Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 20
  • “Mfomso Ahorow Ason a Ɛwɔ Wiase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mfomso Ahorow Ason a Ɛwɔ Wiase”
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gandhi—Nea Enti A Pii De Wɔn Ho Too No So
    Nyan!—1984
  • Gandhi—Dɛn Na Ɛsakraa Ne Nipasu?
    Nyan!—1984
  • Basabasayɛ A Wɔmpɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Nyan!—1984
  • Dɛn Ne Mmara Nsɛm Du a Onyankopɔn De Mae No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 20

“Mfomso Ahorow Ason a Ɛwɔ Wiase”

WƆKA sɛ Mohandas Gandhi na ɔde nsɛm a wɔahyehyɛ a ɔfrɛɛ no “Mfomso Ahorow Ason a Ɛwɔ Wiase” no bae. Ɛno na edidi so yi:

• Ahonyade a wɔnyɛ ho adwuma

• Anigye a ahonim nka ho

• Nimdeɛ a suban pa nka ho

• Aguadi a ɔbra pa nka ho

• Nyansahu a ɛnnwen nnipa ho

• Ɔsom a ahofama nka ho

• Amammuisɛm a ennyina nnyinasosɛm so

Wɔaka sɛ ne banana, Arun Gandhi, de nea ɛto so awotwe kaa ho:

• Hokwan horow a asɛyɛde nka ho

Ebia wubetumi de kakra aka ho, nanso akyinnye biara nni ho sɛ nea wɔahyehyɛ yi kanyan adwene. Wɔabɔ “mfomso” ahorow yi ho mmuae a Bible no de ma no mua wɔ mmara abien mu: “Dɔ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa sɛn.”—Mateo 22:37-40.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

UPI/Corbis-Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena