Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 5/8 kr. 10-12
  • Wubetumi Anya Aduan a Ahoɔden Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Aduan a Ahoɔden Wom
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aduampa a Wonnya Nni—Atrɛw Akodu He?
  • Sɛnea Wobɛma W’aduandi Atu Mpɔn
  • Aduan a Ɛma Akwahosan Pa a Wobɛpaw
    Nyan!—1997
  • Su Horow A Enye Wɔ Adidi Mu
    Nyan!—1983
  • Sɛnea Aduan Pa Betumi Ama W’akwahosan Atu Mpɔn
    Nyan!—1995
  • Aduan Pa A Ɛma Wonya Akwahosan Pa
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 5/8 kr. 10-12

Wubetumi Anya Aduan a Ahoɔden Wom

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MEXICO HƆ

NA Angélica ne n’abusua a wɔn dodow si du te Mexico kurow bi a wɔfrɛ no Oaxaca mu. Na wɔyɛ ahiafo, na aduan a wɔtaa di ne aboodoo, asɛ ne mako a ano yɛ den forɔe, ɛmo nsunsu, ne asikre paanoo. Angélica ka sɛ: “Yɛantumi anyɛ atenten. Ná yɛafonfɔn ayɛ nketenkete. Ná yɛtaa yare​—yafunyare, ne ɔpakum.”

Angélica ne n’abusua no sii gyinae sɛ wobetu akɔ Mexico City, a na wɔwɔ awerehyem sɛ wobenya adwuma a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi wɔn nsɛnnennen no ho dwuma. Ogye tom sɛ, seesei aduan a wodi no ye efisɛ nufusu, nkesua, mogyanam, srade, mfunne kakra, ne nnuan ahorow a ɛhyɛ kankyee mu ka ho. Nanso, so afei wodi aduampa sen kan no?

Aduampa a Wonnya Nni—Atrɛw Akodu He?

Wiase nyinaa no nnipa bɛyɛ ɔpepem 800 nkwa da asiane mu esiane aduampa a wonnya nni nti. Sɛnea 1998 Wiase Akwahosan Ho Amanneɛbɔ a efi Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) hɔ kyerɛ no, mmofra a wonnya nnii mfe anum a wowuwu ɔha mu 50 fi aduampa a wonnya nni. Na mpo wɔn a wotumi tra ase no nni ahoɔden papa.

Ebinom nso kyerɛ sɛ, nnipa a wɔn dodow si ɔpepem 800 nkwa da asiane mu esiane adidi ntraso nti. Aduan a ahoɔden nnim a wodi betumi de yare te sɛ kɛseyɛ mmoroso, mogya ntini a emu siw, mogya mmoroso, asikreyare, mmerɛbo mu yare, ne kokoram ahorow aba. Bere a WHO rebɔ asɛm no mua no, ɛka sɛ: “Ne saa nti, aduampa a wonnya nni fa nneɛma bɔne pii a ebi ne aduan a ahoɔden nnim na aduannuru pɔtee bi nnim, ne aduan a aduannuru dɔɔso wom dodo ho; na etumi kum nnipa, di dɛm, brɛ onyin ase wɔ wiase mmeae pii.”

Na ebetumi aba sɛ, wɔ ɔman koro mu no, yebetumi anya wɔn a wonnya aduan pa nni ne wɔn a wɔyɛ kɛse boro so. Ebetumi aba nso sɛ, nkokoa a wonnya nnuan a ahoɔden wom nni ne mpanyimfo a kɛseyɛ mmoroso ho asɛm haw wɔn te fie koro mu. Ɛtɔ mmere bi a, onipa a wannya aduampa anni ne mmofraase no nyin bɛyɛ kɛse boro so. Nea edi akyiri yi betumi ato wɔn a wotu fi nkuraase kɔ kurom no.

Nnipa pii nte abusuabɔ a ɛda wɔn akwahosan ne wɔn aduandi ntam no ase. Ebia nea enti a ɛte saa ne sɛ yare a efi aduampa a wonnya nni mu ba no ntaa nna adi ntɛm. Nanso nnuan a ahoɔden wom a wubedi no betumi ama woakwati nyarewa pii. Nokwasɛm no ne sɛ, WHO bu nkontaa sɛ, sɛ nkurɔfo didi yiye na wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu a, ebetumi ama kokoram yare so atew ɔha nkyem 40. Nanso wobɛyɛ dɛn ama w’aduandi atu mpɔn?

Sɛnea Wobɛma W’aduandi Atu Mpɔn

Ebinom kyɛ aduan mu akuw abiɛsa. Kuw a edi kan no ne aburow, aburowi, ɛmo, oat, rye, awi, ne atoko ne afei nso nnuan a ɛbɔ wɔ asase mu te sɛ ntɔmmɔ, bankye, ne bayerɛ. Saa setaakye nnuan yi betumi ama woanya ahoɔden ntɛmntɛm. Kuw a ɛto so abien no ne adua, soybeans, asɛdua, asɛ nketenkete ne asɛ akɛseakɛse ne nnuan a yenya fi mmoa mu te sɛ mogyanam, nsunam, nkesua, nufusu ne nnuan ahorow a saa nneɛma yi bi wom. Ahoɔdennuru, Iron, zinc, ne aduannuru pii nso wom. Kuw a ɛto so abiɛsa ne nnuaba ne mfunne. Eyinom ma wonya nnuannuru ahorow a ɛho hia. Ntɛtɛ ne ahoɔden nso wom, ɛno nkutoo mu na wonya vitamin C ankasa fi. 

Sɛnea Oduruyɛfo Héctor Bourges a ɔyɛ kwankyerɛfo wɔ Salvador Zubirán Ɔman Aduruyɛ ne Aduan Ho Adesua a ɛwɔ Mexico kyerɛ no, ɛsɛ sɛ nnuan abiɛsa yi nyinaa bi ka aduan pa ho, ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ, na ahoɔden nso wom. Ɔhyɛ nyansa sɛ “anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ yɛde kuw biako biara mu aduan ka aduan a yedi ho na yɛsakra kuw biara mu aduan sɛnea yebetumi, ne ɔkwan a yɛfa so yɛ no no nso.”

Susuw María asɛm no ho hwɛ. Ɔne n’abusua te Atopixco akuraa bi a ɛwɔ Hidalgo wɔ Mexico ase. Ná wodi hia paa, na aduan a wɔtaa di ne tortillas, adua, pasta, ɛmo ne mako a ano yɛ den. Nea ɛne Angélica abusua a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no bɔ abira no, nea ɛka wɔn aduan ho ne nnɔkɔnnɔkɔwade, nhabamma ahorow a wonya fi nkuraase, ne mmire. Wɔbɔ mmɔden di nnuaba a ɛba ne bere mu. Saa a wɔyɛe no ma wonyaa akwahosan pa.

Oduruyɛfo Adolfo Chávez a ɔyɛ Aduan ne Aduan Ho Ntetee Asoɛe a ɛwɔ INCMNSZ panyin no hyɛɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ yɛde mmoa nam ka aduan ho, na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ ade titiriw wɔ aduan no mu. Sɛ nhwɛso no, wubetumi anoa aduan de nkesua, ntɔmmɔ, mfunne, anaa adua kakra aka ho. Oduruyɛfo Chávez kyerɛ sɛ, “Eyi na ɛbɛkyerɛ sɛ wode nnuan a ahoɔden wom ‘reka w’aduan ho.’” Nanso kɔkɔbɔ bi ni, bere nyinaa hohoro nnuaba ne mfunne ho yiye, titiriw nea wɔnnoa ansa na wodi no.

Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara di aduan a eye ma no, na ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm te sɛ obi mfe a wadi, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, ne asetra ko a ɔwom ho. Wɔ mpanyimfo binom fam no, ebinom susuw sɛ, sɛ wodi nnuaba abien anaa mfunne na wɔde awi a wɔmmpɔw ho ne nnuan ahorow ka ho a eye. Ebinom nso hyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ nnuan a yenya fi mmoa mu no dɔɔso, na wɔhyɛ nkuran sɛ yɛbɛwe mpataa, akokɔnam a wɔaworɔw ho, ne mogyanam a wɔayi mu srade. Wɔsan nso hyɛ nyansa sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi srade ne asikere pii.

Ɛtɔ mmere bi a wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu ne wɔn a ahia wɔn mpo betumi ama wɔn aduandi atu mpɔn. Ɔkwan bɛn so? Denam nnuan a ahoɔden wom a wɔbɛpaw ne sɛnea wɔbɛyɛ nsakrae wom de awi ne mfunne afrafra so. Fa mogyanam anaa nkesua kakraa bi ka w’aduan ho na ama woanya ahoɔden a ɛwɔ nnuan mu no. Taa di nhabamma ne nnuaba a ɛwɔ faako a wowɔ a ɛba wɔ ne bere mu no bi.

Yɛn bɔfo no na ɔma ‘aduan fi asase mu ba’ ma adesamma nya mu anigye. (Dwom 104:​14) Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:7 sɛ: “Kɔ na fa anigye kodi w’aduan.” Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yedi aduan a ahoɔden wom sɛnea ɛsɛ a, yebetumi anya nnuan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom a yɛn bɔfo no de ama no so mfaso.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

KUW A EDI KAN: aburow nnuan ne nnuan a ɛbɔ wɔ asase mu

[Mfonini wɔ kratafa 11]

KUW A ƐTO SO ABIEN: aduwa, mogyanam, nsunam, nkesua, ne nufusu ne nnuan ahorow a ebi wom

[Mfonini wɔ kratafa 11]

KUW A ƐTO SO ABIƐSA: nnuaba ne mfunne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena