Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 21-24
  • Aduan Pa A Ɛma Wonya Akwahosan Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aduan Pa A Ɛma Wonya Akwahosan Pa
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aduan a Ɛma Akwahosan Pa a Wobɛpaw
    Nyan!—1997
  • Sɛnea Aduan Pa Betumi Ama W’akwahosan Atu Mpɔn
    Nyan!—1995
  • Bere a Kɛseyɛ Nyɛ Papa
    Nyan!—1997
  • Nneɛma Ankasa a Ɛde Ba, Ne Sɛnea ne Nkɛntɛnso Kɔ Akyiri
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 21-24

Aduan Pa A Ɛma Wonya Akwahosan Pa

Aduan mu nneɛma pa a wonnya yɛ asɛm a wɔtaa de bata aduankɔm ho, titiriw no, wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no so. Nanso aduan mu nneɛma pa a wonnya, anaasɛ aduan pa a wonnya nni foforo bi nso abu so wɔ aman te sɛ United States, Canada ne mmeae a wodi nnuan koro no ara bi no so. Eyi yɛ aduan mu nneɛma pa a wonnya a aduan pa a wɔmpaw ne aduan a wodi ma ɛtra so na ɛde ba.

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aduan pa ho ɔhaw a ɛfa aman a wɔanya nkɔso ho mu ntease yiye no, Nyan! sɛnkyerɛwfo bi ne aduan pa ho ɔdenimfo Nilda Tirado a ɔwɔ New York a ɔhwɛ aduan pa ho nsɛm ho nhyehyɛe ahorow so a Cornell University, Cooperative Extension na edi ho dwuma no kasae. Cooperative Extension nhyehyɛe no de afotu ma kwa a wonnye ho hwee wɔ United States nyinaa na wɔboa ɔmanfo ma wɔpaw nnuan ahorow a eye ma akwahosan pa. Nea edidi so yi yɛ mmuae a Nilda Tirado de mae wɔ nsɛm a Nyan! ananmusifo no bisabisae no ho.

Dɛn na wobɛka sɛ ɛyɛ akwahosan ho ɔhaw atitiriw a ɛfa aduan pa ho wɔ aman a wɔanya nkɔso no fam?

Ɔhaw a abu so kɛse a ɛfa aduan pa ho bɛyɛ nea ɛfa ɛsẽ, anaasɛ ɔkekaw ho a ɛka nnipa ahorow nyinaa. Nea edi hɔ bɛyɛ kɛseyɛ ntraso, nea wɔfrɛ no iron a obi nni bi wɔ nipadua mu a ɛma ne mogya so tew a ɛda so ara yɛ nea abu so wɔ mmea, mmabun, ne mmofra mu no. Nanso nea ɛhaw kɛse ne nyarewa ahorow a ɛnkɔ te sɛ mogya mmoroso ne afoforo a ɛkeka ho a srade, nkyene, ne nneɛma a ɛtete saa a wodi ma ɛtra so na ɛde ba ankasa no. Tebea horow yi nyinaa yɛ nea nsakrae ahorow pii a aba yɛn asetra ne yɛn aduan ne ɔkwan a yɛfa so siesie yɛn aduan mu no na ɛde aba.

Woaka ɔhaw a ɛfa aduan pii ho no ho asɛm. So eyi yɛ nea ɛhaw kɛse?

Kɛseyɛ ntraso yɛ akwahosan ho ɔhaw kɛse a ɛhaw nnipa ahorow nyinaa wɔ aman a wɔanya nkɔso pii so. Nsakrae a aba wɔ asetra mu ne aduan pii a ɛwɔ hɔ no na ɛde eyi ba. Wɔ mmofra a wɔkɔ sukuu fam no, yehu wɔ wɔn a wɔwɔ efi mangoo biako kosi abiɛsa mu titiriw ne afei wɔ nkurow akɛse mu, faako a hokwan a wobenya ateɛteɛ wɔn apɔw mu ntaa nyɛ nea ɛdɔɔso no. Sɛ obi mu yɛ duru sen sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no ɔha biara mu 20 a, wɔka sɛ wayɛ kɛse atra so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ akokoaa a wɔma no aduan tra so betumi abɛyɛ abofra a wayɛ kɛse atra so, na sɛ afei wɔammɔ mmɔden anhwɛ n’adidi yiye a, abofra a wayɛ kɛse atra so no ba bɛyɛ ɔpanyin a wayɛ kɛse atra so​—a asiane kɛse a ɛwɔ hɔ sɛ obenya mogya mmoroso, asikre yare, komayare, ne ɔyare a ɛma obi afã afã wu no ka ho.

Ɔhaw ahorow bɛn na muhyia wɔ aduan pa a wɔbɛma mmotafowa ho?

