Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 6/8 kr. 3-6
  • Atomde, Sika Kɔkɔɔ, Gyidifo, Ne Anuonyam A Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atomde, Sika Kɔkɔɔ, Gyidifo, Ne Anuonyam A Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adaeso No Fi Ase
  • Akwantu a Wɔde Kɔ Beae a Wonnim
  • Adehu no Abasamtu
  • Paradise a Ayera
  • Wiase Foforo Ankasa A Afei Na Wɔrebehu No
    Nyan!—1992
  • Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi
    Nyan!—1992
  • Sika Kɔkɔɔ—Ɛho Nsɛm a Ɛyɛ Nwonwa
    Nyan!—1998
  • Asɛm a Ɛkyekyɛɛ Wiase Mu
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 6/8 kr. 3-6

Atomde, Sika Kɔkɔɔ, Gyidifo, Ne Anuonyam A Wɔhwehwɛ

“TIERRA! Tierra!” (Asase! Asase!) Anigye nteɛm yi sɛee anadwo wɛmfo no kommyɛ wɔ October 12, 1492. Na hyɛn muni bi a ɔwɔ Pinta no mu no ahu supɔw bi wusiwusi. Na awiei koraa no, po so akwantu tenten no adi yiye ama ahyɛn Santa María, Pinta, ne Niña.

Anim tetewee ara pɛ no, Columbus, ne ne hyɛn mu mpanyimfo baanu ne mpanyimfo afoforo sii nsu no mu kɔɔ mpoano. Wɔdaa Onyankopɔn ase na wɔfaa supɔw no wɔ Spain sodifo, Ferdinand ne Isabella din mu.

Columbus adaeso anya mmamu. Afei de na ɔhwɛ kwan sɛ obenya sika kɔkɔɔ (wohuu ɛhɔfo sika hwenem nkaa no) na ɔde ahurusidi asan akɔ Spain. Osusuwii sɛ na atɔe fam kwan a ɛkɔ India no ayɛ ne de, enti ne werɛ betumi afi mfe awotwe a atwam no mu abasamtu no.

Adaeso No Fi Ase

Wɔ afeha a ɛto so 15 awiei no, na wohia nneɛma abien bi yiye wɔ Europa: sika kɔkɔɔ ne atomde ahorow: Na wohia sika kɔkɔɔ na wɔde atotɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ afi Apuei Fam, na ná atomde a efi Apuei Fam no ma aduan yoo yɛ dɛ wɔ awɔwbere tenten asram no mu. Europa aguadifo hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adu nsase a saa nneɛma yi wɔ hɔ no so tee.

Na Portugalfo aguadifo ne hyɛn mufo ani abere rehyehyɛ gua a wɔn nkutoo ne Afrikafo bedi, na awiei koraa no wohuu ɔkwan a ɛnam Afrika ne Cape of Good Hope kɔ Apuei fam no. Saa bere yi na Italiani hyɛn muni Columbus adwene adan akɔ atɔe fam. Ogye dii sɛ ɔkwan tiaa a ɛkɔ India ne n’atomde a ɛyɛ anibere no da Atlantik no so.

Columbus de mfe awotwe a ɔbrɛ wom dii ahemfi ahorow mu akɔneaba kosii sɛ akyiri no onyaa Spain hene ne ɔhemmea no hɔ mmoa. Awiei koraa no, ne gyidi a emu yɛ den no dii ahemfo a wɔannye no anni ne hyɛn mufo a wɔyɛɛ amemenemfe no so nkonim. Na akyinnyegyefo no wɔ wɔn ntease ahorow. Na Columbus adwuma no ho wɔ mfomso ahorow, na ɔde akokoduru kae sɛ wɔnyɛ no “Po So Akwantu Mu Panyin a Ɔsen Biara” ne nsase a obehu no nyinaa daa sodifo.

Nanso na ɔkasatia ahorow no fa ne nkontaabu ho titiriw. Ebedu saa bere yi no na nhomanimfo pii nnye akyinnye sɛ asase no nyɛ kurukuruwa bio. Na asɛmmisa no ne sɛ, Po a ɛda Europa ne Asia ntam no kɛse te dɛn? Columbus buu akontaa sɛ Cipango, anaasɛ Japan—a na wakenkan ho asɛm wɔ Marco Polo kwan a otu kɔɔ China ho kyerɛwtohɔ mu no—bɛyɛ kilomita 8,000 wɔ Lisbon, Portugal atɔe fam. Enti ɔde Japan hyɛɛ beae a mprempren ɛyɛ Caribbean no.a

Esiane sɛnea Columbus buu ɔkwan a ɛda Europa ne Apuei Fam ntam no ho akontaa de ne ho too so dodo no titiriw nti, Spain ne Portugal aban no nyinaa pow dwumadi no sɛ nea nyansa nnim. Ɛda adi sɛ obiara ansusuw sɛ asasepɔn kɛse bi betumi ada Europa ne Asia ntam.

Nanso Columbus, a na ne nnamfo gyina n’akyi wɔ Spain ahemfi no yeree ne ho na odii nkonim. Apuei famfo a wobetumi abɛyɛ Katolekfo no na ɛtwetwee Ɔhemmea Isabella a ofi Castile a na ɔyɛ Katolekni amapa no. Bere a Granada bɛyɛɛ ahemfo a wɔyɛ Katolekfo, no de wɔ 1492 fefɛw bere mu no, Katoleksom bɛyɛɛ Spain nyinaa nyamesom. Na bere adu sɛ wɔde sika hyɛ adwuma a ebetumi de mfaso pii aba, wɔ nyamesom ne sikasɛm nyinaa mu no mu. Columbus nyaa ahemfo no mpeneso ne sika a ohia no.

Akwantu a Wɔde Kɔ Beae a Wonnim

Wɔde nneɛma hyɛɛ ahyɛn abiɛsa ma ntɛm ara na wɔ August 3, 1492 mu no, Columbus ne nnipa bɛyɛ 90 sii mu fii Spain.b Bere a wɔagyina Canary Supɔw no so ahyɛ wɔn ahyɛn no ma bio akyi no, wɔ September 6 no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam sɛ wɔrekɔ “India.”

Na akwantu no yɛ sɔhwɛ ma Columbus. Wonyaa anidaso ahorow na afei mframa papa ne bɔne nyinaa sɛee no. Wɔ po so nnomaa a wohuu wɔn nyinaa akyi no, atɔe fam hɔ kɔɔ so yɛe te sɛ nea asase biara nni hɔ koraa. Ná ɛsɛ sɛ Columbus kɔ so de asase ne ahonyade ho bɔhyɛ ahorow hyɛ ne hyɛn mufo no bo a wɔasi no mu den. Sɛnea Columbus “ankasa” akontaabu kyerɛ no, bere a wɔakɔ Atlantik po no so kilomita 3,200 no, ɔka kyerɛɛ hyɛnkafo no sɛ ɛyɛ kilomita 2,819. Afei ɔde hyɛɛ hyɛn no kyerɛwtohɔ mu sɛ: “Manka kilomita 3,413 yi ankyerɛ mmarima no efisɛ anka ɛbɛma wɔahu sɛ wɔne fie ntam kwan ware dodo na wɔasuro.” (The Log of Christopher Columbus, a Robert H. Fuson kyerɛɛ ase) Mpɛn pii no, ne bo a na wasi pintinn no na amma ahyɛn no ansan wɔn akyi.

Bere a nna pii twaam no, hyɛn mufo no bo kɔɔ so fuwii. Columbus kyerɛwee sɛ: “Me gyinaesi no anyɛ mmarima no dɛ. Efisɛ wɔkɔɔ so nwiinwii. Wɔ wɔn abufuw no nyinaa akyi no, metoaa so kɔɔ atɔe fam.” Eduu October 10, wɔ nea ɛboro ɔsram biako a wɔadi wɔ po so akyi no, na anwiinwii no adɔɔso wɔ ahyɛn abiɛsa no nyinaa mu. Nea edwudwoo hyɛn mufo no ne Columbus bɔ a ɔhyɛe sɛ edi nnansa na wɔanhu asase a, wɔbɛfa ɔkwan a wɔde bae no araa so asan wɔn akyi. Nanso ade kyee no, dubãã momono bi a na nhwiren da so wɔ so a woyi fii nsu no mu no ma, wɔsan nyaa wɔn panyin no mu gyidi bio. Na eduu n’adekyee ahemadakye (October 12) no, hyɛn mufo a po so tra afono wɔn no huu supɔw fɛfɛ bi. Na wɔn akwantu titiriw no adu ne botae ho!

Adehu no Abasamtu

Na Bahamas yɛ anigye. Columbus kyerɛwee sɛ na ɛhɔfo a wɔdeda adagyaw no “yɛ nnipa abran a wɔn nipadua ne wɔn anim yɛ fɛ.” Nanso bere a Columbus adi beae a owia bɔ pii yi hɔ nnuaba bɛyɛ adapɛn abien na ɔde nneɛma asesa ɛhɔfo a wɔwɔ adamfofa su de akyi no, ɔtoaa so. Na ɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ, Asia asasetam no, wɔn a ɔbɛyɛ wɔn gyidifo, ne atomde.

Ɛno akyi nna kakraa no, Columbus duu Cuba. Bere a ofi hyɛn mu resi supɔw no so no ɔkae sɛ: “Minhuu biribiara a ɛyɛ fɛ sɛɛ da.” Na wadi kan akyerɛw wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu sɛ: “Afei de magye adi sɛ Cuba ne edin a Indiafo de frɛ Cipango [Japan].” Enti, otuu ananmusifo baanu sɛ wɔnkohu khan (ɔhene) no. Spainfo baanu no anhu sika kɔkɔɔ anaasɛ Japanfo, nanso wɔde ɛhɔfo no suban soronko bi a ɛne tawanom no ho amanneɛbɔ bae. Columbus abaw mu ammu. Ɔmaa ne ho awerɛhyem sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ sika kɔkɔɔ pii wɔ ɔman yi mu.”

Wɔtoaa akwantu tenten no so, saa bere yi de wɔde wɔn ani kyerɛɛ apuei fam. Ohuu supɔw kɛse bi a ɛyɛ mmepɔmmepɔw a ɛbɛn Cuba a ɔtoo din La Isla Española (Hispaniola). Awiei koraa no Spainfo no nyaa sika kɔkɔɔ a ɛdɔɔso ara yiye. Nanso ɛno akyi nna kakraa no, ɔhaw bi bae. Ne hyɛn a ɔte mu Santa María timii anhwea bi mu na wɔantumi anyi. Ɛhɔfo no fi wɔn pɛ mu boaa hyɛn mufo no ma woyiyii nneɛma a ehia no sɛnea wobetumi. Columbus kae sɛ: “Wɔdɔ wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho, na wɔn nne yɛ bɔkɔɔ sen biara wɔ wiase, na bere nyinaa na wɔserew.”

Columbus sii gyinae sɛ obesi atrae ketewaa bi wɔ Hispaniola. Na wadi kan de adwene a ɛnteɛ aka wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu sɛ: “Nnipa yi nnim akodi koraa. . . . Wubetumi de mmarima 50 adi wɔn so nkonim na wɔayɛ nea wopɛ.” Ɔkae sɛ wobetumi de wɔn nyamesom aba hɔ nso: “Mewɔ gyidi kɛse wɔ Yɛn Awurade mu sɛ Yɛn Wura Ɔhene bɛma wɔn nyinaa adan Kristofo na wɔn nyinaa bɛyɛ wo de.” Bere a Columbus sii atrae no wiei wɔ beae bi a ɔfrɛɛ hɔ La Villa de la Navidad (Kristo Awo Kurow) akyi no, osii gyinae sɛ ɔne ne nkurɔfo a wɔaka no bɛsan akɔ Spain ntɛm akɔbɔ ade kɛse a wɔahu no ho amanneɛ.

Paradise a Ayera

Spain nniso no ani gyei bere a awiei koraa no nea Columbus ahu no ho amanneɛbɔ kaa wɔn nsa no. Wodii no ni pii na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ akwantu a ɛto so abien ho nhyehyɛe ntɛm ara. Saa bere yi no, Spain aban ananmusifo de ahoɔhare bɔɔ mmɔden sɛ wobegye hokwan a ɛbɛma wɔafa nsase a Columbus ahu no nyinaa adi so no afi paapa a ɔyɛ Spaini a wɔfrɛ no Alexander VI no hɔ.

