mmea dodow no ara bu wɔn honam mu a ɛhyehye wɔn no sɛ ahoguan bi. Nanso, wɔ ebinom fam de, eyinom bɛyɛ ɔhaw ankasa ma wɔn efisɛ ɛba ntoatoaso anaasɛ ɛsɛe wɔn nna bere nyinaa. Dɛn na wobetumi ayɛ?
Nea edi kan koraa no, nsuro. Dwen a wubedwennwen aka tebea no ho bɛsɛe asɛm no koraa. Mfaso wɔ so sɛ wobɛyere wo ho ateɛteɛ w’apɔw mu daa efisɛ ɛboa nipadua no ma etumi hu sɛnea ebegyina ɔhyew mmoroso ano na atumi ama adwo ntɛmntɛm. Afei nso sɔ nsuonwini kuruwa ma a wobɛnom anaasɛ wo nsa a wode bɛhyɛ nsuonwini mu a ne yɛ nyɛ den hwɛ.
Afei nso, fa yɛ wo su sɛ wobɛhyɛ ntade akɛse agugu bi so sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayiyi no ntɛm anaasɛ wobɛhyɛ bi aka ho. Ntade a wɔde asaawa yɛ ne nwera ma fifiri yow yiye sen nea wɔde rɔba hama yɛ no. Sɔ ntade pii a wɔhyɛ gugu so anadwo, na fa kuntu pii a wubetumi de akata wo ho anaa woayiyi no mmiako mmiako sɛnea nea ɛho behia no hwɛ. Ma ntade a wɔhyɛ de da afoforo mmɛn wo.
Bɔ mmɔden sɛ wubehu dekode a ɛte sɛ nea ɛno na ɛma wo honam mu hyehye wo no. Mmosa, kɔfe, asikre a wɔnom, ne nnuan a ɛyɛ hyew anaa ahuamhuamnne wom pii betumi de aba, te sɛ nea tawanom betumi de aba no ara pɛ. Ebia bere ne baabi a wo honam mu a ɛhyehye wo ba ho kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woahu nnuan ne dwumadi ahorow a ɛkanyan no no. Afei gyae saa nneɛma no yɛ.
Nnuruyɛfo a wɔaben wɔ aduannuru ho aduruyɛ mu kamfo nnuru pii a ɛtew honam mu a ɛhyehye so kyerɛ, ebi te sɛ nea wɔfrɛ no vitamin E, afifide bi a wɔfrɛ no evening primrose anwa, nnuru a wɔde afifide a wɔfrɛ no ginseng yɛ, nea wɔde dong quai yɛ, ne black cohosh de. Sɛnea nnuruyɛfo bi kyerɛ no, Bellergal ne clonidine ma ahotɔ, nanso wɔkyerɛ sɛ estrogen pills anaa nea wɔde sra no ne nea ɛyɛ nnam sen biara.a
Bere a ɔbea bi ananmu awo no, obetumi de nhabamma anaa nnuaba mu anwa, vitamin E, ne nku afefa hɔ. Sɛ eyinom antumi anni ho dwuma yiye a, estrogen nku bɛboa ma n’ananmu afaafa no mu ayɛ duru na afɔw. Nyansa wom sɛ wubehu oduruyɛfo bi kan ansa na woafi aduyɛ bi ase.
Adwennwen Nso Ɛ?
Bere koro no ara a ɛsɛ sɛ ɔbea gyina nkwammoaa ne nipadua mu nsakrae a bratwa de ba ano no, ɛtaa ba sɛ ɛsɛ sɛ ogyina nneɛma afoforo a yɛaka emu dodow no ara ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu a ɛde adwennwen ba no ano. Nanso, nneɛma pa te sɛ ɔbanana a wɔwo no anaasɛ dwumadi foforo a wɔyɛ bere a mmofra no afi fie no tumi ma wogyina adwennwen a ɛmfata ano.
Wɔ Susan Perry ne Oduruyɛfo Katherine A. O’Hanlan nhoma Natural Menopause mu no, wɔma nyansahyɛ ahorow a eye a wotumi de gyina adwennwen ano yiye. Ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ wohu nneɛma a ɛde adwennwen ba na afei wogye wɔn ahome bere ne bere mu. Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi boa no ma ɔhwɛ abusua muni bi a wayɛ ɔyarefo. Wɔhyɛ nkuran sɛ: “Ɛmpere wo ho. Kwati nnwuma pii a wobɛsoa agu wo ho so . . . Tie nea wo nipadua ka kyerɛ wo.” Wɔde ka ho sɛ: “Nnwuma a wɔyɛ ma afoforo . . . betumi atew adwennwen so kɛse. . . . Teɛteɛ w’apɔw mu daa. . . . Sɛ wuntumi nyɛ w’asetram adwennwen no ho hwee bio a, kɔhwehwɛ nnuruyɛfo hɔ mmoa.”
Abusua Mufo Betumi Aboa
Ehia sɛ wɔte ɔbea a ɔretwa bra nkate ase na wɔde mmoa a ɛfata ma no. Bere a ɔyere bi reka nea ɔbɛyɛ sɛ ɛba sɛ adwennwen hyɛ no so bere ne bere mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me ne me kunu bɛbɔ ho nkɔmmɔ, na bere a wafi mmɔborohunu mu ate m’ase no, mehu sɛ ɔhaw ahorow no nyɛ kɛse te sɛ nea m’adwene yɛ me no.”
Okunu a ɔwɔ tema nso hu sɛ ne yere ntumi nyɛ nneɛma sɛnea ɔyɛ no bere nyinaa bere a ɔretwa bra no. Enti ɔbɛma n’ani ada hɔ na wafi ne pɛ mu aboa wɔ abusua no mu asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu, ebia nneɛma horo, nnuan a wɔkɔtotɔ, ne nea ɛkeka ho. Obefi mmɔborohunu mu de ne yere ahiade adi n’ankasa de kan. (Filipifo 2:4) Ebia bere ne bere mu no ɔde adwene bɛba sɛ womfi adi nkodidi wɔ adidibea anaasɛ ɔbɛyɛ nsakrae bi a ɛyɛ anigye wɔ wɔn da biara da dwumadi mu. Ɔbɛkwati akyinnyegye sɛnea ebetumi ayɛ yiye, na waboa no wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obekura adidi su a ɛfata no mu.
Nea ɛsen ne nyinaa no, okunu bedi ne yere ahiade a ɛne sɛ ɔbɛma no anya awerɛhyem bere nyinaa sɛ ɔdɔ no no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔda nhumu adi na ohu sɛ ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ odi ne yere ho fɛw wɔ n’ankasa nneɛma ho. Okunu a ɔne ne yere di wɔ ɔdɔ mu no redi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ese ɔne no ‘ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den’ no so.—1 Petro 3:7.
Saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ mmofra fi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛte wɔn maame su a ɛsakra bere ne bere mu no ase. Ɛho hia sɛ wohu sɛ ohia bere a n’ankasa de bɛyɛ n’ade. Da a wɔbɛda no adi sɛ wɔwɔ tema wɔ wɔn maame nkate ahorow ho no bɛma wanya awerɛhyem sɛ wodwen ne ho ankasa. Sɛ amma saa na wodi ne su a ɛsakra bere ne bere mu no ho fɛw a, ɛbɛsɛe tebea no mmom. Bisa nsɛm a ɛfata na ama woate nea ɛrekɔ so no ase yiye, na mma wommmisa ansa na woaboa ofie nnwuma. Eyinom nyinaa yɛ akwan a wobɛfa so aboa wo maame wɔ n’asetra bere yi mu no kakraa bi pɛ.
Bratwa Akyi Asetra
Mpɛn pii no, ɔbea tra ase mfe pii bere a watwa bra no. Nyansa ne osuahu a wanya no nni ano. Nhoma kyerɛwfo Gail Sheehy nhwehwɛmu a ɔyɛe a “obisabisaa Amerikafo a wɔanyinyin mpem aduosia nsɛm no daa no adi sɛ, mmea a wɔwɔ wɔn mfe aduonum mu ankasa anom nsɛm kyerɛ sɛ wɔte nka sɛ wodi yiye wɔ bere yi mu sen wɔn asetra mu bere biara a abɛsen.”
Yiw, mmea pii a wɔafa saa nsakrae mfe yi mu nya asetra ho adwene foforo. Wonya adwinni ho nyansa foforo. Wɔkɔ so tra ase sɛnea ɛsɛ, na wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma a mfaso wɔ so mu. Ɔbea bi a watwa bra kae sɛ: “Mekɔ so de m’adwene di dwuma. Mekɔ so sua nneɛma foforo na misua ade.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ebia mintumi nyɛ ade ntɛmntɛm pii de, nanso mente nka sɛ eyi ne m’asetra awiei. Merehwɛ mfe bebree kwan.”
Ɛda adi pefee sɛ, bere a Sheehy rebisabisa mmea nsɛm no, ohui sɛ wɔn a “wonya nkɔso wɔ wɔn asetra mu bere a wɔatwa bra akyi na obu a wɔwɔ ma wɔn ho yɛ kɛse ne wɔn a wɔyɛ nnwuma a egye nyansa, atɛmpa, adwinni ho nyansa, anaa honhom fam ahoɔden titiriw no.” Mmea a wɔte saa pii wɔ hɔ a wɔde anigye retrɛw Bible no mu nimdeɛ ne ntease a wɔwɔ no mu, na wɔrekyerɛkyerɛ afoforo emu gyinapɛn ahorow a ɛsom bo no.—Dwom 68:11.