Mpɛn pii yehu sɛ mmaatan pii twa wɔn mma nufu ntɛm dodo na wofi ase ma wɔn nnuan a ɛyɛ den ntɛm ara. Ɛbɛyɛ nea wɔnnso wɔma abofra no aduan pii sen sɛnea ɛho hia ma n’akwahosan ankasa.

Mmaatan pii a abusuafo ne nnamfo hyɛ wɔn taa bɔ mmɔden sɛ wobetwa wɔn mma nufu bere a wɔadi asram abiɛsa. Esiane sɛ wɔahyɛ da ayɛ nkokoaa tɛkrɛma ma anum nufu a ɛnyɛ sɛ ɛde bepia aduan a ɛyɛ den akɔ ne mu yiye ma wamene nti, mpɛn pii nkokoaa no puw aduan no fã kɛse gu. Bere a eyi ahaw wɔn no, ɛnanom no hono mmofra aduan bi a ɛte sɛ nufusu na wɔfra mu. Afei wɔde eyi ma wɔn wɔ nkokoaa aduan ntoaa a wɔama ano tokuru no ayɛ kɛse mu. Wɔ siw a ebetumi asiw akokoaa no menewam akyi no, saa kwan a wɔfa so ma wɔn aduan yi yɛ nea ebetumi ama abofra no ayɛ kɛse atra so na ɛyɛ nea ɛma wɔtaa nya aso yare nso.

Bere bɛn na eye sɛ wobetwa akokoaa nufu?

Nkokoaa pii nhia aduan a ɛyɛ den kosi sɛ wobenya bɛyɛ asram asia, na saa bere no mpo, ɛnsɛ sɛ wofi ase ma wɔn aduan a protein wom kɛse ntɛm ara. Mpɛn pii wɔn nsono no ntumi nyam protein no yiye ma enti ebia mogya kakra betu no wɔ ne nson no no mu a ɛna no renhu mpo. Eyi betumi ama ayɛ te sɛ nea onni mogya. Ebia na nneɛma bi a ɔmpɛ ne honam ani nyarewa ahorow nso wɔ hɔ. Amerika asuae a ɛhwɛ mmofra ne wɔn yare ho nsɛm so no kamfo kyerɛ sɛ, sɛ wotwa akokoaa nufu a, ɛsɛ sɛ wode biribi a etumi yam ntɛm te sɛ ɔmo ma no nnanu anaa nnansa a edi kan no. Na bere biara a wɔde aduan a ɛte saa foforo bɛma akokoaa no, wɔkamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode ɛno nkutoo ma no nnansa na wɔde ahwɛ sɛ ebia biribi wom a ne nipadua no mpɛ.

So wokamfo ɛna nufu a wɔde ma kyerɛ?

Yiw. Ɛsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛnyɛ nneɛma pa a ɛho hia nko na ɛwɔ nufusu no mu a ne dodow ye ma abofra no na mmom biribi a esiw nyarewa ahorow a ɛtaa kã abofra no ano nso wom. Nkokoaa a wɔma wɔn nufu no ntaa nyɛ kɛse ntra so, na wɔ ne nyinaa mu no, wɔn yafunu ntaa nhaw wɔn. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmea binom da so ara kura adwene a ɛnteɛ sɛ, sɛ ɛyɛ nea wobetumi atɔ de a, toaa mu aduan na eye. Ɛwom sɛ nneɛma pa wɔ toaa mu aduan no mu de, nanso entumi nsiw nyarewa ahorow ano na enni nneɛma pa a ɛwɔ nnuan mu a ɛkari pɛ a obi nya wɔ ɛna nufusu mu no.

Na mmofra a wɔanyinyin kakra nso ɛ?

Yehu ɔhaw ahorow abien wɔ mmofra a afei na woresua nantew no ho. Nea edi kan no, wɔtaa ma wɔn aduan ma ɛtra so, na nea etia abien no wɔnkyerɛ wɔn nnuan ahorow di.

Nkokoaa hia aduan pii wɔ da no nyinaa mu, na ɛtɔ bere bi a ɛnanom kɔ so ara yɛ saa bere a abofra no nyin no. Nanso mmofra a afei na woresua nantew nhia aduan pii saa te sɛ nea nkokoaa hia no, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ma wodidi bere nyinaa.

