“Wodi Aburow Aduan Pii”
BƐYƐ mfe bi a atwam ni no, Amerikani bi a ɔyɛ apɔwmuden ho ɔbenfo kɔɔ kesee fam Ecuador sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn a wɔte hɔ no mu binom a wɔaka wɔn ho asɛm sɛ wɔka nnipa a wɔatra ase akyɛ wɔ wiase no atɔe fam no ho no. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ, “‘Viéjos,’ sɛnea wɔfrɛ wɔn wɔ wɔn kurom kasa a ɛyɛ Spania mu no, ka kyerɛɛ me sɛ wɔadi mfe 132 . . . 127 . . . 113. Na wɔn nkwa nna a ɛyɛ tenten ne wɔn apɔwmuden no yɛ ahodwiriw saa ara.” Na dɛn na ama wɔte saa? Ɔkyerɛwee sɛ, “Na minnye nni sɛ minim mmuae biako. Nanso sɛ mɛma nnyinasode biako a ebia ɛyɛ ɛno a, ɛnyɛ sɛ midi fɛw, misusuw sɛ: Wodi aburow aduan pii.”
Abasɛm a ɛyɛ anigye yi kyerɛ sɛ aburow da so ara yɛ aduan titiriw ma nnipa a wɔwɔ wiase no mmeae horow pii, na ɛyɛ aduan titiriw a ɛka aduan a ɛma apɔwmuden kɛse no ho. Sɛ aburow ka wo aduan ho a, ebia hu a wubehu biribi afa faako a efi ne sɛnea aduan no su te ho no bɛboa wo ma wode aduan a ahoɔden wom yi adi dwuma yiye.
“Aburofua a Ɛkyekyee Ahemman”
Mfiase no na wiase no atɔe fam nkutoo na wodua aburow. Bere a Christopher Columbus kɔɔ Amerika nea edi kan no; na asase no sotefo adua wɔn Máhiz no dedaw na na ɛno ne wɔn aduan titiriw a wodi bɛyɛ mfehaha pii. Wɔ nokwarem no, wɔaka sɛ, Mayafo, Aztecfo ne Incafo a wɔwɔ Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam no nyaa wɔn amammerɛ fii aburow a ɛbɔ pii no mu. Twa a wotwaa no pii no ma wonyaa kwan nwenee nneɛma, wɔnwenee nkuku ne nkaka na wɔpaapae akwan akɛse, wosisi adan atenten na wɔkyekyee nkurow. Esiane eyi nti, wɔafrɛ aburow sɛ “aburofua a ɛkyekyee ahemman.”
Nnipa a wokyinkyin asase no so no de baa Europa. Efi hɔ no ɛtrɛw kɔɔ Afrika na afei ɛkɔɔ Asia. Ɛnnɛ, aburow bɔ wɔ ɔsram biara a ɛwɔ afe no mu mu wɔ baabiara wɔ wiase no mu. Efi Perufo Andes a ɛware no so de besi Caspian asasetaw no so, efi Canada a ɛwɔ kusuu fam tɔnn no so kosi New Zealand a ɛwɔ kesee fam no, aburow abɛyɛ aduan a wɔtɔn no kɛse wɔ wiase.
Aburow Ahorow Ahorow
Ebia wunim aburow a ɛyɛ akokɔsrade anaa fitaa, nanso so wunim sɛ kɔkɔɔ, nnodowee, bruu, nea ɛberedum ne nea ne su gu ahorow pii wɔ hɔ mpo? Nokwarem no, yɛwɔ aburow ahorow bɛboro ɔha wɔ wiase nyinaa. Ebinom wɔ su ahorow atitiriw bi a ɛma ɛfata ma tebea horow anaa dwumadi ahorow bi.
Sɛ nhwɛso no, aburow a wɔfrɛ no flint nyin kɛse wɔ mmeae horow a awɔw wɔ efisɛ ɛnkyɛ na ahoa na ɛyɛ nea aburow mu mmoawa ntumi nsɛe no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ná aburow a wɔde yɛ asikresiam, anaa ɛyɛ mmerɛw no, yɛ nea Indiafo a wɔwɔ Amerika no pɛ kɛse efisɛ staakye a ɛwɔ aburofua no mu no yɛ mmerɛw na ɛnyɛ den sɛ wɔde wɔn nsa bɛyam ayɛ no asikresiam anaa wɔde ayɛ aduan.
Aburow afoforo a nea wɔfrɛ no dent no ka ho a ɛbɔ ahorow pii no yɛ nea eye ma aguade. Esiane sɛ burofua biara atifi amokyem nti, ɛmma staakye a ɛyɛ den ne nea ɛyɛ mmerɛw no nwo bere koro mu. Aburow a ɛyɛ dɛ (sweet corn) ne aburow a ehuhuru (popcorn) yɛ nsonsonoe ahorow a yebetumi aka sɛ ɛyɛ anika. Sɛ wokyew aburow a ehuhuruw a, nsu a ɛwɔ mu no ma ehuhuru kɛse bɛyɛ mpɛn 30 sen sɛnea ɛte mfiase no.
Wotumi de nea ɛsonosonoe no bi bom denam ɛho adwuma a ɛho abenfo yɛ ma wobenya nea wɔfrɛ no agriculture aburow no so. Sɛ nhwɛso no, agriculture aburow nyin wɔ bere tiaa mu te sɛ flint corn nanso ne dɛ te sɛ aburow a ɛyɛ dɛ (sweet corn) . Enti nea odua no betumi apaw nea ehia no titiriw na ɛfata ma ne nsɛm tebea horow. Wɔ nokwarem no, wodua aburow a wonya nnɛ no mu pii wɔ saa kwan yi so.
Aduan Ma Ɔpepem Pii
Aburow a ɛyɛ dɛ a wɔde buturu ne nkyene afa ho yɛ aduan a ɛyɛ den sɛ wobɛpow. Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nea wopɛ no yiye no mu biako. Anaa ebia wudi aburow nnuan te sɛ koko ne nkyeweɛ. Ebia wode mmɔre to paano ana wode yɛ bisket. Ebetumi aba sɛ wo nso wode ngo ne staakye a wonya fi aburow mu yɛ nnuan afoforo. Nokwasɛm no ne sɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de aburow yɛ nnuan ahorow a ɛyɛ dɛ.
Nanso wɔaka sɛ ɔyare bi a ɛma ahokeka ne ayamkeka (pellagra) taa yɛ nnipa a aburow yɛ wɔn aduan a wodi kɛse no titiriw. Eyi te saa, efisɛ protein a ɛwɔ aburow mu no nni nea wɔfrɛ no amino acid a ɛho hia no bi, na sɛ wɔannya bi bɛyɛ bere tenten a ɛma ɔyare no yɛ wɔn.
Nnuan a ahoɔden wom ho abenfo mu binom te nka sɛ ɔhaw no mu ba bɛyɛ den bere a wodi aduan a wɔde aburow a wɔayi ho ntɛtɛwa ayɛ mu sen sɛ anka wɔbɛwe aburofua no sɛnea ɛte wɔ wiase afã horow pii no. Ɛte sɛ nea Viejofo no osuahu no di eyi ho adanse, efisɛ wodi nea wɔadua no mmom sen sɛ wobedi nea wɔakra afi aman horow a wɔanya nkɔso wɔ mfiridwuma mu no mu no. Nanso nnuan horow a proteins wom, te sɛ asɛ ne ɛtɔ bere bi a nkesua ne nkokɔ ka wɔn aduan a wodi ho. Saa ara nso na wɔ Afrika mmeae horow bi no we a wɔwe asunson anaa mogya nam anaa nufusu pikapika a wɔnom de ka aburow aduan a wɔaka ho no boa ma wonya aduan a ahoɔden wom di.
Dua W’ankasa Wo De
Esiane aduan bo a ɛrekɔ soro da biara da nti, ebia w’ankasa de a wubedua no ho bɛba mfaso wɔ akwan horow pii so. Wɔ faako a asase no ne wim ye ma aburow so no, wubetumi adua aburow ton biako wɔ asase a ɛyɛ ahama biako mu nkyem anan mu biako so, nea ɛdɔɔso a ɛbɛma abusua a emufo dɔɔso anya aduan a ɛho hia adi bɛyɛ afe biako. Aburow a wubedua wɔ wo mfikyifuw mu mpo betumi ama wode sika a ɛkɔ anim yiye asie na wode aduan a ɛyɛ dɛ ama wo abusua no.
Sɛ woredua aburow ma abɔ aduan de a, ɛnde ɛho hia sɛ wubehu bere pa a wode bedua. Sɛ wutumi nya aburow pa na wusiesie asase no a, wubehu sɛ wubenya mfaso pii bere a bere du sɛ wutwa de yɛ aduan no.