Hena Na Ɔbɛhwɛ Oguanfo No?
“WO NE nea ɔkɔm de no nkyɛ w’aduan na bue wo fi ma mmɔborofo a ɔyɛ ɔpanyifo.” Enti Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kasa kyerɛɛ wɔn a na wɔn ani gye nyamesom mu guasodeyɔ ho nanso wɔante nka amma wɔn mfɛfo nnipa no. (Yesaia 58:7, Today’s English Version) Nanso, aman kakraa bi na wobetumi, anaasɛ wɔbɛyɛ saa nnɛ: Esiane ma a wɔma pɛsɛmenkominya anaa amanne, abusua ne nyamesom mu adwemmɔne ahorow kwan nti, ɛnyɛ bɔ nko na ‘wɔbɔ afoforo ayamɔnwene’ na mmom wɔtow wɔn aman ahye ahorow mu nso. (1 Yohane 3:17) Nanso atirimɔden mu a obi fi bu n’ani gu nnipa ɔpepem pii amanehunu so no remma ahaw no mfi hɔ. Bere dodow a amansɛmdi mu ntawntawdi wɔ hɔ na nhyɛso ne ɔkɔm ne ohia wɔ hɔ no de, aguanfo bɛwɔ hɔ ara. Ɛnde dɛn na wobetumi ayɛ?
Wiase Nyinaa Nniso—Ano Aduru Ankasa
Nsakrae wɔ nniso a ɛwɔ asase so no mu nkutoo ne ano aduru ankasa. Na sɛ yɛka eyi a yɛnkyerɛ amansɛmdi mu nsakrae a ɛda adi sɛ ɛbɛma nnipa ɔpepem pii foforo aguan. Mmom no yɛreka Bible, no bɔhyɛ a ese Onyankopɔn nam Kristo so besiesie nneɛma wɔ asase so no ho asɛm. (Mateo 6:10) So ɛte sɛnea eyi rentumi nye yiye?
Ɛnyɛ bere a woasusuw ho ahu sɛ Onyankopɔn ani gye asase yi daakye ho ankasa no. “Ɔne [nokware] Nyankopɔn, ɔno na [ɔnwenee asase na] ɔde sii hɔ: wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Wu ne bere a ɛsɛ mu no ade ne ho begye mu na wagye asase so nniso horow no tumi afi wɔn nsam, asɛe wɔn.—Daniel 2:44.
Sɛnea ɔsoro nniso yi bɛka asase no bɛyɛ nwonwa. Akodi begyae na wɔayi akode ahorow afi hɔ. (Dwom 46:8-11) Aduan pii bɛba ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa anya bi adi. (Dwom 72:16) Na ɛremma sɛ obi nni fie a ɔbɛtra mu. Asase sotefo ‘besisi adan atra mu.’ (Yesaia 65:21) Obiara rente nka da sɛ ɛsɛ sɛ oguan fi Onyankopɔn nniso a ɛyɛ adɔe no ase!
Yehowa Adansefo reda tumi a Ahenni no wɔ adi dedaw wɔ wɔn asetra mu. Ade biako ne sɛ woyi yɔnko dɔ adi sɛ wɔn som no fã. (Mateo 10:19) Bere a wopamoo ahɔho fii Nigeria nnansa yi no Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ghana boae ma wɔmaa nnipa a wɔasan aba no aduan ne dabere.
Nanso bere a adɔeyɛ a ɛte sɛɛ de nneɛma pa ba no, Yehowa Adansefo nim sɛ nneɛma pa pii a ɛtra hɔ daa ba denam afoforo a wɔboa wɔn ma wosua Onyankopɔn Ahenni no ho ade ma wonya mu gyidi no so. Onyankopɔn ‘bɛpopa, yɛn aniwam nusu nyinaa.’ (Adiyisɛm 21:4) Na onipa renhu amane bio sɛ oguanfo.
[Kratafa 11 mfoni]
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, ɛremma bio sɛ nnipa bi rennya baabi ntra