Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 10/8 kr. 7-9
  • Basabasayɛ A Wɔmpɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasayɛ A Wɔmpɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Basabasayɛ No Rekɔ So
  • Anidaso a Asa
  • Gandhi—Nea Enti A Pii De Wɔn Ho Too No So
    Nyan!—1984
  • Gandhi—Dɛn Na Ɛsakraa Ne Nipasu?
    Nyan!—1984
  • Abusua Bi Gyidi Ho Sɔhwɛ
    Nyan!—2004
  • India Katolek Asɔre No​—Ɛhe Na N’ani Kyerɛ?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 10/8 kr. 7-9

Basabasayɛ A Wɔmpɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

SƐ WOTE Bombay a na wote nnipa dɔm mu bere nyinaa. Nnipa ayeyɛ mmorɔn so ma da mu no nyinaa. Bɛboro nnipa mpem ɔha da kwankyɛn anadwo.

Ɛte saa wɔ India nkurow akɛse ne nketewa pii mu: wɔakyere so na ahia wɔn buroburo. Dabere ne nsu pa ho yɛ na. Aduan ho yɛ den.

Yɛ ho mfonini wɔ w’adwene mu sɛ, wo ne nnipa afoforo baanum kosi baawɔtwe te ɔdan a emu trɛw yɛ anammɔn 9, na emu tenten yɛ anammɔn 12 mu! Wɔde ɔdan no ntwea so ama nkurɔfo ma wotua ho ka bere nyinaa anaasɛ ebia sɛ obi da sɔre a, na afoforo nso abɛda. Wode wo asetra mu bere fã kɛse no ara tra mmorɔn so anaasɛ kwankyɛn. Da biara anɔpa wokɔsaw nsu bokiti biako fi faako a wɔsaw nsu no. Nsu no mu wɔ fi. Woyɛ adwumaden nnɔnhwerew pii, nanso ɛyɛ den sɛ sika a wubenya no betumi ahwɛ w’abusua saa da no. Wɔ mmɔden biara a wobɔ nyinaa akyi no, wuntumi mma nneɛma nsakra. Wuhu nnipa a wɔrewuwu twa wo ho hyia da biara da, esiane ɔkɔm ne nyarewa nti. Mmoa a wunnya ama w’abasam atu.

Anyɛ yiye koraa no woanya nea ehia wo. Wowɔ ofie. Nanso sɛnea ɛte bere nyinaa no, India foforo wɔ hɔ: Nnipa bi wɔ hɔ a wonni baabi te sɛ mmantwea a ɛbɛn nsuka ne kwankyɛn mpo te. Wɔayɛ ahiafo man. Wɔyɛ mpanyimfo ne mmofra, mmea ne nkokoaa, wɔn a wonni nea wɔde kata wɔn ho ne wɔn a wɔrewuwu. Wɔyɛ abusua a wonnya nea ɛdɔɔso a ɛbɛso wɔn di da. Nea wɔpɛ nyinaa ne sɛ ade bɛsan akye wɔn bio.

Eyi nyɛ mfonini a sɛ obi hwɛ a ɛma n’ani gye. Sɛnea ɛte wɔ baabiara no, wɔwɔ nhomanimfo ne asikafo wɔ India. Nanso wɔyɛ nnipa kakraa bi. Ahiafo no adɔɔso asen asikafo no wɔ nnipa a wɔredɔɔso bere nyinaa no mu. Wɔn a wɔwɔ bi ma aboro so ne wɔn a wɔhwehwɛ nea wobedi ma wɔatumi atra ase yi de basabasayɛ na ɛba.

Sɛnea Basabasayɛ No Rekɔ So

Bhabani Sen Gupta ka wɔ n’asɛm “So India Ani Abue?” no mu sɛ, “Mprempren India a basabasayɛ taa sisi wɔ hɔ no, yɛ ɔman a basabasayɛ, atirimɔdensɛm ne atantanne abu so wom.” Wɔ India no, nsewnom ne okununom da so ara hyew mmabaa mpempem pii a wɔaware animono, esiane sɛ wɔmfa sika a wogye wɔn wɔ aware mu a ɛdɔɔso amma nti. Wɔto mmea bɛyɛ ɔpepem abien mmonnaa. Wodi nsɛmmɔne afoforo mpem ɔhaha pii. Nnipa mpem aduonum a wɔn mu dodow no ara yɛ mmerante ne mmabaa di wɔn ho dɔm esiane awerɛhow ne anidaso a wonni nti. Basabasayɛ ahorow a ne dodow yɛ 96,488 na esisii wɔ 1978 mu. Efi 1978 akyi no, nsɛmmɔnedi ho kyerɛwtohɔ kakraa bi na ɔman no wɔ. Nanso amanneɛbɔ a efi mmeaemmeae kyerɛ sɛ nsɛmmɔnedi rekɔ so.

Indiani a ɔyɛ asetra mu nsɛm ho ɔbenfo, S. C. Dube gye di sɛ, nea ɛde nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛrekɔ so no ba no ne nsonsonoe kɛse a ɛda nea nnipa no pɛ ne nea wonya ankasa ntam no, ne wɔn a wɔwɔ bi no tirim a wɔabɔ sɛ wɔbɛkora nneɛma a wɔaboaboa ano no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonni bi no rennya mu kyɛfa kɛse no.

Ɛnyɛ nkurow akɛse mu nkutoo na nsɛmmɔnedi ne atirimɔdensɛm wɔ, na mmom wɔ India nkuraase nso. Sɛnea Indiani sikasɛm ho ɔbenfo a wɔfrɛ no B. M. Bhatia kyerɛ no, basabasayɛ a abu so wɔ nkurase no fi “mpaapaemu kɛse a ɛda nsase wuranom ne adwumayɛfo a wonni asase no ntam no.” Nea afi mu aba ne nnipa pii a wɔhwere wɔn nkwa, nneɛma pii a wɔsɛe no ne su pa a wobu wɔn ani gu so. “Wɔn a wonni ahoɔden ne ahiafo nni ɔpɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ atumfo ne asikafo ne tumidifo no ase na wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔafi ase resɔre atia wɔn na wɔhwehwɛ hokwan ahorow a wɔwɔ no. Basabasa a ahiafo no afi ase reyɛ no abɛka asikafo no basabasayɛ a efi teteete no ho,” saa na Gupta kyerɛwee.

Anidaso a Asa

Gandhi kyerɛw wɔ 1938 mu sɛ, “Ɛsɛ sɛ . . . minya anidaso kosi owu mu sɛ India de basabasayɛ a wɔmpɛ bɛyɛ ne nkyerɛkyerɛ de akora nidi a onipa wɔ no so.” Mfe aduanan asia akyi no, asetra mu basabasayɛ ahorow pii rekɔ so wɔ India. Na sɛnea Gupta kyerɛ no, “ɛnyɛ nea atumi abɔ nidi a onipa wɔ no ho ban.”

Sɛnea The Times of India kyerɛ no, ɛmfa ho sɛnea Gandhi nkrasɛm no agye din no, “basabasayɛ a ebi mmae da na ɛwɔ asase no so, na odwotwa, mmonnaato ne korɔnbɔ reyɛ nea ɛkɔ so bere nyinaa.”

Saa nhwehwɛmu a yɛayɛ afa India ho no yɛ nea ɛfa wiase no mmeae afoforo ho. Nhomasua a wɔde akame Indiafo pii no nyɛ nea wɔde akame wɔn a wɔwɔ aman afoforo pii mu no. Nanso wiase no nyinaa adi bɔne ahorow ason a Gandhi kaa ho asɛm no ho fɔ​—‘amammui a nnyinasosɛm nka ho, ahonyade a adwuma nka ho, anigyede a ahonim nka ho, nhomasua a suban pa nka ho, aguadi a abrabɔ pa nka ho, ɔsom a afɔrebɔ nka ho ne nyansahu a adesamma nka ho.’ Yiw Gandhi adwene a onyae wɔ wiase a wɔmpɛ basabasayɛ ho no abɛyɛ anidaso a ayera.

Wɔabu akontaa sɛ efi saa bere yi kosi mfe 15 mu no, nnipa a wɔwɔ India no bedu ɔpepem apem. Eyinom mu ɔpepem 600 bɛyɛ ahiafo. Ebia mmerante ne mmabaa a wonnya adwuma nyɛ bedu efi ɔpepem 30 kosi 50. Nkontaabu a ɛte sɛɛ kyerɛ daakye bi a anidaso nnim.

Gandhi nkrasɛm a agye din yi annye ntini ankasa wɔ India, faako a, efii ase no. Dɛn ntia? Ɛnyɛ nkrasɛm no na amma asɛm no amma mu. Saa ara nso na mfomso no mfi Gandhi. Ne botae ahorow no yɛ nea na eye. Nanso na Gandhi yɛ onipa ara kwa. Nneɛma pii nkutoo na obetumi de akyerɛkyerɛ nnipa. Nnipa sua ade na afei wɔn werɛ fi ntɛm. Abakɔsɛm di saa nokwasɛm yi ho adanse.

So ɛno kyerɛ sɛ nnipa bɛkɔ so ayɛ basabasa bere nyinaa? Hena na obetumi akyerɛkyerɛ adesamma abusua no nyinaa a ɛnyɛ Indiafo nko ma wɔatra ase wɔ asomdwoe mu? Eyi bɛyɛ ntetee bɛn? So wiase no begyae basabasayɛ da bi?

[Kratafa 8 mfoni]

Sɛnea tebea no te wɔ India kurow bi bɔron so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena