Watching the World
Oprehyɛn A Mogya Nka Ho
● ASSOCIATED Press amanneɛbɔ bi ka sɛ, ɔkwan biako a wɔnam so yɛ koma oprehyɛna mogya nka ho a mfiase no Yehowa Adansefo nkutoo na wɔyɛ wɔn saa oprehyɛn no yɛ nea wɔnam so de ayɛ ɛkame ayɛ sɛ mmofra ɔha a wɔwɔ Buffalo Mmofra Ayaresabea a ɛwɔ New York oprehyɛn ma ayɛ yiye. Oduruyɛfo panyin a ɔhwɛ oprehyɛn so no kae sɛ, “Yɛte nka sɛ, sɛ saa [Adansefo] ayarefo yi ho retɔ wɔn a, dɛn nti na yɛnyɛ saa mma ayarefo afoforo?” Ɔkwan a wɔnam so no hwehwɛ sɛ wɔbɛma ɔhyew a ɛsɛ sɛ ɛtra abofra no nipadua mu a ɛyɛ 98.6°F no so tew bedu 75°F, ɛno ma ahoɔhare a ɛsɛ sɛ mogya no de sen fa nipadua no mu no ano brɛ ase bedu sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no fã na eyi ma mogya a ɔbɛhwere no yɛ kakraa bi. Wɔde nnuru ahorow fra abofra no mogya mu nso. Ɛwom sɛ oxygen a ɛwɔ mogya a wɔafra mu no mu yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛtra mogya no mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ de, nanso woahu sɛ mogya no tumi sen wo nipadua no mu yiye sen nea wɔmfraa mu no, na ɛnhaw ahrawa ne asaabo no kɛse bere a wɔreyɛ oprehyɛn no. Saa nneɛma a woahu yi ‘yɛ biribi a ɛma nnuruyɛfo ho dwiriw wɔn.’