Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 6/8 kr. 7-10
  • Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aguadi Mframa
  • Nnɔbae Afoforo ne Aduannoa Akwan Afoforo
  • Mmusua Mu Nyiyim ne Nhyɛso
  • Nyamesom Atubraman
  • Ɛyɛ Soronko nanso Ɛnyɛ Foforo Pii
  • Atomde, Sika Kɔkɔɔ, Gyidifo, Ne Anuonyam A Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1992
  • Asɛm a Ɛkyekyɛɛ Wiase Mu
    Nyan!—2015
  • Asɛm Foforo ma Wiase Foforo
    Nyan!—1995
  • Wiase Foforo Ankasa A Afei Na Wɔrebehu No
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 6/8 kr. 7-10

Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi

BƐYƐ mfe ahanum a atwam ni, wɔ kurow ketewaa bi a na ɛwɔ Castile mu no, Spain aban ananmusifo ne wɔn mfɛfo Portugalfo dii anobaabae. Eduu June 7, 1494 no na wɔasiesie wɔn ntam de wɔn nsa ahyɛ apam bi ase—Tordesillas Apam no. Ɛnnɛ, esiane saa apam no nti Atɔe Famfo ɔpepehaha pii ka Spain anaasɛ Portugalfo kasa.

Apam no sii paapa no ahyɛde ahorow a ɔde mae afe a etwaam no mu de kyekyɛɛ aman a wonya nhui no mu maa Iberiafo aman abien yi no so dua. Wɔde ɔhye too kusuu ne kesee fam ntam wɔ “Cape Verde Islands no atɔe fam po so akwansin 370.” Na Spain betumi ayɛ aman a wobehu wɔ ɔhye no atɔe fam no atubraman na ahwehwɛ gyidifo wɔ hɔ (Kusuu ne Kesee Fam Amerika a Brazil nka ho), na Portugal afa asase a ɛda apuei fam no nyinaa (Brazil, Africa, ne Asia).

Esiane sɛ na paapa no de hokwan ama Spain ne Portugal nti—Europa aman binom dii wɔn akyi—hwehwɛe sɛ wodi tumi wɔ po no so ma ɛno nti wɔadi wiase no so. Wɔ bere a wɔyɛɛ apam no akyi mfe aduonum no, na wɔatwa po so akwan no nyinaa, aka nsasepɔn atitiriw no abom ma tubraman ahorow afi ase resɔre.—Hwɛ kratafa 8 adaka no mu.

Nea efii mmeae a wohuhui pii mu bae no yɛ pii: Wɔyɛɛ nsakrae wɔ aguadi ne kuayɛ nhyehyɛe mu, na wɔsakraa wiase no mu mmusua ne nyamesom afã horow no nso. Nanso, sika kɔkɔɔ na ɛmaa eyinom nyinaa bae.

Aguadi Mframa

Nea Columbus kae no yɛ nokware. Na sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, ɛwom mpo sɛ n’ankasa nyaa kakraa bi pɛ de. Bere tiaa bi no, ahyɛn fii ase de Amerika sika kɔkɔɔ ne dwetɛ pii a wowiee kɔɔ Spain. Nanso, na ahonyade no yɛ bere tiaa mu ade. Aboɔden abo a wɔde bae pii no maa nneɛma bo yɛɛ den, na sika a wɔammrɛ na wonya no mmoroso no sɛee Spain nnwuma. Nea ɛne no bɔ abira no, sika kɔkɔɔ a efi America no maa amanaman ntam sikasɛm a na ɛreyɛ kɛse no kɔɔ so yiye. Na sika wɔ hɔ a wɔde bɛtɔ nneɛma a efi amannɔne a ahyɛn de fi wiase afanan nyinaa bae no.

Eduu afeha a ɛto so 17 awiei no, na obi betumi anya Peru dwetɛ wɔ Manila, Chinafo sirikyi wɔ Mexico, Africa sika kɔkɔɔ wɔ Lisbon, ne mmoa nhoma a efi Kusuu Fam America wɔ London. Bere a afɛfɛde nya bɔɔ kwan no, wofii ase de nnuan a wodi bere nyinaa te sɛ asikre, tea, kafe, ne asaawa mfuturu a ɛkɔ so dɔɔso twaa Atlantik ne India ahorow no. Na nsakrae fii ase baa adidi mu.

Nnɔbae Afoforo ne Aduannoa Akwan Afoforo

Switzerlan chocolate, Irelandfo ntɔmmɔ, ne Italiafo piza nyinaa fi Inka ne Aztecfo akuafo. Chocolate, ntɔmmɔ ne tomato yɛ nneɛma afoforo a ɛbaa Europa no mu abiɛsa pɛ. Ɛtaa ba sɛ, aduan foforo no dɛ, nnuaba, ne nnuadewa no kyɛ kakra ansa na wɔn ani agye ho, ɛwom sɛ efi mfiase pɛɛ no Columbus ne ne nkurɔfo no ani gyee aborobɛ ne ntɔmmɔ ho pii de. Hwɛ kratafa 9 adaka no mu.

Na nnɔbae ahorow bi a efi Apuei Fam te sɛ asaawa mfuturu ne ahwerew bɛyɛɛ nea obiara pɛ wɔ Wiase Foforo no mu, nanso akyiri yi Kesee Fam Amerika ntɔmmɔ bɛyɛɛ Europafo pii aduan titiriw. Ɛnyɛ sɛ nnɔbae a obiara gyee ne yɔnko de bi yi maa amanaman ntam aduannoa yɛɛ ahorow pii nko; ɛmaa aduanpa yɛɛ bebree, na ɛno na ɛboa maa nnipa a wɔwɔ wiase no dodow yɛɛ pii wɔ afeha a ɛto 19 ne 20 mu no. Nanso na kuayɛ mu nsakrae no wɔ ne fã a enye.

Mmusua Mu Nyiyim ne Nhyɛso

Na sɛ atubrafo no nya apaafo a wɔmmɔ wɔn ho ka pii ma wɔyɛ wɔn mfuw mu adwuma a, nnɔbae afoforo no te sɛ asaawa mfuturu, asikre, ne tawa betumi ama wɔanya wɔn ho. Na ná ɛda adi sɛ apaafo a wobetumi anya wɔn ara ne ɛhɔfo no.

Europa atubrafo no buu ɛhɔfo no sɛ wɔyɛ mmoa bi a wotumi kasa ara kwa, adwemmɔne a wogyinaa so de wɔn yɛɛ sɛ nkoa. Ɛwom sɛ paapa ahyɛde a ɔde mae wɔ 1537 mu no kae sɛ “Indiafo” no yɛ “nnipa ankasa a wɔwɔ ɔkra” de, nanso eyi amma nsisi no annyae. Sɛnea nnansa yi Vatican nhoma bi kae no, “Amerika a wohui no na efii mmusua mu nyiyim no ase.”

Atirimɔden, ne “Europafo ho nyarewa a ɛtrɛwee” maa nnipa no dodow so huanee pii. Nkontaabu bi kyerɛ sɛ wɔ mfe ɔha mu no, na wɔn so ahuan bɛyɛ ɔha mu nkyem 90. Ɛkaa kakra ma wɔtɔree Caribeanfo ase. Bere a na akuafo no nnya ɛhɔfo mfa wɔnyɛ adwuma bio no, wɔhwehwɛɛ beae foforo a wobenya apaafo a wɔn ho yɛ den. Portugalfo a na wɔn ase atim yiye wɔ Africa no maa nyansahyɛ bɔne bi: nkoatɔ.

Mmusua mu nyiyim ne adifudepɛ de amanehunu kɛse bae bio. Wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei no, na nkoa ahyɛn pii (titiriw no Britaniafo, Netherlandfo, Fransefo, ne Portugalfo de) asoa Afrika nkoa bɛboro ɔpepem 15 akogu America!

Esiane nnipa mu nyiyim no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Amerika a Europafo kohui no hyɛ Amerikafo pii abufuw. Kusuu Fam Amerika Indiani bi kae sɛ: “Ɛnyɛ Columbus na ohuu Indiafo. Yɛn na yehuu no.” Saa ara nso na Mapuche Indiafo a wofi Chile ka sɛ ‘ɛnyɛ ohu ankasa na wohui na na ɛnyɛ gyidifo a wɔbɛma wɔayɛ na wɔhwehwɛ, na mmom wɔn nenanom asasesin na wɔtow hyɛɛ so.’ Sɛnea asɛm yi kyerɛ no, na nyamesom di fɔ.

Nyamesom Atubraman

Wɔyɛɛ Wiase Foforo no nyamesom atubraman ne amammui mu de no bere koro mu.a Sɛ wodi beae bi so nkonim a, na ɛsɛ sɛ ɛhɔfo no dan Katolekfo. Katolek sɔfo bi a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo Humberto Bronx kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfiase no na wɔbɔ asu a wɔnkyerɛkyerɛ, ɔhyɛ so ankasa. . . . Wɔde abosonnan yɛɛ Kristofo asɔre adan anaasɛ nkokorafi; wɔde mmeamudua ahorow sii ahoni ananmu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea afi nkurɔfo a wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ “gyidifo” yi mu bae ne Katolek ne abosonsom afrafra a akɔ so abesi nnɛyi.

Wɔ nkonimdi ne “gyidifo a wonyae” no akyi no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ osetie maa asɔre no ne n’ananmusifo, titiriw no wɔ Mexico ne Peru a wɔhyehyɛɛ Atirimɔden Asenni no. Asɔrefo anokwafo binom kasa tiaa adeyɛ a ɛmfata Kristofo yi. Dominic kokorani Pedro de Córdoba a ohuu bere a wɔyɛɛ Hispaniola supɔw no atubraman no de yaw kae sɛ: “Sɛ asɛnkafo no amfa basabasayɛ anhyɛn nnipa pa, asoɔmmerɛfo a wodwo yi mu sɛnea kristofo atirimɔdenfo yi yɛe no a, misusuw sɛ anka wobenya asɔre a eye te sɛ kan tete de no ara pɛ.”

Ɛyɛ Soronko nanso Ɛnyɛ Foforo Pii

Ebinom ka sɛ Amerika a wohui, atubraman a wɔyɛɛ no na wɔhwehwɛɛ gyidifo wɔ hɔ no yɛ “amammerɛ abien ntam asidi.” Afoforo bu no “nsisi,” na nnipa binom ka no pen sɛ ɛyɛ “mmonnaato.” Sɛnea wobu no biara no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ bere foforo bi mfiase, sikasɛm mu nkɔanim ne mfiridwuma mu nkɔso bere, nanso ɛsɛe hokwan ahorow a ɔdesani wɔ.

Italia hyɛn muni Amerigo Vespucci na wɔ 1505 mu no ɔde asɛmfua “Wiase Foforo” no dii kan frɛɛ asasepɔn foforo no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛhɔ nneɛma pii yɛ foforo de, nanso na Wiase Dedaw no mu nsɛnnennen atitiriw no wɔ Foforo no nso mu. Mmɔden a Spain akofofo pii bɔe sɛ wobehu mpanyinsɛm mu El Dorado a ɛyɛ beae a sika kɔkɔɔ ne nneɛma pii wɔ, nanso ankosi hwee no ma ɛda adi sɛ asasepɔn foforo a wohui no amma nneɛma a na nnipa ani da so no amma mu. So ebenya mmamu da bi?

[Ase hɔ nsɛm]

a Adwene a wonyae sɛ wɔbɛyɛ Wiase Foforo no mufo gyidifo no ma wɔpenee asraafo a wɔde wɔn bedi dwuma no mpo so. Francisco de Vitoria a na ɔyɛ saa bere no mu Spainni nyamekyerɛfo a wagye din no kae sɛ, esiane sɛ paapa no maa Spainfo no kwan sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ Wiase Foforo no mu nti, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔne Indiafo no ko de bɔ saa hokwan no ho ban na wɔde asi hɔ.

[Kratafa 8 adaka]

Columbus, Nea Odii Bere a Wohuu Nneɛma Afoforo No Anim

BERE a Columbus huu America akyi mfe 50 no wofii ase yɛɛ wiase no asase mfonini foforo. Spain, Portugal, Italia, Franse, Netherland, ne Engiresifo ahyɛn mufo a wɔhwehwɛ akwan afoforo a wɔde bɛkɔ Apuei Fam no huu po ne nsasepɔn afoforo. Eduu 1542 no na Australia ne Antarctica nsasepɔn no nkutoo na wonhui.

South America Columbus dii kan, na ɛno akyi bere tiaa no Ojeda, Vespucci, ne Coelho paee Central ne South America mpoano kwan (1498-1501).

North America Cabot huu Newfoundland wɔ 1497 mu, na Verrazano na odii kan faa Kusuu Fam America Apuei Fam mpoano wɔ 1524 mu.

Asase ho Nyinaa a Wotwa Hyiae Wɔn a wodii kan yɛɛ saa ne Magellan ne Elcano, wɔn nso na wohuu Philippines wɔ Pasifik Po kɛse no so akwantu tenten bi akyi (1519-1522).

Po So Kwan a Ɛnam Cape of Good Hope kɔ India Bere a Vasca da Gama twaa Afrika anafo ho akyi no, oduu India wɔ 1498.

Apuei Fam Akyirikyiri Portugal hyɛn mufo duu Indonesia wɔ 1509 mu, woduu China wɔ 1514, ne Japan wɔ 1542 mu.

[Kratafa 7 mfonini]

Copy of the Treaty of Tordesillas.

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Archivo General de Indias, Seville, Spain

[Kratafa 10 mfonini]

Mexico a wohuu Katolek Atirimɔden Asenni no nu amane

Mural entitled “Mexico Through the Centuries,” original work by Diego Rivera.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena