Dɛn Nti Na Nkokoaa Hu Amane Na Wowuwu?
AKOKOAA foforo a wɔwo no—akatua a ɛyɛ anigye bɛn ara ni wɔ akwanhwɛ, ahoboa ne awokoyaw wɔ asram pii mu akyi! Ɔkyerɛkyerɛfo nyansafo bi a ɔtraa ase tete mmere mu kaa ho asɛm sɛɛ se: “Ɔbea, sɛ ɔrewo a ohu awerɛhow, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti.”
Nanso wɔ awofo pii fam no, ɛnkyɛ na anigye a wɔanya no asɛe. Ɔyare bɔ abofra no anaasɛ owu. Awofo a wɔayɛ mmɔbɔ yi di awerɛhow. Wɔ aman a wɔwɔ asetra gyinapɛn a ɛkorɔn mu mpo no, mmofra ɔpepem pii hu nyarewa ahorow pii mu amane. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii so no, nkokoaa ɔpepem pii foforo wuwu afe biara. Wɔ aman binom so no nkokoaa a wɔwo wɔn no fã nni mfirihyia anum na wowuwu.
Eyi ama nkurɔfo abisa sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma mmofra a wonnim hwee hu amane? Dɛn nti na wɔn mu pii wuwu?
Wiase Nyinaa Ɔhaw
Esiane sintɔ a ɛwɔ awofo no mogya a wɔde wo mu nti, wɔwo nkokoaa binom a wɔadidi dɛm anaa wɔn adwene ho akã. Nneɛma ahorow a ɛnkɔ so yiye de nyarewa ahorow ba, te sɛ ebia sɛ akyi dompe no anyɛ yiye wɔ yafunu mu a ɛde nyarewa ahorow ba a ebi tumi ka adwene no ma enti ɛnyɛ adwuma yiye sɛnea ɛsɛ. Wɔfrɛ saa tebea horow yi “Curse of the Celts” efisɛ ɛtaa ba saa kɛse wɔ Scotland ne Northern Ireland, faako a nkokoaa 100 a wɔwo wɔn biara mu biako wɔ dɛmdi a ɛte sɛɛ bi no.
Ɔyare foforo nso a wonim no yiye ne dwɔkɔ anaa mmubui a ehon anaa amemene a ɛsɛe ansa na wɔawo abofra anaa bere a wɔrewo no anaa ɛno akyi na ɛde ba, a wobu akontaa sɛ ɛka nkokoaa 170 a wɔwo wɔn biara mu biako no.
Wɔ nsase a wonnyaa nkɔso pii so no, nyarewa te sɛ kwashiorkor, ntoburo, mpafẽ ne nsamanwa kunkum nkokoaa ɔpepem pii. Nhoma a wɔfrɛ no The Competent Infant no ka wɔ nneɛma atitiriw a ɛde nyarewa a ɛyɛ hu ba no ho sɛ: “Wɔ wiase afã horow pii no aduan pa a wonnya nni wɔ mmofraase na ɛma mmofra wuwu kɛse sen nkae no nyinaa a wɔde abom.”
Hena na Ɛho Asodi Da No So?
Bible no bɔ yɛn amanneɛ sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no, ohyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo mma ‘nhyɛ asase so ma.’ Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ, sɛ wɔne wɔn asefo yɛ osetie ma no a, wɔbɛtra ase daa. Nanso nnipa baanu a wodi kan no fi wɔn pɛ mu buu Onyankopɔn mmara so na enti wɔde amanehunu ne owu baa wɔn ho so.—Genesis 1:28; 2:16, 17; 3:6, 19.
Ná wɔrentumi mma wɔn mma no nyɛ pɛ bere a na wɔn ankasa nyɛ pɛ bio no. Sɛnea na awosan ho mmara te no, wɔbɛwo wɔn mma no a wɔtɔ sin. Sɛnea Bible ka no: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Enti, wɔrentumi mfa asodi no nto Onyankopɔn so esiane sɛ wɔwowo nkokoaa binom a wɔadidi dɛm a ɛmma wonnyinyin na wowuwu nti. Nea ɛma ɛba saa sɛnea Bible kyerɛ, no ne “onipa biako,” onipa a odi kan Adam a ɔde owu baa ne ho ne n’asefo a wɔbɛba daakye so no.—Romafo 5:12.
Adesamma nyinaa adifudepɛ ne anibiannaso ama tebea yi mu ayɛ den kɛse. Ɛyɛ nea ada adi kɛse mprempren ma wɔahu sɛ mmea a wɔyem a wɔnom nnuru te sɛ aspirin anaa nea wɔde dwudwo ɛyaw ano no taa wo mma a woadidi dɛm. Mmea pii nso pira wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no denam sigaretnom a ɛmma abofra no nnya mframa pa nhome a etumi ma wowu mpo no so. Ɛda adi kɛse nso sɛ wɔn a wɔnom nsa anaa kɔfe pii ma ɛtra so no bɛwo nkokoaa a woadidi dɛm adwene mu. Sɛ nkokoaa a wɔwɔ ɛnanom a wɔte sɛɛ hu amane, anaa wowu mpo a, so wobetumi de asodi no ato Onyankopɔn so ankasa? So ɛnyɛ asɛm a ɛne sɛ ‘onipa twa nea ogu’ mmom?—Galatifo 6:7.
Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, afeha a ɛto so 20 mu adeyɛ a ɛne ntoa mu aduan a wɔde ma mmofra ayɛ nea ɛrekɔ so wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse no so, faako a kan no na mmeatan pii de nufu na ɛma wɔn mma no. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ nkokoaa ɔpepepem pii foforo rewuwu esiane eyi nti. Ɛna nufusu ma wonya ahoɔden a wɔde ko tia nyarewa ahorow te sɛ ayamtu, ɔyare titiriw a ɛma mmofra hu amane na wowuwu no. Mmeatan binom a wɔde milk pawda yɛ aduan ma wɔn no de nsu a ayɛ fĩ na ɛyɛ, anaasɛ wɔde nsu fra mu kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensa ntɛm. Nea ɛde ba ne nkokoaa a wonnya aduan nni mmee a wɔyareyare. Sɛ nhwɛso no, kesee fam Afrika atesɛm krataa bi kaa Afrika ayaresabea biako ho asɛm nnansa yi sɛ: Mmofra a wɔma wɔn ntoa mu aduan ayamtu aka wɔn ayɛ Ayaresabea hɔ nyinaa ma.”
Kwashiokor yɛ yare a proteins a ɛnnoso na ɛde ba a ɛka nkokoaa pii. Wɔ kesee fam Afrika no eyi ba esiane sɛ bere a wɔatwa wɔn nufu no, nkokoaa pii di koko a protein a enye bɛyɛ ɔba biara mu 9 na ɛwom. Wɔ ɔkwan foforo so no ɔyare bi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ marasmus ka nkokoaa a wotwa wɔn nufu ntɛm a wonnya aduan pa mma wɔn.
Nkokoaa a wonya nkwa wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no hu amane wɔ wɔn nkwa nna a aka nyinaa mu. Ɛdefa eyi ho no, nhoma a wɔfrɛ no The Competent Infant se: “Nyansa a mmofra a wɔn ho atɔ wɔn afi . . . nyarewa ahorow a ɛte sɛɛ mu wɔ no yɛ nea esua sen wɔn a wonya nnuan pa di wɔ wɔn mmofraase de no.” Ɛdefa wɔn a wonya aduan pa kakra di ho no, ɔkyerɛwfo no kyerɛ sɛ “wobetumi aka sɛ eyinom ka ho na nyansa no ano brɛ ase.”
Wɔrentumi mfa asodi no nto Ɔbɔadeɛ no so sɛ ɔno na ɔmma wonnya aduan pa nni. Asase no betumi ama wɔanya aduan pa a ɛdɔɔso sen sɛnea wohia ama yɛn nyinaa. Aguadi mu adifudepɛ ne ohia ne nneɛma atitiriw nti a ɛmma nkokoaa nnya aduan pa nni no. Nokwasɛm ahorow da no adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nkokoaa amanehunu ne owu no ho asodi to onipa so.
Ɔbɔadeɛ no Pɛ sɛ Obiara Nya Asetra mu Anigye
Ná anka Yehowa Nyankopɔn betumi asɛe Adam ne Hawa amonom hɔ ara bere a wɔayɛ bɔne no akyi. Enti dɛn nti na ɔmaa wɔn kwan ma wɔwoo mma ansa na wɔrewu? Efisɛ na ɔpɛ sɛ yenya hokwan kyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma ne dɔ nsiesiei horow no denam osetie so, a anidaso no ne sɛ yɛbɛtra ase daa. Sɛ Onyankopɔn sɛee nnipa baanu a wodi kan no amonom hɔ ara a, anka wɔanwo yɛn.
Ɔbɔadeɛ no te nka dɛn wɔ nkokoaa a wohu amane esiane awosan bɔne nti no ho? Wɔ ɛho mmuaema mu no, susuw sɛnea ofi mmɔborohunu mu bu abɔnefo mpo no ho hwɛ: “So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? Awurade [Yehowa] asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ.’” (Hesekiel 18:23) Sɛ ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ obehu sɛ ɔbɔnefo mpo wu a, ɛnde ɛda adi sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ nkokoaa ɔpepem pii behu amane na wɔawuwu.
Awerɛkyekye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Asɛm Mu
Sɛ abofra kumaa wu a, ɛtɔ bere bi a asɔfo de “awerɛkyekye” ma awofo no sɛ: “Onyankopɔn abɛfa wo ba no efisɛ ɔpɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ foforo wɔ ɔsoro.” Nokwarem, nsɛm a ɛtete saa no yɛ atoro. Ɛdenam nsɛm a ɛtete saa a wɔka so no wɔdaadaa nkurɔfo ma wosusuw sɛ Onyankopɔn na ɔma nkokoaa hu amane na wowuwu, bere a nokwasɛm no ne sɛ adesamma ankasa de nneɛma yi aba wɔn ho so denam atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn ne ne nniso no so.
Ɔdɔ mu no, Yehowa ayɛ nsiesiei sɛ obeyi nneɛma bɔne a awosan bɔne ne owu de ba no afi hɔ. Ɔde Ahenni nniso a ebedi asase yi so mfirihyia apem ama ne Ba a ɔwɔ soro, Yesu Kristo. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ so, saa Mfirihyia Apem ahenni no abɛn pɛɛ. Saa bere no mu no wobenyan awufo a nkokoaa ka ho. Bible no kyerɛkyerɛ eyi mu wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman [adamoa] yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae . . . Na [Onyankopɔu] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 20:6, 13; 21:3, 4.
Sɛ́ owusɔre no yɛ nea mmofra ka ho no yɛ nea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ bere a ɔwɔ asase so no. Ɔsan de abeawa bi a wadi mfirihyia 12 a na ɔyare abɔ no ma wawu baa nkwa mu. Ntease mu no, n’awofo “ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Na ɛrenkyɛ ɔpepem pii foforo ani begye bere a Yesu fi ne soro ahengua no so de wɔn a wɔwɔ Hades, adesamma adamoa mu, nyinaa ba nkwa mu bio no. Susuw anigye ara a awofo a wosuro Nyankopɔn benya no ho hwɛ, bere a wɔn nsa ka wɔn mma bio a wɔwɔ aboɔden—na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ pɛyɛ mu no!
Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no sɛ ɔde ɔdɔ nsiesiei a ɛte sɛɛ aka n’atirimpɔw ho!
[Box on page 14]
“Na sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.