Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 6/8 kr. 5-6
  • Su Horow A Enye Wɔ Adidi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Su Horow A Enye Wɔ Adidi Mu
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Anya Aduan a Ahoɔden Wom
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Aduan Pa Betumi Ama W’akwahosan Atu Mpɔn
    Nyan!—1995
  • Aduan Pa A Ɛma Wonya Akwahosan Pa
    Nyan!—1985
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Aduan Pa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 6/8 kr. 5-6

Su Horow A Enye Wɔ Adidi Mu

NNIPA a wɔwɔ mmeae horow a wɔtra ase di mfirihyia 100 no wɔ nneɛma pii a ɛda adi wɔ wɔn nyinaa ho wɔ mmeae a wɔwɔ. Emu biako ne wɔn aduan a “ɛnyɛ nea ne bo yɛ den, nea nneɛma ahorow te sɛ asikire nnim pii, ne nea wonya fi afum te sɛ nnuaba,” saa na Ɔbenfo Davies kyerɛwee.

Esiane sɛ wɔn aduan yɛ nea aduannuru pii wom na asikire pii nnim nti, wɔntaa nyɛ akɛse pii. Wonnni nam pii, protein a wonya no dodow ara fi nnuan a nufusu wom, asɛ ne asɛdua mu. Ɔbenfo Davies se: “Nokwasɛm a ɛyɛ nwonwa wɔ mfirihyia-ɔha-fo no akwahosan ho ne sɛ, nyarewa ahorow a ekunkum nnipa kɛse no bi ntaa mmɔ wɔn koraa.”

Esiane sɛ wonni nnuan a ahoɔden wom pii nti, mmusua bebree bɛyɛ wɔn a nyarewa taa haw wɔn kɛse. Eyi ma nnipa ɔpepem pii a wonnyinii wuwu afe biara. Afei nso, nneyɛe ahorow a nyansa nnim, aguadi mu adifudepɛ, ntetee a amanfo nnya ne anibiannaso de tebea a enye koraa aba. Sɛ nhwɛso no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe na akyɛ nti, wɔasɔn nnuan pii so araa ma ahoɔden a ɛwom no koraa mpo ho aba asɛm kɛse.

Bio nso, nnɛyi asetra kwan a ano yɛ hyew no mma nnipa pii nnya kwan ntra ase nnidi, na wonnya kwan nsiesie nnuan a ahoɔden wom a nhabamma ne nnuaba ka ho a wɔn nipadua no hia na atumi ayɛ adwuma yiye no. Mpɛn pii wɔde ɔkɔm anibere kowie nnɔkɔnnɔkɔde ne nea ɛtete saa a ahoɔden kakraa bi na ɛwom no so. Wɔnom nsa a ano nyɛ den ne beer a aduannuru anaa proteins biara nnim no kɛse sen nufusu anaa nkwan.

Aduan a ɛnkari pɛ anaa adiditraso ma nnipa pii yɛ akɛse tra so. Sɛ́ nea ɛka nyarewa ahorow a ɛde ba ho no, srade pii de komayare ba ntɛmntɛm na ɛyɛ nea wogye di sɛ ɛka ho na ɛma yafunu mu akisikuru ne akisikuru afoforo ba no.

Ampa, aduan pa nyɛ biribi a ɛma obi nya akwahosan pa daa mpo. Nnipa a wɔn ani gye nnuan a ahoɔden wom ho no nso tumi yare. Nanso, obi betumi aboa n’ankasa ho denam nneɛma pii a obesua afa nnuan pa a ahoɔden wom ho no so. Nso adesamma abusua no mu fã kɛse no ara hu amane esiane aduan a ahoɔden wom na ɛdɔɔso a wonnya nni nti, nanso nnipa ahyehyɛde ahorow a ɛhwɛ eyi so no ntumi nyɛ ho hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena