Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 12/8 kr. 12-14
  • So Aduruyɛ A Wɔpow Kyerɛ Nkwa A Wɔpow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Aduruyɛ A Wɔpow Kyerɛ Nkwa A Wɔpow?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahonim ne Aduruyɛ Mu Nsemmisa Ahorow
  • Awofo, Mma ne Nkwa
  • Nkwa Ankasa a Wɔpaw
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • W’ahonim Tumi Kyerɛ Wo Kwan Yie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Aduruyɛ a Wopaw—So Ebetumi Ayɛ Nea Asɛm Wɔ Ho?
    Nyan!—2001
  • Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 12/8 kr. 12-14

So Aduruyɛ A Wɔpow Kyerɛ Nkwa A Wɔpow?

BISA wo ho sɛ, “So mewɔ hokwan sɛ mepaw aduruyɛ a mɛpene so, sɛ ebi wo ho a?” Ɛno yɛ asemmisa a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wususuw ho, efisɛ ebinom ka sɛ sɛ obi pow aduruyɛ bi a nnuruyɛfo kamfo kyerɛ a na n’ani nsɔ ne nkwa. Bio nso no, yebetumi abisa sɛ so ɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ awofo a wɔakari asiane ahorow a ɛwɔ aduru bi a wɔakamfo akyerɛ mu ahwɛ bɛpow sɛ wɔremma wɔmmfa nyɛ wɔn ba?

Mpɛn pii no, nnipa binom a wɔyɛ katee wɔ saa asɛm yi ho no ma ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ sɛ: “Ma a wɔremma aduruyɛ bi ho kwan no kyerɛ sɛ wɔmpɛ abofra no nkwa.” Nanso wubetumi ahu sɛ ɛno yɛ asɛm a wɔka ma ɛtra so ne adwene a emu nnɔ. Esusuw nkate ahorow ho bere a ebu ani gu (1) ahonim ne abrabɔ ho nimdeɛ so, (2) w’ankasa ne w’abusua hokwan ahorow a mowɔ so ne (3) sɛnea aduruyɛ ne mmara te wɔ asɛm a mprempren wɔaka ho asɛm wɔ wiase nyinaa no ho so.

Ahonim yɛ biribi titiriw a ɛwɔ wo ne onipa biara a n’adwene mu da hɔ mu a wɔrentumi mmu so. Katolek sɔfo panyin a wagye din a wɔfrɛ no Henry Newman gye di sɛ ‘yebehu kwan a ɛkɔ hann no nkyɛn denam osetie a yɛbɛyɛ ama ahonim no so.’ Enti bere a Nazi ɔko mu nsɛmmɔnedifo kae sɛ na woredi ahyɛde horow so ara kwa no, nnipa a wɔn adwene mu da hɔ a wɔwɔ wiase nyinaa no buae sɛ, ahyɛde horow mfa ho, ɛsɛ sɛ anka saa nnipa yi tie wɔn ahonim. Saa ara na wɔ January 1982 mu no, Paapa John Paul II ‘bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɛnsɛ sɛ wobu ahonim ahorow so.’ Ɔkae sɛ hyɛ a wɔhyɛ obi ma obu n’ahonim so no “yɛ ɔsɔretia kɛse a wɔde ba obu a wɔwɔ ma onipa so. Wɔ ɔkwan foforo so no ɛyɛ biribi a ɛsen kum a wokum obi.”

Ebia ne nsɛm a ɔkae no ne w’ankasa nkate a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ahonim di dwuma titiriw wɔ aduruyɛ ho gyinaesi ahorow mu no behyia.

Ahonim ne Aduruyɛ Mu Nsemmisa Ahorow

Nhwɛso biako ni: Sɛnea wo gyidi te biara no, ɛyɛ nea wunim sɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ kasa tia ɔbea a ɔpɛ sɛ oyi nyinsɛn gu, sɛ mpo nyinsɛn no bɛhaw ɛna no anaasɛ abofra no a. Sususw ɔhaw a eyi de ba oduruyɛfo a ɔyɛ Roman Katolekni so wɔ asase a mmara ma nyinsɛn a woyi gu ho kwan no so, sɛnea ɛte wɔ Italy fi bere a wɔhyɛɛ Mmara a Ɛto So 194 wɔ May 22, 1978 mu no. Saa mmara yi ma ahonim mu a nnuruyɛfo fi pow nyinsɛn a woyi gu no ho kwan. Nanso mmara a ɛto so 9 no kyerɛ sɛ “oduruyɛfo no rentumi mfi ahonim mu mpow nyinsɛn a woyi gu” bere a ebia ɔbea no nkwa da asiane mu no. Ɛnde, dɛn na oduruyɛfo a ɔyɛ Katolekni koma pafo no bɛyɛ?

Sɛ oduruyɛfo foforo biara nni hɔ na ɔyɛ nea obetumi nyinaa na wammu n’ahonim so a, so yɛbɛka sɛ wadi awu? Nea ɛne eyi bɔ abira no, ‘ɛbɛyɛ nea ɛsen awudi’ sɛ wɔbɛhyɛ oduruyɛfo no ma wabu n’ahonim so, sɛ mpo ɔbea no anaasɛ aban mpanyimfo hwehwɛ saa a. Eyi kyerɛ sɛnea nea ahonim no ka betumi aka aduruyɛ mu gyinaesi ahorow a ɛfa akwahosan ne nkwa ho no.

Awofo, Mma ne Nkwa

Yebetumi ahu eyi pefee nso afi nea Kristofo a wodii kan no yɛe no mu. Ɛyɛ nea wunim sɛ wɔpow sɛ wɔbɛhyew aduhuam wɔ Ɔhempɔn no honi anim bere a wosusuw sɛ ɛyɛ abosonsom no. Nanso wɔn nyamesom ne ntease a efi ahonim mu no kaa wɔn akwahosan ne wɔn nkwa ne wɔn mma nso de tẽe. Dɛn ntia? Bere a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmpaw​—‘Sɛ́ wobɛhyew aduhuam anaasɛ w’abusua bewu wɔ Romafo agumadibea!’​—no, Kristofo no ampa wɔn gyidi. Wokuraa wɔn gyidi mu bere a saa kwan a wɔfaa so no yɛ nea asiane wom anaa ɛma wokum wɔne wɔn mma mpo no.

Wɔsɔɔ Kristofo no hwɛe nso wɔ mogya ho, esiane sɛ na Bible no ahyɛ wɔn sɛ ‘wonnyi wɔn ho mfi mogya ho’ nti. (Asomafo no Nnwuma 15:20) Tertulian a na ɔyɛ Latin sɔfo wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mu no, bɔ amanneɛ sɛ, sɛ́ ade a wosusuw sɛ ɛyɛ ano aduru no, wɔn a wɔyare abiribiriw nom nnipa a wɔde wɔn goru atɔprɛ a wɔakum wɔn no mogya. So Kristofo bɛnom mogya esiane “aduruyɛ” ho atirimpɔw a ɛte sɛɛ nti. Dabida. Tertullian de kaa ho sɛ ‘Kristofo renni mmoa mogya mpo.’ Wɔ nokwarem no, bere a na Roma aban mpanyimfo pɛ sɛ wɔsɔ obi hwɛ sɛ ebia ɔyɛ Kristoni ankasa no, wɔhyɛ no ma odi nnuan a mogya wom, efisɛ wonim sɛ Kristoni ankasa renni mogya bere a ɔrewu mpo no. Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow yiye efisɛ Yehowa Adansefo Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso pow sɛ wobegye mogya.

Afei yebebisa sɛ, So na saa Kristofo a wodii kan no nni obu kɛse mma nkwa anaasɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ mogya adansefo? Dabi, na ɛyɛ Roma aban mpanyimfo no na wɔhyɛɛ wɔn de owu baa wɔne wɔn mma so. Na so yɛmfa obu nkae saa Kristofo anokwafo a na wonim sɛ bu a wobebu wɔn ahonim so no bɛyɛ nea ɛsen owu sɛnea paapa no kae nnansa yi no?

Sɛ obi te nka sɛ eyi yɛ soronko wɔ aduruyɛ ho gyinaesi mu a, hyɛ nea ɔbenfo D. N. Goldstein kyerɛwee no nsow:

“Nnuruyɛfo a wɔyɛ eyi [de ayaresa hyɛ nnipa a wɔpow] no apow afɔrebɔ ahorow a mogya adansefo nyinaa de ahyɛ abakɔsɛm anuonyam denam wɔn ankasa nkwa mpo a wɔde too hɔ de ahofama kɛse dii nnyinasosɛm akyi no so. Saa ayarefo a wɔpaw owu mmom sen sɛ wobebu nyamesom mu nnyinsosɛm so no te sɛ wɔn a wɔhweree wɔn nkwa . . . sen sɛ wɔbɛpene asubɔ [a wɔhyɛɛ wɔn] so. . . . Ɛnsɛ sɛ oduruyɛfo biara hwehwɛ mmara fam mmoa de gye nipadua bi nkwa denam ɔkra a ɔbɛsɛe no so. Ɔyarefo no nkwa yɛ n’ankasa de.”​—The Wisconsin Medical Journal.

Nkwa Ankasa a Wɔpaw

Yɛn mu pii begye atom sɛ “nkwa” nkyerɛ wo a wɔbɛwo obi aba asetra mu ara kwa. Nkwa yɛ asetra a egyina nneɛma a ɛho wɔ mfaso so (amammui, nyamesom, nyansahu, nneɛma ho nimdeɛ, ne nea ɛkeka ho) ; ɛno nni hɔ a asetra bɛyɛ nea mfaso nni so. Enti wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no, mmarima ne mmea ɔmampɛfo de wɔn kwa too asiane mu de bɔɔ nneɛma a ɛho wɔ mfaso te sɛ demokrase ne ɔkasa mu ahofadi, ɔsom ne ahonim ho ban. Esiane saa nneɛma a ɛho wɔ mfaso ho ban a wɔbɔe yi nti, mmofra pii wuwui. Pii nso bɛyɛɛ nyisaa.

Nea esi eyi so dua ne asɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛfa Italiani ɔmanyɛfo a wɔfrɛ no Aldo Moro ho no. Wɔnam atirimɔden kwan so kum no wɔ 1978 mu, bere a aban mpanyimfo powee sɛ wɔde nea nsɛmmɔnedifo no hwehwɛ bɛma wɔn no. Ɛda adi sɛ, ɛtɔ bere bi a wɔde nnipa nkwa bɔ afɔre esiane nneɛma a wosusuw sɛ ɛho wɔ mfaso kɛse nti.

Enti wubetumi ahu sɛ onipa a n’adwene mu da hɔ betumi asi gyinae sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu mmom sen sɛ obebu nnyinasosɛm ahorow a odi so no so. Wɔ eyi yɛ mu no, ɔrepaw nkwa ankasa, sɛnea n’asekyerɛ ankasate no. Nokwarem no, eyi fa Kristofo nnyinasosɛm ahorow ho.

Kristofo bu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron, sɛ́ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. Susuw ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ onyansafo ne nhomanimfo no ho hwɛ. Wɔhwee no na ohyiaa tebea horow a ɛde ne nkwa too asiane mu, nanso ɔkae sɛ: “Mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso . . . sɛ ebia mɛto awufo mu sɔre no.”​—Filipifo 3:8-11.

Yebetumi anya ahotoso sɛ na Paulo rennya biribi a onim sɛ Onyankopɔn akasa atia mu kyɛfa. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Paulo renyɛ biribi a ɛbɛma ne desani nkwa ayɛ tenten kakra anaasɛ wanya akwahosan wɔ mfe kakraa bi mu na ama wahwere “nokware nkwa” a wɔ ne fam no, ɛbɛyɛ asetra wɔ ɔsoro no. (1 Timoteo 6:19) Nanso susuw ho hwɛ:

Asɔrekɔfo ɔpepem pii wɔ hɔ nnɛ a wɔhwɛ asetra wɔ soro kwan; ebia woka saafo no ho. Enti sɛ obi a ɔyare denneennen a ɔwɔ daa nkwa a ɛbɛba daakye ho anidaso pow aduruyɛ bi a ɔte nka sɛ Onyankopɔn abara a, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wobɛka sɛ ɔrepow nkwa. Mmom no, watra asase so mfe pii na ebia ne ho bɛtɔ no ma watra ha akyɛ. Nanso sɛnea ɛte biara no, sɛ ne nnuruyɛfo no mpo nyɛ gyidifo a, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ obesusuw ne daa asetra daakye no ho na wasi aduruyɛ ho gyinae sɛnea ɛfata.

Nnuruyɛfo ne wo ntaa nsusuw sɛnea nneɛma te ho, bere a wɔrekamfo aduruyɛ bi akyerɛ ama wo anaasɛ w’adɔfo no. Nanso biribi a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔma wuhu. Yebetumi afrɛ no ɛho asiane ne ɛho mfaso. Ɛsɛ sɛ wo ne w’abusua hwɛ na mosusuw saa asɛm yi ho, efisɛ ɛbɛboa wo ma woasi gyinae a nyansa wom na ama woate nyansa a ɛwɔ nea afoforo ayɛ no mu ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena