Gandhi—Nea Enti A Pii De Wɔn Ho Too No So
Yɛte bere a basabasayɛ renya nkɔso mu wɔ wiase a ɛrenya nkɔso no mu. Bere a nnipa horow a wɔwɔ Atɔe fam a wodi yiye no rehyia ɔhaw wɔ asetra mu no, nuklea ho hu aka wiase no nyinaa.
So Ghandi nsusuwii a ɛne sɛ basabasayɛ nye no yɛ nea ɛbɛma wɔanya wiase a nitan ama emu apaapae no ano aduru? Saa asɛm yi a Indiani nsɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee no pɛɛpɛe Ghandi ne ne nsɛm a ɛfa ye a basabasayɛ nye ho no mu.
GANDHI. Dɛn na saa din no kyerɛ ma wo? Sɛ wodɔ asomdwoe na wopɛ sɛ wuhu wiase a basabasayɛ nni mu a, ebia woahu sɛ wɔafrɛ Gandhi sɛ agya a ɔmpɛ basabasayɛ.
Sɛ woyɛ Indiafo bɛboro ɔpepem 730 no mu biako a, wobɛkae no sɛ Bapu, anaa agya, ɔbarima ketewaa bi a ɔwɔ afiri a wɔde to asaawa, nea odii Indiafo anim ma wonyaa ahofadi. Sɛ woyɛ Hinduni a, wubu no sɛ honhom mu kannifo na wofrɛ no sɛ Mahatma, anaa “ɔkra kɛse.” Nanso ɛmfa ho sɛ ɛhe na wufi anaa nneɛma ahorow bɛn na wugye di no, ebia wubu Gandhi sɛ ɔkannifo a ɔkanyan anigye a wɔntaa nhu.
Ná ɔyɛ ɔbarima ketewaa bi a n’anim sua na n’aniwa yɛ akɛseakɛse. Ne hwɛe a ɛyɛ kurukuruwaa no da ne hwene a ɛsõ yiye wɔ n’anim no so. Esiane sɛ ne se atutu nti, sɛ ɔserew a wuhu n’afono a atotom no yiye. Wohu no wɔ mfonini pii mu sɛ wabobɔw n’anan te hɔ a n’afiri a ɔde to asaawa no si ne nkyɛn, anaa ɔde ne ntama atware n’asen de atade nguguso agu so bere a ɔrekyia wɔn a wɔabɛsra no no.
Wɔ Wiase Nyinaa Ko I akyi pɛɛ no, Gandhi kae sɛ: “Mempɛ basabasayɛ efisɛ bere a ɛda adi sɛ ɛyɛ biribi pa no, saa ade pa no yɛ bere tiaa bi de, na nea ɛsɛe no traa hɔ bere nyinaa.”
Ɛnnɛ wiase no asɛe sen bere a na Gandhi te ase no. Hwɛ nea ɛresisi wɔ Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam Afrika, Apuei Fam Mfinimfini ne wɔ India nkuraase mpo no. Basabasayɛ a wɔnam so di ɔhaw ahorow ho dwuma abɛyɛ su a ase atim kɛse. Nnipa pii wɔ hɔ a sɛ wusum wɔn a wobesum wo bi, na sɛ wosan sum wɔn bio a, wɔne wo bɛko. Yennyi aman a wɔwɔ sika no mfi mu. Nitan a ɔman ho dɔ ama aba, mmusua ntam basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, nuklea akodi ho hu ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no ne nea aba so. Gandhi kae sɛ, “gye sɛ wiase no pow basabasayɛ, anyɛ saa a ɛbɛma adesamma adi wɔn ho dɔm wɔ ɔkwan bi so.” Ɔkae sɛ, ɔdɔ nkutoo na ebetumi adi nitan so nkonim, na ɛnyɛ aman ne mmusua horow nkutoo na ɛnsɛ sɛ wosuasua basabasayɛ na mmom onipa biara.
Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɛka obi ma ɔtan ne nua na odi no nsɛmmɔne esiane sɛ ɛsono ne honam ani hwɛbea ara kwa nti no? Gandhi kyerɛe sɛ: “Onyankopɔn nipa biara nni hɔ a obetumi abu obi foforo sɛ ɔba fam sen n’ankasa. Ɛsɛ sɛ obu onipa biara sɛ ne nua.” Mfe aduosia abiɛsa ni a Gandhi kaa saa, nanso wiase no da so ara pere wɔ pɛpɛɛpɛyɛ ho adwene no ho.
Wɔ bere a akannifo atitiriw ne wɔn a wosusuw ade ho yiye ho ayɛ nna no, ebinom hwehwɛ nsɛm ho mmuae fi Gandhi hɔ. Nanso na hena ne saa onipa yi? Dɛn ne adwene horow a na okura? Ɛyɛɛ dɛn na obenyaa saa adwene horow no? Wɔ saa mmere a emu yɛ hu yi mu no, so Gandhi akwan no ne mmuae no?