Ɛho Ntease Pa a Wubenya
ƆBEA bi a watwa bra gye tom sɛ: “Menka sɛ ɛyɛ ɔbea asetra mu bere a anigye wom, nanso misusuw sɛ wubetumi asua biribi afi mu. Masua sɛnea mehu nea metumi ayɛ. Sɛ ɛho hia sɛ mehwɛ me nipadua so anaasɛ migye m’ahome yiye sen sɛnea meyɛ a, mitie, meyɛ nea ehia no.”
Mmea ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Canadian Family Physician nsɛmma nhoma no mu daa no adi sɛ “nim a wonnim nea ɛbɛba” no ne ade a enye koraa wɔ bratwa ho. Nanso, mmea a wɔbɛte ase sɛ bratwa yɛ ɔbrasu mu ade no “nnwen ho, wɔmmotow, na wɔn bo nhaw wɔn kɛse, na wɔwɔ anidaso kɛse wɔ wɔn asetra ho.”
N’adeban
Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ bratwa ase saa kwan yi so: “Bere a ɔbea gyae brayɛ a eyi taa ba wɔ mfe 45 ne 50 ntam hɔ.” Wɔakyerɛ nso sɛ bratwa yɛ bra a wogyae yɛ koraa.
Mmea binom twa bra mpofirim; wɔyɛ bra biako fi a, foforo mma bio. Afoforo de, wɔnyɛ bra bere ano, wɔyɛ no adapɛn abiɛsa anaa asram pii ntam. Sɛ afe mũ twam na ɔbea anyɛ bra a, obetumi de ahotoso aka sɛ otwaa bra wɔ ne brayɛ a etwa to no mu.
Bere a Ɛba ne Nea Enti a Ɛba
Su a wonya fii awo mu, ɔyare, ɔhaw, nnuru, ne oprehyɛnyɛ betumi asesa bere a ɛba no. Wɔ Amerika Kusuu Fam no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mfe a ɔbea di ansa na watwa bra bɛyɛ 51. Bere a ɛba no taa yɛ efi mfe 40 mfiase kosi 50 mfinimfini hɔ, na ɛntaa mma ansa na obi anya mfe yi anaasɛ ɛno akyi. Akontaabu kyerɛ sɛ mmea a wɔnom sigaret taa twa bra ntɛm na mmea a wɔn mu yɛ duru pii no ntaa ntwa no ntɛm.
Wɔde ɔbea mmadwoa a obenya nyinaa, a ne dodow yɛ ɔpehaha pii a ɛwɔ ne mmadwoa kotoku mu wo no. Efi mmadwoa 20 kosi 1,000 nyinyin bere biara a ɔyɛ bra. Afei biako, anaa ɛtɔ da bi a nea ɛboro saa, fi mmadwoa kotoku no mu a sɛ ɛba sɛ ɛne ɔbarima de hyia a ɛbɛkɔ akowie nyinsɛn mu. Mmadwoa afoforo a anyinyin no sɛe. Afei nso, nea ɛne mmadwoa no nyin hyia no, nipadua mu nkwammoaa a wɔyɛ nnuru a ɛma mmea nya nna ho nkate a emu yɛ den a wɔfrɛ no estrogen ne nea ɛma wonya srade a wɔfrɛ no progestorone no dodow kɔ soro na ɛso huan bere nyinaa.
Sɛ ɔbea wɔ ne mfe 30 awiei mu hɔ a, estrogen ne progestorone a ɔwɔ no so fi ase tew, na ɛyɛ saa nkakrankakra anaasɛ ɛso tew ntɛmntɛm, na ebia mmadwoa mfi mmadwoa kotoku mu mfi wɔ brayɛ biara mu. Brayɛ twa sisi, na emu taa twetwe; mogya a ɛsen fi ne ho no sakra, ɛbɛyɛ ketewaa bi anaa bebree. Awiei koraa no, mmadwoa mfi mmadwoa kotoku no mu mfi bio na otwa bra.
Bra a etwa to a ɔyɛ no ne nsakrae a ɛba wɔ nipadua mu nkwammoaa ne mmadwoa kotoku no dwumadi mu a ebia ebetumi agye mfe du no awiei. Nanso, mmadwoa kotoku no kɔ so yɛ estrogen no kakra bɛyɛ mfe 10 kosi 20 wɔ bratwa no akyi. Nipadua mu akwaa a wɔfrɛ no adrenal gland ne nkwammoaa a wɔyɛ srade no nso yɛ estrogen.
Asetram Nsakrae Titiriw
Nipadua mu akwaa biara a estrogen na ɛkanyan no anaa ɛde di dwuma no ahoɔden so tew bere a estrogen no dodow so tew no. Wosusuw sɛ nkɛntɛnso a enya wɔ amemene no a edi nipadua mu ɔhyew ne nwini ho dwuma no so na ɛma mmea nipadua mu hyehye wɔn no. Wonnim ɔkwan pɔtee a ɛnam so ba, nanso ɛte sɛ nea nipadua mu akwaa a edi ɔhyew ne nwini ho dwuma a ano brɛ ase ma ɔhyew a anka bere bi na wɔte nka sɛ eye no bɛyɛ nea ano yɛ den dodo mpofirim, na ɔhyew fi ase ba nipadua no mu na ɛtew fifiri de dwudwo ne ho.
Wɔ Gail Sheehy nhoma, The Silent Passage—Menopause mu no, ɔka sɛ: “Mmea a wɔn nipadua mu hyehye wɔn nyinaa mu fã befi ase ate ɔhyew no nka bere a wɔda so yɛ bra sɛnea ɛsɛ no, na efi ase ntɛm fi bere a wɔadi mfe aduanan no. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmea dodow no ara nipadua mu hyehye wɔn mfe abien. Wɔn mu baanan biara mu biako de di mfe anum. Na ɔha biara mu 10 de hyehye wɔn wɔn nkwa nna a aka nyinaa.”
Ɔbea asetra mu bere a estrogen no dodow so tew yi mu no, n’ananmu nam ka dwom na emu wo. Gail Sheehy ka sɛ, nea ɛka ɔhaw afoforo a mmea betumi ahyia ho ne, “fifiri a ɛtew wɔn anadwo, nnakorokoro, dwensɔ a wontumi nka nhyɛ, wɔn sisi a ɛyɛ wɔn yaw mpofirim, wɔn koma a ɛbɔ wɔn paripari, osu a ntease nnim, wɔn bo a efuw ntɛmntɛm, tipae a emu yɛ den, ahokekaw, wɔn were mu a ɛyɛ wɔn nnyinyaanyinyaa, [ne] awerɛfiri.”
Adwenemhaw Mmere
Estrogen a ɛso tew no de adwenemhaw ba? Eyi yɛ asɛm a wɔagye ho kyim pii. Mmuae no reyɛ ayɛ sɛ ɛte saa wɔ mmea binom fam, te sɛ wɔn a wɔn nneyɛe sakra mpofirim bere a wɔyɛ bra, ne wɔn a wɔyare nnakorokoro esiane wɔn ho a ɛtew fifiri anadwo nti no. Ɛte sɛ nea nkate mu haw ahorow a nsakrae a ɛba wɔ awo ho nkwammoaa dodow mu de ba no nya mmea a wɔwɔ saa kuw yi mu so tumi kɛse. Sɛnea Gail Sheehy kyerɛ no, saa mmea yi taa “nya ahotɔ kɛse bere a wotwa bra” na awo ho nkwammoaa no dodow nsakra bio no.
Ebia mmea a wotwa bra mono esiane afiri a ekunkum ɔyare mmoawa mu a wɔde wɔn hyɛ, nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa a wɔnom, anaasɛ wɔyɛ wɔn oprehyɛn yiyi wɔn mmadwoa nkotoku abien nyinaa nti no behyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Saa ayaresa yi betumi ama estrogen dodow so atew mpofirim na ama bratwa ho ɔhaw afi ase. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, ebia wobetumi ama no nnuru bi a ɛbɛma wanya estrogen, a egyina sɛnea ɔbea no akwahosan te so.
Ahoyeraw ne ɔhaw afoforo a ɛda adi wɔ ɔbea biako fam no bɛyɛ soronko koraa wɔ ɔfoforo fam, na ɛte saa wɔ mmea a wɔbɔ abusua mpo mu. Eyi te saa efisɛ nkwammoaa no dodow nyɛ pɛ wɔ mmea nyinaa mu, na ɔkwan a ɛso fa tew no nso gu ahorow. Afei nso, sɛ mmea rebetwa bra a wɔda nkate ahorow, ɔhaw ahorow, sɛnea wotumi gyina nsɛnnennen ano, ne akwanhwɛ adi wɔ akwan horow so.
Bere a ɔbea twa bra no taa ne n’asetram nsɛm tebea afoforo a emu yɛ den te sɛ awofo a wɔabobɔ nkwakoraa ne mmerewa a ɔhwɛ wɔn, bere a ɔrebɛyɛ adwuma, bere a ne mma nyinyin na wofi fie, ne mpanyin bere mu nsakrae afoforo hyia. Ebia ɔhaw ahorow yi betumi de honam ne nkate fam nsɛnnennen aba, a nea ɛka ho ne awerɛfiri, n’adwene a ontumi mfa nsi nneɛma so yiye, adwennwen, abufufa, ne adwenemhaw a ebia wobetumi adi mfomso de ahyɛ bra a ɔretwa no.
Asetra mu Bere Bi
Bra a ɔbea twa nkyerɛ sɛ mfaso nni n’asetra so bio—ɛyɛ bere a ɔde wo mma no nkutoo awiei. Sɛ ɔbea yɛ bra a etwa to a, nsakrae ntaa mma ne nneyɛe mu, ɛnnannan te sɛ nea ɔyɛ bra ɔsram biara no.
Bere a yɛde yɛn adwene asi bratwa so esiane sɛ ɛyɛ nsakrae a ɛda adi pefee nti no, ɛno yɛ nsakrae a ɛda adi wɔ ɔbea a ɔretwa awo asetram ara kwa. Brayɛ, nyinsɛn, ne awo nso yɛ asetram nsakrae a ɛde nkwammoaa, nipadua, ne nkate mu nsakrae ba. Ɛnde na bratwa yɛ nkwammoaa mu nsakrae a edi akyiri, na ɛnyɛ ɛno nkutoo ne nsakrae a ɛba wɔ ɔbea nipadua mu wɔ n’asetra mu.
Enti, bratwa yɛ asetra mu bere bi. Journal of the American Medical Women’s Association no kan samufo panyin kyerɛwee sɛ: “Ebia nnipa begyae bu a wobu bratwa sɛ ɛyɛ ɔhaw, anaasɛ ‘nsakrae a emu yɛ den,’ na wɔabu no wɔ ɔkwan a ɛfata kɛse so sɛ ‘ɛyɛ nsakrae foforo ara kwa.’”
Nea ɛma awerɛhyem kɛse no, nhoma Women Coming of Age ka sɛ awo a ɔbea twa “yɛ ɔbrasu mu ade a ontumi nkwati te sɛ nea na wɔahyɛ ne mfiase ato hɔ no ara pɛ. Bratwa yɛ honam fam akwahosan ho sɛnkyerɛnne ankasa—sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ [ne] nipadua mu nyansadɔn reyɛ adwuma yiye.”
Nanso, dɛn na wobetumi ayɛ na ama nsakrae no ayɛ bɔkɔɔ sɛnea ebetumi ayɛ yiye? Na ɔkwan bɛn so na okunu ne abusua no mufo betumi aboa wɔ saa asetram nsakrae bere yi mu? Asɛm a edi hɔ no bɛka nneɛma yi ho asɛm.
[Kratafa 21 mfonini]
Bratwa taa ne asetram nsɛm tebea a emu yɛ den, a nea ɛka ho ne awofo a wɔabobɔ nkwakoraa ne mmerewa a wɔbɛhwɛ wɔn no hyia