Sɛ yɛde asetra ho adwempa a mmea benya ne nnwuma a mfaso wɔ so a wɔbɛyɛ no to nkyɛn a, nyansa wom sɛ mmea a wɔadi mfe ahorow nyinaa bi kae wɔn ho sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no nim yɛn nkate horow na odwen yɛn ho ankasa. (1 Petro 5:7) Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ayɛ nsiesiei ama wɔn a wɔsom no nyinaa ma awiei koraa no wɔatra ase wɔ trenee wiase foforo a yare, amanehunu, anaa owu mpo remma mu bio no mu.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.
Enti, mo a moretwa bra no, monkae sɛ ɛyɛ asetra mu bere bi. Ebetwam ma moanya asetra mu mfe dodow bi a sɛ mode di dwuma yiye som yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so kɛse.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! nkamfo ɔkwan a wɔfa so sa yare pɔtee biara nkyerɛ.
[Kratafa 23 adaka]
Aduru a Ɛma Wonya Estrogen no Nso Ɛ?
Estrogen betumi ako atia komayare ne osteoporosis, nneɛma atitiriw abien a ɛma mmea a wɔatwa bra nya nyarewa no. Sɛ estrogen dodow a wɔwɔ no so tew a, saa nyarewa yi fi ase ba na ɛda adi wɔ mfe anum anaa du akyi. Wɔakamfo nnuru a ɛma wonya estrogen anaa nkwammoaa (estrogen ne progesterone) akyerɛ sɛ etumi ko tia saa nyarewa yi.
Estrogen a wonya tumi tew nnompe a ɛbɛwewe ntɛmntɛm so na esiw komayare ano. Aduru a wɔfrɛ no progesterone a wɔde ka nnuru a ɛma wonya nkwammoaa ho no tew tumi a wobetumi anya nufu ne awotwaa mu kokoram so, nanso ɛko tia dwuma pa a estrogen di wɔ komayare ho no.
Ɛsɛ sɛ nnuru a ɛma wonya nkwammoaa a wɔde bedi dwuma anaasɛ wɔmfa nni ho gyinaesi no gyina nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ ɔbea biara nsɛm tebea, n’akwahosan, ne sɛnea n’abusua mufo akwahosan ho nsɛm te so.b
[Ase hɔ nsɛm]
b Hwɛ Engiresi Nyan!, September 22, 1991, nkratafa 14-16.
[Kratafa 24 adaka]
Aduan Bɛn na Eye Kyɛn So?
Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi fi nhoma Natural Menopause—The Complete Guide to a Woman’s Most Misunderstood Passage a Susan Perry ne Oduruyɛfo Katherine A. O’Hanlan kyerɛwee mu.
Aduannuru a wɔfrɛ no Protein
• Ntew protein a wudi so mmoro calorie a wudi so ɔha biara mu nkyekyem 15.
• Nya wo protein no mu fã kɛse no ara fi nhabamma mu na nya kakraa bi fi ntɔteboa nam mu.
Staakye Ahorow
• Di nnuan a staakye wom te sɛ awi a wɔnsɔɔ ho, paanoo, nnuan te sɛ talia, adua, nkate, ɛmo, fan ne nnuaba.
• Nni asikre ne nnuan a asikre wom kɛse pii.
• Di nnuan a ɛyɛ nhamanhama.
Srade Ahorow
• Ntew srade a wudi so mmoro calorie a wudi so ɔha biara mu nkyekyem 25 kosi 30 so.
• Bere a wotew srade a wudi so no, ma ‘srade pa’ (nea ɛnonom) a wudi no nnɔɔso koraa nsen ‘srade bɔne’ (nea ɛnnonom) no so.
Nsu
• Nom nsu nkuruwa a emu nsu dodow yɛ nkaribo fa asia kosi awotwe da biara da.
Aduannuru a wɔfrɛ no Vitamin ne Mineral
• Di fan ne nnuaba ahorow da biara da.
• Nufusu, nnuan a wɔde nufusu yɛ, ahaban bi a wɔfrɛ no broccoli, ne fan ahorow a ɛyɛ nhabamma ma wonya aduannuru a wɔfrɛ no calcium.
[Kratafa 25 mfonini ahorow]
Nea abusua mufo betumi ayɛ de aboa: Munyi ɔdɔ adi, mommoa wɔ ofie nnwuma mu, monyɛ aso ntie bere a wɔrekasa, monyɛ ade foforo bere ne bere mu