Wɔde botae akɛse sisii wɔn anim wɔ akwantu a ɛto so abien a ɛbae wɔ 1493 mu no mu. Na ɛyɛ ahyɛn 17 a ekura atubrafo bɛboro 1,200 a asɔfo, akuafo, ne asraafo ka ho—nanso na mmea nnim. Na botae no ne sɛ wɔbɛfa nsase a wɔahu foforo no ayɛ no atubraman adan ɛhɔfo no Katolekfo, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔafa sika kɔkɔɔ anaasɛ atomde biara a wobehu wɔ hɔ no. Columbus bɔɔ ne tirim nso sɛ ɔbɛkɔ so ahwehwɛ po so kwan a ɛkɔ India no.

Ɛwom sɛ wohuu nsupɔw pii a Puerto Rico ne Jamaica ka ho de, nanso abasamtu bae. Na ɔko a esii Spainfo no ankasa ntam no asɛe La Navidad, atrae a edi kan wɔ Hispaniola no koraa na afei atubrafo no adifudepɛ ne ɔbrasɛe maa ɛkaa kakraa bi ma supɔw no sofo de abufuw guu no. Columbus paw beae a ɛhɔ ye na osii atrae foforo a ɛsõ sen kan de no, na ɔkɔɔ so hwehwɛɛ ɔkwan a ɛkɔ India no.

Esiane sɛ wantumi antwa Cuba ho anhyia nti, osusuwii sɛ ɛbɛyɛ Asia asase no—ebia Malaya. Sɛnea wɔaka wɔ The Conquest of Paradise no mu no, Columbus “sii gyinae sɛ hyɛn mufo no nyinaa mfa ntam nka sɛ mpoano a wɔde hyɛn faa hɔ . . . no nyɛ supɔw bi de koraa na mmom nokwarem no ‘India asase no mfiase.’” Bere a Columbus san kɔɔ Hispaniola no, ohui sɛ atubrafo afoforofo no nso ayɛ sɛ kanfo no ara, ná wɔato mmea no mmonnae de mmarimaa no ayɛ nkoa. Columbus ankasa maa ɛhɔfo abufuw no yɛɛ kɛse denam wɔn mu 1,500 a ɔkyeree wɔn, de eyinom mu 500 kɔɔ Spain sɛ nkoa no so; mfe kakraa mu no wɔn nyinaa wuwui.

Columbus akwantu afoforo abien a ɔde kɔɔ West Indies no amma wannya ne ho. Ne nsa anka sika kɔkɔɔ, atomde ne ɔkwan a ɛkɔ India no. Nanso, Katolek Asɔre no nyaa ne gyidifo no wɔ akwan horow so. Na Columbus nnim nnipa so di te sɛ nea onim hyɛn mu adwuma no, na n’akwahosan a ɛso tewee no ma ɔyɛɛ kankabi na mpo ɔbɔɔ wɔ a ɔmpɛ wɔn asɛm no atirimɔden. Ɛhyɛɛ Spainfo ahemfo no ma wɔde sodifo a ɔfata sii n’ananmu. Na wadi po so nkonim nanso odii nkogu bere a oduu mpoano no.

Wɔ n’akwantu a ɛto so anan no akyi bere tiaa no, owui a na wadi mfe 54, obi a na ɔyɛ ɔdefo nanso onni anigye, na ɔkɔɔ so kae sɛ wahu po so kwan a ɛkɔ Asia no. Na wobegyaw ama nkyirimma na wɔahyɛ no anuonyam a ɛtra hɔ daa a ɔde ne nkwa nna nyinaa ahwehwɛ no.

Nanso akwan a ɔpae no na ɛma wohuu Kusuu Fam Amerika asasepɔn no nyinaa. Na wiase no asakra koraa. So na ɛde biribi pa bɛba?

[Ase hɔ nsɛm]

a Na mfomso no fi nkontaabu abien bi a na ɛnyɛ nokware koraa. Na ogye di sɛ Asia asase no trɛw kɔ akyiri wɔ apuei fam sen sɛnea ɛte no. Na afei odii mfomso tew asase no kɛse so ɔha mu nkyem 25 nso.

b Wɔabu akontaa sɛ na Santa María mu nnipa yɛ 40, Pinta de yɛ 26, na Niña de yɛ 24.

[Map/Picture on page 6]

(For fully formatted text, see publication.)

COLUMBUS’ VOYAGE OF DISCOVERY

SPAIN

AFRICA

Atlantic Ocean

UNITED STATES

Bahamas

Cuba

Hispaniola

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena