Sɛnea Aduan Pa Betumi Ama W’akwahosan Atu Mpɔn
HWƐ anigye a ɛyɛ sɛ wubehu abofra a odi aduan pa! Nanso, wonnya abofra a ɔwɔ ahoɔden ara kwa. Kate, Canadani bi a ɔte Brazil no ka sɛ: “Ná aduan a ne yɛ nyɛ den nanso ahoɔden wom yɛ ade a na ɛho hia yɛn kɛse wɔ yɛn abusua no mu, a na ɛnyɛ sɛ yɛsɛe sika pii wɔ ho nko, na mmom, bere a na yɛde yɛ na yedidi bom nso. Esiane sɛ na me maame mfi adi nkɔyɛ adwuma nti, bere biara a yefi sukuu bɛba no na yɛte aduan a ɔreyɛ a ebia pie anaa keeki a watõ ka ho nka.”
Nanso, sɛ́ anka aduan pa bɛwowaw wɔn no, The Economist bɔ amanneɛ sɛ, “nnipa bɛyɛ [ɔpepem] 780 a wɔwɔ aman a wodi hia mu no baanum biara mu biako na wɔn aduan a wodi nso wɔn. Nanso, nnipa dodow bɛyɛ ɔpepepem 2 a wonya aduan a ɛdɔɔso di mee no nnya aduannuru a wohia no.” Ɛnyɛ sɛ obi a onni aduan a ahoɔden wom no yɛ mmerɛw ara kwa nko, na mmom, ontumi mmoa afoforo kɛse nso. Enti, ɛdefa mmofra a wonni aduan a ahoɔden wom ho no, wɔfa asetra mu sikasɛm ho ɔbenfo Eduardo Giannetti da Fonseca a ɔwɔ São Paulo Sukuupɔn a ɛwɔ Brazil no asɛm bi ka sɛ: “Saa [nea nnipa tumi yɛ a ɛdan hunu] yi yɛ ade bɔne sen biribiara. . . . Migye di sɛ mmofra yi bi wɔ ɔdom akyɛde ne tumi ahorow a ɛma obi tumi yɛ nneɛma, na esiane ohia nti ɛnna adi. Wɔ nsɛm tebea ahorow mu no, wɔn mu bi betumi asɔre a ɔte sɛ Albert Einstein.” Nsɛmma nhoma Veja ka sɛ: “Ɔman no rehwere nnipa a wobetumi ayɛ adwuma esiane aduan pa a wonnya nni nti, na ɛresɛe nyansa, adwinni ho nyansa, ne ahoɔden a ɛwɔ.” Enti, ɛmfa ho sɛ asetra ayɛ den no, awofo a wɔn ani da hɔ no ma wɔn mma nhyɛase pa denam aduan a ahoɔden wom a wɔde ma wɔn no so.
Dwumadi a Nyansa Wom
“Sɛ́ wɔde biribi bɛbɔ afɔre” no kyerɛ sɛ “wɔde bedi dwuma anya so mfaso horow daakye.” Ɔkwan bɛn so na wode biribi bɔ afɔre wɔ aduan ho? Sɛ ɛho behia a, wobɛkwati nneɛma a ne bo yɛ den anaa nea anuonyam wom totɔ, na wode sika kakra a wowɔ no atɔ aduan pa?
The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɛnyɛ awo so na nkatede ahorow fi ase yɛ adwuma; adanse kyerɛ sɛ nkatede ahorow no di dwuma yiye wɔ abofra no mu ansa na wɔawo no.” Enti, ɔkwan pa a wɔbɛfa so ama abofra aduan pa ne sɛ wɔbɛma ɛnã no adi aduan pa. Nea edi hɔ—wɔ awo akyi—ne sɛ wobɛma akokoaa no anum nufu, efisɛ nufusu ma onya aduannuru a edi mu na ɛbɔ ne ho ban fi nyarewa ahorow ho mpo. Facts for Life, a ɛyɛ Amanaman Nkabom no nhoma bi ka sɛ: “Asram kakra a edi kan wɔ abofra no asetram no, nufusu nkutoo ne aduan ne anonne a eye sen biara ma no. Sɛ nkokoaa no di asram anan kosi asia a, na wohia nnuan foforo ka nufusu ho.”
Ɛwom sɛ nipadua tumi siesie ne ho anwonwakwan so de, nanso ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so. Ehia sɛ wode aduan pa siesie no ntɛm ara wɔ asetra mu. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Bere a onipa bedi mfe 6 no, na amemene no anyin awie a emu duru bɛyɛ kilogram 1.4. Wɔde amemene mu nkwammoaa no pii wo, na enti ɛnam nkwammoaa no a wonyinyin no so titiriw na emu yɛ duru. Wɔ mfe asia yi mu no, onipa no sua ade na onya su foforo ntɛmntɛm wɔ ɔkwan a ɛsen biara so wɔ asetra mu.” Enti, sɛ abofra no di aduan pa bere a wadi mfe asia akyi mpo a, amemene mu nkwammoaa kakraa bi pɛ na obenya aka ho. Kate ka sɛ: “Aduan pa a ahoɔden wom yɛ akyɛde a ɛsen biara no mu biako a awofo betumi de ama wɔn mma. Sɛ awofo antumi annya nea wɔfrɛ no asetram ahiade a ɛtaa yɛ afɛfɛde amma wɔn mma a, sika a wɔde di dwuma wɔ wɔn adwene ne honam fam akwahosan ho no ma wofi wɔn mmofraase nya asetra bi a wɔrentumi mfa biribiara nsesa.”
Dɛn Nti na Eye sɛ Wudi Nnuan Horow?
Abofra hia aduan a aduannuru wom na ama wanyin ɔhonam ne adwene mu. Aduan a ahoɔden nnim ma abofra yɛ tebɔɔ wɔ sukuu, na abofra no bɛyɛ obi a ɔnkyerɛ anigye wɔ nneɛma ho na bere nyinaa ɔte brɛ nka, na ontumi nyɛ aso ntie asɛm anaa ɔnkae ade a wɔkyerɛ no. Anyɛ yiye koraa no aduannuru titiriw no—protein, vitamin, srade ahorow a ɛho hia, anaa aduannuru foforo—biako a obi nni no de nyarewa 25 ba.
Susuw Joaquim asɛm no ho hwɛ, ɔka sɛ: “Ná yɛn abusua no di hia. Nanso na yɛwɔ asase na ɛkame ayɛ sɛ na yedua biribiara a yedi. Na yedi aburow ne paanoo a wɔde awi ayɛ bere nyinaa, na ɛno maa yedii aduan a ahoɔden wom. Ɛkame ayɛ sɛ, na me maame yɛ nkwan a fan ahorow bebree wom da biara a adua ka ho, na ɛno ma yenyaa aduannuru a yehia no pii. Ná yenni nam pii, nanso na yedi nsunam a na ɛyɛ sardine, cod ne mman mmere dodow no ara.” Ɔde ka ho sɛ: “Ná me maame wɔ mma baanum, na menkae sɛ na yare foforo bi bɔ yɛn mu bi ka ɔpakum ho. Misusuw sɛ aduankoro a na yenni no na ɛma ɛbaa saa.” Ɛnã bi a ɔwɔ mma baason kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ehia sɛ yenya aduan a ahoɔden wom a ne bo ba fam. Enti yɛyɛɛ nhabamma turo, na ɛmfa ho sɛ na esua no, ɛmaa yenyaa yɛn ahiade pii.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɔyare a emu yɛ den bi ammɔ yɛn mma no da na wodii nkonim wɔ wɔn sukuu mu dwumadi mu bere nyinaa.”
Wo nipadua no hia nnuru 103 a wonim no yiye mu aduannuru 22. Ɛwom sɛ wɔrentumi nhu vitamin, mineral, ne protein dodow a wuhia ankasa de, nanso nnuan horow a wudi bɛma woanya w’ahiade. Nhoma bi kae sɛ: “Ɔkwan a wobɛfa so anya aduan a ahoɔden wom ne sɛ wubedi aduan ahorow a aduannuru ahorow nyinaa bi wom.”
Na sɛ wo mma no mpɛ nnuan ahorow bi te sɛ fan a ɛyɛ nwene nso ɛ? Sɛnea oduannoafo bi a ne ho akokwaw kyerɛ no, ɛsɛ sɛ awofo nya “fan ahorow a ɛwɔ wɔn mantam mu no nyinaa bi. Mpanyimfo pii nni nhabamma ne nnuaba, esiane sɛ wɔamfa antete wɔn bere a na wɔyɛ mmofra no nti. Esiane sɛ fan ma ahoɔden na aduannuru pii a yehia wom na ne bo nyɛ den nti, ɛsɛ sɛ awofo de bi ma wɔn mma bere nyinaa.” Ɛnde, dɛn nti na wunsua nnuan foforo pii a wɔde fan ne nnuaba ka ho di, ebia nea wɔde yɛ nkwan anaa abom a ɛyɛ dɛ? Ɛdefa nnuan a wɔkyerɛ sɛ aduannuru nnim ho no, ɔka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ awofo kora nnɔkɔnnɔwade so wɔ fie hɔ, gye nna atitiriw bi nkõ. Sɛ [mmofra no] anhu bi a, wonni.”
Ɛwom sɛ aduan pa a wodi dodow a ɛfata no tew asiane a ɛwɔ aduan pa a wonnya nni mu so de, nanso ebinom nam adidi mmoroso so de ɔhaw ba wɔn ho so. Aduannuru a wɔfrɛ no calorie a wodi boro nea nipadua no hia no betumi akowie srade pii a ɛba nipadua no mu, na ɛno de asikreyare ne komayare ba.a Esiane sɛ aduruyɛ anaa honam fam adeyɛ biara ntumi nsi adidi ho su pa a wubekura anan nti, nyansahyɛ a ɛfata ne sɛ wobɛtew srade, nnɔkɔnnɔkɔwade ne nkyene a wudi, ne mmosã a wonom so. Afei nso, nhoma bi a ɛka nsɛm pii ka sɛ, “ɛsɛ sɛ wɔfa akwan horow so tew ɔkɔm, ankonamyɛ, adwenemhaw, asetra a ɛyɛ mfonoe, abufuw, ne ɔbrɛ, a emu biara betumi ama obi adidi pii no so.”
Aduan ne Akwahosan Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
Bible no nyɛ aduan ho nhoma; nanso, ɛboa ma yetumi kari pɛ wɔ nsɛm a ɛfa akwahosan ho mu. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ wɔn a wɔhyɛ afoforo sɛ ‘wontua wɔn ho nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ gyidifo ne wɔn a wɔahu nokware mfa aseda nni bi no ho.’ (1 Timoteo 4:3) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye nea yɛwɔ ho na yɛde di dwuma. “[Yehowa] suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.”—Mmebusɛm 15:16.
Obiara nni akwahosan a ɛyɛ pɛ nnɛ. Ɛnde, dɛn nti na wonnyɛ obi a ɔwɔ ntease, n’aso nyɛ den anaa onnwen ntra so? Aduan anaa akwahosan a ɛho behia yɛn denneennen ma aboro so no betumi ama yɛayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛmfata so.
Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛhwɛ yɛn akwahosan so no, esiane sɛnea nneɛma te nnɛ nti, awiei koraa no yenyinyin na yewuwu. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no de nnuan pa pii bɛba na ɛde yare aba awiei. Ɛwom sɛ onipa nhyehyɛe ahorow a wayɛ sɛ obeyi ɔkɔm afi hɔ no adi nkogu de, nanso yebetumi ahwɛ wiase a yɛn nyinaa benya aduan pa adi wom kwan.—Dwom 72:16; 85:12.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Abenfo bi te nka sɛ wo mu duru a ‘ɛfata’ . . . wo tenten, wo trɛw ne wo mfe boro so ɔha mu nkyekyɛm 20 a, na woayɛ kɛse aboro so.”—The American Medical Association Family Medical Guide, kratafa 501. Afei nso, hwɛ Nyan! May 8, 1994, “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Ama Me so Atew?” (Engresi de) ne May 22, 1989, “Entumi Nyɛ Yiye Sɛ Wo So Betumi Atew?” (Engresi de) no mu.
[Kratafa 7 adaka]
NYANSAHYƐ AHOROW A ƐBƐBOA WO BA MA WANYA ADIDI HO SU PA
◻ Yɛ nhwɛso pa.
◻ Mma mmofra kwan mma wonnni nea wɔpɛ nkoaa.
◻ Kwati sɛ wubegyaw aduan a ahoɔden nnim anaa nnɔkɔnnɔkɔwade wɔ fie hɔ.
◻ Tete mmofra ma wɔnkyerɛ nnuan ahorow ho anisɔ.
◻ Nya bere pɔtee bi ma adidi, a anɔpaduan ka ho.
◻ Mma TV so dawurubɔ nnnya nkɛntɛnso wɔ nea wudi so.
◻ Mma mmofra ankasa nnyi aduan a wɔpɛ mmfi Fridge mu.
◻ Tete mmofra na wɔmmoa wo wɔ aduanyɛ mu.
◻ Kyerɛ anisɔ wɔ nea wo nsa ka no da biara no ho.