Bio nso, mmofra a afei na wɔresua nantew taa pɛ aduan biako anaa abien pɛ bere nyinaa. Sɛ wɔanni ho dwuma yiye a ebetumi de ɔhaw ahorow aba. Ebetumi ama ayɛ den ama mmofra no akyiri yi sɛ wobetumi adi aduan a ɛkari pɛ. Sɛ nhwɛso no, nnuan pa a ahoɔden wom a wɔde ma mmofra wɔ sukuu awia no yɛ nea wɔtaa totow emu pii gu esiane sɛ ɛnyɛ nea wɔkyerɛɛ wɔn di ansa na wɔrefi sukuu ase nti. Enti ɛho hia sɛ wobɛhyɛ mmofra nkuran ma wɔasua nnuan afoforo di. Mmofra a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔapaw, wɔasiesie, na wɔadua nnuan mpo yɛ akwan horow a wɔfa so ma wɔn ani gye aduan ho. Ɛho hia sɛ awofo yɛ nhwɛso nso wɔ ha. Wɔmma mmofra a wɔresua nantew no binom kwan ma wɔn ankasa nnidi. Sɛnea ɛbɛyɛ na wobetwa bere a wɔde didi no so, anaasɛ esiane sɛ ɛnanom no te nka sɛ ɛyɛ wɔn adwuma nti, sɛ́ anka wɔbɛma wɔn ankasa asua adidi no, wɔtaa tetew nnuan hyɛ wɔn ano.

So mpanyimfo wɔ ɔhaw titiriw bi a ɛfa aduan pa ho?

Nhwehwɛmu ada no adi sɛ mpanyimfo nyinaa di aduan a srade ne nkyene wom pii nanso wonni afoforo a aka no pii saa. Aduan a srade wom a wodi no pii taa da adi wɔ kɛseyɛ ntraso anaa denam nyarewa afoforo so wɔ nnipa binom mu. Nam pii a wɔwe a ɛno nso yɛ nea srade wom kɛse ne aduan a nea wɔfrɛ no borɔfo mu calories nni mu tumi de tebea horow yi ba te sɛ nea apɔw mu a wɔnteɛteɛ yɛ no. Nkyene a yedi no dɔɔso esiane nkankyee mu aduan a wodi no pii a nnɛyi asetra no ama nkurɔfo ahu sɛ ɛno ye ma wɔn no nti. Wɔ ɔkwan foforo so no, wonnya nea wɔfrɛ no borɔfo mu fiber no pii efisɛ nkurɔfo ntaa nni nnuan a ɛwom no kɛse, nnuan te sɛ asɛ, nnuaba. nnuadewa, ne nea ɛkeka ho no. Amerikafo we nam kɛse sen sɛnea ɛho hia ankasa titiriw. Sɛnea ɛbɛma nipadua no anya protein a, ehia da biara no, nam bɛyɛ ounce abien anaa abiɛsa pɛ ye.

Nanso ɛyɛ nea wɔtaa hu sɛ nkurɔfo we nam bɛyɛ ounce asia kosi awotwe bere a wɔredidi anwummere nkutoo no. Wodi eyi ka protein a wonya wɔ wɔn anɔpa aduan ne awia de mu no nso ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ɔtra hɔ na ɔwe akokɔ fã no renya protein a ɛho hia ma da no no mmɔho anan ne calories pii sen sɛnea ɛho hia. Sɛ yɛnam nam a yɛwe so nya protein pii a yɛma srade a yenya wɔ yɛn mu no nso dɔɔso, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ ne nyinaa yɛ nea srade wom kɛse. Dodow a yɛwe nam no, dodow no ara na yenya calories ne srade pii. Ɛtɔ bere bi a nnipa bi a wɔpɛ sɛ wɔn so tew no gyae nnuan afoforo di na wɔwe nam nkutoo a wonnim sɛ calories pii wɔ nam mu sen nea ɛwɔ mmɔre anaa ɔmo mu no.

So aduan mu nneɛma pa a wohia no sakra bere a wonyin no?

Yiw ne dabi. Yɛn nyinaa hia aduan pa koro no ara a ɛmfa ho sɛnea yɛn mfe te na mmom ɛsono ne dodow. Bere a yenyin no, calorieskakraa bi na yehia. Eyi te saa efisɛ bere a obi nyin no, ahoɔden a ohia na ama nipadua no akɔ so no so tew, ɛwom sɛ ebia dwumadi ne apɔwmuden bɛkɔ so ara ayɛ nea ɛwɔ hɔ de. Sɛ ɛbɛyɛ nea obi nyɛ adwuma pii a, ɛnde na calories ketewaa bi na ɛho hia. Enti ɛho hia sɛ wɔn a wɔanyinyin no di nnuan a calories wom kakraa bi na wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu pii, anyɛ saa a wɔbɛyɛ kɛse atra so. Ɛnsɛ sɛ wodi asikre, aduan a srade, ne ngo wom pii, saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii efisɛ eyinom yɛ nea calories wom pii a aduan mu nneɛma pa a ɛho hia no bi nni mu.

Nnuan pa mu ɔhaw titiriw a mmea wɔ da so ara yɛ iron pii a wɔntaa nnya no. Nea mmea pii taa yɛ ne sɛ wobegyae nnuan ahorow a calories wom a ebia ɛbɛyɛ nea eye ma wɔn no di no, nanso esiane sɛ iron nya ho yɛ den wɔ aduan mu a nnuan ahorow bi mu na ɛwɔ a ɛnnɔɔso nti, iron a ɛwɔ wɔn mu no so tew kɛse. Wɔtaa kamfo nnuru a iron wom kyerɛ.

Ɔhaw foforo a ɛrekɔ soro wɔ mmea mpanyimfo mu titiriw ne ɔyare a calcium a enni wɔn nnompe mu na ɛde ba no. Eyi yɛ nea ɛhaw mmea a wodi mfe 80 no ɔba biara mu 40. Nokwarem, calcium a ɛso tew yi yɛ onyin fã, nanso esiane sɛ mmea ntaa nnya calcium a ɛdɔɔso pii wɔ wɔn nipadua mu a ɛyɛ nea efi aduan a calcium nni mu a wodi ne adwuma pii a wɔntaa nyɛ wɔ wɔn asetra nyinaa mu nti, nea anka ɛbɛyɛ nea ɔhaw biara nni ho no taa yɛ ɔhaw ma wɔn. Bere a calcium no fi nnompe no mu no, wɔbɛyɛ wɔn a wonni ahoɔden pii, na mpɛn pii onipa no pompono na ɛbɛyɛ te sɛnea wayɛ tiaa. Eyi nti na ɛsɛ sɛ wodi nnuan a calcium wom kɛse wɔ wɔn asetra nyinaa mu no.

Dɛn na wokamfo kyerɛ ɛnanom wɔ aduan a eye a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho?

Wɔ nea yɛadi kan aka no a wɔbɛyɛ akyi no, yɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonni nnuan ahorow ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan mu nnepa a ehia no nyinaa bi. Bio nso, esiane sɛ abɛyɛ nea nnɛ nkurɔfo pɛ nkankyee mu aduan ne ade nti, yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔn ankasa nkɔ gua so na wɔmpaw nnuan ahorow ahorow a ɛwɔ hɔ no mu nea wɔpɛ na wonsua sɛ wɔn ankasa bɛnoa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan mu nneɛma pa ahorow no bi. Nnipa a wonnim aduannoa yiye anaasɛ wɔte nka sɛ wonni bere a wɔde bɛyɛ saa no dodow yɛ nwonwa.

Yɛhyɛ ɛnanom nkuran nso sɛ wɔnntaa ntɔ nnuan ahorow te sɛ nkwan ne ade a wɔayɛ awie dedaw no. Mpɛn pii nkyene ne nneɛma afoforo pii wɔ eyinom mu a ebia ɛrenyɛ nea eye ma yɛn akwahosan. Ɛnanom ankasa betumi asiesie eyi bi na wɔde asi hɔ de adi dwuma akyiri yi. Eyi bɛboa wɔ bere ne sika fam na wanya kwan akyerɛ ne ho a akokwaw wɔ aduannoa mu. Wɔ saa kwan yi so no, ɛna no betumi adi nea ɛkɔ aduan a ɔde ma n’abusua mu no so, na obetumi atew srade ne nkyene no so, sɛ ɔpɛ a. Eyi yɛ nea ɛkame ayɛ sɛ wurentumi nyɛ, sɛ wotɔ nneɛma a wɔasiesie awie dedaw a.

Yɛka kyerɛ ɛnanom sɛ wonnya aduan mu nneɛma pa a ɛho hia ma akwahosan pa no ho nimdeɛ na wɔahu nea wɔretɔ denam krataa a ɛbɔ nea wɔretɔ no ho no a ɛbɛma wɔahu nea wɔde yɛɛ saa aduan no a wɔbɛkenkan ansa na wɔatɔ no so. Esiane sɛ wɔka nnuan afoforo ne aduan mu nneɛma pa ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu da biara nti, ɛsɛ sɛ ɛnanom nya ho afotu pa fi wɔn a wonim ho asɛm yiye nkyɛn. Eyinom mu binom ne aban adwumayɛfo a wɔhwɛ akwahosan ho nsɛm so, ayaresabea ahorow, ne afoforo a wɔka ho no.

Nea etwa to a ɛho hia te sɛ aduan pa ho afotu a yebetumi de ama nyinaa no, yetu nkurɔfo fo nso sɛ wɔnhwɛ wɔn asetra kwan foforo a aka no. Aduan pa yɛ ade a ɛho hia titiriw a ɛbɛma yɛakɔ so anya akwahosan pa nanso ɛno nkutoo rentumi nyɛ adwuma. Apɔwmu-teɛteɛ ne akwahosan pa ho su afoforo na ɛbom ma yenya ahoɔden.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena