Wiase Foforo Ankasa A Afei Na Wɔrebehu No
“EDIN betumi adi huammɔ, wuntumi mfa wo ho nto so!” Ada adi wɔ Columbus ho sɛ awerɛhosɛm yi yɛ nokware.
Nea ɛne Columbus din a edi kan a ɛne Christopher nkyerɛase hyia no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ “Kristo kurafo” bi. Anyɛ yiye koraa mpo no, Spain ahemfo somaa no sɛ ɔnkɔyɛ “Onyankopɔn adwuma na ɔntrɛw Katoleksom mu.” Nanso bere a wakyerɛkyerɛ asase no sotefo sɛnea wɔyɛ mmeamudua ho sɛnkyerɛnne ne Mo Maria dwom no to na wɔanhu no, ɔde n’adwene sii akatua a ani tuae so: ɔhwehwɛɛ sika kɔkɔɔ ne ɔkwan a ɛkɔ India a wanhu no.
Katolekfo binom aka sɛ nea ɛte biara no ɛsɛ sɛ wɔyɛ Columbus “ɔhotefo” esiane afã titiriw a onyae wɔ Kristoman a wɔtrɛw mu no mu nti. Nanso “gyidifo” pii a wonyae wɔ bere a ohuu nsase no akyi no mfiase nyinaa akyi mpo no, Wiase Foforo no mufo no anhu nokware Yesu Kristo no. Wɔde asomdwoe na atrɛw nokware Kristosom mu bere nyinaa, ɛnyɛ afoa. Ɔhyɛ so a wɔnam trɛw asɛmpa no mu no ne nea Yesu kyerɛkyerɛe nhyia koraa.—Fa toto Mateo 10:14; 26:52 ho.
Columbus (Spain kasa mu, Colón) tumi yɛɛ nea ne din a ɛto abien a ase ne “atubraman kyekyefo” no kyerɛ no. Ɔno na odii kan kyekyee Europa atubraman abien a edi kan wɔ Wiase Foforo no mu. Ɛwom sɛ eyinom anyɛ yiye de, nanso wɔkyekyee afoforo. Amerika a wɔyɛɛ no atubraman no nyaa nkɔanim, nanso na ɛnyɛ anigye, titiriw no wɔ ɛhɔfo no fam.
Dominic kokorani Bartolomé de las Casas a ohuu bere a wɔyɛɛ West Indies atubraman no mfiase no kasa tiaa ‘sɛnea wobuu nnipa a wɔn ho nni asɛm no ntɛnkyɛa, wɔsɛee wɔn na wɔbɔɔ wɔn petee kwa esiane wɔn a wɔyɛɛ saa nnwuma bɔne no adifudepɛ ne anibere nti’ no wɔ Spain hene, Philip II anim.
Ɛwom sɛ akyiri yi wogyae nneyɛe a ennye koraa no de, nanso pɛsɛmenkominya ne atirimɔden na wɔkɔɔ so de hyehyɛɛ mmara. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmara a ɛte saa no bɛyɛɛ nea nnipa no ani nnye ho. Eduu afeha a ɛto so 20 mu no, na Amerika aman pii ayi wɔn ho afi atubrafo kɔndua no ase.
Nokwarem no nsasepɔn a wɔbɛyɛ wɔn Kristoman gyidifo na wɔadi mmusua ne ɔkasa pii so wɔ ɔkwan ɛteɛ so no yɛ adwumaden. Ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobenunu Columbus wɔ adwuma kɛse a na onnim a ofii ase bere a otwaa po no a ebinom frɛ no “Wiase Ahorow Abien Asidi” no ho.
Kirkpatrick Sale ka wɔ ne nhoma The Conquest of Paradise no mu sɛ, “akyinnye biara nni ho sɛ bere bi na Europafo wɔ hokwan sɛ wobenya asetra foforo wɔ ɔman foforo bi so, wɔ nea wohui sɛ ɛyɛ Paradise ase no so.” Nanso ɛsono sɛ wobehu wiase foforo; na ɛsono sɛ wɔbɛyɛ baabi wiase foforo. Ɛnyɛ ɛno ne bere a edi kan a mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhyehyɛ wiase foforo no adi huammɔ.
Akwantu Tenten Foforo
Bɛyɛ sɛ mfe mpem abien ansa na Columbus fii po so akwantu ase no, nnipa bɛyɛ ɔpehanu fii akwantu tenten foforo bi ase. Wɔamfa po so, mmom no ɛda adi sɛ wɔfaa anhweatam bi so. Wɔn nso wɔde wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam kɔɔ wɔn asase so wɔ Israel a na wɔn mu pii nhuu hɔ da. Na wɔn botae ne sɛ wɔbɛhyehyɛ wiase foforo bi ama wɔn ho ne wɔn mma.
Wɔn akwantu fi Babilon nkoasom mu no maa nkɔmhyɛ bi baa mu. Mfe ahanu ansa na ɛno reba no, na odiyifo Yesaia aka wɔn asase so a wɔbɛsan akɔ ho asɛm sɛ: “Na me [Amansan Hene Yehowa] merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo; na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:13, 17 New World Translation.
Na “Ɔsoro foforo ne asase foforo” no yɛ nniso foforo ne adesamma abusua foforo ho asɛm a wɔkaa no sɛnkyerɛnne kwan so. Na ɛno na ehia efisɛ wiase foforo ankasa hia nea ɛsen asasesin foforo a wɔbɛyɛ no atubraman; ehia sɛ sodifo ne wɔn a wobedi wɔn so no nya honhom foforo a pɛsɛmenkominya nnim.
Na Yudafo a wɔafi Babilon aba no mu kakraa bi pɛ na wɔwɔ saa honhom no. Wɔ yiye a wodii mfiase no nyinaa akyi no, bɛyɛ wɔn ba no akyi mfe ɔha no odiyifo Malaki de awerɛhow kaa sɛnea pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ abɛyɛ su titiriw wɔ asase no so no ho asɛm. (Malaki 2:14, 17; 3:5) Na Yudafo no asɛe hokwan a ɛso nni a wonyae sɛ wɔbɛhyehyɛ wiase foforo no.
Wiase Foforo Bi Da So Ara Wɔ Hɔ Ma Yɛn
Nanso wiase foforo a wɔantumi anhyehyɛ tete mmere mu no nkyerɛ sɛ mfaso remma ne hwehwɛ so. Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, bere a ɔsomafo Yohane reka Yesaia nsɛm no bi no, ɔkaa nea edi so yi ho asɛm: “Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:1, 4.
Nsɛm yi ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ankasa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nniso foforo adi asase nyinaa ne adesamma abusua a wɔbɛpene ne nniso so no so. Emu mfaso no bɛyɛ nea ɛso nni. Ɛbɛyɛ nokware wiase foforo.
Ebia wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no bɛyɛ sɛ nea ɛrentumi mma mu. Nanso saa ara na Columbus bere sofo pii annye n’adwene a ɛne sɛ nsasepɔn gu Atɔe Fam no anni. Sɛnea wɔaka wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ho asɛm no nso betumi ayɛ sɛ atoro, nanso afeha a ɛto so 15 mu nhomanimfo baahe na wosusuwii sɛ asase no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛ nea nyansahu nnim?
Nyansahu ho nneɛma a wonnim pii wɔ Columbus bere so no ma ɛyɛɛ sɛ nea wɔrentumi nhu Wiase Foforo no. Onyankopɔn atirimpɔw ne ne tumi ho ade a wonnim nso betumi asɛe ne soro foforo ne asase foforo ho bɔhyɛ no mu ahotoso. Nanso Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn toa ɛho asɛm a ɔka no so sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. . . . Kyerɛw efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:5.
Akyinnye biara nni ho sɛ adesamma nyinaa kɔn dɔ wiase foforo bi. Mexiconi ɔkyerɛwfo Carlos Fuentes kae bere bi sɛ: “Adaeso yɛ biribi a atwam ne nea ɛbɛba daakye. Nea edi kan no, ɛyɛ wiase a eye kyɛn so bi a anka ɛwɔ hɔ na enni hɔ bio ho adwene. Afei, ɛyɛ anidaso a ɛne sɛ bere bi wiase a ɛkyɛn so yi a trenee ne asomdwoe pii wom no bɛba.” Bible asuafo wɔ awerɛhyem sɛ wiase a ɛkyɛn so—ɛnyɛ Adaeso—ɛbɛba ampa efisɛ Onyankopɔn na wahyɛ ho bɔ na Onyankopɔn betumi ayɛ.—Mateo 19:26.
Wiase Foforo Abɛn
Bere a na Columbus rebɔ mmɔden ama ne hyɛn mufo no agye adi sɛ wɔrebɛn asase no, na ehia nea ɛkyɛn gyidi. Na ohia adanse a ani tuae. Wura mmomono a ɛtentɛn po no ani, asase so nnomaa a wohu wɔn pii, ne awiei koraa no dubãã bi a ɛtɛn nsu no ani no maa hyɛn mufo no nyaa wɔn panyin no mu awerɛhyem bio.
Ɛnnɛ nso adanse a ani tuae wɔ hɔ sɛ yɛrebɛn wiase foforo bi. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ bere a edi kan wɔ abakɔsɛm mu no, kɔ a adesamma bɛkɔ so atra ase no da asiane mu no bɔ yɛn nkae sɛ sɛnea Onyankopɔn atɔ ne bo ase ama ɔdesani nniso no rebɛn n’awiei ntɛmntɛm. Ɔhyɛɛ bɔ bere tenten a atwam ni sɛ ɔbɛsɛe “wɔn a wɔasɛe asase no.” (Adiyisɛm 11:18) Adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya de nsɛnnennen pii aba wiase nyinaa, nsɛnnennen a Bible kaa ho asɛm too hɔ pefee bere tenten sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ho a ɔde begye nsɛm mu abɛn.a
Bere a Columbus sii Cuba supɔw no so nea edi kan mfe ahanum a atwam ni no, wose ɔteɛm sɛ: “Mɛpɛ sɛ metra ha daa!” Wɔn a wɔbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no bɛte nka saa ara. Saa bere yi de ɔpɛ a ɛte saa benya mmamu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ Kyerɛwsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wiase foforo no rebɛn ntɛmntɛm a, hwɛ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc atintim no ti 18.
[Kratafa 13 mfonini]
Ɛsono sɛ wobehu wiase foforo bi; na ɛsono sɛ wɔbɛyɛ wiase foforo